Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Wo Fekubɔ Yie wɔ Nna a Ɛdi Akyiri Yi Mu

Hwɛ Wo Fekubɔ Yie wɔ Nna a Ɛdi Akyiri Yi Mu

“Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”1 KORINTOFOƆ 15:33.

NNWOM: 73, 119

1. Bere bɛn mu na yɛte yi?

YƐTE “mmerɛ a emu yɛ den” mu. “Nna a ɛdi akyire” no fii ase afe 1914. Efi saa bere no, nneɛma asɛe koraa wɔ wiase sen bere biara. (2 Timoteo 3:1-5) Nea ɛte ne sɛ, wiase no bɛkɔ so asɛe efisɛ Bible nkɔmhyɛ ka sɛ “nnipa bɔne ne nnaadaafoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.”—2 Timoteo 3:13.

2. Dɛn na nnipa pii de gyegye wɔn ani nnɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Ɛnnɛ, nnipa hwɛ nneɛma a awudisɛm anaa ɔbrasɛe anaa nkonyaayi ne adaemonesɛm wom de gyegye wɔn ani, na wɔyɛ nneɛma a ɛte saa nso. Intanɛt, television so dwumadi, sini, nwoma, ne nsɛmma nwoma ahorow ma awudisɛm yɛ sɛ nea asɛm biara nni ho. Afei nso bere bi a atwam no, nneyɛe bi wɔ hɔ a sɛ nkurɔfo te ho asɛm a na wɔn ho adwiri wɔn, nanso ɛnnɛ wɔgye tom wɔ mmeae bi. Wei nkyerɛ sɛ Yehowa pene nneyɛe a ɛte saa so.—Kenkan Romafoɔ 1:28-32.

3. Adwene bɛn na nnipa pii anya wɔ wɔn a wɔde Onyankopɔn asɛm bɔ wɔn bra no ho?

3 Asomafo no bere so nso, na nkurɔfo hwɛ awudisɛm ne ɔbrasɛe de gyegye wɔn ani. Nanso Yesu akyidifo no anyɛ saa efisɛ na wɔde Onyankopɔn asɛm na ɛbɔ wɔn bra. Wei yɛɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no “nwanwa.” Dɛn na wɔde yɛɛ Kristofo no? Nkurɔfo dii wɔn ho fɛw na wɔtaa wɔn. (1 Petro 4:4) Ɛnnɛ nso, nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ wɔn a wɔde Onyankopɔn asɛm bɔ wɔn bra no ho yɛ nwonwa. Nokwarem no, Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ wɔn a wɔsuasua Kristo Yesu no, “wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.”—2 Timoteo 3:12.

“FEKUBƆNE SƐE ƆBRA PA”

4. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛdɔ wiase yi?

4 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, yɛrentumi nnɔ “wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase.” (Kenkan 1 Yohane 2:15, 16.) Satan yɛ “wiase yi nyame,” na ɔno na ɔdi wiase yi so. Ɔnam nyamesom, aban, adwadifoɔ, ne nsɛm ho amanneɛbɔfo so daadaa nnipa. (2 Korintofoɔ 4:4; 1 Yohane 5:19) Yɛmpɛ sɛ wiase no kyerɛ yɛn kwan, enti ɛsɛ sɛ yɛkwati fekubɔne. Bible bɔ yɛn kɔkɔ pefee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Korintofoɔ 15:33.

5, 6. Henanom na ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ, na adɛn ntia?

5 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ntam kɔ so yɛ papa a, ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne no bɔ. Saa nkurɔfo yi bi ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa nanso wɔntie no no. Sɛ nnipa a wɔte saa yɛ bɔne a emu yɛ duru na wɔansakra wɔn adwene a, yɛne wɔn twa fekubɔ mu.—Romafoɔ 16:17, 18.

