Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwendwene Yehowa Dɔ a Ɛnsa Da no Ho

Dwendwene Yehowa Dɔ a Ɛnsa Da no Ho

“Mɛdwendwene wo nnwuma nyinaa ho.”DWOM 77:12.

NNWOM: 18, 61

1, 2. (a) Adɛn nti na wogye di sɛ Yehowa dɔ ne nkurɔfo? (b) Ahiade bɛn na Yehowa de bɔɔ nnipa?

DƐN nti na wogye di paa sɛ Yehowa dɔ ne nkurɔfo? Ansa na wobɛbua saa asɛm no, susu nhwɛso a ɛdidi so yi ho hwɛ: Anuanom hyɛɛ onuawa bi a ne din de Taylene nkuran mfe pii. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhaw ne ho pii. Onuawa no kaa sɛ: “Sɛ Yehowa nnɔ me a, anka ɔrenkɔ so ntu me fo.” Brigitte nso, bere a ne kunu wui no, ɔno nko ara tetee ne mma mmienu. Ɔkaa sɛ: “Nneɛma a ne yɛ yɛ den paa wɔ Satan wiase yi mu baako ne mmofra ntetee, ne titiriw, bere a ɔwofo baako na ɔreyɛ saa no. Nanso megye di paa sɛ Yehowa dɔ me efisɛ osũ ne awerɛhoɔ mu nyinaa, waboa me, na ɔmma menteetee mmoro so.” (1 Korintofoɔ 10:13) Yareɛ bi a emu yɛ den a wɔnnya nnyaa ano aduro ayɛ Sandra. Bere a Sandra kɔɔ ɔmantam nhyiam bi no, onuawa bi kyerɛe sɛ ɔdwene ne ho. Sandra kunu kaa sɛ: “Ɛwom sɛ yɛnnim no deɛ, nanso nea ɔyɛe de kyerɛe sɛ ɔdwene yɛn ho no maa yɛn ani gyei kɛse. Nneɛma nketenkete a yɛn nuanom mmarima ne mmaa yɛ ma yɛn no ma mehu sɛ Yehowa dɔ yɛn paa.”

2 Sɛnea Yehowa bɔɔ nnipa no, obiara pɛ sɛ ɔdɔ afoforo na afoforo nso dɔ no. Nanso, ɛnyɛ den sɛ yareɛ anaa sikasɛm mu ahokyere bɛtumi ama yɛn aba mu abu. Saa ara nso na sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no na yɛnhu nea efi mu ba a, yɛn abam bɛtumi abu. Sɛ yɛnya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn bio a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛsom bo ma Yehowa, ɔwɔ hɔ paa, na ɔkura yɛn nsa nifa a ɔreboa yɛn. Sɛ yɛdi no nokware a, ne werɛ remfi yɛn da.—Yesaia 41:13; 49:15.

3. Dɛn na ɛbɛtumi ama yɛagye adi paa sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no nsa da?

3 Adansefo a yɛaka wɔn ho asɛm no gye di sɛ na Onyankopɔn ka wɔn ho wɔ wɔn ahohia bere mu. Yɛbɛtumi anya ahotoso koro no ara bi sɛ Yehowa wɔ yɛn afã. (Dwom 118:6, 7) Yɛbɛhu nneɛma nnan a Yehowa de akyɛ yɛn a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn wɔ adesua yi mu. Ɛno ne (1) n’abɔde, (2) Bible, (3) mpaebɔ, ne (4) agyede no. Sɛ yɛdwendwene nneɛma pa a Yehowa ayɛ ho a, ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛanya anisɔ kɛse ama ne dɔ a ɛnsa da no.—Kenkan Dwom 77:11, 12.

DWENDWENE YEHOWA ABƆDE HO

4. Dɛn na yɛsua fi Yehowa abɔde mu?

4 Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn paa. (Romafoɔ 1:20) Ɛho nhwɛso ni. Yehowa yɛɛ asase no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi atena so na yɛayɛ nneɛma foforo pii nso. Wama yɛn biribiara a yɛhia a ɛbɛma yɛn ani agye. Ɛhia sɛ yɛdidi, nanso Yehowa ama yɛn nnuane ahorow pii sɛnea ɛbɛyɛ a adidi bɛma yɛn ani agye. (Ɔsɛnkafoɔ 9:7) Onuawa bi a ɔwɔ Canada a wɔfrɛ no Catherine ani gye abɔde ho, ɛnkanka nneɛma a ɛkɔ so wɔ April mu. Onuawa no kaa sɛ: “Ɛdu saa bere no a, sɛnea biribiara san yɛ fɛfɛɛfɛ no yɛ nwonwa. Nhwiren nyinaa san fifi, na nnomaa san ba. Nnomaa no bi ne aserewa ketewaa bi a ɛyɛ a ɔbɛdi aduane a mede sɛn me gyaade mpomma akyi no. Sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, anka ɔremma yɛn nneɛma a ɛma yɛn ani gye saa.” Yɛn soro Agya no ani gye nneɛma a wabɔ ho, na saa ara na ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛn ani gye ho.—Asomafoɔ Nnwuma 14:16, 17.

Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn paa

5. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa bɔɔ nnipa no ma yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn?

5 Yehowa bɔɔ yɛn sɛnea yɛbɛtumi ayɛ adwuma pa ama yɛn ani agye. (Ɔsɛnkafoɔ 2:24) Ɔmaa nnipa adwuma sɛ wɔnwo nhyɛ asase so ma, wɔnnɔ asase no, na wɔnhwɛ mpataa, nnomaa ne nneɛma a aka nyinaa so. (Genesis 1:26-28) Afei nso, ɔde suban fɛfɛɛfɛ pii bɔɔ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi asuasua no!—Efesofoɔ 5:1.

ONYANKOPƆN ASƐM SOM BO

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛnya anisɔ kɛse ma Onyankopɔn Asɛm no?

6 Ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn nti na ɔde Bible maa yɛn. Bible ma yɛhu Yehowa ho nsɛm ne sɛnea ɔdwene nnipa ho. Bible ka sɛnea na Yehowa te nka ma Israelfo a na wɔtaa yɛ ne so asoɔden no ho asɛm. Dwom 78:38 ka sɛ: “Ɔhuu wɔn mmɔbɔ; ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn, na wansɛe wɔn. Mprɛ pii na ɔsiankaa n’abufuo, na wanhwanyan n’abufuo nyinaa.” Sɛ wodwendwene Bible mu asɛm yi ho a, wobɛhu sɛ Yehowa dɔ wo na ɔdwene wo ho paa. Yɛbɛtumi anya ahotoso sɛ Yehowa dwene yɛn ho ankasa.—Kenkan 1 Petro 5:6, 7.

Bible ma yɛhu Yehowa ho nsɛm ne sɛnea ɔdwene nnipa ho no

7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Bible som bo ma yɛn?

7 Ɛsɛ sɛ yɛma Bible som bo ma yɛn paa. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa nam n’Asɛm Bible so na ɔne yɛn kasa. Sɛ obi ne ne ba tumi bɔ nkɔmmɔ na wɔka wɔn komam asɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho a, ɛma ɔdɔ ne ahotoso a wɔwɔ ma wɔn ho no mu yɛ den. Yehowa yɛ yɛn Agya, na ɔdɔ yɛn. Ɛwom sɛ yɛmfaa yɛn ani nhuu no anaa yɛntee ne nne da deɛ, nanso ɛte sɛ nea ɔnam Bible so ne yɛn bɔ nkɔmmɔ tee. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tie no! (Yesaia 30:20, 21) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛma yɛhu Yehowa a ɔkyerɛ yɛn kwan na ɔbɔ yɛn ho ban no, na ɛma yɛnya ne mu ahotoso.—Kenkan Dwom 19:7-11; Mmebusɛm 1:33.

Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Yehu tu Yehosafat fo deɛ, nanso Yehowa huu “adepa bi” wɔ ɔhene no ho (Hwɛ nkyekyɛm 8, 9)

8, 9. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛhu fa ne ho? Ma nhwɛso bi a ɛwɔ Bible mu.

8 Yehowa pɛ sɛ yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn, na ɔhwehwɛ adepa a ɛwɔ yɛn ho, enti ɔmfa n’adwene nsi yɛn sintɔ ahorow so. (2 Berɛsosɛm 16:9) Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa huu adepa wɔ Yuda hene Yehosafat ho. Yehosafat sii gyinae bɔne de ne ho kɔbɔɔ Israel hene Ahab ho kɔko tiaa Siriafo wɔ Ramot-Gilead. Ɛwom sɛ adiyifo atorofo 400 ka kyerɛɛ Ahab tirimuɔdenfo no sɛ ɔbɛdi nkonim wɔ ɔko no mu deɛ, nanso Yehowa diyifo nokwafo Mikaia ka kyerɛɛ Yehosafat ne Ahab sɛ sɛ wɔkɔ ɔko no a, wɔbɛdi nkogu. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Ahab wui wɔ ɔko mu, na ɛkaa kakraa bi ma anka wɔkum Yehosafat. Ɔko no akyi no, Yehowa maa Yehu kɔtuu Yehosafat fo wɔ mfomso a ɔdii no ho. Nanso Yehu ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Wɔahunu adepa bi wo ho.”—2 Berɛsosɛm 18:4, 5, 18-22, 33, 34; 19:1-3.

