Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wohu Onyankopɔn Nsa Wɔ W’asetena Mu?

Wohu Onyankopɔn Nsa Wɔ W’asetena Mu?

“Yehowa nkoa bɛhunu ne nsa.”YESAIA 66:14.

NNWOM: 65, 26

1, 2. Adwene bɛn na nnipa binom kura wɔ Onyankopɔn ho?

NNIPA pii gye di sɛ nea wɔyɛ mfa Onyankopɔn ho. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nea ɛbɛto wɔn biara mfa Onyankopɔn ho. Ɛho nhwɛso bi ni. Ahum kɛse bi sɛee nneɛma wɔ Philippines man no fã kɛse no ara wɔ November 2013 mu. Aban panyin a ɔhwɛ kuro kɛse bi so kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na Onyankopɔn wɔ baabi foforo.”

2 Nnipa binom nso adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn ntumi nhu nea wɔreyɛ. (Yesaia 26:10, 11; 3 Yohane 11) Ná nnipa bi a wɔwɔ ɔsomafo Paulo bere so kura adwene a ɛte saa ara. Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔampɛ sɛ wɔhunu Onyankopɔn wɔ nokorɛ nimdeɛ mu.” Ná nea ɛntene, amumɔyɛ, anibere, ne bɔne ahyɛ wɔn mã.—Romafoɔ 1:28, 29.

3. (a) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho? (b) Sɛ Bible ka Onyankopɔn “nsa” ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ dɛn?

3 Yɛn nso, adwene bɛn na yɛkura? Yɛnim sɛ Yehowa hu biribiara a yɛyɛ. Nanso yɛgye di sɛ Yehowa dwene yɛn ho anaa? Yɛhu sɛ Yehowa boa yɛn wɔ yɛn asetena mu? Sɛ Bible ka Onyankopɔn “nsa” ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ ne tumi a ɔde yɛ adwuma. Ɔde ne tumi boa n’asomfo, na ɔde di n’atamfo so nkonim. (Kenkan Deuteronomium 26:8.) Yesu kaa sɛ ebinom ‘bɛhu Onyankopɔn.’ (Mateo 5:8) Yɛka saa nkurɔfo no ho anaa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘ahu Onyankopɔn’? Momma yɛnsua biribi mfi wɔn a Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔhuu Onyankopɔn nsa wɔ wɔn asetena mu ne wɔn a wɔanhu no hɔ. Yɛbɛsan nso ahu sɛnea gyidi boa yɛn ma yɛhu Onyankopɔn nsa.

WƆANHU ONYANKOPƆN NSA

4. Adɛn nti na Israelfo atamfo anhu Onyankopɔn nsa?

4 Tete no, nnipa pii nyaa hokwan sɛ wɔbɛhu sɛnea Onyankopɔn boaa Israelfo no, na wɔtee ho asɛm nso. Yehowa yɛɛ anwonwade ahorow de gyee ne nkurɔfo fii Egypt, na ɔdii ahemfo pii so nkonim wɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Yosua 9:3, 9, 10) Ɛwom sɛ ahemfo a wɔaka no huu sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo, na wɔtee ho asɛm deɛ, nanso “wɔka boom yɛɛ nokorɔ sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no rebɛko.” (Yosua 9:1, 2) Bere a saa ahemfo no ne Israelfo koe no, wɔnyaa hokwan a wɔde bɛhu Onyankopɔn nsa. Yehowa tumi kɛse nti, “awia gyinaeɛ, na bosome nso gyinaeɛ kɔsii sɛ ɔman no tuaa n’atamfo ka.” (Yosua 10:13) Nanso Yehowa maa Israelfo atamfo no ‘pirim wɔn koma,’ na wɔne Israelfo koe. (Yosua 11:20) Israelfo atamfo no dii nkogu efisɛ wɔannye antom sɛ Yehowa na ɔreko ama ne nkurɔfo.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛbɛhu nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nsa wɔ yɛn asetena mu

5. Dɛn na ɔhemmɔne Ahab annye antom?

5 Akyiri yi, ɔhemmɔne Ahab nyaa hokwan sɛ ɔbɛhu Onyankopɔn nsa mpɛn dodow bi. Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Bosuo anaa nsuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ makasa!” (1 Ahemfo 17:1) Onyankopɔn tumi na amma nsuo no antɔ, nanso Ahab annye anni. Akyiri yi, Elia bɔɔ Yehowa mpae, na Onyankopɔn maa ogya fii soro bae. Ahab huu nea ɛsii no. Afei Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ ɔbɛma nsuo atɔ ma ɔpɛ no aba awiei. (1 Ahemfo 18:22-45) Ahab huu saa anwonwade yi nyinaa, nanso wannye antom sɛ wahu Yehowa tumi. Dɛn na yɛsua fi nsɛm a ɛsisii yi mu? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛbɛhu nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nsa wɔ yɛn asetena mu.

