Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Worebɔ Mmɔden sɛ Wobɛma Wo Ho Akokwaw sɛ Kristo?

Worebɔ Mmɔden sɛ Wobɛma Wo Ho Akokwaw sɛ Kristo?

‘Monnu sɛdeɛ Kristo a ɔne susudeɛ a ɛyɛ pɛ no teɛ no ho.’EFESOFOƆ 4:13.

NNWOM: 69, 70

1, 2. Dɛn ne Kristoni biara botae? Ma nhwɛso.

SƐ ƆBAA warefo repɛ nnuaba a ɛdi mũ atɔ wɔ dwa so a, dɛn na ɔhwɛ? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ nnuaba a ɛsoso anaa ne bo nyɛ den na ɔbɛtɔ. Mmom, ɔbɛhwehwɛ nnuaba a ɛyɛ huam, ɛdi mũ, na wɔdi a ɛyɛ yie. Ɔhwehwɛ nnuaba a abere, kyerɛ sɛ, nea anyini.

Sɛ Kristoni a ne ho akokwaw resua ade a, ɔkɔ so hwehwɛ Bible mu nnyinasosɛm a ɛbɛboa no ma wahu nea ɛtene ne nea ɛntene

2 Sɛ obi sua Yehowa ho ade na ɔsi gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu a, ɔne Onyankopɔn abusuabɔ mu kɔ so yɛ den. Onipa no botae ne sɛ ɔbɛyɛ Kristoni a wanyini anaa Kristoni a ne ho akokwaw. Ɛnyɛ mfe dodow a obi adi ho asɛm na yɛreka. Ɛyɛ honhom fam nyini, kyerɛ sɛ, abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa bɛnya ho asɛm na yɛreka yi. Ná ɔsomafo Paulo pɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no ho kokwaw. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ baako wɔ gyidi no mu, na wɔnkɔ so nsua Yesu ho ade na ama wɔabɛyɛ “ɔbarima a wanyini awie adi mũ sɛdeɛ Kristo a ɔne susudeɛ a ɛyɛ pɛ no teɛ.”—Efesofoɔ 4:13.

3. Tebea bɛn na na ɛwɔ Efeso asafo no mu a ebi wɔ Yehowa nkurɔfo mu nnɛ?

3 Bere a Paulo kyerɛw Efeso asafo no, na asafo no adi mfe kakra. Ná saa asafo no mufo pii yɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw dedaw. Nanso, na ebinom wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔma wɔne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den kɛse. Saa ara na nnɛ, anuanom mmarima ne mmaa pii asom Yehowa mfe pii, na wɔabɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Nanso, ebinom wɔ asafo ahorow mu a wɔn ho nkokwawee saa. Afe biara, wɔbɔ nnipa mpempem pii asu, enti ɛho hia sɛ wɔnyini ma wɔn ho kokwaw. Na wo nso ɛ?—Kolosefoɔ 2:6, 7.

KRISTONI BƐYƐ DƐN ANYINI?

4, 5. Dɛn mu na ɛsono Kristofo a wɔn ho akokwaw, nanso nneɛma bɛn mu na wɔdi nsɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Sɛ wohwɛ nnuaba a abere a ɛgu dwa so a, wohu sɛ ne nyinaa akɛse nyɛ pɛ. Nanso, nneɛma bi wɔ nnuaba no nyinaa ho a ɛma wohu sɛ abere anaa anyini. Saa ara na ɛte wɔ Kristofo a wɔn ho akokwaw fam. Wɔn nyinaa tebea nyɛ pɛ. Ɛsono aman ne mmusua a wɔfi mu. Ɛsono mfe a wɔadi, na ɛsono nea wɔn mu biara pɛ ne nea ɔmpɛ. Nanso, Kristofo a wɔn ho akokwaw nyinaa wɔ su ahorow bi a ɛma ɛda adi sɛ wɔn ho akokwaw. Saa su ahorow no bi ne dɛn?

‘Nsakrae ahorow bi wɔ hɔ a mɛtumi ayɛ de asuasua Yesu yie?’

5 Kristoni a ne ho akokwaw suasua Yesu, na ɔdi “n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Petro 2:21) Yesu kaa sɛ ɛho hia paa sɛ obi de ne koma, ne kra, ne n’adwene nyinaa dɔ Yehowa, na ɔdɔ ne yɔnko sɛ ne ho. (Mateo 22:37-39) Kristoni a ne ho akokwaw bɔ mmɔden tie saa afotu no. Ɔde n’abrabɔ kyerɛ sɛ ɔne Yehowa abusuabɔ ne ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma afoforo no ho hia no sen biara.

Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn mfe akɔ anim boa mmerante a wɔdi nneɛma anim seesei no de suasua Yesu ahobrɛase (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6, 7. (a) Su afoforo bɛn na ɛma yɛhu sɛ Kristoni bi ho akokwaw? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho?

6 Su a ɛsɛ sɛ Kristoni a ne ho akokwaw da no adi no dɔɔso; emu baako ne ɔdɔ. (Galatifoɔ 5:22, 23) Ɛsɛ sɛ ɔda ɔdwoɔ, ahosodi, ne abodwokyɛre nso adi. Saa su ahorow yi bɛtumi aboa Kristoni a ne ho akokwaw ma wagyina tebea ahorow a emu yɛ den ano a ne bo mfuw, na ɛbɛtumi ama wagyina abasamtu ano a n’anidaso rensa. Sɛ Kristoni a ne ho akokwaw resua ade a, ɔkɔ so hwehwɛ Bible mu nnyinasosɛm a ɛbɛboa no ma wahu nea ɛtene ne nea ɛntene. Afei, sɛ ɔde n’ahonim a ɔde Bible atete no no reyɛ adwuma a, ɔbɛtumi asisi gyinae pa. Kristoni a ne ho akokwaw brɛ ne ho ase, enti ɔgye di sɛ Yehowa akwankyerɛ ne ne mmara yɛ papa sen ne deɛ bere nyinaa. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ɔde nsi ka asɛmpa no, na ɔyɛ nea ɔbɛtumi biara de boa ma baakoyɛ tena asafo no mu.

7 Mfe dodow a yɛde asom Yehowa biara no, yɛn mu biara bɛtumi abisa sɛ: ‘Nsakrae ahorow bi wɔ hɔ a mɛtumi ayɛ de asuasua Yesu yie? Nneɛma bi wɔ hɔ a mɛtumi ayɛ de atu mpɔn?’

“ADUANE A ƐYƐ DEN YƐ WƆN A WƆN HO AKOKWA NO DEA”

8. Bible mu nimdeɛ ne ntease bɛn na na Yesu wɔ?

8 Ná Yesu Kristo nim Kyerɛwnsɛm no mu, na na ɔte ase yie. Bere mpo a ɔdii mfe 12 a na ɔne akyerɛkyerɛfo no rekasa wɔ asɔrefie hɔ no, ɔkaa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kyerɛɛ wɔn. Bible ka sɛ: “Sɛdeɛ n’adwenem dɔ na ɔyi nsɛm ano no maa wɔn a wɔretie no no nyinaa ho dwirii wɔn.” (Luka 2:46, 47) Akyiri yi, bere a na ɔreka asɛmpa no, ɔde Onyankopɔn Asɛm dii dwuma nyansam maa n’atamfo muaa wɔn ano.—Mateo 22:41-46.

9. (a) Adesua ho nhyehyɛe bɛn na Kristoni a ne ho akokwaw wɔ? (b) Adɛn nti na yɛsua Bible?

9 Obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw no suasua Yesu, na ɔyɛ nea ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛte Bible no ase. Ɔhwehwɛ Bible mu bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛnya Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ a emu dɔ, efisɛ ɔnim sɛ “aduane a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwa no dea.” (Hebrifoɔ 5:14) Kristoni a ne ho akokwaw pɛ sɛ ɔnya “nokorɛ nimdeɛ” a ɛwɔ Bible mu. (Efesofoɔ 4:13) Enti bisa wo ho sɛ: ‘Mekenkan Bible da biara da? Mewɔ nhyehyɛe a mede sua ade? Meyɛ abusua som nnawɔtwe biara?’ Sɛ woresua Bible a, hwehwɛ nnyinasosɛm a ɛbɛtumi aboa wo ma woahu sɛnea Yehowa te nka na ɔdwene nneɛma ho. Afei sɛ woresisi gyinae a, fa saa nnyinasosɛm no di dwuma. Ɛbɛboa wo ma woabɛn Yehowa yie.

