Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛase a Emu Da Hɔ

Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛase a Emu Da Hɔ

“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa.”—HEBRIFOƆ 4:12.

NNWOM: 37, 116

1. (a) Adwuma bɛn na Onyankopɔn de hyɛɛ Adam nsa? (b) Efi saa bere no, Onyankopɔn asomfo de akyɛde a ɛne kasa adi dwuma sɛn?

YEHOWA NYANKOPƆN ama nnipa akyɛde bi. Ɛno ne kasa. Onyankopɔn de adwuma hyɛɛ Adam nsa. Ɔkaa sɛ Adam ntoto mmoa no nyinaa din wɔ Eden turom hɔ. Adam maa aboa biara a edin a ɛfata no. (Genesis 2:19, 20) Efi saa bere no, Onyankopɔn asomfo de kasa ayi Yehowa ayɛ, na wɔaka ne ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Nnansa yi, Onyankopɔn asomfo de saa akyɛde yi akyerɛ Bible no ase sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii bɛsua Yehowa ho ade.

2. (a) Nnyinasosɛm bɛn na Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no de yɛɛ adwuma? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

2 Bible nkyerɛase ɔpepem pii na ɛwɔ hɔ, nanso wɔakyerɛ ebi ase pɛpɛɛpɛ sen afoforo. Nea ɛbɛyɛ na Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no akyerɛ Bible no ase pɛpɛɛpɛ no, wɔsii gyinae sɛ wɔde nnyinasosɛm mmiɛnsa yi bɛyɛ adwuma: (1) Wɔbɛma ahyɛ Onyankopɔn din anuonyam, na wɔama edin no apue Onyankopɔn Asɛm no mu mpɛn pii sɛnea na ɛte wɔ tete nkyerɛwee no mu no. (Kenkan Mateo 6:9.) (2) Baabiara a ɛbɛyɛ yie no, wɔbɛkyerɛ nsɛmfua no ase tẽẽ sɛnea na ɛte wɔ tete nkyerɛwee no mu. Baabi a ɛrenyɛ yie no, wɔbɛkyerɛ aba a ɛwom no ase. (3) Wɔbɛkyerɛ ase ama n’akenkan ayɛ mmerɛw na emu ada hɔ. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Kenkan Nehemia 8:8, 12.) Anuanom a wɔkyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase ase no de saa nnyinasosɛm mmiɛnsa yi ayɛ adwuma wɔ kasa bɛboro 130 mu. Adesua yi mu no, yɛbɛhu sɛnea nnyinasosɛm yi boa ma wɔkyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ Borɔfo mu a ɛbaa afe 2013 no ase. Afei nso, yɛbɛhu sɛnea ɛboaa anuanom a wɔkyerɛ Bible ase kɔ kasa foforo mu no.

BIBLE A ƐHYƐ ONYANKOPƆN DIN ANUONYAM

3, 4. (a) Ɛhe na yɛbɛhu Tetragrammaton no? (b) Dɛn na Bible nkyerɛase pii ayɛ Onyankopɔn din no?

3 Wɔde nkyerɛwde nnan na ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn din wɔ Hebri mu. Wɔfrɛ saa nkyerɛwde nnan no Tetragrammaton. Yɛbɛhu saa Tetragrammaton no wɔ tete Hebri nsaano nkyerɛwee pii mu. Ebi ne Po a Awu Nwoma Mmobɔwee no. Yɛbɛhu Tetragrammaton no wɔ Hela Septuagint no bi nso mu. Wɔkyerɛw nwoma ahorow yi mfe 200 ansa na wɔrewo Kristo, ne Kristo awoɔ akyi mfe 100. Sɛ nnipa pii hu mpɛn dodow a Onyankopɔn din pue wɔ tete nkyerɛwee no mu a, ɛka wɔn koma.

Sɛ nnipa pii hu mpɛn dodow a Onyankopɔn din pue wɔ tete nkyerɛwee no mu a, ɛka wɔn koma

4 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din pue wɔ Bible mu. Nanso, nkyerɛase pii mfa Onyankopɔn din no nni dwuma. Nhwɛso bi ni. Bere a yɛyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase Borɔfo deɛ no adi mfe mmienu pɛ akyi no, wɔyii American Standard Version a wɔayɛ no foforo nso adi. Ná Onyankopɔn din no wɔ American Standard Version a wɔyɛɛ no afe 1901 no mu, nanso ampue wɔ afe 1952 deɛ no mu. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔyɛɛ saa nkyerɛase no susuu sɛ “ɛmfata koraa” sɛ wɔbɛma Onyankopɔn din no apue wɔ mu. Bible nkyerɛase pii a ɛwɔ Borɔfo kasa ne kasa afoforo mu nso ayi Onyankopɔn din no afi mu.

