Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn a Mabɛn No no Yɛ Ma Me

Onyankopɔn a Mabɛn No no Yɛ Ma Me

MEDII mfe nkron no, manyɛ tenten bio. Ɛnnɛ madi mfe 43, na me tenten nyinaa yɛ mita baako (anammɔn mmiɛnsa). Bere a m’awofo huu sɛ merenyɛ tenten bio no, wɔhyɛɛ me nkuran sɛ memmɔ me ho mmɔden wɔ abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a meremfa m’adwene nsi tenten a manyɛ no so. Nea ɛbɛyɛ na merentena hɔ kwa no, mehyɛɛ dwa wɔ yɛn fie anim, na na metɔn nnuaba. Ná mehwɛ ma ɛhɔ yɛ kama bere nyinaa, enti na nnipa pii ba bɛtɔ me nneɛma.

Nokwasɛm ne sɛ, adwumaden a na meyɛ no ansesa nneɛma ahe biara. Ná meda so ara yɛ tiatiaa, na na mebrɛ ansa na matumi ayɛ nneɛma nketenkete mpo. Sɛ mereyi adeɛ afi soro wɔ sotɔɔ mu a, na gye sɛ metwe me mu. Ɛte sɛ nea nnipa a wɔyɛ atenten nko ara na wɔyɛɛ biribiara maa wɔn wɔ wiase. Me tebea no ma medii awerɛhoɔ, nanso bere a medii mfe 14 no, nneɛma sesae.

Da koro, Yehowa Adansefo mmaa mmienu bi bɛtɔɔ nnuaba no bi, na wɔkaa sɛ wɔne me bɛsua Bible. Ankyɛ na mehuu sɛ Yehowa ne n’atirimpɔ a mabɛhu no ho hia koraa sen sɛ mɛdwene ho sɛ manyɛ tenten. Ɛno boaa me paa. Kyerɛwsɛm a m’ani bɛgyee ho paa ne Dwom 73:28. Kyerɛwsɛm no fã a ɛdi kan ka sɛ: “Onyankopɔn a mɛbɛn no no yɛ ma me.”

Yɛn abusua no tu fii Côte d’Ivoire kɔɔ Burkina Faso mpofirim, na nneɛma sesae wɔ m’asetena mu. Mpɔtam a na yɛte wɔ Côte d’Ivoire no, na nkurɔfo taa hu me wɔ baabi a metɔn nnuaba no. Nanso baabi a yɛaba yi deɛ, na mayɛ ɔhɔho, na na me ho yɛ nnipa pii nwonwa. Ná nkurɔfo tumi hwɛ me saa, enti mehyɛɛ dan mu nnawɔtwe pii. Afei mekaee sɛ ɛyɛ ma me paa sɛ mɛbɛn Yehowa. Enti mekyerɛw Yehowa Adansefo baa dwumadibea no, na wɔmaa obi baa me nkyɛn. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a wɔfrɛ no Nani na ɔbaa me nkyɛn. Ná ɔte moto so.

Sɛ wonam dɔtekwan a ɛwɔ yɛn hɔnom no so a, dɔte no tumi yi wo hwe fam, na sɛ ɛdu osutɔbere a, atɛkyɛ nko ara. Sɛ Nani reba ne me abɛsua ade a, na moto no taa de no hwe ase, nanso wampa abaw. Da bi deɛ, ɔkaa sɛ me ne no nkɔ Kristofo nhyiam. Mehuu sɛ wei bɛma mafi fie ma nnipa pii apu abɛhwɛ me. Afei nso sɛ me ne no tena ne moto no so a, na ɛbɛma emu ayɛ duru na ama ne ka nso ayɛ den. Ne nyinaa akyi no, mepenee so. Mekaee kyerɛwsɛm a m’ani gye ho paa no fã a ɛto so mmienu no. Ɛka sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me dwankɔbea.”

Ɛtɔ da bi a, na me ne Nani nyinaa te hwe atɛkyɛ no mu, nanso sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam a na yɛn ani gye, enti yɛn abam ammu. Sɛ mehwɛ sɛnea anuanom yi wɔn yam sere kyerɛ me wɔ Ahenni Asa so ne sɛnea menam abɔnten a nkurɔfo hwɛ me no a, mehu sɛ nsonsonoe kɛse wom! Abosome nkron akyi no, mebɔɔ asu.

Kyerɛwsɛm a m’ani gye ho paa no fã a ɛto so mmiɛnsa no ka sɛ, “Mɛka ne nnwuma nyinaa ho asɛm.” Ná menim sɛ asɛnka adwuma no bɛyɛ den ama me paa. Meda so ara kae bere a edi kan a mekɔɔ afie afie asɛnka no. Mmofra ne mpanyimfo nyinaa pu bɛhwɛɛ me, na wɔdii m’akyi suasuaa sɛnea menantew no de dii me ho fɛw. Ɛhaw me paa, nanso bere a mekaee sɛ wɔhia Paradise sɛnea me nso mehia no, mekɔɔ so kaa asɛmpa no.

Menyaa sakre a ɛwɔ nan mmiɛnsa, na ɛmaa nneɛma yɛɛ mmerɛw maa me. Sɛ me ne obi rekɔ asɛnka na yɛdu bepɔ so a, na ɔpia me, na afei sɛ yɛresian a, na waforo atena sakre no so bi. Ɛwom sɛ mfiase no na ɛyɛ den ma me sɛ mɛkɔ asɛnka deɛ, nanso ankyɛ koraa na m’ani bɛgyee ho paa. Enti afe 1998 no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo.

Me ne nnipa pii yɛɛ Bible adesua, na wɔn mu nnan bɔɔ asu. Afei nso, me ara me nuabaa baako gyee nokware no! Sɛ mete sɛnea wɔn a maka asɛmpa no akyerɛ wɔn no renya nkɔso a, ɛtaa hyɛ me nkuran paa. Da bi, menyaa krataa bi fii Côte d’Ivoire. Saa bere no, na manya atiridiinini (malaria). Ná me ne aberante bi a ɔkɔ sukuupɔn wɔ Burkina Faso afi ase reyɛ Bible adesua wɔ pon ano, na mede no maa onuabarima bi. Akyiri yi, sukuuni no tu kɔɔ Côte d’Ivoire. Bere a metee sɛ wabɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu no, m’ani gyee paa!

Adwuma bɛn na meyɛ de hwɛ me ho? Adwumakuw bi a ɛboa wɔn a wɔadi dɛm kaa sɛ wɔbɛkyerɛ me adepam. Akyerɛkyerɛfo no baako huu sɛnea meyere me ho yɛ adwuma no, na ɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wo sɛnea wɔyɛ samina.” Enti wɔkyerɛɛ me. Seesei meyɛ samina a yɛde hohoro nneɛma mu ne nea yɛde si nneɛma. Nkurɔfo ani gye me samina ho paa, na wɔkamfo kyerɛ afoforo. Me ara na ɛyɛ a mede gu moto so kɔma wɔn.

Awerɛhosɛm ne sɛ afe 2004 no, esiane sɛ na m’akyi yɛ me yaw nti, megyaee akwampae adwuma no. Nanso meda so ara kɔ asɛnka daa.

Nkurɔfo ka sɛ mepɛ sereɛ paa. Ɛsɛ sɛ mema m’ani gye efisɛ Onyankopɔn a mabɛn no no yɛ ma me.—Sarah Maiga anom asɛm.