6 Mpɛn pii no, nkurɔfo pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ wɔn nnamfo ani na wɔgye wɔn tom. Enti sɛ yɛne wɔn a wɔntie Onyankopɔn asɛm no bɔ a, ɛbɛtumi ama yɛayɛ nea wɔyɛ no bi. Sɛ yɛne wɔn a wɔbɔ aguaman bɔ dendeenden a, yɛbɛtumi abɛyɛ te sɛ wɔn. Ebi ato yɛn nuanom mmarima ne mmaa binom. Wɔtuu wɔn a wɔansakra wɔn adwene no fii asafo no mu. (1 Korintofoɔ 5:11-13) Sɛ wɔansakra wɔn adwene a, wɔn tebea bɛtumi ayɛ sɛ nea Petro kaa ho asɛm no.—Kenkan 2 Petro 2:20-22.

7. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo?

7 Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yɛne nnipa nyinaa di no yie deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔntie Onyankopɔn asɛm fa nnamfo. Ɛbɛyɛ mfomso sɛ Yehowa Dansefo bi ne obi a ɔnyɛ Yehowa somfo nokwafo a wabɔ asu de wɔn ho bɛhyɛ nantew a ɛbɛtumi akɔwie aware mu mu. Ɛho hia paa sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim dom sen sɛ nnipa a wɔnnɔ Yehowa no bɛgye yɛn atom. Ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nkutoo na ɛfa nnamfo. Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”—Marko 3:35.

Ɛho hia paa sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim dom sen sɛ nnipa a wɔnnɔ Yehowa no bɛgye yɛn atom

8. Dɛn na fekubɔne de baa tete Israelfo so?

8 Fekubɔne de nnipa kɔ amanehunu mu. Momma yɛmfa asɛm a ɛtoo Israelfo no sɛ nhwɛso. Ansa na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ nkurɔfo a na wɔte hɔ no ho. Ɔkaa sɛ: “Nkoto wɔn anyame, nsom wɔn, na nyɛ wɔn nsa ano adwuma no bi, na ka ahoni no gu na bubu wɔn abosom adum nyinaa. Monsom Yehowa mo Nyankopɔn.” (Exodus 23:24, 25) Nanso Israelfo dodow no ara antie Onyankopɔn akwankyerɛ, enti wɔanni no nokware. (Dwom 106:35-39) Dɛn na efii mu bae? Akyiri yi, Yehowa poo Israel man no, na ɔpaw Kristofo asafo no sii Israelfo no ananmu sɛ ne nkurɔfo.—Mateo 23:38; Asomafoɔ Nnwuma 2:1-4.

HWƐ YIE WƆ NEA WOKENKAN NE NEA WOHWƐ HO

9. Adɛn nti na wiase yi mu nsɛm ho amanneɛbɔ bɛtumi apira yɛn?

9 Wiase yi mu nneɛma dodow no ara bɛtumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Ebi ne television so dwumadi, Intanɛt wɛbsaet ahorow, ne nwoma ahorow. Wɔanyɛ saa nneɛma yi sɛ ɛmmoa Kristofo mma wɔnnya Yehowa ne ne bɔhyɛ mu gyidi. Mmom ɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa wɔn werɛ nhyɛ Satan wiase bɔne yi mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie paa na yɛanhwɛ biribiara a ɛbɛtumi ama yɛanya “wiase akɔnnɔ,” na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkenkan, anaa yɛtie.—Tito 2:12.

10. Dɛn na ɛbɛba wiase no mu nsɛm ho amanneɛbɔ so?

10 Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe Satan wiase no ne emu nneɛma a ɛdi awu no. Bible ka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Odwontofo no nso too dwom sɛ: “Wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.” Wɔbɛgye wɔn ani akɔsi bere bɛn? “Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 37:9, 11, 29.

