Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam

Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam

ME MAAME bisaa me sɛ: “Adɛn nti na wompɛ sɛ wosom wo nananom a wɔawuwuo no? Wonnim sɛ wɔn nti na wote ase? W’ani nsɔ nea wɔayɛ ama wo? Worentumi nto amammerɛ a yɛn nananom de agya nkyirimma nkyene saa. Sɛ woansom yɛn nananom a wɔawuwuo no a, na worepɛ akyerɛ sɛ mfaso biara nni yɛn som no so.” Bere a Maame kaa saa wieeɛ no, ɔtuee suu mu.

Abosome kakra ansa na saa asɛm yi resi no, na Yehowa Adansefo aka akyerɛ me maame sɛ wɔpɛ sɛ wɔne no sua Bible. Ná ɔmpɛ sɛ ɔsua Bible no, nanso na ɔpɛ sɛ ɔdi Adansefo no ni, enti ɔkaa sɛ wɔne me mmom nsua Bible no. Afei deɛ, me na ne bo afuw me yi. Ɛyɛɛ me nwonwa paa efisɛ na metie n’asɛm daa. Nanso, na mepɛ sɛ mema Yehowa ani gye, enti na merentumi ntie me maame asɛm saa bere yi. Ná ɛnyɛ mmerɛ, nanso Yehowa hyɛɛ me den.

SƐNEA MEHUU YEHOWA

Japanfo dodow no ara yɛ Buddhafo, na me nso m’abusuafo yɛ Buddhafo. Nanso, me ne Yehowa Adansefo suaa adeɛ abosome mmienu akyi no, mehuu sɛ Bible no ne nwoma a ɛyɛ nokware. Bere a mebɛhuu sɛ mewɔ Agya bi wɔ soro no, na mepɛ sɛ mehu no yie paa. Mfiase no, na me ne Maame ani gye ho sɛ yɛbɛbɔ nea meresua no ho nkɔmmɔ. Mefii ase kɔɔ asafo nhyiam Kwasida wɔ Ahenni Asa so. Bere a megu so resua adeɛ no, meka kyerɛɛ Maame sɛ merenyɛ Buddhafo amanne no bio. Me maame suban sesaa prɛko pɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ animguase sɛ yɛn busuani mpɛ sɛ ɔsom yɛn nananom a wɔawuwuo no.” Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ mennyae Bible a meresua no ne asafo nhyiam a mekɔ no. Manso dae da sɛ me maame bɛka asɛm a ɛte saa! Ná wasesa koraa.

Paapa kɔkaa Maame ho. Ná mahu wɔ Efesofoɔ ti 6 sɛ Yehowa pɛ sɛ metie m’awofo asɛm. Ná mepɛ sɛ asomdwoe san ba yɛn abusua mu bio, na menyaa adwene sɛ sɛ metie wɔn a, akyiri yi wɔn nso bɛtie m’asɛm. Saa bere no, na meresua adeɛ akɔkyerɛw sukuu sɔhwɛ, enti metiee m’awofo, na meyɛɛ m’adwene sɛ mɛgyae adesuakɔ abosome mmiɛnsa. Nanso, mehyɛɛ Yehowa bɔ sɛ sɛ abosome mmiɛnsa no sõ a, mɛsan akɔ asafo nhyiam bio.

Nneɛma mmienu bi nti, na saa gyinae a mesiiɛ no nyɛ papa. Nea ɛdi kan, na mesusu sɛ abosome mmiɛnsa bɛso no, na ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsom Yehowa no mu da so ara yɛ den. Nanso, me ne Yehowa ntam sɛee ntɛmntɛm. Nea ɛto so mmienu, Maame ne Paapa yɛeɛ araa sɛ wɔbɛma magyae Yehowa som.

MMOA A MENYAEƐ NE ƆSƆRETIA A MEHYIAEƐ

Ná mahyia Adansefo pii a wɔn nso abusuafo asɔre atia wɔn wɔ Ahenni Asa so. Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ Yehowa bɛhyɛ me den. (Mateo 10:34-37) Wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ mekɔ so ara di Yehowa nokware a, m’abusuafo nso bɛtumi asua Yehowa ho ade. Ná mepɛ sɛ mede me ho to Yehowa so, enti mefii ase bɔɔ mpae dendeenden.

M’abusuafo faa akwan ahorow so sɔre tiaa me. Maame paa me kyɛw sɛ mennyae Bible a meresua no, na ɔsan nso ne me susuu nsɛm ho. Mpɛn pii no, na meyɛ komm tie no. Sɛ ɛba sɛ meka asɛm bi a, na adan akyinnyegye efisɛ na obiara pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ n’asɛm yɛ dɛ. Seesei mehu sɛ, sɛ anka metoo me bo ase maa Maame ɛnna mankasa antia nea ɔgye di a, ebia anka nneɛma bɛyɛ yie kakra. Esiane sɛ na m’awofo mpɛ sɛ mekɔ baabiara nti, na wɔhyɛ da ma me adwuma pii yɛ wɔ fie. Ɛtɔ mmere bi nso a, na wɔto me pono mu ma meka abɔnten anaasɛ wɔnnya me aduane biara.

