Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Dwendwene Honhom Fam Nneɛma Ho

Kɔ So Dwendwene Honhom Fam Nneɛma Ho

“Dwendwene yeinom ho; fa w’akoma nyinaa si so, na ama wo nkɔsoɔ ada adi nnipa nyinaa anim.”1 TIMOTEO 4:15.

NNWOM: 57, 52

1, 2. Dɛn na ɛma nnipa yɛ soronko wɔ mmoa ho?

ONIPA adwene da nsow koraa. Ɛho nhwɛso ni. Nnipa tumi sua kasa. Kasa a yɛnim nti, yɛtumi kenkan ade, yɛtumi kyerɛw, na yɛte nea nkurɔfo ka ase. Afei nso, ɛma yɛtumi bɔ mpae, na yɛto ayeyi nnwom ma Yehowa. Weinom nyinaa ma yɛyɛ soronko wɔ mmoa ho. Nyansahufo nte nea enti a yɛn adwene tumi yɛ saa nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi ase nwie.

2 Kasa yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. (Dwom 139:14; Adiyisɛm 4:11) Yehowa ama yɛn akyɛde foforo nso a ɛma yɛyɛ soronko wɔ mmoa ho. Wɔbɔɔ nnipa wɔ “Onyankopɔn suban so.” Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn, kyerɛ sɛ, yɛn ankasa tumi sisi gyinae. Yɛbɛtumi de yɛn kasa nso asom Yehowa na yɛde ayi no ayɛ.—Genesis 1:27.

3. Dɛn na Yehowa de ama yɛn na ama yɛahu nyansa?

3 Yehowa ama yɛn Bible, na wakyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛtumi afa so asom no na yɛayi no ayɛ. Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 2,800 mu. Sɛ yɛdwendwene Bible mu nsɛm ho a, yɛbɛtumi afi ase adwene nneɛma ho te sɛ Onyankopɔn. (Dwom 40:5; 92:5; 139:17) Afei nso, Yehowa adwene ma yɛhu nyansa na ɛde yɛn kɔ daa nkwa mu.—Kenkan 2 Timoteo 3:14-17.

4. Nneɛma ho a yɛbɛdwendwene no kyerɛ sɛn, na nsɛmmisa bɛn na yɛbɛsusu ho?

4 Nneɛma ho a yɛbɛdwendwene no kyerɛ sɛ yɛde yɛn adwene bɛsi biribi so na yɛato yɛn bo ase asusu ho yie. (Dwom 77:12; Mmebusɛm 24:1, 2) Sɛ yɛdwendwene nneɛma a yɛsua fa Yehowa ne Yesu ho no ho a, yɛnya so mfaso paa. (Yohane 17:3) Yɛbɛnya nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho mmuaeɛ wɔ adesua yi mu: Sɛ yɛkenkan ade a, yɛbɛyɛ no sɛn na ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛdwendwene ho? Dɛn na yɛbɛtumi adwendwene ho? Dɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛadwendwene nneɛma a yɛsua no ho daa, na ama yɛn ani agye ho?

BƆ MMƆDEN NYA ADE A WOSUA NO SO MFASO

5, 6. Sɛ wokenkan ade a, dɛn na ɛbɛtumi aboa wo ma woate ase yie na woakae?

5 Woahyɛ no nsow sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ a wonnwene ho? Ebi ne home a wohome, nantew a wonantew, anaa sɛnea woka sakre. Saa ara nso na sɛ woanhwɛ yie a, wobɛtumi akenkan ade bere a wonnwene ho. Ebia wobɛtumi mpo afi ase adwendwene nneɛma foforo ho bere a worekenkan ade. Dɛn na wobɛtumi ayɛ na biribi a ɛte saa anto wo? Ɛho hia sɛ wode w’adwene si ade a worekenkan no so na wodwene nea ɛkyerɛ no ho. Afei, sɛ worekenkan nwoma bi na wokenkan nkyekyɛm bi anaa nkyekyɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa bi ase wie a, gyina na dwendwene nea wokenkanee no ho. Dwendwene nea wosuae no ho, na hwɛ sɛ wotee ase yie anaa.

Sɛ wokenkan Bible no den a, ɛbɛboa wo ma wode w’adwene asi nea wokenkan no so na ama woakae

6 Nyansahufo ahu sɛ sɛ yɛkenkan ade den a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkae. Yɛn Bɔfo no nim wei, ɛno nti na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnkenkan Mmara nwoma no na ‘ɔnnwennwene’ ho, kyerɛ sɛ, ɔnkenkan ma ɛmpue n’ano. (Kenkan Yosua 1:8.) Afei nso, sɛ wokenkan Bible no den a, ɛbɛboa wo ma wode w’adwene asi nea wokenkan no so na ama woakae.

