Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Som Yehowa, Mma Biribiara Nnye W’adwene

Som Yehowa, Mma Biribiara Nnye W’adwene

‘Maria tiee Yesu asɛm no ara. Marta deɛ, na nnwuma bebree agye n’adwene.’LUKA 10:39, 40.

NNWOM: 94, 134

1, 2. Adɛn nti na na Yesu dɔ Marta, na mfomso bɛn na Marta dii a ɛkyerɛ sɛ na ɔnyɛ pɛ?

SƐ Lasaro nuabaa Marta ho asɛm bɛsi wo tirim a, wokae sɛ ɔyɛ onipa bɛn? Bible ma yɛhu sɛ na Marta yɛ Yesu adamfo paa, na ɛka sɛ na Yesu dɔ no. Ɛwom, ɛnyɛ Marta nko ara ne ɔbaa a na Yesu dɔ no na ɔbu no. Ná Marta nuabaa Maria nso yɛ Yesu adamfo paa. Afei nso, na Yesu dɔ ne maame Maria. (Yohane 11:5; 19:25-27) Ɛnneɛ, adɛn nti na na Yesu dɔ Marta?

2 Ná Yesu dɔ Marta efisɛ na Marta pɛ nnipa, na na ne yam ye; na ɔpɛ adwuma nso. Nea ɛmaa Yesu dɔɔ Marta koraa ne sɛ na Marta gyidi yɛ den. Ɔgyee asɛm a Yesu kae nyinaa dii, na na ɔgye di paa sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. (Yohane 11:21-27) Wei nyinaa akyi no, na Marta nyɛ pɛ. Ná ɔtumi di mfomso te sɛ yɛn mu biara. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere bi a Yesu kɔsraa Marta ne ne nuabaa Maria no, Marta bo fuw ne nuabaa Maria, na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnkasa nkyerɛ no. Marta kaa sɛ: “Awurade, wonhunu sɛ me nuabaa no agya me nko ara na mereyɛ adeɛ? Enti ka kyerɛ no na ɔmmɛka me ho mmoa me.” (Kenkan Luka 10:38-42.) Adɛn nti na Marta kaa saa, na dɛn na yɛbɛtumi asua afi mmuaeɛ a Yesu de maa no no mu?

NNEƐMA GYEE MARTA ADWENE

3, 4. Dɛn na Maria yɛe a Yesu ani gyee ho, na dɛn na Marta sua fii mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Yesu ani sɔe paa sɛ Marta ne Maria too nsa frɛɛ no kɔɔ wɔn fie, na na ɔpɛ sɛ ɔde saa bere no kyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Ntɛm ara na Maria kɔtenaa Yesu nkyɛn “tiee n’asɛm no.” Ná Maria pɛ sɛ osua nneɛma pii fi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no hɔ. Ná anka Marta nso bɛtumi akɔtie Yesu. Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka Yesu bɛkamfo no sɛ wagyae nea ɔreyɛ abɛtie asɛm a ɔreka no.

4 Nanso nneɛma foforo gyee Marta adwene. Ná wayere ne ho resiesie nnuane soronko ama Yesu, na na ɔreyɛ nneɛma foforo pii ama Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a n’ani bɛgye ne nsrahwɛ no mu. Bere a Marta huu sɛ Maria mpɛ sɛ ɔboa no no, ne bo fuwii, na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Yesu. Yesu huu sɛ na Marta rehaw ne ho pii dodo, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Marta, Marta, wodwendwene bebree na wode nneɛma pii ha wo ho.” Yesu kaa nso sɛ anka Marta bɛtumi ayɛ aduane bi a ɛho adwuma nyɛ den, anka ɔbɛtumi ayɛ aduane baako pɛ mpo. Afei Yesu kamfoo Maria sɛ wayɛ aso retie no. Yesu kaa sɛ: “Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ papa, na wɔrennye mfiri ne nsam.” Ebia Maria werɛ fii aduane a ɔdii saa da no, nanso ne werɛ amfi nneɛma a ɔsua fii Yesu hɔ no da, na ne werɛ amfi nso sɛ Yesu kamfoo no. Bɛboro mfe 60 akyi no, ɔsomafo Yohane kaa sɛ: “Ná Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa.” (Yohane 11:5) Saa asɛm no ma yɛhu sɛ Marta gyee ntenesoɔ a Yesu de maa no no toom, na ɔde nokwaredi som Yehowa ne nkwa nna a aka nyinaa.

