Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

“Momma Nsupɔ Nyinaa Nni Ahurisie”

“Momma Nsupɔ Nyinaa Nni Ahurisie”

Me werɛ remfi saa da no da; na mewɔ Brooklyn. Ná me ne anuanom bi a wɔfi mmeae ahorow retwɛn wɔ dan a Akwankyerɛ Kuw no yɛ wɔn nhyiam wɔ hɔ mu. Ná yɛretwɛn Akyerɛw Boayikuw no. Ná yɛde ɔhaw a wɔn a wɔkyerɛ nwoma ase hyia ne ɛho adwenkyerɛ a ɛbɛboa rekɔto wɔn anim, na na yɛn yam hyehye yɛn. Ɛda no yɛ May 22, 2000. Adɛn nti na na saa nhyiam no ho hia saa? Wo deɛ, ma menka me ho asɛm kakra nkyerɛ wo ansa na makyerɛkyerɛ mu.

Mebɔɔ asu wɔ Queensland, meyɛɛ akwampae adwuma wɔ Tasmania, na meyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Tuvalu, Samoa, ne Fiji

WƆWOO me wɔ Queensland, Australia, afe 1955. Ɛno akyi bere tiaa bi no me maame Estelle fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Afe baako akyi no, ɔbɔɔ asu, na mfe 13 akyi no, me papa Ron nso bɔɔ asu. Mebɔɔ asu afe 1968 wɔ akuraa bi ase wɔ Queensland mantam no mu.

M’ani gye akenkan ne kasasua ho fi me mmofraase pɛɛ. Bere biara a na me ne m’awofo bɛtu kwan no, wɔbɛhwɛ na mete kar no akyi rekenkan nwoma bi. Megye di sɛ na ɛhaw m’awofo paa sɛ na menhwɛ nneɛma a ɛwɔ kwan ho no. Nanso m’ani a na ɛgye akenkan ho no boaa me ma meyɛɛ ade wɔ sukuu adesua mu. Menyaa abasobɔde pii bere a mewɔ ntoaso sukuu wɔ Glenorchy, Tasmania supɔ so no.

Saa bere no na ɛsɛ sɛ mesi gyinae titiriw bi. Mɛpene so akɔ sukuupɔn ma aban no atua ho ka anaasɛ merenyɛ saa? Ɛwom sɛ na m’ani gye akenkan ne adesua ho deɛ, nanso meda me maame ase paa sɛ na wakyerɛkyerɛ me ama mahu sɛ ɛsɛ sɛ medɔ Yehowa sen obi anaa biribi foforo biara. (1 Korintofoɔ 3:18, 19) Enti meyɛɛ sɛ, sɛ mewie mfitiase sukuu a, mede bɛso hɔ ara na mafi akwampae adwuma ase, na m’awofo penee so. Meyɛɛ saa January 1971; ná madi mfe 15.

Menyaa hokwan yɛɛ akwampae adwuma wɔ Tasmania mfe nwɔtwe a ɛdi hɔ no. Saa bere no, mewaree ababaa hoɔfɛfo bi a ofi Tasmania. Ne din de Jenny Alcock. Yɛboom somee sɛ akwampaefo titiriw mfe nnan wɔ Smithton ne Queenstown nkurow no mu.

YƐKƆYƐƐ ASƐMPATRƐW ADWUMA WƆ PACIFIC NSUPƆ SO

Me ne me yere kɔɔ amanaman ntam nhyiam wɔ Port Moresby, Papua New Guinea afe 1978. Ade a mekae paa ne ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔmaa ɔkasa wɔ Hiri Motu kasa mu. Ɛwom sɛ mante asɛm a ɔkae no ase deɛ, nanso mefii ase dwenee ho sɛ me nso mepɛ sɛ mebɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo, mesua kasa foforo na mede ma ɔkasa de hyɛ anuanom nkuran. Saa bere no na mehuu sɛ mɛtumi de kasasua a m’ani gye ho no asom Yehowa.