7. Bere bɛn na eye paa sɛ yɛdwendwene Bible mu nsɛm ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Ɛgye mmɔdenbɔ paa na ama yɛde yɛn adwene asi ade a yɛresua no so na yɛadwendwene ho. Ɛno nti na eye paa sɛ wodwendwene nneɛma ho bere a wommrɛe, na ɛsɛ sɛ woyɛ saa wɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, baabi a nneɛma pii rentwetwe w’adwene. Odwontofo Dawid dwendwenee nneɛma ho bere a ɔda ne mpa so anadwo a n’ani ate. (Dwom 63:6) Ná Yesu mpo a ɔyɛ pɛ no taa hwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn kɔdwendwene nneɛma ho bɔ mpae.—Luka 6:12.

NNEƐMA PA A ƐSƐ SƐ WODWENDWENE HO

8. (a) Dɛn na yɛbɛtumi adwendwene ho? (b) Sɛ yɛbɔ Yehowa ho nkɔmmɔ a, sɛn na ɔte nka?

8 Bible mu nsɛm a wobɛkenkan adwendwene ho akyi no, nneɛma foforo wɔ hɔ a wobɛtumi adwendwene ho. Sɛ wohu Yehowa abɔde bi a ɛyɛ fɛ a, gyina na bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na saa ade yi ma mehu fa Yehowa ho?’ Sɛ wodwendwene nneɛma a ɛte saa ho a, sɛnea ɛte biara, ɛbɛka wo ma woabɔ mpae ada Yehowa ase. Sɛ wo ne afoforo nam a, w’ani bɛgye sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ wɔn. (Dwom 104:24; Asomafoɔ Nnwuma 14:17) Sɛ yɛdwendwene nneɛma ho, yɛbɔ mpae, na yɛne yɛn ho yɛn ho bɔ Yehowa ho nkɔmmɔ a, ɔyɛ aso tie na n’ani gye. Bible ka sɛ: “Wɔtwerɛɛ nkaeɛ nwoma bi wɔ n’anim maa wɔn a wɔsuro Yehowa na wɔdwene ne din ho no.”—Malaki 3:16.

Ɛyɛ a wodwendwene ɔkwan a wobɛfa so aboa wo Bible asuafo ho? (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. (a) Dɛn na Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔnnwennwene ho? (b) Dɛn na yɛbɛtumi adwendwene ho bere a yɛresiesie yɛn ho akɔ asɛnka no?

9 Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔnnwennwene sɛnea ne kasa, n’abrabɔ, ne ne nkyerɛkyerɛ bɛka afoforo no ho. (Kenkan 1 Timoteo 4:12-16.) Wo nso wobɛtumi adwendwene saa nneɛma yi ho. Ebi ne sɛ wobɛgye bere adwendwene nneɛma ho bere a woresiesie wo ho akɔyɛ Bible adesua. Dwene wo suani no ho, na hwehwɛ asɛmmisa anaa mfatoho bi a ɛbɛboa no ma wanya nkɔso. Sɛ wosiesie wo ho saa kɔyɛ Bible adesua a, ɛhyɛ wo ara wo gyidi den, na ɛma wode anigye ne ahokeka kyerɛkyerɛ Bible mu yie. Saa ara nso na sɛ wodwendwene nneɛma ho ansa na woakɔ asɛnka a, ɛbɛboa wo. (Kenkan Esra 7:10.) Ebia wobɛtumi akenkan Asomafo Nnwuma no fã bi ma aboa wo ma wode nsi ayɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, wobɛtumi adwendwene Bible mu nsɛm ne asafo nwoma a woayɛ w’adwene sɛ wode bɛyɛ adwuma saa da no ho. (2 Timoteo 1:6) Dwendwene nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ho ne asɛm a woka a wɔn ani bɛgye ho. Sɛ wosiesie wo ho saa a, wobɛtumi de Bible no adi afoforo adanse yie.—1 Korintofoɔ 2:4.