Maame ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnka bi mma no mma mensesa m’adwene. Ɔne me kyerɛkyerɛfo kasaeɛ, nanso ankɔsi hwee. Maame de me kɔɔ n’adwumam panyin hɔ sɛ ɔmma me nnye ntom sɛ mfaso biara nni ɔsom a aka nyinaa so. Ɔfrɛɛ yɛn abusuafo nso wɔ tɛlɛfon so, na ɔde sũ paa wɔn kyɛw sɛ wɔmmoa no. Wei hyɛɛ me abufuo paa. Nanso sɛ mekɔ asafo nhyiam a, na mpanyimfo no ka kyerɛ me sɛ sɛ Maame ka yɛn tebea no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, na ɔredi wɔn adanse.

Ná m’awofo pɛ sɛ mekɔ sukuupɔn sɛnea ɛbɛyɛ a mɛnya adwuma pa ayɛ. Yɛantumi antena ase anka saa asɛm yi wɔ asomdwoe mu efisɛ na abufuo wɔ yɛn nyinaa mu. Enti mekyerɛw nkrataa ahorow de kyerɛkyerɛ nea mepɛ sɛ meyɛ ankasa mu kyerɛɛ wɔn. Paapa bo fuwii paa, na ɔkaa sɛ: “Sɛ ɛyɛ wo sɛ wobɛnya adwuma ayɛ a, ɛnneɛ ɔkyena nko ara kɔpɛ bi, anyɛ saa a wobɛfi fie ha.” Mebɔɔ Yehowa mpae na mesrɛɛ no sɛ ɔmmoa me. Ade kyee no ara, bere a menam asɛnka mu no, anuanom mmaa mmienu maa me adwuma. Wɔka kyerɛɛ me sɛ memmɛkyerɛ wɔn mma adeɛ. Paapa ani annye ho, enti na ɔne me nkasa, na na ɔmpɛ m’anim mpo ahu. Maame kaa sɛ, sɛ meyɛ nsɛmmɔnedifo mpo a, anka ɔpɛ no saa sen sɛ mɛyɛ Yehowa Dansefo.

Yehowa boaa me ma metenetenee m’adwene, na ɔma mehuu nea ɛsɛ sɛ meyɛ

Ɛtɔ da bi a na mentumi nhu sɛ Yehowa ani gye ho sɛ merebu m’awofo asɛm so anaa. Enti mebɔɔ Yehowa mpae, na medwendwenee nea Bible ka fa ne dɔ ho. Wei boaa me ma menyaa adwempa wɔ m’awofo ho, na ɛmaa mehuu sɛ wɔdwene me ho nti na na wɔsɔre tia me no. Yehowa boaa me ma metenetenee m’adwene, na ɔma mehuu nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Afei nso, bere a mereyɛ asɛnka adwuma no kɛse no, na m’ani gye ara na ɛregye. Nokwasɛm ne sɛ, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo.

MEBƐYƐƐ ƆKWAMPAEFO

Bere a anuanom mmaa bi tee sɛ mepɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo no, wɔka kyerɛɛ me sɛ mentwɛn mma m’awofo bo nnwo ansa. Mebɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa, meyɛɛ nhwehwɛmu, medwenee nea enti a mepɛ sɛ meyɛ akwampae adwuma no ho, na me ne anuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ suahu bɔɔ ho nkɔmmɔ. Afei mesii gyinae sɛ mepɛ sɛ mema Yehowa ani gye. Bio nso, mebɛhuu sɛ sɛ metwɛn kakra ansa na mafi akwampae adwuma ase mpo a, ɛnkyerɛ sɛ m’awofo bɛsesa wɔn suban.

Aka afe baako ma mawie ntoaso sukuu no na mefii akwampae adwuma ase. Bere a meyɛɛ akwampae adwuma kakra no, meyɛɛ sɛ mɛkɔ baabi a adawurubɔfo nnɔɔso akɔboa. Nanso na Maame ne Paapa mpɛ sɛ mefi fie. Enti metwɛn kɔsii sɛ medii mfe 20. Eduu hɔ no, meka kyerɛɛ baa dwumadibea no sɛ wɔmma me dwumadi wɔ Japan anafo fam a ɛbɛn baabi a m’abusuafo afoforo wɔ sɛnea ɛbɛyɛ a Maame nnwennwene pii.