11. Dɛn na Onyankopɔn de ma yɛn a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so di no nokware?

11 Yehowa ahyehyɛde no kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra ma yɛanya daa nkwa; ɛnte sɛ Satan wiase no. Yesu bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no, yie, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ma yɛnya biribiara a ɛbɛma yɛahu no. Ɛma yɛnya nsɛmma nwoma, nwoma, video, ne Intanɛt so nneɛma a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Onyankopɔn. Yehowa ahyehyɛde no san yɛ adesua ho nhyehyɛe ma asafo ahorow bɛboro 110,000 a ɛwɔ wiase nyinaa hyiam daa. Nneɛma a yɛsua fi Bible mu wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase no hyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu no mu den.—Hebrifoɔ 10:24, 25.

WARE “AWURADE MU NKO ARA”

12. Kyerɛkyerɛ Bible ahyɛde a ɛka sɛ “Awurade mu nko ara” na yɛnware no mu.

12 Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔsusu nnipa a ɔpɛ sɛ ɔware no no ho yie. Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ. Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?” (2 Korintofoɔ 6:14) Bible ka kyerɛ Onyankopɔn asomfo sɛ wɔnware “Awurade mu nko ara,” kyerɛ sɛ, wɔnware obi a wahyira ne ho so abɔ asu na ɔde Yehowa asɛm bɔ ne bra. (1 Korintofoɔ 7:39) Sɛ woware obi a ɔdɔ Yehowa a, wobɛnya ɔhokafo a ɔbɛboa wo ma woakɔ so adi Onyankopɔn nokware.

Sɛ woware obi a ɔdɔ Yehowa a, wobɛnya ɔhokafo a ɔbɛboa wo ma woakɔ so adi Onyankopɔn nokware

13. Aware ho ahyɛde bɛn na Onyankopɔn de maa Israelfo no?

13 Yehowa nim nea eye ma yɛn paa, na n’ahyɛde a ɛka sɛ yɛnware “Awurade mu nko ara” no nyɛ asɛm foforo. Sɛ nhwɛso no, ma yɛnhwɛ asɛm a Yehowa ka faa nnipa a wɔnsom Yehowa ho kyerɛɛ Israelfo no. Yehowa nam Mose so de ahyɛde maa sɛ: “Wo ne wɔn mu biara nnni ayewareɛ. Mfa wo babaa mma ne babarima, na nnye ne babaa mma wo babarima. Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afiri m’akyi akɔsom anyame foforɔ; na Yehowa abufuo adɛre mo so na wasɛe mo prɛko pɛ.”—Deuteronomium 7:3, 4.

14, 15. Esiane sɛ Solomon buu n’ani guu Yehowa ahyɛde so nti, asɛm bɛn na ɛtoo no?

14 Bere a Solomon bɛyɛɛ Israel hene no, ankyɛ na ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa, na Yehowa buaa ne mpaebɔ no. Enti bere a Solomon bɛdii ade no, ɛsii ɔman no yie, ɔbɛgyee din sɛ ɔhene a ɔnim nyansa. Nokwasɛm ne sɛ, Solomon nyansa maa Saba hemmaa ho dwirii no araa ma ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nyansa ne w’ahonyadeɛ boro deɛ metee ho asɛm no koraa.” (1 Ahemfo 10:7) Solomon asɛm no nso ma yɛhu nea ɛba bere a obi bu n’ani gu Onyankopɔn ahyɛde so na ɔware obi a ɔnsom Yehowa no.—Ɔsɛnkafoɔ 4:13.

15 Ɛwom sɛ Yehowa hyiraa Solomon deɛ, nanso ɔbuu Onyankopɔn ahyɛde so. Solomon “dɔɔ mmaa ananafoɔ pii” a na wɔnsom Yehowa, na akyiri yi ɔwaree mmaa 700 ne ayefam 300. Dɛn na efii mu bae? Solomon nkɔkoraaberɛ mu no, ne yerenom “danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi; . . . na Solomon firii aseɛ yɛɛ Yehowa ani so bɔne.” (1 Ahemfo 11:1-6) Fekubɔne nyaa ne so nkɛntɛnso, na wankɔ so ansom Yehowa nokware mu. Sɛ asɛm a ɛte saa too Solomon mpo a, ɛnneɛ na ɛbɛtumi ato obiara nso. Ɛno nti na ɛnsɛ sɛ yɛdwene ho koraa sɛ yɛbɛware obi a ɔnnɔ Yehowa no!