5. Adɛn nti na ɛyɛ den paa sɛ yɛde yɛn adwene bɛsi nneɛma a ɛho hia koraa no so nnɛ, na asɛmmisa bɛn na yɛbɛnya ho mmuaeɛ?

5 Ɛnnɛ, yɛhu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛbɛtumi atwetwe yɛn adwene afi Yehowa som so sen tete no. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa September 15, 1958 no bɔɔ anuanom mmarima ne mmaa kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma mfidie a aba so gye wɔn adwene ma wɔgyae Yehowa som. Saa bere no mpo, ɛte sɛ nea da biara da na mfidie foforo ba. Ná nnipa pii ani abɛgye nneɛma bi te sɛ nsɛmma nwoma a emu mfoni yɛ fɛ, radio, sini, ne television ho paa. Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ bere a yɛrebɛn wiase yi awiei no, “nneɛma a ɛtwetwe adwene bɛdɔɔso.” Ɛnnɛ ne bere a nneɛma pii bɛtumi agye yɛn adwene asen bere biara. Dɛn na yɛbɛtumi ayɛ de asuasua Maria na ama yɛde yɛn adwene asi Yehowa som so?

MFA WIASE NO NNI DWUMA MMA ƐNNYE W’ADWENE

6. Sɛn na Yehowa nkurɔfo de mfidie a aba so adi dwuma?

6 Yehowa nkurɔfo afa mfidie a wiase no ayɛ so aka asɛmpa no. Sɛ nhwɛso no, ansa na Wiase Ko a ɛdi kan reba no, Yehowa nkurɔfo yii “Photo-Drama of Creation” sini no kyerɛɛ ɔmanfo, na wɔyɛɛ saa bere a na ɔko no rekɔ so no nso. Ɛyɛ sini a emu nnipa ne mmoa kekã wɔn ho, na ebi nso nkekã wɔn ho. Emu mfoni nso yɛ fɛ na kasa wom. Wɔde saa sini no kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa ɔpepem pii wɔ aman pii so. Sɛ “Photo-Drama” sini no rekɔ awiei a, wɔka bere a Yesu Kristo bɛdi hene wɔ asase so ho asɛm wom. Akyiri yi, Yehowa nkurɔfo faa radio so kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa. Ɛnnɛ, yɛfa kɔmputa ne Intanɛt so ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ baabiara a wɔwɔ, a mmeae a atew ne ho mpo ka ho.

Mma nneɛma a ɛho nhia ntwetwe w’adwene mfi Yehowa som so (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. (a) Adɛn nti na ɛyɛ hu sɛ yɛde wiase no bɛdi dwuma ma agye yɛn adwene? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie wɔ ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

7 Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde wiase no di dwuma ma ɛgye yɛn adwene. Ebi ne sɛ yɛbɛsɛe bere pii wɔ nneɛma a ɛwɔ wiase ho. (Kenkan 1 Korintofoɔ 7:29-31.) Saa nneɛma no bi nyɛ bɔne, nanso ɛbɛtumi asɛe yɛn bere pii. Nhwɛso bi ni. Yɛbɛtumi ayɛ nneɛma bi de agyegye yɛn ani, akenkan nwoma ahorow, ahwɛ television, akɔsrasra mmeae bi a ɛhɔ yɛ anika, akɔtotɔ nneɛma, na yɛahwehwɛ mfidie a aba so anaa afɛfɛde foforo. Nnipa pii ani gye ho sɛ wɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ Intanɛt so, wɔde text message ne e-mail bɛmena nkurɔfo, anaasɛ da biara wɔbɛtie kaseɛbɔ anaa agodie ho nsɛm. Nanso, saa nneɛma yi bɛtumi agye ebinom adwene. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Ɔsɛnkafoɔ 3:1, 6) Sɛ yɛde yɛn bere pii yɛ nneɛma a ɛho nhia a, ebia yɛremfa yɛn adwene nsi ade a ɛho hia paa a ɛne Yehowa som no so.—Kenkan Efesofoɔ 5:15-17.

