Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Wo Kasa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

Ma Wo Kasa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

‘Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, O Yehowa.’—DWOM 19:14.

NNWOM: 82, 77

1, 2. Adɛn nti na Bible de kasa a yɛtumi kasa no toto ogya ho?

AFE 1871 no, ogya tɔɔ kwae bi mu wɔ Wisconsin, United States. Ogya no trɛwee ntɛmntɛm, na ɛhyee nnua bɛyɛ ɔpepepem mmienu dwerɛbee. Ɛkunkum nnipa bɛboro 1,200. Nokwarem no, saa ogya no kunkum nnipa pii sen ogya biara a atɔ United States pɛn. Ɛbɛyɛ sɛ ogya nketenkete bi a efi keteke a na ɛretwam ase na ɛmaa saa ogyatanaa no tɔɔ kwae no mu. Wei ma yɛkae Bible mu asɛm bi. Ɛka sɛ: “Hwɛ! Egya ketewa a ɛtumi hye kwaeɛ mũ!” (Yakobo 3:5) Adɛn nti na Bible kyerɛwfo Yakobo kaa saa asɛm no?

2 Yakobo kaa sɛ: “Kɛtrɛma yɛ egya.” (Yakobo 3:6) Asɛmfua “kɛtrɛma” kyerɛ kasa a yɛtumi kasa. Sɛnea ogya tumi sɛe ade no, saa ara na yɛn kasa nso bɛtumi asɛe nneɛma pii. Yɛn kasa bɛtumi anya afoforo so tumi kɛse. Bible mpo ka sɛ yɛn kasa bɛtumi ama afoforo anya nkwa anaasɛ ama wɔawu. (Mmebusɛm 18:21) Nanso esiane sɛ, sɛ yɛkasa a yɛbɛtumi aka asɛm bi a ɛnhyɛ nkuran nti, ɛnsɛ sɛ yɛkasa koraa anaa? Dabida. Ogya bɛtumi ahye yɛn, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsɔ gya yɛ biribiara. Mmom no, yɛhwɛ yie wɔ sɛnea yɛde ogya yɛ ade ho. Nhwɛso ahorow bi ni. Yɛbɛtumi de ogya anoa yɛn aduane, atena ho ma yɛn ho ayɛ yɛn hyew, na ama yɛn kanea. Saa ara na sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yie a, yɛbɛtumi de ahyɛ Yehowa anuonyam na afoforo nso anya so mfaso.—Dwom 19:14.

3. Sɛ yɛrekasa a, nneɛma mmiɛnsa bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ afoforo nkuran?

3 Yehowa ama yɛtumi ka nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu kyerɛ afoforo. Yɛde yɛn ano anaa yɛn nsa na ɛyɛ saa. Ɛnneɛ, yɛbɛyɛ dɛn atumi de akyɛde kɛse yi ahyɛ afoforo nkuran? (Kenkan Yakobo 3:9, 10.) Ɛhia sɛ yɛhu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa, asɛm a ɛsɛ sɛ yɛka, ne ɔkwan a yɛbɛfa so akasa.

BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐKASA?

4. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm?

4 Ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛkasa. Bible ka sɛ “kommyɛ wɔ ne berɛ.” (Ɔsɛnkafoɔ 3:7) Nhwɛso bi ni. Sɛ afoforo rekasa na yɛyɛ komm tie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛbu wɔn. (Hiob 6:24) Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛka kokoam nsɛm a ɛnsɛ sɛ afoforo te ho asɛm. (Mmebusɛm 20:19) Sɛ obi hyɛ yɛn abufuo na yɛbɔ mmɔden yɛ komm na yɛanka biribiara a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafo.—Dwom 4:4.

5. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ akyɛde a Yehowa de ama yɛn a ɛma yɛtumi kasa no?

5 Mmere bi nso wɔ hɔ a, ɛyɛ papa sɛ yɛkasa. (Ɔsɛnkafoɔ 3:7) Bere a yɛde yi Yehowa ayɛ, yɛde hyɛ afoforo nkuran, yɛde ka yɛn komam asɛm, na yɛde ka nea yɛhia kyerɛ afoforo nso wɔ hɔ. (Dwom 51:15) Sɛ yɛde akyɛde a Yehowa de ama yɛn a ɛma yɛtumi kasa no yɛ saa a, yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ saa akyɛde no. Sɛ yɛn adamfo bi ma yɛn akyɛde a ɛsom bo a, yɛde di dwuma yie.

6. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛkasa wɔ bere a ɛfata mu?

