Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”

“Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”

“Baabi a mehia gyidie no boa me!”MARKO 9:24.

NNWOM: 81, 135

1. Adɛn nti na gyidi ho hia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

WOABISA wo ho pɛn sɛ, ‘Yehowa bɛgye me wɔ ahohiahia kɛse no mu anaa?’ Ɔsomafo Paulo kaa sɛ su baako a ɛho hia paa sɛ yɛnya na ama yɛanya nkwa ne gyidi. Ɔkaa sɛ: “Gyidie nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifoɔ 11:6) Ebia yɛbɛsusu sɛ saa asɛm yi yɛ ade ketewaa bi, nanso nokwasɛm ne sɛ “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.” (2 Tesalonikafoɔ 3:2) Kyerɛwsɛm mmienu yi ma yɛhu sɛ ɛho hia paa sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den.

2, 3. (a) Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛnya gyidi? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebɛsusu ho?

2 Ɔsomafo Petro kaa gyidie a “wɔasɔ ahwɛ” ho asɛm. (Kenkan 1 Petro 1:7.) Ahohiahia kɛse no abɛn paa, na yɛpɛ sɛ “yɛyɛ nnipa a wɔwɔ gyidie a ɛgye ɔkra nkwa.” (Hebrifoɔ 10:39) Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ yɛn gyidi den. Sɛ wɔyi yɛn Hene Yesu Kristo adi a, yɛpɛ sɛ yɛka wɔn a wɔbɛnya akatua pa no ho. Enti yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ ɔbarima a ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma ne gyidie nyɛ kɛse no, na yɛaka sɛ: “Baabi a mehia gyidie no boa me!” (Marko 9:24) Anaa ebia yɛn nso yɛbɛka asɛm a asomafo no kaeɛ no bi sɛ: “Ma yɛn gyidie nyɛ kɛse.”—Luka 17:5.

3 Yɛbɛsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho wɔ adesua yi mu. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn gyidi den? Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den? Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn gyidi nyɛ kɛse a, ɔbɛtie yɛn?

YƐHYƐ YƐN GYIDI DEN A, ONYANKOPƆN ANI GYE

4. Henanom nhwɛso na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn gyidi den?

4 Esiane sɛ gyidi ho hia paa nti, Yehowa aka ho nsɛm pii akyerɛ yɛn wɔ Bible mu. Weinom yɛ nsɛm a “wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ.” (Romafoɔ 15:4) Sɛ yɛkenkan nneɛma a Abraham, Sara, Isak, Yakob, Mose, Rahab, Gideon, Barak ne afoforo pii yɛe ho asɛm a, ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn gyidi den. (Hebrifoɔ 11:32-35) Nhwɛso a tetefo no yɛeɛ akyi no, yɛn nuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ hɔ nnɛ binom nso ayɛ nhwɛso a yɛbɛtumi asuasua. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

Yɛn nuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ hɔ nnɛ binom ayɛ nhwɛso a yɛbɛtumi asuasua

5. Dɛn na Elia yɛe de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi paa, na asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho?

5 Obi foforo a Bible ka ne gyidi ho asɛm ne odiyifo Elia. Bere a woredwendwene nneɛma a ɔyɛeɛ ho no, hwɛ nneɛma nnum a ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ Yehowa mu gyidi paa. (1) Bere a Elia ka kyerɛɛ Ɔhene Ahab sɛ Yehowa bɛma ɔpɛ asi no, ɔde ahotoso kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a megyina n’anim no te aseɛ yi, bosuo anaa nsuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ makasa!” (1 Ahemfo 17:1) (2) Ná Elia gye di sɛ Yehowa bɛma ɔno ne afoforo nsa aka nneɛma a wɔhia wɔ ɔpɛ bere no mu. (1 Ahemfo 17:4, 5, 13, 14) (3) Ná Elia gye di paa nso sɛ Yehowa bɛtumi anyane okunafo no ba no. (1 Ahemfo 17:21) (4) Ná ɔwɔ ahotoso paa sɛ Yehowa bɛma ogya abɛhye nneɛma a ɔde rebɔ afɔre wɔ Bepɔw Karmel so no. (1 Ahemfo 18:24, 37) (5) Ansa na nsuo no rebɛtɔ mpo no, Elia de ahotoso ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Kɔ na kɔdidi na nom ɛfiri sɛ mate osu kɛseɛ nka.” (1 Ahemfo 18:41) Bere a yɛasusu saa nsɛm yi ho awie no, yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Me gyidi yɛ den te sɛ Elia de no anaa?’