WƆHUU YEHOWA NSA

6, 7. Dɛn na Gibeonfo no ne Rahab huiɛ?

6 Ná Gibeonfo yɛ soronko koraa wɔ aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no ho. Wɔhuu Onyankopɔn nsa. Gibeonfo no anyɛ wɔn adwene sɛ wɔne Israelfo bɛko, mmom na wɔpɛ sɛ wɔma asomdwoe tena wɔn ntam. Adɛn ntia? Wɔkaa sɛ wɔate Yehowa ho asɛm, na wɔate nea wayɛ no nyinaa. (Yosua 9:3, 9, 10) Wɔhuu sɛ na Yehowa reko ama Israel, na ɛno a wɔhuiɛ no kyerɛ sɛ na wɔyɛ anyansafo.

7 Rahab nso huu Yehowa nsa. Ná ɔnyɛ Israelni, nanso na wate sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo fii Egypt no ho asɛm. Bere a Israelfo akwansrafo mmienu kɔɔ Rahab nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim sɛ ɛkwan biara so Yehowa de asase yi bɛma mo.” Ná Rahab gye di sɛ Yehowa bɛtumi agye ɔne ne fiefo. Ɛwom sɛ na Rahab nim sɛ nea ɔreyɛ no bɛtumi de ne nkwa ato asiane mu deɛ, nanso ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi.—Yosua 2:9-13; 4:23, 24.

8. Dɛn na ɛmaa Israelfo binom huu Onyankopɔn nsa?

8 Israelfo bi a wɔhuu sɛ Elia abɔ mpae ama ogya afi soro aba no anyɛ wɔn ade sɛ ɔhemmɔne Ahab, wɔn deɛ wɔgye toom sɛ Onyankopɔn na ɔmaa ogya no bae. Wɔteɛɛm sɛ: “Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn!” (1 Ahemfo 18:39) Wɔn fam deɛ, wɔgye toom sɛ wɔahu Onyankopɔn tumi.

9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu Yehowa ne ne nsa nnɛ?

9 Yɛasusu nnipa bi a wɔyɛɛ nhwɛso pa ne wɔn a wɔyɛɛ nhwɛso bɔne ho. Aboa yɛn ma yɛahu nea ‘Onyankopɔn a yɛbɛhu no’ anaa Onyankopɔn nsa a yɛbɛhu no kyerɛ. Sɛ yɛhu Yehowa ne ne su ahorow no a, yɛde ‘yɛn akoma ani’ hu Yehowa nsa. (Efesofoɔ 1:18) Wei ma yɛnya ɔpɛ sɛ yɛbɛsuasua anokwafo bi a wɔtenaa ase tete no ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔahu sɛnea Yehowa aboa ne nkurɔfo no. Nanso, dɛn na ɛma yɛhu sɛ Onyankopɔn reboa nkurɔfo nnɛ?

NEA ƐMA YƐHU ONYANKOPƆN NSA NNƐ

10. Dɛn na ɛma yɛhu sɛ Yehowa reboa nkurɔfo nnɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

10 Nneɛma pii na ɛma yɛhu sɛ Yehowa kɔ so boa nkurɔfo nnɛ. Yɛtaa te sɛ nkurɔfo bɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ mmoa na wɔnya wɔn mpaebɔ no ho mmuaeɛ. (Dwom 53:2) Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a Allan reka asɛmpa no wɔ Philippines supɔw ketewa bi so no, ɔhyiaa ɔbaa bi, na ɔbaa no fii ase suiɛ. Allan kaa sɛ: “Ná ɔbaa no abɔ Yehowa mpae saa anɔpa no ara sɛ Yehowa mma n’Adansefo no mmra ne nkyɛn.” Bere a ɔbaa no yɛ ababaa no, ɔne Adansefo no suaa Bible, nanso ɔwaree akyi a ɔtu kɔɔ supɔw no so no, wantoa adesua no so. Onyankopɔn buaa ne mpaebɔ no ntɛm ara ma ɛkaa ne koma paa. Annu afe baako na ɔhyiraa ne nkwa so maa Yehowa.

Worehwehwɛ akwan a wobɛfa so ahu sɛ Yehowa nsa wɔ w’asetena mu? (Hwɛ nkyekyɛm 11-13)

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa reboa n’asomfo? (b) Kyerɛ sɛnea Yehowa boaa onuawa bi.