8. Adɛn nti paa na ɛnsɛ sɛ yɛdɔ nneɛma a ɛwɔ wiase?

8 Satan yɛ nea ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛma yɛn ani agye nneɛma a ɛwɔ ne wiase no mu ho, na atwetwe yɛn adwene afi Yehowa som so. Saa na Satan yɛe wɔ asomafo no bere so, na ɔreyɛ nea ɛsen saa nnɛ. (2 Timoteo 4:10) Enti ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛhwehwɛ yɛn mu hwɛ sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma a ɛwɔ wiase no ho na yɛyɛ nsakrae a ɛhia. Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛdɔ nneɛma a ɛwɔ wiase. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu kɔ so yɛ den. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛtie Yehowa na yɛabɛn no.—1 Yohane 2:15-17.

KƆ SO FA W’ADWENE SI NEA ƐHO HIA PAA SO

9. Dɛn na Yesu kaa sɛ n’asuafo no mfa wɔn adwene nsi so, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ nhwɛso maa wɔn?

9 Sɛnea Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma nneɛma pii gye n’adwene no, saa ara na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so mfa wɔn adwene nsi Yehowa ne n’Ahenni so. (Kenkan Mateo 6:22, 33.) Yesu ankasa yɛɛ wei ho nhwɛso pa. Ná ɔnni ahonyade pii, na na ɔnni n’ankasa fie anaa asase mpo.—Luka 9:58; 19:33-35.

10. Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛ maa yɛn?

10 Yesu amma biribiara anyi n’adwene amfi asɛnka adwuma no so. Bere a Yesu fii asɛnka adwuma no ase no, ankyɛ na nnipakuw bi a wɔfi Kapernaum yɛe sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ wɔn kurom. Dɛn na ɔyɛe? Ɔkɔɔ so de n’adwene sii asɛnka adwuma a na ɔreyɛ no so. Ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Onyankopɔn ahennie ho asɛmpa no, ɛfiri sɛ yei nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:42-44) Yesu nantew twaa kwantenten kɔkaa asɛmpa no, na ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa pii. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ deɛ, nanso na ɔtumi brɛ. Esiane sɛ na ɔyɛ adwumaden nti, ɛtɔ mmere bi a na ɛhia sɛ ɔgye n’ahome.—Luka 8:23; Yohane 4:6.

Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛhwehwɛ ahonyade pii a, ɛbɛgye yɛn adwene ma yɛagyae Onyankopɔn som

11. Bere a ɔbarima bi de n’asɛm too Yesu anim no, dɛn na Yesu yɛeɛ? Dɛn na Yesu kyerɛɛ n’asuafo no?

11 Akyiri yi, bere a na Yesu rekyerɛ n’asuafo no biribi titiriw bi no, ɔbarima bi twaree n’ano kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyadeɛ no.” Yesu anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛka ɔbarima no asɛm ama no. Yesu kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no, wamma ɔbarima no asɛm antwetwe n’adwene. Ɔde hokwan no kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ wɔhwehwɛ ahonyade pii a, ɛbɛgye wɔn adwene ma wɔagyae Onyankopɔn som.—Luka 12:13-15.

12, 13. (a) Dɛn na Yesu yɛe a Helafo a na wɔaba Yerusalem no ani gyee ho? (b) Bere a Filipo ka kyerɛɛ Yesu sɛ Helafo bi pɛ sɛ wɔhu no no, dɛn na Yesu yɛe?