10. Kristoni a ne ho akokwaw te nka sɛn wɔ Onyankopɔn afotu ne ne nnyinasosɛm ho?

10 Ɛnyɛ nea Bible ka nko ara na ɛsɛ sɛ Kristoni a ne ho akokwaw hu. Mmom, ɛsɛ sɛ ɔma n’ani gye Onyankopɔn afotu ne ne nnyinasosɛm nso ho. Ade a ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ n’ani gye Onyankopɔn afotu ho ne sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde sen sɛ ɔbɛyɛ nea ɔno ankasa pɛ. Ɔsakra n’abrabɔ, na ɔsakra sɛnea ɔdwene na ɔyɛ n’ade mpo. Ɔsuasua Yesu, na ɔnya nipasu foforo a “wɔbɔɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ wɔ nokorɛ tenenee ne nokorɛdie pintinn mu no.” (Kenkan Efesofoɔ 4:22-24.) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron na ɛkyerɛɛ wɔn a wɔkyerɛw Bible no kwan. Enti sɛ Kristoni sua Bible a, Onyankopɔn honhom kronkron boa no ma ɔnyini nimdeɛ ne ɔdɔ mu, na ɔnyini wɔ ɔne Yehowa abusuabɔ mu.

BOA MA BAAKOYƐ NTENA ASAFO NO MU

11. Bere a Yesu wɔ asase so no, tebea bɛn na ɔhyiaeɛ?

11 Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Nanso, bere a Yesu wɔ asase so no, na ɔte nnipa a wɔnyɛ pɛ mu. Ná n’awofo ne ne nuanom mmarima ne mmaa nyinaa nyɛ pɛ. Yesu akyidifo a na wɔbɛn no pɛɛ no mpo daa su te sɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya adi. Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, n’asuafo no gyee akyinnye wɔ “deɛ ɔyɛ kɛseɛ ho.” (Luka 22:24) Ɛmfa ho sɛ adwene a na Yesu akyidifo no kura ntene no, na ɔnim sɛ ɛrenkyɛ na wɔabɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw na wɔahyehyɛ asafo a baakoyɛ wom. Saa anadwo no ara, Yesu bɔɔ mpae maa wɔn sɛ wɔnyɛ baako. Ɔsrɛɛ ne soro Agya sɛ ɔmma wɔn nyinaa nyɛ baako. Ɔkaa wɔ mpaebɔ no mu sɛ: “Sɛdeɛ wo, Agya no, wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, . . . na wɔayɛ baako sɛdeɛ yɛyɛ baako no.”—Yohane 17:21, 22.

12, 13. (a) Botae bɛn na yɛde asi yɛn ani so sɛ Kristofo? (b) Dɛn na onua bi yɛe a ɛboa maa baakoyɛ kɔɔ so tenaa asafo no mu?

12 Kristoni a ne ho akokwaw boa ma baakoyɛ tena asafo no mu. (Kenkan Efesofoɔ 4:1-6, 15, 16.) Yɛn Kristofo deɛ, yɛn botae ne sɛ yɛn nyinaa ‘bɛkeka atoatoam pɛpɛɛpɛ,’ kyerɛ sɛ, yɛde baakoyɛ bɛbom ayɛ adwuma. Sɛ Kristoni bɛtumi aboa ma baakoyɛ a ɛte saa aba a, gye sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Enti sɛ afoforo sintɔ haw Kristoni a ne ho akokwaw a, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma baakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no akɔ so ayɛ den. Ɛnneɛ bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ onua anaa onuawa bi di mfomso a, meyɛ m’ade sɛn? Sɛ obi yɛ ade ma ɛhaw me a, mete nka sɛn? Ɛyɛ a mentaa nkasa onipa ko no ho? Anaasɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛsiesie me ne no ntam?’ Kristoni a ne ho akokwaw bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdi ɔhaw so sen sɛ ɔno ankasa bɛyɛ ɔhaw ama afoforo.

13 Susu onua bi a wɔfrɛ no Uwe asɛm no ho hwɛ. Bere bi a atwam no, na ɔma anuanom mmarima ne mmaa sintɔ haw no. Afei ɔyɛɛ sɛ ɔbɛsua Dawid asetena ho nsɛm afi Bible ne Insight on the Scriptures nwoma no mu. Adɛn nti na Dawid na ɔsuaa n’asetena ho nsɛm? Efisɛ Dawid nso, nsɛmnsɛm sɔree ɔne Onyankopɔn asomfo binom ntam. Ɛho nhwɛso ne sɛ, anka Ɔhene Saul rekum Dawid, afei nso na nkurɔfo bi pɛ sɛ wɔsi no abo, na ɔno ankasa yere mpo serew no. (1 Samuel 19:9-11; 30:1-6; 2 Samuel 6:14-22) Nanso nea afoforo de yɛɛ Dawid nyinaa akyi no, ɔdɔɔ Yehowa na ɔde ne ho too no so. Dawid daa mmɔborɔhunu nso adi. Uwe kaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔsuasua Dawid. Bible a Uwe suaeɛ no ma ɔhuu sɛ ɛsɛ sɛ ɔsesa ne su wɔ anuanom sintɔ ho. Ná ɛsɛ sɛ ɔyi n’adwene fi wɔn mfomso ahorow so na ɔboa ma asomdwoe tena asafo no mu. Wode ayɛ wo botae sɛ wobɛyɛ saa?