11 Yehowa asomfo pii ahu sɛnea Yehowa aboa wɔn bere a wɔgyaee subammɔne bi te sɛ sigaretnom, nnubɔnenom, anaa ponografi hwɛ no. Ebinom ka sɛ wɔn ankasa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛgyae saa nneɛma no yɛ, nanso wɔantumi. Mmom, bere a wɔbɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa no, Yehowa maa wɔn ‘tumi a ɛboro onipa deɛ so,’ na wɔtumi gyaee saa subammɔne no koraa.—2 Korintofoɔ 4:7; Dwom 37:23, 24.

Yehowa boa n’asomfo ma wɔgyina nsɛnnennen a wɔhyia ano

12 Yehowa boa n’asomfo nso ma wɔgyina nsɛnnennen a wɔhyia ano. Saa na Amy huiɛ. Wɔmaa no dwumadi sɛ ɔnkɔboa mma wɔnsi Ahenni Asa ne asɛmpatrɛwfo fie wɔ Pacific supɔw ketewaa bi so. Ná ɛsono ɛhɔnom amammerɛ koraa, na na wɔntaa nnya anyinam ahoɔden anaa nsuo wɔ hɔ. Afei nso, na nsuo taataa ɛhɔnom akwan so, ná ɔte ahɔhodan anaa hotɛl dan ketewaa bi mu, na na n’ani gyina n’abusua. Da bi, ɔteɛteɛɛm guu onuawa bi a na ɔne no reyɛ adwuma so. Ɔnuu ne ho paa wɔ nea ɔyɛe no ho. Ɔkɔhyɛɛ ne dan a na kanea nnim no mu bɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa. Afei, bere a wɔsɔɔ anyinam nkanea no, ɔkenkan Gilead adesua awiei ho asɛm bi wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Ɔwɛn-Aban no kaa nsɛnnennen a na ɔrehyia no ara ho asɛm. Amy ka sɛ: “Metee nka sɛ na Yehowa rekasa kyerɛ me saa anadwo no. Ɛhyɛɛ me nkuran ma mekɔɔ so tenaa supɔw no so yɛɛ m’adwuma no.”—Dwom 44:25, 26; Yesaia 41:10, 13.

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa aboa ne nkurɔfo ma wɔakyerɛkyerɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔka asɛmpa no mu?

13 Yehowa aboa ne nkurɔfo nso ma wɔde anoyi ama wɔ asɛmpa no ho, na wɔde asɛmpa no asi hɔ wɔ mmara kwan so. (Filipifoɔ 1:7) Nhwɛso bi ni. Bere a aban ahorow yɛɛ sɛ wɔbɛma yɛagyae asɛmpa no ka no, yɛkɔkyerɛkyerɛɛ yɛn gyidi mu wɔ asɛnnibea. Anyɛ yie koraa no, yɛadi nkonim mpɛn 268 wɔ asɛnnibea akɛse anim wɔ wiase nyinaa, na emu 24 deɛ, efi afe 2000 reba no, yɛdii nkonim wɔ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no anim. Ɛda adi pefee sɛ, obiara rentumi mmɔ Onyankopɔn nsa nkyene!—Yesaia 54:17; kenkan Yesaia 59:1.

14. Ade foforo bɛn na ɛma yɛhu sɛ Onyankopɔn ka ne nkurɔfo ho?

14 Asɛmpa no a yɛreka wɔ wiase nyinaa no yɛ ade foforo a ɛma yɛhu sɛ Onyankopɔn reboa yɛn. (Mateo 24:14; Asomafoɔ Nnwuma 1:8) Afei nso, Yehowa nkutoo na ɔbɛtumi aboa ma baakoyɛ akɔ so atena Yehowa asomfo a wɔfi amanaman nyinaa mu no mu. Saa baakoyɛ yi yɛ soronko koraa! Nkurɔfo a wɔnyɛ Yehowa asomfo mpo ka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.” (1 Korintofoɔ 14:25) Yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ka ne nkurɔfo ho. (Kenkan Yesaia 66:14.) W’ankasa nso ɛ? Wohu Yehowa nsa wɔ w’asetena mu?

WOHU YEHOWA NSA WƆ W’ASETENA MU?

15. Ɛtɔ mmere bi a, dɛn nti na ebia yɛrenhu Yehowa nsa wɔ yɛn asetena mu?