12 Aka nna kakra ma Yesu awu no, nneɛma mu yɛɛ den maa no paa wɔ asase so. (Mateo 26:38; Yohane 12:27) Ná Yesu nim sɛ ɔbɛhu amane paa na wawu. Ná ɔnim nso sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛho nhwɛso ni. Kwasida, Nisan da a ɛto so 9 no, Yesu tenaa afurum so kɔɔ Yerusalem. Nnipadɔm bɔ gyee ne so sɛ wɔn Hene. (Luka 19:38) Ade kyee no, Yesu de akokoduru pamoo mmarima adifudepɛfo a na wɔretɔn nneɛma aboɔden na wɔrebɔ nkurɔfo apoo no fii asɔrefie hɔ.—Luka 19:45, 46.

13 Helafo bi a na wɔaba Yerusalem rebɛdi Twam afahyɛ no huu nneɛma a na Yesu ayɛ no, na wɔn ani gyee ho. Enti, wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Filipo sɛ wɔpɛ sɛ wɔhu Yesu. Nanso, na ɛnyɛ sɛ Yesu rehwehwɛ nnipa a wɔbɛboa no na wɔatwitwa agye no afi n’atamfo nsam. Ná Yesu nim ade a ɛho hia paa. Ɔde n’adwene sii Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ so; ɛne sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre. Enti ɔkaee n’asuafo no sɛ ɛrenkyɛ na wawu, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛdi n’akyi nyinaa nso nya ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre. Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɔpɛ ne kra no sɛe no, na deɛ ɔtan ne kra wɔ wiase yi mu no bɛkora so ama daa nkwa.” Yesu hyɛɛ bɔ nso sɛ “Agya no bɛdi” Yesu akyidifo “ni,” na wama wɔn daa nkwa. Ná Filipo bɛtumi akɔka saa nkuranhyɛsɛm yi akyerɛ Helafo no.—Yohane 12:20-26.

14. Ɛwom sɛ Yesu de asɛnka adwuma no dii kan wɔ n’asetena mu deɛ, nanso dɛn bio na na ɔyɛ?

14 Bere a Yesu wɔ asase so no, na n’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no. Ɛwom sɛ Yesu de n’adwene sii asɛmpaka adwuma no so deɛ, nanso ɛnyɛ adwuma nko ara na na ɔdwene ho bere nyinaa. Anyɛ yie koraa no, ɔkɔɔ ayeforohyia baako ase, na ɔdanee nsuo ma ɛyɛɛ nsa pa. (Yohane 2:2, 6-10) Afei nso, ɔkɔɔ ne nnamfo ne afoforo a wɔn ani gye asɛmpa no ho fie ne wɔn kɔdidiiɛ. (Luka 5:29; Yohane 12:2) Nea ɛsen saa no, na Yesu taa gye bere bɔ mpae, na ɔdwendwene nneɛma ho, na na ɔgye n’ahome.—Mateo 14:23; Marko 1:35; 6:31, 32.

‘YI ADESOA BIARA GU’

15. Dɛn na ɔsomafo Paulo kaa sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ, na dɛn na ɔno ankasa yɛe wɔ ho?

15 Ɔsomafo Paulo kaa sɛ Kristofo te sɛ mmirikatufo a wɔtu mmirika twa kwantenten. Sɛ wɔbɛtumi atu mmirika no awie a, gye sɛ wɔtow biribiara a ɛbɛtumi atwe wɔn asan anaa ɛbɛma wɔagyae no gu. (Kenkan Hebrifoɔ 12:1.) Paulo ankasa de saa asɛm no yɛɛ adwuma. Ná Paulo yɛ Yudasom mu kannifo, enti anka ɔbɛtumi ayɛ sikani na wagye din, nanso ɔgyaee saa adwuma no de n’adwene sii “nneɛma a ɛhia koraa no” so. Ɔyeree ne ho yɛɛ asɛnka adwuma no, na ɔtutuu akwan kɔɔ mmeae pii. Mmeae a ɔkɔe no bi ne Siria, Asia Kumaa, Makedonia, ne Yudea. Paulo de n’ani sii akatua a ɔbɛnya wɔ soro no so, na ɔkaa sɛ: “Mema me werɛ firi nneɛma a ɛwɔ akyire no, na metwe me mu duru nneɛma a ɛwɔ animu no ho, berɛ a mebɔ mmɔden sɛ mɛduru botaeɛ no ho na manya nkonimboɔ” no. (Filipifoɔ 1:10; 3:8, 13, 14) Ná Paulo nwaree, na ɛno boaa no ma ɔtumi ‘som Awurade daa a biribiara annye n’adwene.’—1 Korintofoɔ 7:32-35.