9 Ná Yehosafat adi kan aka akyerɛ mmapɔmma, Lewifo, ne asɔfo no sɛ wɔnkɔ Yuda nkuro nyinaa mu nkɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no Yehowa Mmara. Nkyerɛkyerɛ no kɔɔ so yie araa ma nkurɔfo a wɔfi aman foforo so mpo bɛhuu Yehowa. (2 Berɛsosɛm 17:3-10) Enti ɛwom sɛ Yehosafat sii gyinae bɔne deɛ, nanso Yehowa werɛ amfi nneɛma pa a na wadi kan ayɛ no. Saa asɛm no yɛ awerɛkyekye ma yɛn paa efisɛ ɛtɔ bere bi a yɛn nso yɛdi mfomso. Nanso sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de som Yehowa a, ɔbɛkɔ so adɔ yɛn na ne werɛ remfi nneɛma pa a yɛayɛ no.

MA W’ANI NSƆ HOKWAN A WOANYA DE BƆ MPAE NO

10, 11. (a) Adɛn nti na mpaebɔ yɛ akyɛde soronko a efi Yehowa hɔ? (b) Ɔkwan bɛn na ebia Onyankopɔn bɛfa so abua yɛn mpaebɔ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

10 Sɛ mmofra pɛ sɛ wɔne wɔn agya a ɔwɔ ɔdɔ kasa a, ɔgye bere tie wɔn. Agya no pɛ sɛ ɔhu sɛnea ne mma no te nka efisɛ ɔdwene wɔn ho paa. Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, yɛ saa ara. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɔtie. Ɛyɛ hokwan a ɛsom bo sɛ yɛne yɛn Agya bɛkasa!

Sɛ yɛka nea ɛwɔ yɛn komam tɔnn kyerɛ Yehowa a, ɔte, na sɛ obiara nte yɛn ase mpo a, ɔno deɛ ɔte yɛn ase

11 Yɛbɛtumi abɔ Yehowa mpae bere biara. Ɔyɛ yɛn Adamfo, na wayɛ krado sɛ ɔbɛtie yɛn mpaebɔ bere nyinaa. Taylene a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ, “Wobɛtumi aka asɛm biara akyerɛ no.” Sɛ yɛka yɛn komam asɛm paa kyerɛ Yehowa a, ebia ɔbɛfa kyerɛwsɛm bi, asɛm bi a ɛwɔ yɛn nwoma bi mu so, anaa ɔbɛma onua anaa onuawa bi ahyɛ yɛn nkuran de abua yɛn mpaebɔ. Sɛ yɛka nea ɛwɔ yɛn komam tɔnn kyerɛ Yehowa a, ɔte, na sɛ obiara nte yɛn ase mpo a, ɔno deɛ ɔte yɛn ase. Sɛnea ɔbua mpae a yɛbɔ no ma yɛhu sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no nsa da.

12. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsusu mpaebɔ a ɛwɔ Bible mu no ho? Ma nhwɛso.

12 Yɛbɛtumi anya asuade a ɛho hia afi mpaebɔ ahorow a ɛwɔ Bible mu no mu. Ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛsusu saa mpaebɔ yi bi ho wɔ abusua som ase a, ɛboa paa. Sɛ yɛdwendwene mpae a Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no bɔe ho a, ɛbɛma yɛn mpaebɔ atu mpɔn. Ɛho nhwɛso bi ni. Susu mpae a Yona bɔe bere a na ɔhyɛ apataa kɛse bi yam no ho hwɛ. (Yona 1:17–2:10) Hwɛ mpae a Solomon fii ne komam bɔɔ Yehowa bere a na ɔrehyira asɔrefie no so no. (1 Ahemfo 8:22-53) Afei dwendwene mpae a Yesu kyerɛe no ho hwɛ. (Mateo 6:9-13) Nea ɛho hia paa no, ‘fa w’adesrɛ to Onyankopɔn anim’ daa. Woyɛ saa a, ‘Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ wo koma ne w’adwene nsusuiɛ ho ban.’ Ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa dɔ a ɛnsa da no mu akɔ so ayɛ den.—Filipifoɔ 4:6, 7.

