Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ogyimfoɔ Gye Nsɛm Nyinaa Di”

“Ogyimfoɔ Gye Nsɛm Nyinaa Di”

“Onipa a ɔnkenkan atesɛm krataa yɛ ɔkwasea; na nea ɔyɛ kwasea paa ne nea ɔgye asɛm biara a ɔkenkan wɔ atesɛm krataa mu di.”—August von Schlözer, Germanni abakɔsɛm kyerɛwfo (1735-1809).

NNIPA a wɔtenaa ase mfe 200 a atwam ni no annye biribiara a wɔakyerɛw wɔ atesɛm nkrataa mu anni. Ɛnnɛ, ɛnyɛ biribiara a yɛkenkan anaa yɛhu wɔ Intanɛt so na yɛbɛtumi agye adi. Wɔde nsɛm pii agu Intanɛt so, na mfidie a aba so nti, ɛnyɛ den sɛ yɛn nsa bɛka. Nsɛm no mu dodow no ara yɛ nokware, mfaso wɔ so, na asiane biara nni ho, nanso dodow no ara yɛ atoro, mfaso nni so, na ɛbɛtumi apira yɛn. Ɛno nti na sɛ yɛrepɛ biribi akenkan a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie no. Sɛ ebinom fi ase kɔ Intanɛt so a, wɔbɛtumi anya adwene sɛ bere dodow a asɛm bi wɔ Intanɛt so anaa adamfo bi na ɔde faa e-mail so brɛɛ wɔn deɛ, ɛyɛ nokware. Sɛ asɛm bi ba na emu nna hɔ koraa mpo a, wɔgye di. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Ogyimfoɔ gye nsɛm nyinaa di, na onitefoɔ hwɛ n’anammɔn yie.”—Mmebusɛm 14:15.

Sɛ obi nyɛ ogyimfo anaasɛ ɔnnye asɛm biara a ɔte nni a, ɛnneɛ na ɔyɛ onitefo. Sɛ yɛn ani atew a, yɛhwɛ yie paa, na asɛm a yɛnim sɛ ɛyɛ nokware nko ara na yɛgye di. Sɛ obi kyerɛw asɛm bi a ɛnyɛ nokware ba Intanɛt so a, yɛrenka sɛ nnipa dodow no ara gye tom nti yɛn nso yɛbɛgye adi. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woayɛ onitefo? Nea ɛdi kan no, bisa wo ho sɛ: ‘Asɛm a merekenkan yi fi Intanɛt wɛbsaet a ɛdi mũ? Anaa efi wɛbsaet a obiara tumi kyerɛ n’adwene wɔ hɔ, anaasɛ mpo wonnim wɔn a wɔde nsɛm gu hɔ no? Wɛbsaet bi a ɛdi mũ adi kan aka sɛ asɛm no yɛ atoro?’ * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ ma ‘w’ani nna hɔ.’ (1 Petro 5:8) Sɛ ɛyɛ wo sɛ kaseɛbɔ anaa asɛm bi a wɔde ato dwa nyɛ nokware a, ɛnneɛ ebia na ɛte saa. Afei nso, sɛ wokenkan asɛmmɔne a wɔaka afa afoforo ho a, bisa wo ho sɛ sɛ asɛm no trɛw a, hena na ɔbɛnya so mfaso? Na san bisa wo ho sɛ, adɛn nti koraa na obi pɛ sɛ ɔtrɛw asɛm a ɛte saa mu?

WOTAA DE E-MAIL KƆMA NKURƆFO?

Sɛ ebinom nsa ka nsɛm na wɔpɛ sɛ wɔde kɔma afoforo a, wɔnni kan nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa wɔnnwene nea sɛ wɔde kɔma afoforo a ɛbɛtumi afi mu aba no ho. Ebia nea wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛnya nnipa anim dom anaasɛ nkurɔfo bɛhu sɛ wɔn na wɔdii kan de asɛm no too dwa. (2 Samuel 13:28-33) Nanso, onitefo dwene ɔhaw a ɛbɛtumi afi mu aba ho. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛtumi asɛe obi anaa ahyehyɛde bi din.

Ebia onipa a ɔretrɛw asɛm no mu no rennye bere nhwehwɛ mu sɛ asɛm no yɛ nokware anaa, efisɛ ɛgye bere ne adwumaden na ama obi atumi ayɛ saa. N’adwene yɛ no sɛ wɔn a wɔbɛte asɛm no bɛtumi ahwehwɛ mu ahwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware. Ɛsɛ sɛ ɔhu sɛ wɔn nso nni adagyew saa ara. (Efesofoɔ 5:15, 16) Enti sɛ́ anka yɛbɛtrɛw nsɛm a yɛnnim mu yie mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛtie afotusɛm yi, “Sɛ me tirim ntene me a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ mede kɔma obiara!”