Paulo gyaee n’adwuma de n’adwene sii “nneɛma a ɛhia koraa no” so

16, 17. Sɛ́ ebia yɛaware anaa yɛnwaree no, yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Paulo? Ɔkwan bɛn so na Mark ne Claire yɛɛ saa?

16 Sɛnea Paulo yɛe no, Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ binom ayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayɛ Yehowa som adwuma no pii. (Mateo 19:11, 12) Wɔn a wɔnwaree nni abusua mu asɛyɛde pii sɛ awarefo. Nanso, sɛ́ ebia yɛaware anaa yɛnwaree no, yɛn nyinaa bɛtumi ‘ayi adesoa biara’ a ɛbɛtumi atwetwe yɛn adwene afi Yehowa som so no ‘agu.’ Ebia ɛho bɛhia sɛ yɛgyae nneɛma bi a ɛsɛe bere akyi di, na yɛatumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.

17 Nhwɛso bi ni. Mark ne Claire fi Wales. Bere a wɔwiee sukuu no, wɔfii ase yɛɛ akwampae adwuma. Wɔwaree akyi no, wɔtoaa so yɛɛ akwampae adwuma no. Nanso, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii. Mark ka sɛ: “Yɛtumi yɛɛ yɛn ho awiɛmfoɔ. Nea yɛyɛe ni: Ná yɛte fie a emu dan yɛ mmiɛnsa mu, enti yɛtɔnee, na yɛgyaee adwuma a na yɛyɛ nso sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ akɔboa asafo adansi adwuma no.” Mfe 20 a atwam no, wɔatutu akwan akɔ Afrika mmeae pii akɔboa ma wɔasisi Ahenni Asa. Ɛtɔ mmere bi a na wɔn ho sika reyɛ asa, nanso na Yehowa hwɛ wɔn daa. Claire ka sɛ: “Sɛ yɛhwɛ sɛnea da biara da yɛsom Yehowa no a, yɛnya akomatɔyam kɛse. Yɛanya nnamfo pii wɔ mmeae a yɛakɔ no, na hwee nhia yɛn. Sɛ yɛhwɛ anigye a yɛanya sɛ yɛde yɛn bere nyinaa resom Yehowa a, yɛrentumi mfa ntoto nneɛma kakra a yɛagya no hɔ no ho.” Anuanom pii a wɔde wɔn bere nyinaa resom Yehowa no nso te nka saa ara. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

18. Nsɛm bɛn na yɛbɛtumi abisa yɛn ho?

18 Wohu sɛ wobɛtumi ayere wo ho ayɛ Yehowa som adwuma no yie? Nneɛma bi retwetwe w’adwene afi ade a ɛho hia paa no so? Sɛ ɛte saa a, dɛn na wobɛtumi ayɛ? Ebia wobɛtumi ama wo Bible akenkan ne sɛnea wosua Bible no atu mpɔn. Adesua a ɛdi hɔ no bɛkyerɛ sɛnea wobɛtumi ayɛ saa.

^ nky. 7 Hwɛ asɛm a wɔato din “Ogyimfoɔ Gye Nsɛm Nyinaa Di” no.

^ nky. 17 Hwɛ Hadyn ne Melody Sanderson asetenam nsɛm no nso. Asɛmti ne “Nea Ɛteɛ a Yebehu na Yɛayɛ.” (Ɔwɛn-Aban, March 1, 2006) Ná wɔn adwuma a ɛwɔ Australia no rekɔ yie, nanso wɔtɔnee, na wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Bere a wɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ India no, bere bi wɔn sika saeɛ. Kenkan nea ɛsii.