6 Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛkasa wɔ bere a ɛfata mu? Mmebusɛm 25:11 ka sɛ: “Asɛm a wɔka no berɛ a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a ɛgu dwetɛ anwenneɛ mu.” Sika aduaba yɛ fɛ, nanso sɛ wɔde gu dwetɛ anwenneɛ mu a, ɛbɛma ayɛ fɛ kɛse paa. Ebia yɛn nso yɛwɔ asɛmpa bi a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ obi. Sɛ yɛka saa asɛm no wɔ bere a ɛfata mu a, yɛbɛtumi aboa saa nipa no paa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

7, 8. Dɛn na yɛn nuanom a wɔwɔ Japan yɛeɛ de suasuaa Yesu?

7 Sɛ yɛankasa wɔ bere a ɛfata mu a, ebia nkurɔfo rente yɛn ase anaa wɔrennye asɛm a yɛreka no ntom. (Kenkan Mmebusɛm 15:23.) Nhwɛso bi ni. March 2011 no, asasewosow bi sii wɔ po mu maa nsuo twi faa nkuro pii so wɔ Japan apuei fam. Ɛkum nnipa bɛboro 15,000. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo pii abusuafo ne wɔn nnamfo wuwuiɛ deɛ, nanso na wɔpɛ sɛ wɔde Bible hyɛ afoforo a wɔn nso abusuafo ne wɔn nnamfo awuwu no nkuran. Ná anuanom nim sɛ saa nkurɔfo no pii yɛ Buddhafo, na wɔnni Bible mu nimdeɛ. Enti sɛ́ anka anuanom bɛka owusɔre ho asɛm akyerɛ wɔn saa bere no, wɔkaa nea enti amanehunu a ɛte saa to nnipa pa ho asɛm mmom de kyekyee wɔn werɛ.

8 Saa anuanom no suasuaa Yesu. Ná Yesu nim bere a ɛfata sɛ ɔyɛ komm, saa ara nso na na ɔnim bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa. (Yohane 18:33-37; 19:8-11) Ɔtwɛn kɔsii bere a ɛfata ansa na ɔreka nsɛm bi akyerɛ n’asuafo no. (Yohane 16:12) Anuanom a wɔwɔ Japan no huu bere a ɛfata sɛ wɔka owusɔre ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no. Bere a nsuo twi faa nkuro no so akyi mfe mmienu ne fã no, wɔde So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio? kratawa no maa nkurɔfo. Bebree gyee saa kratawa no, na asɛm a wɔkenkanee no hyɛɛ wɔn nkuran. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛsusu nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu amammerɛ ne wɔn gyidi ho na ama yɛatumi ahu bere a ɛfata sɛ yɛkasa kyerɛ wɔn.

Ɛsɛ sɛ yɛnya abotare na yɛpɛ bere a nkurɔfo ani bɛgye ho sɛ wɔbɛtie yɛn

9. Tebea afoforo bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛkasa wɔ bere a ɛfata mu?

9 Tebea afoforo bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛkasa wɔ bere a ɛfata mu? Ebia obi aka asɛm bi ma yɛn bo afuw. Sɛ́ anka yɛbɛka bi akyerɛ no ɛhɔ ara na yɛaka asɛm bi a nyansa nnim akyerɛ no no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛdwene asɛm no ho na yɛbisa yɛn ho sɛ: ‘Ná ɔpɛ sɛ ɔka asɛm ma ɛyɛ me yaw? Ɛho hia paa sɛ meka biribi kyerɛ no wɔ nea waka akyerɛ me no ho?’ Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrenka hwee. Nanso sɛ ɛho hia sɛ yɛka biribi kyerɛ no a, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kɔsi sɛ yɛn bo bɛdwo. (Kenkan Mmebusɛm 15:28.) Anaasɛ ɛbɛtumi aba sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo nkuran ma wɔhu Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛnya abotare na yɛdwene asɛm a yɛpɛ sɛ yɛka no ho yie. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere a wɔn ani bɛgye ho sɛ wɔbɛtie yɛn.

DƐN NA ƐSƐ SƐ YƐKA?

10. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yie? (b) Nsɛm bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛka?

10 Yɛn anom asɛm bɛtumi ama afoforo bo atɔ wɔn yam anaasɛ ɛbɛtumi ama wɔadi yaw. (Kenkan Mmebusɛm 12:18.) Esiane sɛ nnipa pii a wɔwɔ Satan wiase yi mu pɛ sɛ wɔma afoforo di yaw na wɔhyɛ wɔn abufuo nti, wɔka ‘nsɛm a ɛyɛ ya’ a ɛte sɛ “agyan” anaa “nkrantɛ” kyerɛ wɔn. (Dwom 64:3) Nnipa pii sua saa kasa a ɛmfata yi fi sini ne television so dwumadi a wɔhwɛ mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ Kristofo ka nsɛm a ɛyɛ ya, na ɛnsɛ sɛ wɔde yɛ aseresɛm mpo. Aseresɛm yɛ adepa na ɛbɛtumi ama asɛm bi a yɛka ayɛ dɛ. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm ma ɛtwi afoforo, kyerɛ sɛ, yɛbɛka asɛm bi de ahyɛ obi aniwu anaasɛ yɛde adi no atɛm ma afoforo aserew no. Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘kasa tia’ afoforo. Ɛsan nso ka sɛ: “Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom, na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.”—Efesofoɔ 4:29, 31.

11. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛaka nsɛm a ɛfata?

11 Yesu kaa sɛ “deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.” (Mateo 12:34) Wei kyerɛ sɛ nsɛm a yɛka bɛtumi ama afoforo ahu nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Sɛ yɛdɔ afoforo na yɛdwene wɔn ho paa a, yɛbɛka nsɛm a ɛfata akyerɛ wɔn. Yɛbɛma yɛn anom nsɛm ayɛ nea ɛfata na ɛhyɛ nkuran.

12. Dɛn bio na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛaka nsɛm a ɛfata?

12 Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa ansa na yɛatumi aka nsɛm a ɛfata. Ɛwom sɛ na Ɔhene Solomon yɛ onyansafo deɛ, nanso “ɔdwendwenee nneɛma ho yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri” sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛnya nsɛm a ɛyɛ dɛ na ɛyɛ nokware akyerɛw. (Ɔsɛnkafoɔ 12:9, 10) Dɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛahu asɛm a ɛfata sɛ yɛka? Yɛbɛtumi ahwɛ Bible ne yɛn nwoma ahorow mu na yɛahu akwan foforo a yɛbɛfa so akasa. Ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛate nsɛm bi a yɛnte ase no ase. Yɛbɛtumi nso asuasua Yesu na yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so akasa ma ahyɛ afoforo nkuran. Ná Yesu nim asɛm pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔka efisɛ na Yehowa akyerɛkyerɛ no ma wahu ‘asɛm a ɔde bɛbua deɛ wabrɛ.’ (Yesaia 50:4) Ɛho hia nso sɛ yɛdwene sɛnea yɛn anom asɛm bɛka afoforo ho. (Yakobo 1:19) Yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ meka saa asɛm yi a, onipa no bɛte nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no no ase? Ɔbɛte nka sɛn?’

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a emu da hɔ?

13 Totorobɛnto nnyegyeeɛ na na wɔde kasa kyerɛ Israelfo. Ná nnyegyeeɛ no baako kyerɛ sɛ ɔman no nhyia. Ná nnyegyeeɛ foforo nso kyerɛ sɛ asraafo nto nhyɛ wɔn atamfo so. Sɛ totorobɛnto no annyegye yie anaa emu anna hɔ a, wo deɛ hwɛ asɛm a anka ɛbɛto asraafo no! Bible de totorobɛnto nnyegyeeɛ a emu da hɔ toto asɛm a emu da hɔ ho. Sɛ yɛankyerɛkyerɛ nsɛm mu yie a, nkurɔfo adwene bɛtu afra anaasɛ ebia wɔbɛgye atosɛm bi adi. Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yɛma yɛn kasa mu da hɔ yie deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie sɛ yɛrenka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ yɛmmu adeɛ anaasɛ yɛbu afoforo animtiaa.—Kenkan 1 Korintofoɔ 14:8, 9.

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu kaa nsɛm a emu da hɔ?

14 Mateo ti 5 kɔsi ti 7 yɛ nhwɛso pa a ɛma yɛhu sɛnea Yesu kaa nsɛm a emu da hɔ. Saa kasa a ɔmaeɛ no mu no, wanka nsɛm bi a emu yɛ den anaa ɛho nhia amma nkurɔfo ho annwiri wɔn. Saa ara nso na wanka nsɛm a ɛbɛyɛ nkurɔfo yaw. Yesu kaa nneɛma a ɛho hia paa na emu dɔ ho asɛm, nanso na ne nsɛm a ɔkaeɛ no mu da hɔ. Nhwɛso bi ni. Ná Yesu pɛ sɛ n’asuafo no nya awerɛhyem sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdwene nea wɔbɛdi da biara da ho. Enti ɔkaa sɛ Yehowa ma nnomaa aduane bere nyinaa. Afei ɔbisaa asuafo no sɛ: “Monsom bo pii nsene wɔn anaa?” (Mateo 6:26) Asɛm a emu da hɔ a Yesu kaeɛ no boaa asuafo no ma wɔnyaa asuade bi, na ɛhyɛɛ wɔn nkuran.

