Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Bɛwowa Wo

Yehowa Bɛwowa Wo

“Yehowa bɛwowa no yarepa so.”—DWOM 41:3.

NNWOM: 23, 138

1, 2. Sɛ yɛyare a, ɛtɔ mmere bi a dɛn na yɛbɛtumi adwendwene ho, na ɛho nhwɛso bɛn na ɛwɔ Bible mu?

SƐ YAREƐ bi a emu yɛ den abɔ wo pɛn a, ebia wobisaa sɛ: ‘Me ho bɛtɔ me anaa?’ Anaa ebia wo busuani anaa w’adamfo bi yare, na wobisaa wo ho sɛ ne ho bɛsan ayɛ no den bio? Nea obiara pɛ ne sɛ ɔno anaa n’adɔfo bɛnya apɔwmuden. Yɛakenkan nnipa bi a wɔyareeɛ a na wɔpɛ sɛ wɔhu sɛ wɔn ho bɛtɔ wɔn ho asɛm wɔ Bible mu. Wɔn mu baako ne Ahab ne Yesebel ba Ɔhene Ahasia. Ɔpiraeɛ, na na ɔpɛ sɛ ɔhu sɛ ne ho bɛtɔ no anaa. Akyiri yi, Asiria hene Ben-Hadad yareeɛ, na ɔkɔɔ abisa kɔhwɛɛ sɛ ne ho bɛtɔ no anaa.—2 Ahemfo 1:2; 8:7, 8.

2 Bible san ka sɛ tete no, Yehowa saa nkurɔfo yareɛ anwonwakwan so mmere bi, na ɔmaa n’adiyifo nyanee nnipa a na wɔawu mpo. (1 Ahemfo 17:17-24; 2 Ahemfo 4:17-20, 32-35) Ɛnnɛ, sɛ obi yare a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛsa no yareɛ anwonwakwan so anaa?

3-5. Dɛn na Yehowa ne Yesu bɛtumi ayɛ, na nsɛmmisa bɛn na yɛbɛsusu ho?

3 Yehowa tumi ma nnipa apɔwmuden sesa. Ɔtwee Farao a na ɔwɔ Abraham bere so ne Mose nuabaa Miriam aso. Ɔmaa wɔn mmienu nyinaa yaree. (Genesis 12:17; Numeri 12:9, 10; 2 Samuel 24:15) Bere a Israelfo anni Yehowa nokware no, ɔde “nyarewa ne amanehunu” twee wɔn aso. (Deuteronomium 28:58-61) Mmere foforo nso, Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban fi yareɛ ho. (Exodus 23:25; Deuteronomium 7:15) Ɔsaa wɔn mu binom mpo yareɛ. Wɔn mu baako ne Hiob. Bere a yareɛ bi a emu yɛ den bɔɔ no a na anka ɔpɛ sɛ ɔwu no, Yehowa saa no yareɛ.—Hiob 2:7; 3:11-13; 42:10, 16.

4 Yɛgye di paa sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde sa wɔn a wɔyare yareɛ. Yesu nso tumi sa yareɛ. Bere a ɔwɔ asase so no, ɔsaa wɔn a na wɔyare kwata anaa wɔn a na wɔtwa yareɛ. Ɔsaa anifuraefo ne wɔn a na wɔabubu yareɛ. (Kenkan Mateo 4:23, 24; Yohane 9:1-7) Saa anwonwade ahorow yi ma yɛhu sɛ Yesu bɛyɛ anwonwade akɛse wɔ wiase foforo no mu. Saa bere no, “ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24.

5 Enti, ɛnnɛ sɛ yɛyare dendeenden a, yɛbɛtumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa anaa Yesu bɛsa yɛn yareɛ anwonwakwan so? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsusu ho bere a yɛrehwehwɛ ayaresa?

