Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkɔ So Mmu Nnipa a Wɔte Saa sɛ Wɔsom Bo”

“Monkɔ So Mmu Nnipa a Wɔte Saa sɛ Wɔsom Bo”

EFI afe 1992 no, Akwankyerɛ Kuw no ama asafo no mu mpanyimfo bi a wɔwɔ osuahu na wɔn ho akokwa no dwumadi sɛ wɔmmoa Akwankyerɛ Kuw no boayikuw ahorow ma wɔnyɛ wɔn adwuma. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Saa aboafo yi ka “nnwan foforɔ” no ho, na wɔboa Akwankyerɛ Kuw no yie paa. (Yohane 10:16) Wɔkɔ nhyiam a boayikuw a wɔwom no yɛ nnawɔtwe biara no bi. Wɔboa boayikuw no ma wɔn nsa ka nsɛm a wɔhia, na wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho. Nanso, Akwankyerɛ Kuw no na wɔsisi gyinae biara, na ɛno akyi no, aboafo no boa ma wɔde gyinae a wɔasisi no yɛ adwuma. Aboafo no yi wɔn yam yɛ adwuma biara a wɔde hyɛ wɔn nsa. Wɔne Akwankyerɛ Kuw no mufo tutu akwan kɔyɛ amanaman ntam nhyiam ne nhyiam atitiriw. Wɔtumi nso ma wɔkɔsrasra baa dwumadibea ahorow sɛ asafo ti no ananmusifo.

Onua bi a wasom sɛ Akwankyerɛ Kuw no boafo fi afe 1992 no ka sɛ, “Sɛ meyɛ nnwuma a Akwankyerɛ Kuw no de ahyɛ me nsa a, ɛma wɔnya kwan de wɔn adwene si honhom fam nneɛma so kɛse.” Onua foforo a ɔno nso de mfe 20 aboa Akwankyerɛ Kuw no ka sɛ, “Ɛyɛ hokwan a manna anso ho dae da.”

Akwankyerɛ Kuw no de asɛyɛde pii ahyɛ wɔn a wɔboa wɔn no nsa, na wɔn ani sɔ adwumaden a saa anuanom anokwafo yi yɛ no. Momma yɛn nyinaa ‘nkɔ so mmu nnipa a wɔte saa sɛ wɔsom bo.’—Filipifoɔ 2:29.

^ nky. 2 Sɛ wopɛ adwuma a Akwankyerɛ Kuw no boayikuw nsia no yɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nwoma no kratafa 131.