SƐN NA ƐSƐ SƐ YƐNE NKURƆFO KASA?

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kasa yɛ dɛ?

15 Asɛm a yɛka kyerɛ nkurɔfo ho hia, na saa ara na ɔkwan yɛfa so ne wɔn kasa nso ho hia. Ná Yesu kasa yɛ nkurɔfo dɛ efisɛ na ne kasa ‘ka akoma,’ anaasɛ ɛma akomatɔyam. (Luka 4:22) Sɛ yɛma yɛn kasa yɛ dɛ a, nkurɔfo ani bɛgye ho sɛ wɔbɛtie yɛn na wɔagye asɛm a yɛka no atom. (Mmebusɛm 25:15) Sɛ yɛbu afoforo na yɛnya tema ma wɔn a, yɛbɛtumi ne wɔn akasa ma wɔn koma atɔ wɔn yam. Saa na Yesu yɛeɛ. Bere bi a Yesu huu nnipakuw bi a na wɔpɛ sɛ wɔtie no no, n’ani gyee paa sɛ ɔbɛnya bere ama wɔn, na wakyerɛkyerɛ wɔn nneɛma pii. (Marko 6:34) Bere a nkurɔfo sopaa Yesu no, wansopa wɔn bi.—1 Petro 2:23.

16, 17. (a) Sɛ yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo rekasa a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Ɔkwan bɛn so na maame bi kasa a ɔma ɛyɛɛ dɛ no boaa paa?

16 Ɛwom sɛ yɛdɔ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo deɛ, nanso esiane sɛ yɛnim wɔn yie nti, anhwɛ a yɛbɛka nsɛm a ɛnyɛ dɛ akyerɛ wɔn. Ebia yɛbɛnya adwene sɛ ɛho nhia sɛ yɛhwɛ yie wɔ sɛnea yɛbɛkasa akyerɛ wɔn ho. Nanso Yesu anka nsɛm a ɛyɛ yaw ankyerɛ ne nnamfo bere a ɔne wɔn rekasa no. Bere a wɔn mu binom gyee nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho akyinnye no, ɔtenetenee wɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ɔde abofra kumaa bi yɛɛ nhwɛso maa wɔn sɛnea ɛbɛboa wɔn ma wɔasesa wɔn adwene. (Marko 9:33-37) Asafo mu mpanyimfo bɛtumi asuasua Yesu na wɔatu afoforo fo ɔdwoɔ mu.—Galatifoɔ 6:1.

17 Sɛ obi ka asɛm ma ɛhaw yɛn na yɛamma yɛn bo amfuw na yɛma yɛn kasa yɛ dɛ a, ɛbɛtumi aboa paa. (Mmebusɛm 15:1) Nhwɛso bi ni. Ná ɔbaatankoro bi babarima ayɛ ne ho sɛ ɔresom Yehowa, nanso na ɔreyɛ nneɛma bɔne. Onuawa bi a ɔwɔ asafo no mu a na aberante no maame asɛm haw no kaa sɛ: “Ɛyɛ me yaw paa sɛ woantumi antete wo ba no yie.” Maame no dwenee asɛm no ho na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ seesei deɛ nneɛma nkɔ yie, nanso megu so retete no. Harmagedon akyi yɛbɛbɔ nkɔmmɔ; saa bere no na yɛbɛhu nea asɛm no akɔsi.” Esiane sɛ maame no bo amfuw onuawa no, na ɔmaa ne kasa yɛ dɛ nti, wɔn ntam ansɛe. Afei nso, ne babarima no tee asɛm a ne maame kaeɛ no, na ɔhuu sɛ ne maame da so ara gye di sɛ ɔbɛtumi asesa. Enti ɔgyaee fekubɔne no, ɔbɔɔ asu, na akyiri yi ɔkɔsom wɔ Betel. Sɛ́ ebia yɛne yɛn nuanom, yɛn abusuafo, anaa nnipa a yɛnnim wɔn na ɛrekasa no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn kasa ho ‘ba nyam berɛ nyinaa na nkyene ba mu.’—Kolosefoɔ 4:6.

18. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu wɔ yɛn kasa mu?

18 Yehowa ama yɛn akyɛde kɛse a ɛma yɛtumi ka nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu kyerɛ afoforo. Sɛ yɛsuasua Yesu a, yɛbɛkasa bere a ɛfata mu, yɛbɛhwɛ yɛn kasa yie, na yɛabɔ mmɔden ama yɛn kasa ayɛ dɛ bere nyinaa. Enti momma yɛmfa yɛn kasa nhyɛ afoforo nkuran na yɛmma Yehowa ani nnye.