Bere a mewɔ hɔ no, me Bible asuafo pii bɔɔ asu ma m’ani gyeeɛ. Mefii ase suaa Borɔfo kasa efisɛ na mepɛ sɛ meyɛ pii wɔ me som mu. Ná akwampaefo atitiriw mmienu bi wɔ m’asafo mu, na mehuu nsi ne ahokeka a na wɔwɔ, ne sɛnea wɔboaa afoforo no. Wei maa me nso mede sii m’ani so sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo titiriw. Saa bere no ara, Maame yaree dendeenden mprenu, na emu biara no mekɔɔ fie kɔhwɛɛ no. Wei yɛɛ no nwonwa, na ɛmaa ne bo dwoo kakra.

MANYA NHYIRA PII AFI YEHOWA HƆ

Mfe nson akyi no, akwampaefo atitiriw a mekaa wɔn ho asɛm no mu baako kyerɛw me krataa. Ne din de Atsushi. Ná ɔpɛ sɛ ɔware, na na ɔpɛ sɛ ɔhu sɛ m’ani gye ne ho anaa. Mannya Atsushi ho anigye da sɛ mɛware no, na na mennye nni sɛ ɔno nso wɔ me ho adwene bi a ɛte saa. Bosome baako akyi no, memaa no mmuaeɛ sɛ m’ani bɛgye ho sɛ mɛhu no yie. Yɛhuu sɛ ade koro no ara na yɛn nyinaa de asi yɛn ani so. Ná yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bere nyinaa som adwuma no, na na yɛayɛ krado sɛ dwumadi biara a wɔde bɛma yɛn no, yɛbɛyɛ. Akyiri yi, yɛwaree. M’ani gyee paa sɛ Maame ne Paapa, ne m’abusuafo afoforo baa yɛn ayeforohyia no.

Nepal

Ɛno akyi bere tiaa bi no, bere a yɛresom sɛ daa akwampaefo no, wɔkaa sɛ Atsushi nkɔyɛ ɔmansin sohwɛfo boafo nsrasra asafo ahorow. Akyiri yi, wɔma yɛkɔyɛɛ akwampaefo atitiriw, na ɛno akyi no, wɔmaa yɛn ɔmansin ma yɛsrasraa asafo ahorow. Bere a yɛsrasraa asafo ahorow a ɛwɔ yɛn mansin no mu nyinaa wiei bere a ɛdi kan no, baa dwumadibea no frɛɛ yɛn wɔ tɛlɛfon so. Ná wɔpɛ sɛ wɔhu sɛ yɛn ani bɛgye ho sɛ yɛbɛkɔ Nepal akɔtoa ɔmansin adwuma no so anaa.

Yɛsomee wɔ aman ahorow so, na ɛma mesuaa Yehowa ho ade pii

Ná Nepal wɔ akyirikyiri, enti nea na ɛhaw me ne sɛnea na m’awofo bɛte nka sɛ meretu akɔ hɔ. Bere a mefrɛɛ wɔn wɔ tɛlɛfon so no, Paapa kaa sɛ, “Worekɔ beae a ɛhɔ yɛ anika.” Ná Paapa adamfo bi ama no nwoma a ɛka Nepal ho asɛm nnawɔtwe a na atwam no, na na Paapa ayɛ n’adwene mpo sɛ ɛhɔ yɛ anika nti, ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ hɔ.

Nepalfo pɛ nnipa, enti yɛn ani gyee wɔ hɔ. Akyiri yi wɔde Bangladesh bɛkaa yɛn mansin no ho. Ɛwom sɛ ɛbɛn Nepal deɛ, nanso na ɛsono sɛnea ɛhɔ te koraa. Ná yɛtumi fa akwan ahorow pii so yɛ asɛnka adwuma no. Mfe nnum akyi no, wɔsan ma yɛbaa Japan, na seesei ɛhɔ na yɛreyɛ ɔmansin adwuma no.

Mesuaa Yehowa ho ade pii bere a yɛsomee wɔ Japan, Nepal, ne Bangladesh no. Ɛsono nnipa a wɔwɔ saa aman yi biara mu amammerɛ, wɔn suban, ne wɔn amanneɛ. Afei nso, ɛsono sɛnea obiara te. Mahu sɛ Yehowa hwɛ ankorankoro, ɔgye wɔn tom, ɔboa wɔn, na ɔhyira wɔn.

Yehowa ayɛ nneɛma pii ama me a ɛsɛ sɛ meda no ase. Wama mahu no, wama mereyɛ n’adwuma, na wama me okunu pa wɔ Kristofo asafo no mu. Onyankopɔn aboa me ma masisi gyinae pa, na seesei me ne ne ntam ne m’abusuafo ntam ayɛ kama. Yehowa adom so, me ne Maame asan ayɛ nnamfo bio. Meda Yehowa ase paa sɛ asomdwoe aba me ne Onyankopɔn ne me maame ntam.

Yɛn ani gye paa wɔ ɔmansin adwuma no mu