Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Siesie Wo Ho Nnɛ Ma Wiase Foforo no Mu Asetena

Siesie Wo Ho Nnɛ Ma Wiase Foforo no Mu Asetena

“Wɔnyɛ papa . . . na ama wɔatumi asɔ nkwa paa no mu dendeenden.”1 TIMOTEO 6:18, 19.

NNWOM: 125, 40

1, 2. (a) Dɛn na wohwɛ kwan wɔ Paradise? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye kɛse paa wɔ wiase foforo no mu?

YƐREHWƐ “daa nkwa” kwan dendeenden. Ɔsomafo Paulo kaa sɛ wei ne “nkwa paa” no. (Kenkan 1 Timoteo 6:12, 19.) Nnipa dodow no ara bɛtena ase daa wɔ Paradise asase so. Wo deɛ hwɛ sɛ woasɔre anɔpa na wonte nka sɛ wo ho baabiara yɛ wo yaw, na mmom anigye ne akomatɔyam nko ara. Wobɛte nka sɛn? (Yesaia 35:5, 6) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ wo ne w’abusua ne wo nnamfo ne afei wɔn a wɔanyane afi awufo mu nyinaa bɛbom ayɛ ade. (Yohane 5:28, 29; Asomafoɔ Nnwuma 24:15) Wobɛnya bere asua nneɛma foforo na woatumi ayɛ no yie. Wobɛtumi asua nyansahu ho ade pii. Anaasɛ wobɛtumi asua sɛnea wɔbɔ nnwom anaa woasua sɛnea wobɛsi wo dan.

2 Ɛwom sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛnya saa nneɛma pa yi nyinaa deɛ, nanso ade a ɛbɛma yɛn ani agye paa ne sɛ yɛbɛsom Yehowa. Wo deɛ hwɛ sɛnea asetena bɛyɛ bere a nnipa nyinaa bu Yehowa din sɛ ɛyɛ kronkron na wɔgye Yehowa tom sɛ wɔn Sodifo no. (Mateo 6:9, 10) Sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ hyɛ asase so ma sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim mfiase no a, yɛbɛdi ahurusi paa. Bere a yɛrebɛn pɛyɛ ho nkakrankakra no, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛne Yehowa adamfofa mu bɛyɛ den!—Dwom 73:28; Yakobo 4:8.

3. Ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho ma dɛn nnɛ?

3 Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛyɛ saa nneɛma pa yi nyinaa efisɛ “Onyankopɔn fam deɛ, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.” (Mateo 19:25, 26) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtena ase daa wɔ wiase foforo no mu a, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛsɔ daa nkwa mu dendeenden.’ Yɛnim sɛ awiei no abɛn pɛɛ, enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ kyerɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ awiei no bɛba bere biara. Ɛhia sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara nnɛ de siesie yɛn ho ma wiase foforo no mu asetena. Momma yɛnhwɛ nea yɛbɛyɛ.

SƐNEA WOBƐSIESIE WO HO

4. Dɛn na yɛbɛtumi ayɛ nnɛ de asiesie yɛn ho ama wiase foforo no mu asetena? Ma mfatoho.

4 Dɛn na yɛbɛyɛ de asiesie yɛn ho ama wiase foforo no mu asetena? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔtena ɔman foforo so a, ebia yɛbɛyɛ nneɛma bi de asiesie yɛn ho ama saa ɔman no mu asetena. Nea yɛbɛyɛ no bi ne sɛ ebia yɛbɛfi ase asua nnipa a wɔwɔ hɔ no kasa ne wɔn amammerɛ. Yɛbɛtumi nso afi ase adi nnuane a wɔdi wɔ hɔ no bi. Saa ara nso na yɛbɛtumi asiesie yɛn ho ama wiase foforo no mu asetena nnɛ. Nea yɛbɛtumi ayɛ ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra te sɛ nea yɛwɔ hɔ. Momma yɛnhwɛ nneɛma a yɛbɛtumi ayɛ no bi.

5, 6. Sɛ yɛtie akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn nnɛ a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama wiase foforo no mu asetena?