SƐ WOYARE A, FA WO HO TO YEHOWA SO

6. Dɛn na Bible ka fa anwonwade a Kristofo yɛeɛ wɔ asomafo no bere so no ho?

6 Asomafo no bere so no, Yehowa de ne honhom kronkron sraa Kristofo, na ɔmaa wɔn mu binom tumi ma wɔde yɛɛ anwonwade. (Asomafoɔ Nnwuma 3:2-7; 9:36-42) Ɛho nhwɛso ne sɛ na wɔtumi sa yareɛ, na na wɔtumi ka kasa ahorow nso. (1 Korintofoɔ 12:4-11) Nanso, saa anwonwade no baa awiei akyiri yi, sɛnea Bible kaa sɛ ɛbɛyɛ no ara. (1 Korintofoɔ 13:8) Enti ɛnnɛ, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛfa anwonwakwan so asa yɛn anaa yɛn adɔfo yareɛ.

Yehowa nim ɔhaw pɔtee a n’asomfo refa mu, na ne werɛ mfi wɔn

7. Ɔkwan bɛn so na Dwom 41:3 bɛtumi akyekye yɛn werɛ?

7 Nanso sɛ woyare a, Yehowa bɛkyekye wo werɛ na waboa wo sɛnea ɔyɛɛ n’asomfo a wɔtenaa ase tete no. Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ; Yehowa bɛgye no ahohia da mu. Yehowa bɛhwɛ ne so na wama no nkwa.” (Dwom 41:1, 2) Nokwasɛm ne sɛ, Dawid anka sɛ onipa pa a na ɔte ase saa bere no a ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ no renwu da. Ɛnneɛ ɔkwan bɛn so na na Yehowa bɛboa onipa pa a ɔte saa no? Dawid kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa bɛwowa no yarepa so; wobɛhwɛ no ne yareɛ mu.” (Dwom 41:3) Yehowa nim ɔhaw pɔtee a n’asomfo refa mu, na ne werɛ mfi wɔn. Ɔbɛtumi ama wɔn akokoduru ne nyansa. Yehowa bɔɔ nipadua no nso wɔ ɔkwan bi so a ɛma ɛtumi sa ne ho yareɛ.

8. Sɛnea Dwom 41:4 kyerɛ no, bere a yareɛ bi a emu yɛ den bɔɔ Dawid no, dɛn na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ mma no?

8 Dawid san ka bere a yareɛ bi a emu yɛ den bɔɔ no ma ɔyɛɛ mmerɛw na ne ho yeraa no ho asɛm wɔ Dwom 41. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na na ne ba Absalom pɛ sɛ ɔtu no fi ade so na ɔbɛsi n’ananmu no. Ná Dawid yare paa, enti wantumi ansiw Absalom kwan. Ná Dawid nim sɛ bɔne a ɔne Bat-Seba yɛeɛ no na ɛde ɔhaw aba n’abusua mu. (2 Samuel 12:7-14) Enti, dɛn na ɔyɛeɛ? Ɔbɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, hu me mmɔbɔ. Sa me kra yareɛ, na mayɛ wo bɔne.” (Dwom 41:4) Ná Dawid nim sɛ Yehowa de ne bɔne akyɛ no, na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn mmoa bere a na ɔyare no. Nanso, na Dawid rehwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ anwonwade bi anaa?

9. (a) Dɛn na Yehowa yɛ maa Ɔhene Hesekia? (b) Dɛn na na Dawid hwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ ama no?

9 Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn saa nnipa bi yareɛ mmere bi. Bere a na Ɔhene Hesekia reyɛ awu no, Yehowa saa no yareɛ. Hesekia nyaa mfe 15 kaa ne mfe ho. (2 Ahemfo 20:1-6) Nanso, na Dawid nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛsa no yareɛ anwonwakwan so. Mmom, na ɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛboa no sɛnea Onyankopɔn boa “deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ” no ara. Ná Dawid ne Yehowa ntam yɛ kama, enti na ɔbɛtumi asrɛ Yehowa sɛ ɔnkyekye ne werɛ na ɔnhwɛ no wɔ ne yareɛ mu. Ɔsrɛe nso sɛ Yehowa mma ne nipadua no nsa ne ho yareɛ na ne ho ntɔ no. Yɛn nso yɛbɛtumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn saa ara.—Dwom 103:3.