Bere a yɛsan baa Australia no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo. Yɛduu Funafuti supɔ a ɛwɔ Tuvalu no so January 1979. Adawurubɔfo a wɔabɔ asu mmiɛnsa pɛ na na wɔwɔ Tuvalu supɔ no nyinaa so.

Me ne Jenny wɔ Tuvalu

Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛsua Tuvalu kasa no. “Apam Foforo” no nko ara ne nwoma na ɛwɔ saa kasa no mu. Ná wɔnni nsɛm asekyerɛ nwoma biara, na na wɔnni nhyehyɛe biara a wɔde sua kasa no, enti yɛyɛɛ sɛ yɛbɛsua nsɛmfua 10 kɔsi 20 da biara. Nanso ankyɛ na yɛhuu sɛ yɛnte nsɛmfua dodow no ara a na yɛresua no ase yie. Ná yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ adaemonesɛm yɛ bɔne, nanso sɛɛ na yɛreka akyerɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nsenia susu ade na ɛnsɛ sɛ wɔde poma nantew! Nanso na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua kasa no efisɛ na yɛne nkurɔfo pii afi Bible adesua ase. Mfe pii akyi no, wɔn a yɛdii kan ne wɔn suaa Bible no mu baako ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ seesei motumi ka yɛn kasa no. Mobaa foforo no deɛ, na yɛnhu nea mopɛ sɛ moka!”

Biribi foforo wɔ hɔ a ɛboaa yɛn paa ma yɛsuaa kasa no ntɛmntɛm. Ná ɛyɛ den sɛ yɛbɛnya dan ahan, enti na ɛsɛ sɛ yɛne Adansefo bi tena wɔ akuraa kɛse a ɛwɔ hɔ ase. Ɛhɔ deɛ baabi a yɛbɛfa biara na Tuvalu kasa nko ara na yɛka; yɛwɔ fie nso a, saa ara. Mfe bi twaam a yɛanka Borɔfo, enti yɛn ani baa yɛn ho so no, na Tuvalu kasa ne kasa titiriw a yɛka.

Yɛkɔduu hɔ no, nkurɔfo pii fii ase kyerɛɛ nokware no ho anigye. Nanso dɛn na na yɛbɛtumi ne wɔn asua? Ná yɛnni nwoma biara wɔ wɔn kasa mu. Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi asua ade? Sɛ wɔfi ase ba asafo nhyiam a, nnwom bɛn na wɔbɛto? Wɔbɛyɛ dɛn ama ɔkasa? Afei wɔbɛyɛ dɛn asua ade ansa na wɔakɔ asafo nhyiam? Ná wɔbɛyɛ dɛn abɔ asu? Ná ɛhia sɛ nkurɔfo a wɔbrɛ wɔn ho ase yi nya nwoma wɔ wɔn ankasa kasa mu a yɛde bɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ho ade! (1 Korintofoɔ 14:9) Yɛbisaa yɛn ho sɛ, ‘Enti da bi bɛba a yɛbɛnya nwoma wɔ Tuvalu kasa mu, kasa a nnipa a wɔka nnu 15,000 no?’ Yehowa buaa saa nsɛmmisa no, na ɛma yɛhuu nneɛma mmienu bi: (1) Ɔpɛ sɛ nnipa a wɔwɔ “nsuano aman a ɛwɔ akyirikyiri” so no sua ne ho ade, na (2) ɔpɛ sɛ wɔn a wiase no bu wɔn “ahobrɛasefoɔ ne wɔn a wɔdwoɔ” no de Yehowa yɛ wɔn guankɔbea.—Yeremia 31:10; Sefania 3:12.

YƐKYERƐƐ NWOMA ASE DE KYERƐKYERƐƐ NOKWARE NO

Afe 1980 no, Betel kaa sɛ yɛnkyerɛ nwoma ase nkɔ Tuvalu kasa mu. Ɛwom sɛ na yɛnte kasa no yie deɛ, nanso yɛfii adwuma no ase. (1 Korintofoɔ 1:28, 29) Yɛdii kan tɔɔ afidie dedaw bi fii aban no hɔ de tintim nwoma de yɛɛ yɛn asafo nhyiam ahorow. Akyiri yi, yɛkyerɛɛ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nwoma no mpo ase kɔɔ Tuvalu kasa mu, na yɛde saa afidie ketewaa yi ara na ɛtintimii. Meda so ara kae sɛnea na aduro a yɛde tintim no pampan ano yɛ den no. Ná wim nso yɛ hye, na ɛma ɛyɛɛ den sɛ yɛde afidie dedaw no bɛtintim saa nwoma no nyinaa. Saa bere no, na anyinam ahoɔden nni hɔ!

Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkyerɛ nwoma ase akɔ Tuvalu kasa mu efisɛ na yɛnni nsɛm asekyerɛ nwoma biara wɔ Tuvalu kasa mu a yɛbɛhwɛ mu, na na wɔnni nwoma biara wɔ saa kasa no mu a yɛde bɛyɛ nhwehwɛmu. Nanso ɛtɔ da bi a na yɛnya mmoa wɔ akwan foforo so. Da bi anɔpa mekɔpuee obi a na ɔsɔre tia nokware no fie. Owura a n’ani afi a na ɔkyerɛ ade no kaee me sɛ waka akyerɛ yɛn sɛ mma yɛmma ne fie. Afei ɔkaa sɛ: “Mepɛ sɛ metwe mo adwene si ade baako bi so. Sɛnea yɛkasa wɔ Tuvalu ha no, ɛnyɛ saa na mokyerɛ mo nwoma ase.” Mebisaa afoforo, na wɔkaa sɛ owura no asɛm no yɛ nokware. Enti yɛyɛɛ nsakrae maa yɛn nkyerɛase no tuu mpɔn. Ɛyɛɛ me nwonwa paa sɛ Yehowa faa ɔbarima a na ɔkenkan yɛn nwoma nanso ɔsɔre tia nokware no so boaa yɛn!

Ahenni Asɛm Nɔma 30 wɔ Tuvalu kasa mu

Nwoma a ɛdi kan a yɛde maa nkurɔfo wɔ Tuvalu kasa mu yɛ kratawa a na yɛde reto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi ase. Saa bere no na yɛn nsa kaa Ahenni Asɛm nɔma 30. Wɔyii Tuvalu kasa mu deɛ ne Borɔfo deɛ no nyinaa adi wɔ bere koro mu. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛde kratawa no maa nkurɔfo no wɔ wɔn ankasa kasa mu! Nkakrankakra yɛnyaa nwomawa ne nwoma ahorow nso wɔ Tuvalu kasa mu. Australia Betel fii ase tintim Ɔwɛn-Aban wɔ Tuvalu kasa mu wɔ afe 1983 mu. Ná Ɔwɛn-Aban no yɛ nkratafa 24, na na ɛba bosome mmiɛnsa biara. Tuvalufo ani gyee saa nwoma yi ne nsɛmma nwoma no ho anaa? Wɔn ani gyee ho, efisɛ na wɔpɛ akenkan paa. Bere biara a yɛbɛyi nwoma foforo adi no, na wɔka ho asɛm wɔ aban radio so, na ɛtɔ da a na ɛno ne asɛntitiriw a wɔka ho asɛm saa da no! *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

Ɔkwan bɛn na na yɛfa so kyerɛ nwoma ase? Nea ɛdi kan, na yɛde pɛn kyerɛw biribiara wɔ krataa so. Yɛwie a na yɛde typewriter abɔ agu krataa so mpɛn pii kɔsi sɛ ɛbɛdi mũ ma yɛde akɔ Australia Betel. Ɛdu hɔ a, na anuanom mmaa mmienu a wɔnte kasa no bɔ nea yɛakyerɛ ase kɔ Tuvalu kasa mu no gu kɔmputa so. Ná wɔn mu biara bɔ asɛnkoro no ara. Sɛ wɔwie a na wɔde nea wɔn mu biara abɔ no toto ho wɔ kɔmputa so. Saa a wɔyɛe no ma wɔsiesiee mfomso a ɛwɔ mu no. Ɛno akyi no, wɔhyehyɛɛ nsɛm a wɔakyerɛ ase no de mfoni hyehyɛɛ mu ma ɛyɛɛ te sɛ Borɔfo deɛ no. Sɛ wɔhyehyɛ wie a, na wɔde mena wimhyɛn brɛ yɛn. Yɛn nsa ka a, na yɛhwɛ mu, na yɛwie a, na yɛasan de akɔ Australia Betel ma wɔatintim.