5 Satan pɛ sɛ nnipa nya adwene sɛ wɔbɛtumi ayɛ nea wɔpɛ biara wɔ saa wiase yi mu. Nnipa pii susu sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔn ankasa yɛ nea wɔpɛ biara, na ɛho nhia sɛ wɔtie Onyankopɔn. Dɛn na ɛde aba? Amanehunu ne awerɛhoɔ nko ara. (Yeremia 10:23) Nanso Yehowa yɛ Sodifo a ɔwɔ ɔdɔ. Hwɛ sɛnea asetena bɛyɛ anigye afa wɔ wiase foforo no mu bere a obiara tie no no!

6 Sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, yɛn ani bɛgye sɛ yɛbɛtie akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de bɛma yɛn no, na yɛbɛboa ma asase adane paradise fɛfɛɛfɛ. Afei yɛbɛnya hokwan akyerɛkyerɛ wɔn a wɔbɛnyane afi awufo mu no nso. Yehowa bɛma yɛn adwuma pii. Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔdi anim no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma bi a yɛn ani nnye ho nso ɛ? Yɛbɛtie wɔn anaa? Yɛbɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de anigye ayɛ adwuma no? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho ma daa nkwa wɔ wiase foforo no mu a, ɛhia sɛ yɛtie akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn nnɛ no.   

7, 8. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtie wɔn a wɔdi nneɛma anim no? (b) Nsakrae bɛn na aba Kristofo binom asetena mu? (d) Dɛn na yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ yɛbɛnya wɔ wiase foforo no mu?

7 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho ma wiase foforo no mu asetena a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ na yɛne Yehowa ahyehyɛde no ne yɛn nuanom yɛ baako. Sɛ wɔma yɛn dwumadi foforo a, ɛsɛ sɛ yɛfi yɛn pɛ mu gye tom na yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ na yɛama yɛn ani agye ho. Sɛ yɛtie wɔn a wɔdi nneɛma anim no nnɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛbɛyɛ saa wɔ wiase foforo no mu. (Kenkan Hebrifoɔ 13:17.) Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, wɔmaa wɔn baabi a wɔbɛtena. (Numeri 26:52-56; Yosua 14:1, 2) Yɛnnim baabi a wɔbɛka sɛ yɛn mu biara ntena wɔ wiase foforo no mu. Nanso sɛ yɛasua sɛ yɛbɛyɛ ɔsetie a, yɛn ani bɛgye sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde wɔ baabiara a yɛbɛtena.

8 Hwɛ hokwan a yɛbɛnya sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn wɔ ne wiase foforo no mu wɔ Ahenni no ase! Wei nti, yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛgye nea Yehowa ahyehyɛde no ka atom nnɛ, na yɛayɛ nea wɔbɛka akyerɛ yɛn biara. Nanso ɛtɔ da bi a, wɔbɛtumi asesa yɛn adwuma. Ɛho nhwɛso ni. Wɔama anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ United States Betel no binom akɔyɛ akwampae adwuma. Afei nso, esiane sɛ ahwɛfo akwantufo binom mfe akɔ anim anaa nsɛm foforo nti, wɔama ebinom akɔyɛ akwampaefo titiriw. Wɔn ani gye dwumadi foforo a wɔde ama wɔn no ho, na Yehowa rehyira wɔn. Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa, yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de som no, na yɛma yɛn ani sɔ dwumadi biara a wɔde ma yɛn a, yɛn ani bɛgye na Yehowa bɛhyira yɛn. (Kenkan Mmebusɛm 10:22.) Na sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu na yɛpɛ sɛ yɛtena baabi nanso Yehowa ahyehyɛde no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛntu nkɔ baabi foforo nso ɛ? Saa bere no, ɛnyɛ baabi a yɛbɛtena anaa nea yɛbɛyɛ ne asɛm no, mmom yɛn ani bɛsɔ paa sɛ yɛwɔ wiase foforo no mu.—Nehemia 8:10.

9, 10. (a) Adɛn nti na ɛho bɛhia sɛ yɛnya abotare wɔ wiase foforo no mu? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ abotare nnɛ?

9 Wɔ wiase foforo no mu no, ɛtɔ mmere bi a ɛho bɛhia sɛ yɛnya abotare. Ebia yɛbɛte sɛ wɔanyane ebinom abusuafo ne wɔn nnamfonom ma wɔredi ahurusi paa. Nanso, ebia ɛho bɛhia sɛ yɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyane yɛn adɔfo. Sɛ ɛba saa a, yɛne afoforo bɛdi ahurusi na yɛanya abotare atwɛn anaa? (Romafoɔ 12:15) Sɛ yɛsua sɛ yɛbɛnya abotare atwɛn Yehowa ma ne bɔhyɛ abam nnɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya abotare saa bere no.—Ɔsɛnkafoɔ 7:8.