10. Dɛn na ɛtoo Trofimo ne Epafrodito, na dɛn na yɛsua fi mu?

10 Asomafo no bere so no, ɛwom sɛ na ɔsomafo Paulo ne afoforo tumi sa yareɛ anwonwakwan so deɛ, nanso ɛnyɛ Kristofo nyinaa na wɔsaa wɔn yareɛ anwonwakwan so. (Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 14:8-10.) Ɔsomafo Paulo saa Publio papa a na atiridii ne yareɛ bi a emu yɛ den abɔ no no yareɛ. Paulo ‘bɔɔ mpaeɛ de ne nsa guu ne so saa no yareɛ.’ (Asomafoɔ Nnwuma 28:8) Nanso, ɛnyɛ obiara a na Paulo nim no na ɔsaa no yareɛ. Trofimo yɛ Paulo adamfo a ɔne no tuu kwan kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no. (Asomafoɔ Nnwuma 20:3-5, 22; 21:29) Bere a Trofimo yareeɛ no, Paulo ansa no yareɛ. Enti na ɛsɛ sɛ Trofimo twa kwan a ɔne Paulo retu no so na ɔtena Mileto hwɛ ne ho yareɛ. (2 Timoteo 4:20) Epafrodito a ɔno nso yɛ Paulo adamfo yaree a anka ɔreyɛ awu. Nanso Bible nka sɛ Paulo saa no yareɛ.—Filipifoɔ 2:25-27, 30.

NYANSAHYƐ BƐN NA WOBƐGYE ATOM?

11, 12. Dɛn na yɛnim fa Luka ho, na ɛbɛyɛ sɛ mmoa bɛn na ɔde maa Paulo?

11 Ná Luka yɛ oduruyɛfo, na ɔne Paulo tutuu akwan. (Asomafoɔ Nnwuma 16:10-12; 20:5, 6; Kolosefoɔ 4:14) Ɛbɛtumi aba sɛ bere a na Paulo ne afoforo nam akwantu mu reyɛ asɛmpatrɛw adwuma no, sɛ wɔn mu bi yare a, na Luka hwɛ wɔn yareɛ. (Galatifoɔ 4:13) Sɛnea Yesu kaeɛ no, “wɔn a wɔyareɛ no” na wɔhia oduruyɛfo.—Luka 5:31.

Sɛ obi ma yɛn ayaresa ho nyansahyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie

12 Ɛnyɛ sɛ na Luka yɛ obi a n’ani gye ho sɛ ɔde apɔwmuden ho nyansahyɛ bɛma kɛkɛ, na mmom na ɔyɛ oduruyɛfo ankasa. Bible nka bere anaa beae pɔtee a wɔtetee Luka ma ɔbɛyɛɛ oduruyɛfo. Nanso Bible ka sɛ Paulo de Luka nkyia kɔmaa anuanom a wɔwɔ Kolose. Enti ɛbɛtumi aba sɛ Luka nyaa ne ntetee wɔ aduruyɛ sukuu a ɛwɔ Laodikea no. Laodikea yɛ kuro bi a ɛbɛn Kolose. Afei nso, Luka de nsɛmfua pɔtee bi a nnuruyɛfo nko ara na wɔde di dwuma hyehyɛɛ Asɛmpa ne Asomafoɔ Nnwuma a ɔkyerɛwee no mu. Esiane sɛ na ɔyɛ oduruyɛfo nti, ɔkaa nnipa a Yesu saa wɔn yareɛ ho nsɛm pii wɔ nwoma a ɔkyerɛwee no mu.

