Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ani Nsɔ Yehowa Ayamye

Ma W’ani Nsɔ Yehowa Ayamye

YEHOWA yɛ Onyankopɔn a ne yam ye. (Yakobo 1:17) Yɛhu n’ayamye wɔ nneɛma a wabɔ nyinaa mu. Ɔde nsoromma hyɛɛ wim mã, na ɔde nnua ne nhwiren a ɛyɛ fɛ nso hyɛɛ asase so mã.—Dwom 65:12, 13; 147:7, 8; 148:3, 4.

Dwom 104 kyerɛwfo no kyerɛɛ nneɛma a Yehowa abɔ nyinaa ho anisɔ kɛse, enti ɔhyehyɛɛ dwom de yii no ayɛ. Sɛ wokenkan saa dwom no a, wokyerɛ anisɔ te sɛ odwontofo no? Ɔkaa sɛ: “Mɛto dwom ama Yehowa me nkwa nna nyinaa; meda so te aseɛ yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.” (Dwom 104:33) Wo nso wopɛ sɛ woyɛ saa?

AYAMYE A ƐSEN BIARA

Yehowa pɛ sɛ yɛsuasua n’ayamye. Ɔma yɛhu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi. Ɔmaa ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kasa kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefoɔ wɔ wiase yi mu sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni nnyinasoɔ so, na mmom wɔmfa nto Onyankopɔn a ɔma yɛn adeɛ nyinaa ma no bu soɔ ma yɛn ani gyeɛ no so; wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefoɔ nnwuma pa mu, wɔmmue wɔn nsam, na wɔnkyɛ adeɛ, na wɔnto fapem pa nsie yie mma daakye, na ama wɔatumi asɔ nkwa paa no mu dendeenden.”—1 Timoteo 6:17-19.

Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so mmienu kɔmaa Korintofoɔ no, ɔkyerɛɛ adwene a ɛsɛ sɛ yɛnya bere a yɛreyɛ adɔe no. Ɔkaa sɛ: “Obiara nyɛ no sɛdeɛ wasusu no n’akomam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dɔ deɛ ɔte n’anim ma.” (2 Korintofoɔ 9:7) Sɛ yɛn yam ye a, henanom na wɔnya so mfaso? Paulo kaa sɛ sɛ yɛma afoforo nya nea wɔhia a, na yɛreboa wɔn. Nanso yɛn nso yɛnya so mfaso efisɛ Yehowa bɛhyira yɛn.—2 Korintofoɔ 9:11-14.

Afei ɔsomafo Paulo twee adwene sii ayamye a ɛsen biara a Onyankopɔn ada no adi so. Ɔkaa sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.” (2 Korintofoɔ 9:15) Nneɛma pa a Yehowa nam Yesu Kristo so de ma yɛn nyinaa ka “n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea” no ho. Sɛ yɛreka akyɛde a ɛsom bo yi ho asɛm a, anka yɛn anom nsɛm bɛsa.

Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn nyinaa, ne nea wɔbɛyɛ ama yɛn daakye? Ɔkwan baako a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ ne sɛ yɛbɛda ayamye adi. Wei hwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode som Yehowa na yɛboa afoforo ma wɔsua ne ho ade. Sɛ yɛwɔ bi oo, sɛ yɛnni bi oo, yɛbɛtumi ayɛ saa.—1 Berɛsosɛm 22:14; 29:3-5; Luka 21:1-4.