16. Afotu bɛn na Bible de ma obi a ne kunu anaa ne yere nsom Yehowa?

16 Na sɛ obi ba Yehowa som mu bere a ne kunu anaa ne yere nsom Yehowa nso ɛ? Bible ka sɛ: “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a kasa nka ho.” (1 Petro 3:1) Asɛm yi fa ɔbarima a ne yere nsom Yehowa nso ho. Onyankopɔn Asɛm mu da hɔ fann: Yɛ okunu pa anaa ɔyere pa, na fa Onyankopɔn asɛm yɛ adwuma wɔ w’aware mu. Sɛ woyɛ saa na wo kunu anaa wo yere hu sɛ wo suban asesa abɛyɛ papa a, ebia ɔno nso ani bɛgye ho sɛ ɔbɛsom Yehowa. Saa na aba wɔ awarefo pii fam.

WO NE WƆN A WƆDƆ YEHOWA MMƆ

17, 18. Dɛn na ɛboaa Noa ma ɔnyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu, na dɛn na ɛboaa tete Kristofo no ma wɔnyaa nkwa wɔ Yerusalem sɛe no mu?

17 Fekubɔne bɛtumi ama woayɛ Yehowa so asoɔden, nanso fekupa bɛtumi aboa wo ma woadi Yehowa nokware. Nea ɔyɛɛ wei ho nhwɛso pa ne Noa. Ɔtenaa ase bere a na “onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na n’akomam nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne berɛ nyinaa.” (Genesis 6:5) Nnipa yɛɛ bɔne araa ma Yehowa yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɛe saa wiase bɔne no. Nanso na Noa yɛ soronko. Bible frɛ no “ɔteneneeni” a ɔne “nokorɛ Nyankopɔn nanteeɛ.”—Genesis 6:7-9.

18 Noa amfa ne ho ammɔ nkurɔfo a na wɔnnɔ Yehowa. Ɔne n’abusua kɔɔ so yɛɛ adaka no, na na ɔyɛ “tenenee sɛnkafoɔ” nso. (2 Petro 2:5) Noa, Noa yere, ne ne mma mmarima baasa, ne wɔn yerenom no bɔɔ fekupa. Wɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani, enti wɔnyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Ɛnnɛ, yɛn a yɛte ase nyinaa yɛ wɔn asefo, enti ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ Noa ne n’abusua tiee Yehowa na wɔammɔ fekubɔne. Tete Kristofo no nso ne nkurɔfo a na wɔnnɔ Yehowa ammɔ. Wɔtiee Yehowa, na bere a wɔsɛee Yerusalem afe 70 Y.B. no, wɔnyaa nkwa.—Luka 21:20-22.

Sɛ yɛne wɔn a wɔdɔ Yehowa bɔ a, ɛbɛtumi ama yɛahu sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu (Hwɛ nkyekyɛm 19)

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware?

19 Yɛsuasua Noa ne n’abusua ne tete Kristofo no, enti yɛne obiara a ɔnnɔ Yehowa mmɔ. Yɛwɔ anuanom mmarima ne mmaa ɔpepem pii a yɛbɛtumi afa wɔn nnamfo. Wɔbɛboa yɛn ma ‘yɛagyina pintinn wɔ gyidie no mu’ wɔ mmere a emu yɛ den paa yi mu. (1 Korintofoɔ 16:13; Mmebusɛm 13:20) Wo deɛ susu sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛnya nkwa wɔ wiase bɔne yi awiei na yɛatena ase wɔ Yehowa wiase foforo no mu! Hwɛ sɛnea ɛho hia paa sɛ yɛbɛkwati fekubɔne nnɛ!