DƐN NA YƐBƐTUMI AYƐ DE AHYƐ YƐN GYIDI DEN?

6. Dɛn na yɛhia fi Yehowa hɔ a yɛde bɛhyɛ yɛn gyidi den?

6 Esiane sɛ yɛn ankasa ntumi nhyɛ yɛn gyidi den nti, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn ma ɔma yɛn honhom kronkron. Adɛn ntia? Efisɛ gyidi ka honhom kronkron aba no ho. (Galatifoɔ 5:22) Sɛ yɛtie Yesu afotu na yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron a, na yɛayɛ yɛn ade nyansam. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ Yehowa de “honhom kronkron bɛma wɔn a wɔbisa no.”—Luka 11:13.

Sɛ yɛtie Yesu afotu na yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron a, na yɛayɛ yɛn ade nyansam

7. Kyerɛ sɛnea yɛbɛtumi akɔ so ahyɛ yɛn gyidi den.

7 Sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidi paa a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura saa gyidi no mu. Yɛbɛtumi de gyidi atoto ogya ho. Sɛ yɛsɔ gya a, ɛbɛtumi adɛre paa. Nanso, sɛ yɛamfa nnyina no bi anka ho a, nnyina no bɛtumi ahye adane nsõ. Nanso sɛ yɛde nnyina no bi hyɛ gya no mu bere nyinaa a, ɛbɛkɔ so adɛre. Saa ara na yɛn gyidi te. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da na yɛsua a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu bɛyɛ den na ama yɛn ani agye Bible ho kɛse. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkɔ so ahyɛ yɛn gyidi den.

8. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so ahyɛ wo gyidi den?

8 Ɛnsɛ sɛ woma nneɛma a wosuae ansa na worebɔ asu no ara dɔɔso ma wo. (Hebrifoɔ 6:1, 2) Sɛ wosua nkɔmhyɛ ahorow a abam dedaw ho ade a, ɛbɛboa ma woakɔ so ahyɛ wo gyidi den. Afei nso, wobɛtumi asua Onyankopɔn Asɛm na aboa wo ma woahu sɛ wo gyidi yɛ den ankasa anaa.—Kenkan Yakobo 1:25; 2:24, 26.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na nea ɛdidi so yi hyɛ yɛn gyidi den? (a) Nnamfo pa. (b) Asafo nhyiam. (d) Asɛnka adwuma no.

9 Ɔsomafo Paulo kaa sɛ Kristoni ‘nam ne yɔnko gyidie so bɛtumi anya nkuranhyɛ afiri ne yɔnko hɔ.’ (Romafoɔ 1:12) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmaa bɔ a, yɛbɛtumi ahyehyɛ yɛn ho nkuran. Ne titiriw no, sɛ yɛne wɔn a ‘wɔasɔ wɔn gyidi ahwɛ’ bɔ a, yɛnya nkuranhyɛ paa. (Yakobo 1:3) Nnamfo bɔne sɛe yɛn gyidi, nanso nnamfo pa hyɛ yɛn gyidi den. (1 Korintofoɔ 15:33) Ɛno nti na wɔtu yɛn fo sɛ yɛnkɔ asafo nhyiam daa no. Sɛ yɛkɔ a, yɛbɛtumi akɔ so ‘ahyehyɛ yɛn ho nkuran.’ (Kenkan Hebrifoɔ 10:24, 25.) Afei nso, nkyerɛkyerɛ a yɛnya wɔ asafo nhyiam ase no hyɛ yɛn gyidi den. Bible ka sɛ “gyidie nam deɛ wɔteɛ so.” (Romafoɔ 10:17) Enti bisa wo ho sɛ, ‘Mekɔ Kristofo nhyiam daa?’

10 Afei nso, sɛ yɛka asɛmpa no na yɛde Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛ afoforo a, ɛhyɛ yɛn gyidi den. Sɛnea tete Kristofo no yɛeɛ no, yɛn nso yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛde akokoduru ka asɛmpa no wɔ tebea biara mu.—Asomafoɔ Nnwuma 4:17-20; 13:46.