10 Sɛ yɛnya abotare bere a wɔyɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ wɔ Bible mu nokware no ho a, ɛno nso bɛtumi asiesie yɛn ama wiase foforo no mu asetena. Sɛ yɛnya ntease foforo yi a, yɛsua ho ade, na sɛ yɛnte ase yie a, yɛnya ho abotare? Sɛ yɛyɛ saa a, bere biara a Yehowa bɛma yɛn akwankyerɛ foforo wɔ wiase foforo no mu no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛnya abotare.—Mmebusɛm 4:18; Yohane 16:12.

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn nnɛ, na ɔkwan bɛn so na wei bɛboa yɛn wɔ wiase foforo no mu?

11 Ade foforo a yɛbɛtumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama wiase foforo no mu asetena ne sɛ yɛde bɔne bɛfiri. Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɛbɛgye bere kakra ansa na obiara ayɛ pɛ. (Asomafoɔ Nnwuma 24:15) Yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho na yɛde afirifiri yɛn ho? Sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn na yɛne wɔn ntam yɛ kama nnɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa wɔ wiase foforo no mu.—Kenkan Kolosefoɔ 3:12-14.

Yɛbɛhia su a Yehowa rekyerɛ yɛn sɛ yɛnna no adi nnɛ no ara saa bere no

12. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho nnɛ ma wiase foforo no mu asetena?

12 Yɛkɔ wiase foforo no mu a, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛbɛnya nea yɛpɛ; nneɛma bi wɔ hɔ a ebia ɛbɛhia sɛ yɛtwɛn ansa na yɛn nsa aka. Ɛho bɛhia sɛ yɛda Yehowa ase daa na yɛma yɛn ani sɔ tebea biara a yɛwom. Yɛbɛhia su a Yehowa rekyerɛ yɛn sɛ yɛnna no adi nnɛ no ara saa bere no. Enti sɛ yɛsua sɛ yɛbɛda saa su ahorow no adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛgye di paa sɛ wiase foforo no bɛba ampa na yɛresiesie yɛn ho ama daa nkwa. (Hebrifoɔ 2:5; 11:1) Afei nso, yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtena wiase bi a obiara bɛtie Yehowa mu.

FA YEHOWA SOM DI KAN

Fa nsi ka asɛmpa no

13. Dɛn na yɛde bɛdi kan wɔ yɛn asetenam wɔ wiase foforo no mu?

13 Wiase foforo no mu no, yɛbɛnya biribiara a yɛhia a ɛbɛma yɛn ani agye wɔ asetenam. Nanso ade a ɛbɛma yɛn ani agye kɛse paa ne sɛ yɛne Yehowa bɛfa adamfo dendeenden. (Mateo 5:3) Yɛbɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu, na yɛn ani bɛgye sɛ yɛresom no. (Dwom 37:4) Enti sɛ yɛde Yehowa di kan wɔ yɛn asetenam nnɛ a, na yɛresiesie yɛn ho ama wiase foforo no mu asetena.—Kenkan Mateo 6:19-21.

14. Botae bɛn na mmerante ne mmabaa bɛtumi de asisi wɔn anim wɔ Yehowa som mu?

14 Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu ma yɛn ani gye? Ade baako ne sɛ yɛde botae bɛsisi yɛn anim. Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, dwene ho yie paa sɛ wobɛsom Yehowa. Adɛn nti na wonyɛ bere nyinaa som adwuma no afã ahorow ho nhwehwɛmu wɔ yɛn nwoma ahorow mu? Wobɛtumi de weinom bi asi w’anim. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Wo ne wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa ayɛ Yehowa som adwuma no mfe pii no bi mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ wosom Yehowa nnɛ a, wobɛnya ntetee a mfaso wɔ so. Wei bɛboa wo ma woasom Yehowa wɔ wiase foforo no mu.