Ma nea wokenkan no nsiane nkɔ wo koma mu, na da Yehowa ase sɛ woresua nneɛma pa

10. Nneɛma pa bɛn bio na yɛbɛtumi adwendwene ho?

10 Dɛn bio na wobɛtumi adwendwene ho? Sɛ woretie badwam kasa, wowɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase, na wokyerɛkyerɛw nsɛm bi a, akyiri yi gye bere san hwɛ mu. Sɛ woyɛ saa a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na masua afi Onyankopɔn Asɛm mu, na dɛn na masua afi n’ahyehyɛde no hɔ?’ Wobɛtumi nso akenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ɛba bosome biara no mu nsɛm ne nwoma a wɔyi no adi wɔ ɔmantam nhyiam ase, na woadwendwene ho. Sɛ worekenkan osuahu bi wɔ Yearbook mu a, gyina na dwendwene ho, na ma ɛnka wo koma. Sɛ wokenkan yɛn nwoma no bi a, wobɛtumi asensan nsɛntitiriw no ase anaa wobɛtumi akyerɛkyerɛw nsɛm bi agu anoano. Wei bɛboa wo bere a woresiesie wo ho akɔyɛ sankɔhwɛ, ahwɛfo nsrahwɛ, anaa woresiesie wo ho akɔma ɔkasa bi no. Nea ɛsen saa no, sɛ worekan ade na wogyina dwendwene ho a, asɛm no siane kɔ wo koma mu, na wonya bere bɔ mpae da Yehowa ase sɛ woresua nneɛma pa.

DWENDWENE ONYANKOPƆN ASƐM HO DA BIARA DA

11. Nwoma titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛdwendwene mu nsɛm ho, na adɛn nti na sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

11 Nokwasɛm ne sɛ, Bible ne nwoma titiriw a ɛsɛ sɛ yɛdwendwene mu nsɛm ho. Na sɛ ɛba sɛ da bi wɔgye wo Bible fi wo nsam nso ɛ? * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Obiara ntumi nsi wo kwan sɛ nnwennwene nneɛma a woasua agu wo tirim ho. Ebi ne kyerɛwsɛm a ɛda wo koma so anaa Ahenni nnwom. (Asomafoɔ Nnwuma 16:25) Onyankopɔn honhom bɛboa wo ma woakae nneɛma a woasua, na ɛbɛboa wo ma woakɔ so adi nokware.—Yohane 14:26.

12. Dɛn ne ɔkwan baako a wobɛtumi afa so ayɛ wo Bible akenkan ho nhyehyɛe?

12 Dɛn ne ɔkwan baako a wobɛtumi afa so ayɛ wo Bible akenkan ho nhyehyɛe? Wobɛtumi ayi nna bi asi hɔ wɔ nnawɔtwe no mu de akenkan nnawɔtwe biara Bible akenkan a wɔatwa ama yɛn wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no na woadwendwene ho. Nna foforo nso, wobɛtumi akenkan Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa no, na woadwendwene nsɛm a Yesu kae ne nneɛma a ɔyɛe no ho. (Romafoɔ 10:17; Hebrifoɔ 12:2; 1 Petro 2:21) Yɛsan nso wɔ nwoma a ɛka nsɛm a ɛsisii wɔ Yesu asetenam nnidiso nnidiso ho asɛm. Saa nwoma yi bɛboa wo ma woanya Nsɛmpa no a wobɛkenkan no so mfaso pii.—Yohane 14:6.

ADƐN NTI NA ƐHO HIA PAA SƐ YƐDWENDWENE NNEƐMA HO?

13, 14. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so dwendwene Yehowa ne Yesu ho, na dɛn na wei bɛka yɛn ma yɛayɛ?

13 Sɛ obi dwendwene Yehowa ne Yesu ho a, ɛbɛtumi aboa no ma wabɛyɛ Kristoni a ne ho akokwa na ne gyidi yɛ den. (Hebrifoɔ 5:14; 6:1) Sɛ obi amfa bere pii annwennwene Onyankopɔn ho a, nkakrankakra ɔne Yehowa ntam bɛtumi asɛe anaa wagyae Yehowa som mpo. (Hebrifoɔ 2:1; 3:12) Yesu kaa sɛ, sɛ yɛamfa “akoma pa” antie Onyankopɔn Asɛm a, yɛrentumi ‘nkora so.’ Mmom, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ ‘asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ bɛtwetwe’ yɛn.—Luka 8:14, 15.

14 Enti momma yɛnkɔ so nnwennwene Bible mu nsɛm ho na yɛnhu Yehowa yie. Wei bɛka yɛn ma yɛasuasua Yehowa su ahorow yie. (2 Korintofoɔ 3:18) Yɛbɛtumi akɔ so asua yɛn soro Agya no ho ade na yɛasuasua no afebɔɔ. Biribiara nni hɔ a nidi wom sen wei!—Ɔsɛnkafoɔ 3:11.

Sɛ wodwendwene Yehowa ne Yesu ho a, ɛboa ma wokɔ so de nsi ne ahokeka yɛ nokware no ho adwuma

15, 16. (a) Sɛ wodwendwene Yehowa ne Yesu ho a, ɛboa wo sɛn? (b) Adɛn nti na ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ yɛbɛdwendwene nneɛma ho, nanso adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ saa?