11. Dɛn na ɛmaa Kaleb ne Yosua gyidi yɛɛ den, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn?

11 Sɛ yɛhu sɛnea Yehowa boa yɛn na ɔbua yɛn mpaebɔ a, ɛma yɛnya ne mu gyidi kɛse. Saa na na ɛte wɔ Kaleb ne Yosua fam. Bere a wɔkɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asase no, wɔdaa no adi sɛ wɔwɔ Yehowa mu gyidi. Akyiri yi, bere biara a wɔhuu sɛ Yehowa aboa wɔn no, ɛhyɛɛ wɔn gyidi den paa. Yosua de ahotoso ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm baako mpo ntɔɔ fam.” Akyiri yi ɔkaa sɛ: “Enti afei monsuro Yehowa na momfa akoma kronn ne nokorɛdie nsom no.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Yehowa.” (Yosua 23:14; 24:14, 15) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so, na yɛhu sɛnea ɔboa yɛn a, yɛn gyidi bɛyɛ den paa.—Dwom 34:8.

NEA YƐBƐYƐ DE AKYERƐ SƐ YƐWƆ GYIDI

12. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den?

12 Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den? Osuani Yakobo kaa sɛ: “Mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.” (Yakobo 2:18) Yɛn nneyɛe na yɛde kyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den. Momma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa.

Wɔn a wɔyɛ nea wɔbɛtumi nyinaa de ka asɛm no da no adi sɛ wɔn gyidi yɛ den (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Sɛ yɛka asɛm no a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi?

13 Asɛnka adwuma no yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. Adɛn ntia? Efisɛ, sɛ yɛka asɛm no a, yɛda no adi sɛ yɛgye di sɛ awiei no abɛn, na “ɛrenka akyi.” (Habakuk 2:3) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhu sɛ yɛn gyidi yɛ den a, yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Asɛnka adwuma no ho hia me sɛn? Mereyɛ nea mɛtumi biara de aka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ nkurɔfo? Mehwehwɛ akwan a mɛfa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu?’ (2 Korintofoɔ 13:5) Momma ‘yɛmpae mu nka nkɔ nkwagyeɛ mu,’ kyerɛ sɛ, yɛnka asɛmpa no mfa nkyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ den.—Kenkan Romafoɔ 10:10.

14, 15. (a) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi wɔ yɛn da biara da asetena mu? (b) Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛnea obi daa gyidi a ɛyɛ den adi.

14 Sɛ yɛgyina nsɛnnennen ano wɔ wiase yi mu a, ɛkyerɛ nso sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi. Sɛ yɛyare, yɛn abam abu, yɛayɛ basaa, ahia yɛn, anaa yɛrefa ɔhaw afoforo mu a, ɛsɛ sɛ yɛnya gyidi sɛ Yehowa ne Yesu ‘bɛboa yɛn berɛ a ɛsɛ mu.’ (Hebrifoɔ 4:16) Sɛ yɛhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ne mu gyidi. Yesu kaa sɛ yɛbɛtumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn “da yi aduane sɛdeɛ yɛhia no da biara.” (Luka 11:3) Bible mu nsɛm ma yɛhu sɛ Yehowa bɛtumi ama yɛn nsa aka biribiara a yɛhia. Nhwɛso bi ni. Bere a ɔpɛ kɛse bi sii wɔ Israel no, Yehowa maa Elia aduane ne nsuo. Bible ka sɛ “ná daa nkwaakwaadabi brɛ no aduane ne nam anɔpa, na anwummerɛ nso wɔbrɛ no aduane ne nam, na subɔn no mu nsuo na ɔnomeeɛ.” (1 Ahemfo 17:3-6) Yɛn nso, yɛwɔ gyidi sɛ Yehowa bɛtumi ama yɛn nsa aka nea yɛhia.