Fa botae sisi w’anim wɔ Yehowa som mu

15. Botae foforo bɛn na yɛbɛtumi de asisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu?

15 Botae pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi de asisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu. Yɛbɛtumi de asi yɛn ani so sɛ yɛbɛsua kwan foforo a yɛfa so yɛ asɛnka adwuma no. Anaa yɛbɛtumi abɔ mmɔden ate Bible mu nsɛm ase yie na yɛahu sɛnea yɛde bɛbɔ yɛn bra. Yɛbɛtumi nso ayere yɛn ho ama yɛn badwam akenkan, yɛn kasa, ne yɛn mmuaeɛ atu mpɔn wɔ asafo nhyiam ase. Asɛm no ne sɛ: Sɛ wode botae sisi w’anim wɔ Yehowa som mu a, ɛbɛboa wo ma wode nsi ne ahokeka asiesie wo ho ama wiase foforo no mu asetena.

ASETENA A EYE SEN BIARA NNƐ

Da Yehowa ase wɔ biribiara a ɔde ma wo ho

16. Adɛn nti na Yehowa a yɛbɛsom no no ne asetena a eye sen biara?

16 Sɛ yɛgye bere siesie yɛn ho ma Onyankopɔn wiase foforo no a, ɛkyerɛ sɛ yɛrehwere biribi pa bi wɔ wiase yi mu nnɛ anaa? Dabi! Yehowa a yɛbɛsom no no ne asetena a eye sen biara. Ɛnyɛ sɛ obi hyɛ yɛn sɛ yɛnsom Yehowa nti na yɛresom no anaa yɛpɛ sɛ yɛnya yɛn ti didi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu ara ntia. Sɛ yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ pa a, ɛma yɛn asetena tu mpɔn na yɛn ani gye. Saa ara na ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛmmɔ yɛn bra. Sɛ Onyankopɔn da ne dɔ adi kyerɛ yɛn na yɛnya n’akwankyerɛ wɔ yɛn asetenam a, eye sen biribi foforo biara. (Kenkan Dwom 63:1-3.) Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa som Yehowa a, yɛn ani bɛgye. Ebinom de mfe pii asom Yehowa, na wɔbɛtumi aka paa sɛ ɛno ne asetena a eye sen biara.—Dwom 1:1-3; Yesaia 58:13, 14.

Hwehwɛ akwankyerɛ fi Bible mu

17. Bere bɛn na yɛbɛgye yɛn ani na yɛagye yɛn ahome wɔ Paradise?

17 Yɛkɔ Paradise a, yɛde yɛn bere no bi bɛyɛ nneɛma a yɛn ani gye ho, na yɛde bi nso adwudwo yɛn ho. Bere a Yehowa bɔɔ yɛn no, ɔde hyɛɛ yɛn mu sɛ yɛnnye yɛn ani, na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘ateasefoɔ nyinaa anya deɛ wɔpɛ adi amee.’ (Dwom 145:16; Ɔsɛnkafoɔ 2:24) Ɛhia sɛ yɛgye yɛn ani na yɛgye yɛn ahome, nanso sɛ yɛde Yehowa som adwuma no di kan a, ɛma yɛn ani gye paa. Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu. Enti eye paa sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ Ahennie no kane’ na yɛadwendwene nhyira a Yehowa ma yɛnya no ho.—Mateo 6:33.

Sɛ yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ pa a, ɛma yɛn asetena tu mpɔn na yɛn ani gye

18. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ Paradise?

18 Wiase foforo no mu asetena bɛyɛ dɛ asen sɛnea yɛbɛtumi de yɛn adwene abu. Momma yɛnsiesie yɛn ho mma “nkwa paa” no nnɛ mfa nkyerɛ sɛ yɛpɛ paa sɛ yɛkɔ hɔ bi. Momma yɛnnya su a Yehowa rekyerɛ yɛn sɛ yɛnna no adi no, na yɛmfa nsi nka asɛmpa no. Afei momma yɛmfa Yehowa som nni kan wɔ yɛn asetenam na yɛnnya anigye a ɛwom no bi. Yɛgye di paa sɛ Yehowa bɛyɛ biribiara a wahyɛ ho bɔ wɔ wiase foforo no mu. Enti momma yɛmmɔ yɛn bra nnɛ te sɛ nea yɛwɔ wiase foforo no mu!

^ nky. 14 Hwɛ Young People Ask—Answers That Work nwoma no Po 2, kratafa 311-318.