15 Ɛtɔ mmere bi a, ebia yɛrenhu Onyankopɔn nsa wɔ yɛn asetena mu. Adɛn ntia? Sɛ yɛhyia nsɛnnennen a, yɛn werɛ bɛtumi afi sɛ Yehowa aboa yɛn pɛn. Saa na ɛtoo Elia. Ná Elia wɔ akokoduru, nanso bere a Ɔhemmaa Yesebel repɛ no akum no no, ehu kaa no. Ne werɛ fii sɛ na Yehowa aboa no pɛn. Bible ka sɛ na Elia pɛ sɛ owu. (1 Ahemfo 19:1-4) Ná ɛhe na ɔbɛnya mmoa ne akokoduru? Ná ɛsɛ sɛ ɔde ne werɛ hyɛ Yehowa mu!—1 Ahemfo 19:14-18.

16. Sɛ yɛrefa nsɛnnennen mu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu Onyankopɔn?

16 Hiob de n’adwene sii ɔhaw a na ɔrefa mu no so araa ma wanhu tebea a na ɔwom no sɛnea na Yehowa hu no no. (Hiob 42:3-6) Ɛtɔ mmere bi a, yɛn nso esiane nsɛnnennen bi a yɛrefa mu nti, ɛbɛtumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn. Dɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛahu nea Onyankopɔn yɛ ma yɛn? Ɛsɛ sɛ yɛdwendwene nea Bible ka fa nsɛnnennen a yɛrefa mu no ho. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛhu sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa, na yɛn nso yɛbɛtumi aka sɛ: “Wo ho asɛm kɛkɛ na meteeɛ, na afei deɛ m’ani ahu wo.”

Yehowa nam wo so reboa afoforo ma wɔahu no anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 17, 18)

17, 18. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi ahu Yehowa nsa wɔ w’asetena mu? (b) Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn reboa yɛn nnɛ.

17 Wobɛyɛ dɛn atumi ahu Yehowa nsa wɔ w’asetena mu? Momma yɛnhwɛ nneɛma nnum bi. Nea ɛdi kan, ebia wobɛhu sɛ Yehowa na ɔboaa wo ma wohuu nokware no. Nea ɛto so mmienu, ebia wobɛkae sɛ wokɔɔ Kristofo nhyiam na wotiee ɔkasa bi, na wokaa sɛ, “Wei ara na mehia!” Nea ɛto so mmiɛnsa, ebia woahu sɛnea Yehowa abua mpae bi a wobɔeɛ. Nea ɛto so nnan, ebia na wopɛ sɛ woyɛ pii wɔ Yehowa som mu, na wohuu sɛnea Yehowa boaa wo ma wotumi yɛɛ saa. Nea ɛto so nnum, ebia wogyaee adwuma a na woyɛ efisɛ na ɛgye wo bere pii, na na ɛmma wontumi nsom Yehowa yie. Bere a woyɛɛ saa no, wohuu sɛ Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ yi so: ‘Merempa wo da.’ (Hebrifoɔ 13:5) Sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛhu ne nsa wɔ yɛn asetena mu.

18 Sarah yɛ onuawa bi a ofi Kenya. Ɔkaa sɛ: “Mehuu sɛ na me Bible suani bi ani nnye Bible adesua a me ne no yɛ no ho, enti mebɔɔ ne ho mpae. Mebisaa Yehowa sɛ mennyae adesua no anaa? Bere a mekaa ‘Amen’ pɛ na metee sɛ me tɛlɛfon rebɔ. Bible suani no na na ɔrefrɛ abisa sɛ ɔbɛtumi ne me akɔ asafo nhyiam anaa! Me ho dwirii me paa!” Sɛ yɛhwɛ nea Onyankopɔn reyɛ ama yɛn a, yɛbɛhu sɛ ɔreboa yɛn. Rhonna yɛ onuawa bi a ɔte Asia. Ɔka sɛ ɛgye bere ansa na yɛahu sɛnea Yehowa boa yɛn wɔ yɛn asetenam. Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wohu saa a, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wobɛhu sɛ ɔdwene yɛn ho paa!”

19. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛahu Onyankopɔn?

19 Yesu kaa sɛ wɔn a wɔn “akoma mu teɛ” na “wɔbɛhunu Onyankopɔn.” (Mateo 5:8) Ɛkyerɛ sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwenem tew na yɛgyae adebɔne biara yɛ. (Kenkan 2 Korintofoɔ 4:2.) Adesua yi mu no, yɛahu sɛ sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛne n’abusuabɔ mu den. Adesua a ɛdi hɔ mu no, yɛbɛsusu sɛnea gyidi bɛtumi aboa yɛn ma yɛahu Yehowa nsa wɔ yɛn asetena mu yie.