13. Ansa na yɛde ayaresa ho nyansahyɛ bɛma obi anaasɛ yɛbɛgye bi afi obi hɔ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

13 Ɛnnɛ, yɛn nuanom mu biara nni hɔ a ɔbɛtumi ayɛ anwonwade na wasa yɛn yareɛ. Nanso esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn nti, ebia wɔn mu binom bɛma yɛn nyansahyɛ bere mpo a yɛmmisaa wɔn. Ɛwom, nyansahyɛ ahorow bi wɔ hɔ a, ɛmfa ɔhaw biara mma. Ɛho nhwɛso ne bere a Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɛyɛ a ɔnnom bobesa kakra no. Ná yafunyareɛ bi haw Timoteo, na ɛbɛtumi aba sɛ ɔnom nsuo a efĩ wom ntia. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Kenkan 1 Timoteo 5:23.) Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie. Ebia onua bi bɛka sɛ yɛnnom aborɔfoduro anaa ahabannuro pɔtee bi. Ɔbɛtumi aka nso sɛ yɛnni nnuane pɔtee bi anaasɛ mma yɛnni. Ebia ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ ɛboaa ne busuani bi a yareɛ a ɛte saa bɔɔ no. Nanso wei nkyerɛ sɛ ɛbɛboa yɛn nso. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ sɛ aduro anaa ayaresa bi agye nnipa pii mpo a, ɛbɛtumi de ɔhaw pii abrɛ yɛn.—Kenkan Mmebusɛm 27:12.

FA NHUMU YƐ ADWUMA

14, 15. (a) Nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie wɔ wɔn ho? (b) Dɛn na yɛbɛtumi asua afi Mmebusɛm 14:15 mu?

14 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn apɔw mu yɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani bɛgye na yɛayere yɛn ho asom Yehowa. Nanso esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛnyɛ dɛn ara a yɛbɛyare. Akwan a wɔfa so sa nnipa yareɛ dɔɔso, na sɛ yɛyare a, yɛbɛtumi akyerɛ nea yɛpɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa ne nnwumakuw bi ka sɛ wɔanya kwan bi a wɔfa so sa yareɛ a ɛbɛtumi aboa yɛn. Sikanibere nti na wɔyɛ saa. Wɔbɛtumi mpo aka sɛ wɔafa saa kwan no so asa nnipa pii yareɛ ma wɔn ho atɔ wɔn. Sɛ yɛyare a, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho tɔ yɛn na yɛtena ase kyɛ nti, ebia yɛbɛsɔ nyansahyɛ biara a afoforo de bɛma yɛn no ahwɛ. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi afotu a Onyankopɔn Asɛm de ma yɛn yi: “Ogyimfoɔ gye nsɛm nyinaa di, na onitefoɔ hwɛ n’anammɔn yie.”—Mmebusɛm 14:15.

Ɛsɛ sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma, na yɛhwɛ yie paa wɔ nyansahyɛ a afoforo de ma yɛn ho

15 Sɛ yɛyɛ anitefo anaa anyansafo a, sɛ obi a ɔnnyaa ayaresa ho ntetee papa biara de nyansahyɛ bi rema yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie paa. Yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɔka sɛ saa aduannuro, ahabannuro, anaa aduane yi aboa nkurɔfo, nanso mɛyɛ dɛn ahu sɛ aboa wɔn ampa? Sɛ mpo aboa nkurɔfo ampa a, mɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛbɛboa me nso? Ɛhia sɛ meyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri na me ne nnuruyɛfo a wɔwɔ me yareɛ no ho nimdeɛ kasa anaa?’—Deuteronomium 17:6.