Sɛnea yɛkyerɛ nwoma ase no atu mpɔn kɛse! Seesei anuanom a wɔkyerɛ nwoma ase no bɔ biribiara gu kɔmputa so tẽẽ, na wɔyɛ nsakrae biara a ɛho hia wɔ so. Mpɛn pii no, nea ɔhyehyɛ nwoma no mu nsɛm de mfoni hyehyɛ mu no wɔ baabi a wɔn a wɔkyerɛ ase no wɔ no ara. Sɛ wɔwie a, wɔde fa Intanɛt so kɔ baabi a wɔtintim nwoma no. Ɛho nhia sɛ obiara tutu mmirika kɔ posɔfese de nwoma a yɛakyerɛ ase no kɔmena.

DWUMADI AFOFORO A YƐNYAEƐ

Bere rekɔ so no, wɔmaa me ne Jenny dwumadi ahorow wɔ Pacific aman bi so. Bere a yɛfii Tuvalu no, wɔma yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ Samoa Betel afe 1985. Yɛkɔɔ hɔ no, yɛboa ma wɔkyerɛɛ Samoa, Tonga, Tokelau, ne Tuvalu kasa ase. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Afei, afe 1996 no, wɔma yɛkɔɔ Fiji Betel. Ɛhɔ nso yɛboaa wɔn a wɔkyerɛ nwoma ase kɔ Fiji, Kiribati, Nauru, Rotuma, ne Tuvalu kasa mu no.

Yɛde nwoma a ɛwɔ Tuvalu kasa mu boaa nkurɔfo

Sɛ wokyerɛ nwoma ase a, ɛnna fam, na ɔbrɛ nso wom, nanso sɛ mehwɛ ahokeka a wɔn a wɔkyerɛ nwoma ase de yɛ wɔn adwuma no a, daa ɛyɛ me nwonwa. Sɛnea Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo te asɛmpa no wɔ wɔn ankasa kasa mu no, saa ara na anuanom mmarima ne mmaa anokwafo yi nso pɛ. (Adiyisɛm 14:6) Bere a yɛreyɛ nhyehyɛe akyerɛ Ɔwɛn-Aban ase akɔ Tonga kasa mu bere a ɛdi kan no, me ne asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Tonga nyinaa hyiae, na mebisaa wɔn sɛ hena na ɔbɛma yɛatete no ma wakyerɛ nwoma ase. Ɔpanyin baako a na ɔwɔ mfididwuma ho nimdeɛ a na adwuma no kɔ yie ma no no kaa sɛ ɔbɛgyae n’adwuma no ɛda a ɛdi hɔ, na ntɛm ara ɔfii ase kyerɛɛ nwoma ase. Ne gyidi a ɛyɛ den no hyɛɛ me nkuran efisɛ na ɔwɔ abusua, na na ɔnni anidaso biara wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so anya sika ahwɛ wɔn. Nanso Yehowa hwɛɛ ɔne n’abusua, na ɔkɔɔ so kyerɛɛ nwoma ase mfe pii.

Ade a ɛda Akwankyerɛ Kuw no koma so paa ne sɛ wɔbɛyɛ nwoma wɔ kasa biara mu; sɛ nnipa kakraa bi na wɔka kasa no mpo a, wɔbɛyɛ. Wɔn a wɔkyerɛ nwoma ase no nso kura saa adwene yi bi. Yɛbisaa sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛhaw yɛn ho akyerɛ nwoma ase akɔ Tuvalu kasa mu anaa? Mmuaeɛ a Akwankyerɛ Kuw no de mae no hyɛɛ me nkuran paa. Wɔkaa sɛ: “Yɛnhu nea enti a ɛnsɛ sɛ mokɔ so kyerɛ nwoma ase kɔ Tuvalu kasa mu. Ɛwom sɛ, sɛ yɛde nnipa dodow a wɔka Tuvalu kasa toto kasa foforo ho a, Tuvalufo no nnɔɔso deɛ, nanso ɛho da so ara hia sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn ankasa kasa mu.”