PAW WƆN A WƆREYƐ ONYANKOPƆN APƐDE NO NNAMFO

14. Nnipa bɛn na Yesu paw wɔn sɛ ne nnamfo?

14 Ná Yesu Kristo tew n’anim ma nnipa. Ná mmarima ne mmaa, mpanyin, ne mmofra nkumaa mpo tumi bɛn Yesu. Nanso, na ɔhwɛ yie ansa na wapaw ne nnamfo. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ moyɛ deɛ merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.” (Yohane 15:14) Yesu paw ne nnamfo fii wɔn a na wɔakɔ so adi n’akyi na wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no mu. So wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa dɔ Yehowa na wofa wɔn nnamfo? Adɛn nti na wei ho hia?

So wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa dɔ Yehowa na wofa wɔn nnamfo?

15. Mmerante ne mmabaa bɛyɛ dɛn atumi anya Kristofo a wɔn ho akokwaw nnamfofa so mfaso?

15 Nnuaba dodow no ara wɔ hɔ a, sɛ owia bɔ so a na ɛbere yie. Saa ara na ɔdɔ kann a yɛn nuanom mmarima ne mmaa da no adi no bɛtumi aboa wo ma woabɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw. Woyɛ aberante anaa ababaa a worebɔ mmɔden sɛ wobɛsi nea wobɛyɛ wɔ w’asetenam ho gyinae? Sɛ saa a, ɛyɛ papa sɛ wobɛpaw nnamfo a wɔasom Yehowa akyɛ kakra na wɔboa ma baakoyɛ tena asafo no mu. Ebia wɔahyia ɔhaw wɔ wɔn asetenam, na ebia wɔagyina nsɛnnennen bi ano wɔ Yehowa som mu. Wɔbɛtumi aboa wo ma woapaw asetena kwan a eye sen biara. Sɛ wo ne wɔn bɔ a, wɔbɛtumi aboa wo ma woasisi gyinae pa na woayɛ Kristoni a ne ho akokwaw.—Kenkan Hebrifoɔ 5:14.

16. Ɔkwan bɛn so na asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim no boaa onuawa bi bere a na ɔyɛ ababaa no?

16 Helga ka sɛ, afe a na ɔrebɛwie sukuu no, na ne sukuufo dodow no ara reka botae a wɔde asisi wɔn anim ho asɛm. Ná wɔn mu pii pɛ sɛ wɔkɔ sukuupɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnya adwuma pa ayɛ. Nanso, Helga ne ne nnamfo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ asafo no mu bɔɔ ho nkɔmmɔ. Ɔkaa sɛ: “Ná wɔn mu pii anyini sen me, na wɔboaa me paa. Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa me ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ɛno akyi no, mede mfe nnum yɛɛ daa akwampae adwuma. Mfe bi atwam, na seesei m’ani agye sɛ mede me mmabaaberem fã kɛse no ara yɛɛ Yehowa som adwuma. Biribiara nni hɔ a ɛbɛma manu me ho sɛ meyɛɛ saa.”

17, 18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asom Yehowa yie?

17 Sɛ yɛsuasua Yesu a, yɛbɛnyini abɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw. Yɛbɛbɛn Yehowa kɛse, na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom no no mu bɛyɛ den. Sɛ obi ho kokwaw a, ɔtumi som Yehowa yie. Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.”—Mateo 5:16.

18 Yɛahu sɛnea Kristoni a ne ho akokwaw bɛtumi aboa asafo no yie. Sɛnea Kristoni de n’ahonim yɛ adwuma no nso ma yɛhu sɛnea ne ho akokwaw. Ɔkwan bɛn so na yɛn ahonim bɛtumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa? Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛbu afoforo ahonim? Yɛbɛma saa nsɛmmisa yi ho mmuaeɛ wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.

^ nky. 6 Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔbɛtumi aka akyerɛ anuanom mmarima a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ho akokwaw no sɛ wɔmfa wɔn dwumadi bi mma anuanom mmarima a wɔn mfe nkɔɔ anim pii no na wɔmmoa wɔn mma wɔnyɛ saa adwuma no.