KYERƐ SƐ W’ANI SƆ AGYEDE NO

13. Hokwan bɛn na agyede no ama yɛanya?

13 Yehowa de agyede no kyɛɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛbɛnya nkwa.’ (1 Yohane 4:9) Ɔsomafo Paulo kaa sɛnea Onyankopɔn ada ne dɔ adi wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so saa no ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Kristo wu maa amumuyɔfoɔ wɔ berɛ a wɔahyɛ no mu. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama onipa tenenee; ɛwom, ebia onipa pa deɛ, obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no. Nanso Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafoɔ 5:6-8) Agyede no ne Onyankopɔn dɔ a ɛsen biara a wada no adi, na ɛma nnipa nya hokwan ne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den.

14, 15. Agyede no kyerɛ dɛn ma (a) Kristofo a wɔasra wɔn no? (b) wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no?

14 Kristofo kakraa bi anya Yehowa dɔ a ɛnsa da no so mfaso wɔ ɔkwan soronko bi so. (Yohane 1:12, 13; 3:5-7) Onyankopɔn de honhom kronkron asra saa nkurɔfo yi, ɛno nti seesei wɔabɛyɛ ne mma. (Romafoɔ 8:15, 16) Wɔn a wɔde honhom asra wɔn no mu bi da so ara wɔ asase so. Ɛnneɛ, adɛn nti na Paulo kaa sɛ ‘wɔabom te ɔsoro atenaeɛ wɔ Kristo Yesu mu’? (Efesofoɔ 2:6) Efisɛ Yehowa ama wɔanya anidaso sɛ wɔbɛnya daa nkwa wɔ soro.—Efesofoɔ 1:13, 14; Kolosefoɔ 1:5.

Agyede no ma yɛhu ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa nyinaa

15 Sɛ wɔn a wɔmfaa honhom nsraa wɔn no nya agyede no mu gyidi a, wɔbɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo. Wɔn nso wɔ hokwan sɛ wɔbɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn mma na wɔatena ase daa wɔ paradise asase so. Agyede no ma yɛhu ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa nyinaa. (Yohane 3:16) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛhu sɛ, sɛ yɛsom Onyankopɔn nokware mu a, ɔbɛma yɛanya asetena pa wɔ wiase foforo no mu! Enti momma yɛnkyerɛ sɛ agyede no som bo ma yɛn, na ɛyɛ Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no ho adanse a ɛsen biara.

MA YEHOWA NHU SƐ WODƆ NO

16. Sɛ yɛdwendwene Onyankopɔn dɔ ho a, dɛn na yɛbɛyɛ?

16 Akwan a Yehowa afa so ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn no dɔɔso araa ma yɛrentumi nkan mpo. Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “Wo nsusuiɛ som bo ma me! O Onyankopɔn, ne dodoɔ nni ano! Sɛ mese merekan a, anka ɛbɛdɔɔso mpo asene anwea.” (Dwom 139:17, 18) Sɛ yɛdwendwene akwan pii a Yehowa afa so ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn no ho a, ɛbɛka yɛn ma yɛn nso yɛadɔ no na yɛayɛ nea yɛbɛtumi biara de asom no.

17, 18. Nneɛma a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn no bi ne dɛn?

17 Nneɛma pii na yɛbɛtumi ayɛ ama Yehowa ahu sɛ yɛdɔ no. Ade baako a yɛbɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne sɛ yɛde nsi bɛka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ afoforo. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Afei nso sɛ yɛmia yɛn ani gyina sɔhwɛ ano a, ɛbɛma Onyankopɔn ahu sɛ yɛdɔ no. (Kenkan Dwom 84:11; Yakobo 1:2-5.) Sɛ sɔhwɛ a yɛrehyia no mu yɛ den mpo a, yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa hu nea yɛrefa mu no na ɔbɛboa yɛn, efisɛ yɛsom bo ma no.—Dwom 56:8.

18 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma yɛdwendwene n’anwonwadwuma nyinaa ho. Sɛ yɛsua Bible yie a, yɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no na yɛn ani gye n’Asɛm no ho. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛhyɛ abusuabɔ a yɛne no wɔ mu den nti, yɛbɔ no mpae daa. Sɛ yɛdwendwene n’akyɛde a ɛsom bo a ɛne agyede no ho a, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no kɔ so yɛ kɛse. (1 Yohane 2:1, 2) Nneɛma pii a yɛyɛ ma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a ɛnsa da a ɔwɔ ma yɛn no mu kakraa bi na yɛasusu ho yi.