Merebɔ obi asu wɔ nsuo bi mu

Afe 2003 no, wɔyii me ne Jenny fii Nsɛm Asekyerɛ Dwumadibea a ɛwɔ Fiji Betel no kɔɔ Kasa Nkyerɛase Dwumadibea a ɛwɔ Patterson, New York. Nea na yɛrehwɛ kwan araa na abam no! Yɛkɔkaa anuanom a wɔhwɛ toto nneɛma ma wɔn a wɔkyerɛ yɛn nwoma ase kɔ kasa ahorow mu no ho. Yɛyɛɛ adwuma wɔ Kasa Nkyerɛase Dwumadibea hɔ mfe mmienu ne kakra. Saa bere no, wɔmaa yɛkɔɔ aman horow so kɔtetee anuanom a wɔkyerɛ nwoma ase no.

GYINAESI ATITIRIW BI

Afei ma mensan nkɔ nhyiam titiriw a mekaa ho asɛm mfiase no so. Afe 2000 no, Akwankyerɛ Kuw no huu sɛ anuanom a wɔkyerɛ nwoma ase wɔ wiase baabiara no hia mmoa na ama wɔatumi ayɛ wɔn adwuma no yie. Ná nsɛm asekyerɛfo no dodow no ara nkɔɔ nsɛm asekyerɛ sukuu biara da. Saa nhyiam a yɛne Nhomakyerɛw Boayikuw no yɛe akyi no, Akwankyerɛ Kuw no sii gyinae sɛ wɔntete wɔn a wɔkyerɛ nwoma ase wɔ wiase baabiara no. Ná wɔbɛboa wɔn ma wɔate Borɔfo ase, na wɔahu sɛnea wɔbɛdi ɔhaw a wɔhyia ho dwuma, ne sɛnea wɔbɛbom ayɛ adwuma sɛ kuw.

Mfaso bɛn na afi ntetee a wɔde ama wɔn a wɔkyerɛ nwoma ase no mu aba? Sɛnea wɔkyerɛ nwoma ase no atu mpɔn. Afei nso, yɛkyerɛ yɛn nwoma ase kɔ kasa bebree mu nnɛ sen bere biara. Afe 1979 no, bere a wɔma yɛkɔyɛɛ asɛmpatrɛwfo no, na yɛkyerɛ Ɔwɛn-Aban ase kɔ kasa 82 pɛ mu. Ɛno mpo no, sɛ Borɔfo Ɔwɛn-Aban no ba a, na abosome kakra twam ansa na kasa dodow no ara mu deɛ aba. Nanso seesei yɛkyerɛ Ɔwɛn-Aban no ase kɔ kasa bɛboro 240 mu, na emu dodow no ara ne Borɔfo deɛ no ba bere koro mu. Seesei nkurɔfo bɛtumi akenkan nokware a ɛwɔ Bible mu no wɔ kasa bɛboro 700 mu. Mfe bi a atwam no, na ɛte sɛ nea wei rentumi nyɛ yie.

Afe 2004 no, Akwankyerɛ Kuw no sii gyinae sɛ ɛho hia paa sɛ yɛnya Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ kasa pii mu ntɛmntɛm. Wei nti, ɛnnɛ nnipa pii bɛtumi akenkan Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ wɔn kasa mu. Afe 2014 no, na Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ kasa 128 mu; kasa a wɔka wɔ South Pacific no bi ka ho.