Bisa wo ho sɛ: ‘Metaa de e-mail kɔma nkurɔfo? So mede nsɛm a ɛnyɛ nokware akɔma nkurɔfo pɛn ma ɛno akyi no mapa wɔn kyɛw? Obi aka akyerɛ me pɛn sɛ sɛ menya e-mail a, mma mempere me ho mfa nkɔma afoforo?’ Kae sɛ sɛ wo nnamfo wɔ e-mail a, wɔn nso bɛtumi akɔ Intanɛt so, na ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ woma wɔn nsa ka nneɛma a wɔde bɛgyegye wɔn ani. Wɔmpɛ sɛ nkurɔfo de aseresɛm, video, anaa mfoni pii bɛfa e-mail so abrɛ wɔn. Saa ara nso na nyansa nnim sɛ wobɛkyere Bible mu ɔkasa a obi ama anaasɛ wobɛkyerɛw emu nsɛm de amena afoforo. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Kae nso sɛ sɛ obi ankasa yɛ ne nhwehwɛmu, ɔno ankasa bue ne Bible mu kenkan, anaa ɔsiesie ne ho ma asafo nhyiam a, ɔbɛnya so mfaso asen sɛ wode saa nsɛm no bɛmena no.

Ɛsɛ sɛ mede . . . e-mail yi kɔma obi?

Sɛ wohu sɛ obi aka asɛm a ɛnyɛ nokware koraa afa Yehowa ahyehyɛde no ho wɔ Intanɛt so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ wobɔ saa atosɛm no gu ntɛm ara! Ɛnsɛ sɛ wogye di. Ɛrenyɛ papa sɛ wode nsɛm a woakenkan no bɛmena afoforo na woabisa wɔn adwene wɔ ho, efisɛ woyɛ saa a, na woretrɛw nsɛm a ɛbɛtumi apira afoforo mu. Sɛ asɛm bi a woahu wɔ Intanɛt so haw w’adwene a, srɛ Yehowa ma ɔmma wo nyansa, na wo ne asafo mu mpanyimfo nsusu ho. (Yakobo 1:5, 6; Yuda 22, 23) Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nkurɔfo bɛka atosɛm afa yɛn ho. Nkurɔfo kaa nsɛm a ɛnyɛ nokware faa Yesu ho, na ɔbɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ wɔn atamfo bɛtaa wɔn na ‘wɔadi atorɔ aka asɛmmɔne biara ato wɔn so.’ (Mateo 5:11; 11:19; Yohane 10:19-21) Sɛ woyɛ w’adeɛ nyansam na wodwene nneɛma ho yie a, sɛ obi redi atoro anaa ɔpɛ sɛ ɔdaadaa afoforo a, wobɛtumi ahu.—Mmebusɛm 2:10-16.

BU AFOFORO

Afei nso, sɛ yɛte yɛn nuanom ho nsɛm bi anaa yɛte nsɛm foforo bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie na yɛantrɛw mu. Ɛtɔ bere bi na sɛ asɛm a yɛate no yɛ nokware mpo a, ɛnyɛ papa anaasɛ ɛnkyerɛ ɔdɔ sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo. (Mateo 7:12) Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnkyerɛ ɔdɔ anaa ɛnhyɛ nkuran sɛ yɛde afoforo ho nsɛm a ɛnyɛ papa bɛmena afoforo. (2 Tesalonikafoɔ 3:11; 1 Timoteo 5:13) Nsɛm bi wɔ hɔ a ɛyɛ kokoam nsɛm. Ebia na wɔn a asɛm no fa wɔn ho no pɛ sɛ wɔde to dwa akyiri yi anaasɛ wɔfa ɔkwan pɔtee bi so de to dwa. Wɔn na wɔwɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ bere a wɔbɛyɛ saa ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa, enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛpere yɛn ho ka asɛm no kyerɛ afoforo a, ɛbɛtumi asɛe nneɛma pii.

Ɛnnɛ, asɛm tumi trɛw ntɛmntɛm, sɛ́ ɛyɛ nokware anaa atoro, mfaso wɔ so anaa mfaso nni so, epira anaa empira. Sɛ wode asɛm no mena onipa baako mpo a, ɔbɛtumi ama atrɛw akɔ wiase nyinaa wɔ bere tiaa bi mu. Enti sɛ wonya asɛm bi a, mpere wo ho mfa mmena obiara a wonim no. Ɛwom sɛ ɔdɔ ‘gye biribiara di,’ na ɛnnya afoforo ho adwemmɔne deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ agyimfoɔ na yɛgye asɛm foforo biara a ɛyɛ ahodwiriw di. (1 Korintofoɔ 13:7) Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛgye atosɛm anaa nsɛmmɔne a wɔka fa Yehowa ahyehyɛde no ho, anaa nea wɔka fa yɛn nuanom a yɛdɔ wɔn ho no di da. Kae sɛ wɔn a wɔkeka atosɛm a ɛte saa na wɔma ɛtrɛw no reyɛ Satan Ɔbonsam, “atorɔ agya” no apɛde. (Yohane 8:44) Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani tew, na bere nyinaa yɛsusu sɛnea yɛde nsɛm pii a yɛn nsa ka no daa no bɛyɛ adwuma no ho yie. Bible ka sɛ: “Adeɛ a agyimfoɔ nya ne nkwaseasɛm, na anitefoɔ deɛ, wɔn abotire ne nimdeɛ.”—Mmebusɛm 14:18.

^ nky. 4 Bere ne bere mu no, nkurɔfo bɛtumi akɔfa asɛm bi a abɛda adi sɛ ɛnyɛ nokware asan aba bio. Ebia wɔbɛsakra mu kakra ma ayɛ sɛ nea ɛyɛ nokware.

^ nky. 8 Hwɛ April 2010, Yɛn Ahenni Som no “Asɛmmisa Afã.”