15 Sɛ wodwendwene Yehowa ne Yesu ho a, ɛboa ma wokɔ so de nsi ne ahokeka yɛ nokware no ho adwuma. Nsi a wode yɛ wo som adwuma no bɛhyɛ wo nuanom ne afoforo a wodi wɔn adanse wɔ asɛnka mu no nkuran. Sɛ wodwendwene Yesu agyede afɔre a Yehowa de ama wo no ho a, wobɛkɔ so anya anisɔ kɛse ama abusuabɔ pa a wo ne Onyankopɔn wɔ no. (Romafoɔ 3:24; Yakobo 4:8) Mark yɛ onua a ofi South Africa. Ne gyidi nti wɔde no too afiase mfe mmiɛnsa. Ɔkaa sɛ: “Yɛbɛtumi de nneɛma ho a yɛdwendwene atoto kwan a yɛtu kɔhwehwɛ nneɛma a ɛyɛ anika ho. Sɛ yɛkɔ so dwendwene honhom fam nneɛma ho a, yɛbɛsua Yehowa, yɛn Nyankopɔn no ho nneɛma foforo pii. Ɛtɔ da bi na sɛ m’abam bu anaa daakye ho dadwene hyɛ me so a, mefa Bible kenkan kyerɛwsɛm bi dwendwene ho. Meyɛ saa a, mehu sɛ me koma atɔ me yam.”

16 Nneɛma a ɛtwetwe adwene dɔɔso wɔ saa wiase yi mu, na ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛnya bere de adwendwene Bible mu nsɛm ho. Onua bi a wɔfrɛ no Patrick a ofi Afrika ka sɛ: “M’adwene te sɛ adaka a wɔde lɛtɛ ahorow a nkurɔfo akyerɛw agu mu. Ebi ho hia, na ebi nso ho nhia, enti da biara ɛsɛ sɛ meyiyi mu. Sɛ mehwehwɛ nneɛma a ɛho nsɛm ba m’adwenem no mu a, ɛgya me ‘dadwene,’ na mebɔ Yehowa mpae ansa na m’adwene mu ada hɔ ma matumi adwendwene nneɛma ho. Ɛwom sɛ ɛgye bere kakra ansa na matumi afi ase adwendwene honhom fam nneɛma ho deɛ, nanso ɛma mebɛn Yehowa kɛse. Wei bue m’adwenem ma metumi te nokware no ase yie.” (Dwom 94:19) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛkenkan Bible da biara da na yɛdwendwene ho a, yɛnya so mfaso pii.—Asomafoɔ Nnwuma 17:11.

WOYƐ DƐN NYA BERE?

17. Woyɛ dɛn nya bere de dwendwene nneɛma ho?

17 Ebinom sɔre anɔpatutuutu kenkan ade, wɔdwendwene nneɛma ho, na wɔbɔ mpae. Afoforo yɛ saa bere a wɔregye wɔn ahome awia adidibere no. Wo deɛ, ebia bere a eye ma wo paa sɛ wobɛkenkan Bible yɛ anwummere anaa bere a worekɔda. Ebinom nso ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan Bible anɔpa, na wɔsan yɛ saa bere a wɔrekɔda. (Yosua 1:8) Ade a ɛho hia paa ne sɛ ‘wobɛtɔ berɛ a wobɛnya biara,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wogyae nneɛma bi a ɛho nhia pii yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtumi adwendwene Onyankopɔn Asɛm ho da biara da.—Efesofoɔ 5:15, 16.

18. Ɛbɔ bɛn na Bible ahyɛ wɔn a wɔdwendwene Onyankopɔn Asɛm ho da biara da na wɔde nea wɔsua yɛ adwuma no?

18 Bible hyɛ bɔ sɛ Yehowa bɛhyira wɔn a wɔdwendwene n’Asɛm ho na wɔyere wɔn ho sɛ wɔde nea wɔsua bɛyɛ adwuma no. (Kenkan Dwom 1:1-3.) Yesu kaa sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!” (Luka 11:28) Nanso nea ɛhia paa no, sɛ yɛdwendwene Yehowa Asɛm ho da biara da a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade ma ahyɛ Yehowa anuonyam. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa bɛhyira yɛn ma yɛanya anigye seesei, na yɛanya daa nkwa wɔ ne wiase foforo no mu.—Yakobo 1:25; Adiyisɛm 1:3.

^ nky. 11 Hwɛ asɛm a wɔato din “Yɛabɔ Mmɔden Sɛ Yɛbɛkɔ So Ayɛ Den Wɔ Nokware Som Mu” wɔ December 1, 2006, Ɔwɛn-Aban mu.