Bere a meyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Tuvalu kasa mu

Ade baako a mekae a m’ani gye paa yɛ nhyiam bi a mekɔe wɔ Tuvalu wɔ afe 2011 mu. Ná ɔpɛ a ano yɛ den asi ɔman no mu abosome pii. Ná anuanom susu sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa saa nhyiam no mu. Nanso anigyesɛm ne sɛ, ɛda a yɛduu hɔ no, anwummere no, osu kɛse bi tɔe. Enti yɛtumi yɛɛ yɛn nhyiam no! Menyaa hokwan kɛse yii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Tuvalu kasa mu! Ɛwom sɛ anuanom kakraa bi na wɔka saa kasa no deɛ, nanso wɔn nso nsa aka akyɛde fɛfɛ yi afi Yehowa hɔ. Afei bere a yɛwiee nhyiam no osubrane bi san tɔe. Enti obiara nyaa nokware nsuo ne nsuo ankasa pii!

Merebisabisa m’awofo, Ron ne Estelle nsɛm wɔ nhyiam bi ase wɔ Townsville, Australia, 2014

Awerɛhosɛm ne sɛ na me yere Jenny nka me ho. Owuu afe 2009, na na wako kokoram yareɛ mfe du. Yɛde mfe 35 na ɛwaree. Sɛ ɔsɔre fi awufo mu a, n’ani bɛgye sɛ ɔbɛte sɛ Tuvalufo nyaa Bible wɔ wɔn kasa mu.

Yehowa adom me ama me ɔbaa hoɔfɛfo foforo aware. Ne din de Loraini Sikivou. Loraini ne Jenny boom yɛɛ adwuma wɔ Fiji Betel, na na Loraini nso kyerɛ nwoma ase. Masan anya ɔyere a ɔne me resom Yehowa nokware mu, na n’ani gye kasa sua ho te sɛ me!

Me ne Loraini redi adanse wɔ Fiji

Mfe pii a atwam no, mahu sɛnea yɛn Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no dwene nnipa a wɔka kasa nyinaa ahiade ho. Sɛ nnipa a wɔka saa kasa no sua mpo a, ɔdi wɔn ahiade ho dwuma ma wɔn. (Dwom 49:1-3) Mahu sɛnea sɛ nkurɔfo nya yɛn nwoma wɔ wɔn kasa mu nea ɛdi kan anaa wɔto dwom ma Yehowa wɔ kasa a wɔde twaa wɔn funuma mu a, wɔn ani gye fa. Sɛ ɛba saa a, medwene ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn no ho. (Asomafoɔ Nnwuma 2:8, 11) Meda so ara kae asɛm a onua bi a n’ani afi a ɔyɛ Tuvaluni a wɔfrɛ no Saulo Teasi kae no paa. Bere a ɔtoo Ahenni dwom bi wɔ ne kasa mu bere a ɛdi kan no, ɔkaa sɛ, “Megye di sɛ ɛsɛ sɛ Akwankyerɛ Kuw no aso te sɛ nnwom no yɛ dɛ wɔ Tuvalu kasa mu sen Borɔfo kasa mu.”

September, afe 2005 no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ menyaa hokwan sɛ menkɔka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho. Ɛwom sɛ seesei menkyerɛ nwoma ase bio deɛ, nanso meda Yehowa ase sɛ wama manya hokwan reboa anuanom a wɔkyerɛ nwoma ase wɔ wiase nyinaa. M’ani gye paa sɛ mahu sɛ Yehowa dwene ne nkurɔfo ahiade ho; ɔdwene wɔn a wɔtete nsupɔ a ɛwɔ Pacific Po no mfinimfini so mpo deɛ ho! Ampa, sɛnea odwontofo no kae no, “Yehowa afiri aseɛ redi hene! Momma asase ani nnye. Momma nsupɔ nyinaa nni ahurisie.”—Dwom 97:1.

^ nky. 18 Sɛ wopɛ sɛ wohu nea nkurɔfo ka faa yɛn nwoma no ho a, hwɛ Ɔwɛn-Aban December 15, 2000, kratafa 32; Borɔfo Ɔwɛn-Aban August 1, 1988, kratafa 22; ne Nyan!, January 8, 2001, kratafa 27.

^ nky. 22 Sɛ wopɛ sɛ wokenkan nwoma asekyerɛ adwuma a wɔyɛ wɔ Samoa no ho nsɛm pii a, hwɛ afe 2009 Yearbook, kratafa 120-121, 123-124.