Sɛ yɛgyina nsɛnnennen ano wɔ wiase yi mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi (Hwɛ nkyekyɛm 14)

15 Yɛwɔ ahotoso sɛ sɛ yɛde Bible mu nsɛm yɛ adwuma a, yɛbɛtumi ama yɛn abusua nsa aka nneɛma a wɔhia. Rebecca yɛ onuawa warefo bi a ɔwɔ Asia. Ɔkaa sɛnea ɔne n’abusua de afotusɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 ne Mmebusɛm 10:4 no yɛɛ adwuma. Ɔkaa sɛ ne kunu huu sɛ adwuma a ɔreyɛ no bɛtumi ama n’abusua ne Yehowa ntam asɛe. Enti ne kunu gyaee adwuma no. Nanso na wɔwɔ mma nnan a wɔhwɛ wɔn, enti wɔfii ase yɛɛ aduane tɔnee. Adwumaden a wɔyɛe yi nti, bere nyinaa na wɔnya sika a wɔde bɛhwɛ abusua no. Rebecca ka sɛ: “Yɛhuu sɛ Yehowa annyaw yɛn da. Yɛn nsa kaa yɛn ano aduane daa.” Woanya osuahu a ɛte saa ma ahyɛ wo gyidi den anaa?

Yɛwɔ ahotoso sɛ sɛ yɛde Bible mu nsɛm yɛ adwuma a, yɛbɛtumi ama yɛn abusua nsa aka nneɛma a wɔhia

16. Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, dɛn na yɛbɛnya?

16 Ɛsɛ sɛ yɛgye di bere nyinaa sɛ sɛ yɛtie Yehowa akwankyerɛ a, ɔbɛboa yɛn. Paulo faa Habakuk asɛm kaa sɛ: “Gyidie na ɛbɛma ɔteneneeni anya nkwa.” (Galatifoɔ 3:11; Habakuk 2:4) Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛnya Onii a ɔbɛtumi aboa yɛn paa no mu gyidi a ɛyɛ den. Paulo kae yɛn sɛ Onyankopɔn ne “deɛ ɔtumi yɛ adeɛ ma ɛkyɛn deɛ yɛsrɛ anaa yɛsusu koraa sɛdeɛ ne tumi a ɛyɛ adwuma yɛn mu teɛ no.” (Efesofoɔ 3:20) Yehowa asomfo yɛ nea wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, nanso wɔnim sɛ ɛnyɛ biribiara na wɔbɛtumi ayɛ. Yɛn ani sɔ paa sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho, na ɔhyira nea yɛyɛ nyinaa so.

WƆNYAA MPAE A WƆBƆ HWEHWƐƐ GYIDI NO HO MMUAEƐ

17. (a) Ɔkwan bɛn so na asomafo no nyaa wɔn adesrɛ no ho mmuaeɛ? (b) Adɛn nti na yɛbɛtumi ahwɛ kwan sɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn gyidi nyɛ kɛse a, ɔbɛbua yɛn?

17 Ebia nea yɛasua yi ama yɛanya adwene a asomafo no nyaeɛ no bi. Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ma yɛn gyidie nyɛ kɛse.” (Luka 17:5) Asomafo no nyaa wɔn adesrɛ no ho mmuaeɛ wɔ ɔkwan soronko so wɔ Pentekoste afe 33, bere a wɔnyaa honhom kronkron na wɔtumi tee Onyankopɔn atirimpɔ ase yie no. Wei hyɛɛ wɔn gyidi den. Dɛn na efii mu bae? Wɔfii ase yɛɛ asɛnka adwuma no dendeenden sen bere biara a na atwam. (Kolosefoɔ 1:23) Enti yɛn nso yɛbɛtumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛnya mpae a yɛbɔ hwehwɛ gyidi no ho mmuaeɛ? Yehowa ahyɛ bɔ sɛ sɛ “yɛbisa sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ” a, ɔbɛbua yɛn.—1 Yohane 5:14.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyira wɔn a wɔhyɛ wɔn gyidi den no?

18 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa a, n’ani bɛgye yɛn ho. Ɔbɛbua mpae a yɛbɔ sɛ ɔmma yɛn gyidi nyɛ kɛse no, ɔbɛma yɛn gyidi ayɛ den paa, na ɔbɛbu yɛn sɛ ‘yɛfata Onyankopɔn ahennie’ no.—2 Tesalonikafoɔ 1:3, 5.

^ nky. 4 Sɛ wopɛ wei ho nhwɛso a, hwɛ nnipa a ɛdidi so yi asetenam nsɛm. Lillian Gobitas Klose (July 22, 1993, Awake!), Feliks Borys (April 8, 1994, Nyan!), ne Josephine Elias (September 2009 Awake!).