16. Sɛ yɛresi yɛn ayaresa ho gyinae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsusu ho?

16 Sɛ yɛresi nipaduam nhwehwɛmu a yɛpɛ sɛ yɛkɔyɛ anaa ayaresa a yɛpɛ sɛ yɛkɔgye ho gyinae a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ‘adwenem da hɔ,’ anaa yɛde nhumu yɛ adwuma. (Tito 2:12) Wei ho hia paa, titiriw bere a yɛnte nipaduam nhwehwɛmu anaa ayaresa a yɛpɛ sɛ yɛkɔgye ase no. Yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛ, onipa a yɛrekɔhu no no bɛtumi akyerɛkyerɛ nipaduam nhwehwɛmu anaa ayaresa no mu akyerɛ yɛn? Anaa yɛte nkyerɛkyerɛmu a ɔde rema yɛn no ase yie? Nnuruyɛfo pii gye tom sɛ wɔtumi fa saa nipaduam nhwehwɛmu ne saa ayaresa no so sa yareɛ anaa? (Mmebusɛm 22:29) Ebia obi bɛka akyerɛ yɛn sɛ wɔahu ɔkwan foforo bi a wɔfa so sa yareɛ wɔ akyirikyiri baabi, na nnuruyɛfo mmom na wɔnnya nnyaa ho nimdeɛ. Nanso adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔanya ayaresa a ɛte saa ampa? Ebinom mpo bɛtumi aka ayaresa bi a wɔde aduro anaa tumi bi a obiara nnim baabi a efi na ɛsa yareɛ ho asɛm akyerɛ wo. Wei yɛ hu yie. Kae sɛ, Onyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛdi asumansɛm.—Deuteronomium 18:10-12; Yesaia 1:13.

“ASOMDWOEƐ NKA MO!”

17. Dɛn na yɛn nyinaa pɛ?

17 Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no de krataa bi kɔmaa anuanom a na wɔwɔ asafo ahorow mu. Wɔkaa nneɛma bi a na ɛsɛ sɛ anuanom twe wɔn ho fi ho ho asɛm. Krataa no awiei no, akwankyerɛ kuw no kaa sɛ: “Sɛ motwe mo ho koraa firi yeinom ho a, ɛbɛsi mo yie. Asomdwoeɛ nka mo!” (Asomafoɔ Nnwuma 15:29) Wɔ kasa bi mu no, wɔtaa kyerɛ asɛm a ɛtwa to no ase sɛ “Asomdwoeɛ nka mo,” na ɛbɛtumi nso akyerɛ “mo ho nyɛ mo den.” Ɛwom sɛ na wɔka saa asɛm no ne obi di nkra deɛ, nanso ɛma yɛhu sɛ yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn ho yɛ yɛn den.

Yɛpɛ sɛ yɛn ho yɛ yɛn den deɛ, nanso yɛde yɛn adwene si Yehowa som so (Hwɛ nkyekyɛm 17)

18, 19. Dɛn na yɛbɛtumi ahwɛ kwan wɔ wiase foforo no mu?

18 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛnyɛ dɛn ara a yɛbɛyare. Sɛ yɛyare a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛfa anwonwakwan so asa yɛn yareɛ. Nanso, yɛbɛtumi ahwɛ bere a Onyankopɔn bɛsa yɛn yareɛ koraa no kwan. Ɔsomafo Yohane kaa “nkwa nsuo asubɔnten” ne “nkwa nnua” a ɛbɛsa obiara yareɛ ho asɛm wɔ Adiyisɛm 22:1, 2. Wei nyɛ ahabannuru bi a yɛbɛnom seesei anaa yɛbɛnom wɔ wiase foforo no mu ma asa yɛn yareɛ. Mmom, ɛgyina hɔ ma biribiara a Yehowa ne Yesu bɛyɛ ma yɛatumi atena ase daa.—Yesaia 35:5, 6.

19 Yɛrehwɛ bere pa a ɛte saa kwan. Nanso seesei deɛ, yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn mu biara, na sɛ yɛhu amane a, ɔhu nea yɛrefa mu nyinaa. Yɛwɔ ahotoso a na Dawid wɔ no bi sɛ, sɛ yɛyare a, Yehowa rennyaw yɛn. Ɔbɛhwɛ wɔn a wɔdi no nokware no bere nyinaa.—Dwom 41:12.

^ nky. 13 Nwoma bi ka sɛ nyansahufo ahu sɛ bobesa tumi kunkum mmoawa a wɔde typhoid ba ne yareɛ mmoawa foforo a wɔn ho yɛ hu ntɛmntɛm.—The Origins and Ancient History of Wine.