5. Adɛn nti na ɛho hia sɛ Onyankopɔn din pue wɔ Bible mu?

5 Sɛ wɔn a wɔkyerɛ Bible ase amfa Onyankopɔn din anhyehyɛ Bible no mu a, mfomso wɔ ho anaa? Aane, mfomso wɔ ho! Yehowa a ɔyɛ Bible no Kyerɛwfo no pɛ sɛ nkurɔfo hu ne din. Ɛsɛ sɛ nsɛm asekyerɛfo a ɔnim n’adwuma hu nea Bible Kyerɛwfo no pɛ, na ɔma ɛno boa no ma ɔkyerɛ nsɛm no ase yie. Kyerɛwsɛm pii ma yɛhu sɛ Onyankopɔn din ho hia, na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ edin no anuonyam. (Exodus 3:15; Dwom 83:18; 148:13; Yesaia 42:8; 43:10; Yohane 17:6, 26; Asomafoɔ Nnwuma 15:14) Yehowa de honhom kaa Bible akyerɛwfo ma wɔde ne din hyehyɛɛ tete nsaano nkyerɛwee no mu mpɛn pii. (Kenkan Hesekiel 38:23.) Enti sɛ wɔn a wɔkyerɛ Bible ase yi Onyankopɔn din fi mu a, ɛkyerɛ sɛ wɔmmu Yehowa.

6. Adɛn nti na wɔde Onyankopɔn din no ahyehyɛ mmeae foforo nsia wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ Borɔfo mu no mu?

6 Ɛnnɛ, yɛanya adanse pii a enti ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa din di dwuma. Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ Borɔfo mu a wɔyii no adi afe 2013 mu no de Onyankopɔn din di dwuma mpɛn 7,216. Ɛboro kane deɛ no so nsia. Nea ɛma wɔde nnum kaa ho ne sɛ, wɔahu Onyankopɔn din no wɔ Po a Awu Nwoma Mmobɔwee no foforo a wɔahu nnansa yi no afã bi. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Yɛhu nnum yi wɔ 1 Samuel 2:25; 6:3; 10:26; 23:14, 16. Nea ɛto so nsia no wɔ Atemmufoɔ 19:18. Nea ɛma wɔde kaa ho ne sɛ wɔyɛɛ nhwehwɛmu foforo huu sɛ ɛwɔ tete Bible nsaano nkyerɛwee no mu.

7, 8. Edin Yehowa no kyerɛ sɛn?

7 Nokware Kristofo susu sɛ ɛhia sɛ wɔte nea Onyankopɔn din kyerɛ no ase yie. Onyankopɔn din no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Bere bi a atwam no, yɛde Exodus 3:14 kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn din mu wɔ yɛn nwoma ahorow mu. Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ: “MƐYƐ ME HO DEƐ MEPƐ SƐ MEYƐ.” Afe 1984 nkyerɛase no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa yɛ ne ho nea ɔpɛ biara na ama ne bɔhyɛ abam. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Nanso, Bible foforo a wɔyii no adi afe 2013 no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ nea Yehowa din no kyerɛ ara ne sɛ ɔyɛ ne ho nea ɔpɛ biara. Edin Yehowa no san kyerɛ sɛ otumi ma n’abɔde yɛ nea ɔpɛ ma n’atirimpɔw ba mu.” (San hwɛ Fa Sua Onyankopɔn Asɛm nwomawa no kr. 5.)

8 Yehowa tumi ma n’abɔde yɛ nea ɔpɛ biara. Ɛho nhwɛso ni. Onyankopɔn maa Noa yɛɛ adaka, ɔmaa Besalel bɛyɛɛ odwumfo a ɔnim n’adwuma, ɔmaa Gideon bɛyɛɛ ɔsraani kokodurufo, na ɔmaa Paulo bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Onyankopɔn nkurɔfo nim nea Onyankopɔn din kyerɛ ankasa. Ɛno nti na Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no de Onyankopɔn din baa saa nkyerɛase no mu no.

9. Adɛn nti na ɛho hia Akwankyerɛ Kuw no paa sɛ wɔbɛma wɔakyerɛ Bible no ase akɔ kasa ahorow mu?

9 Bible nkyerɛase pii ayi Onyankopɔn din afi wɔn nkyerɛase mu. Mmom, wɔde abodin “Awurade” anaa wɔn nyame bi din na ahyɛ ananmu. Wei yɛ ade baako nti a Akwankyerɛ Kuw no te nka sɛ ɛho hia paa sɛ nnipa nyinaa nya Bible a ɛhyɛ Onyankopɔn din anuonyam wɔ wɔn kasa mu. (Kenkan Malaki 3:16.) Ɛde bɛsi saa bere yi, Wiase Foforo Nkyerɛase no rehyɛ Yehowa din anuonyam wɔ kasa bɛboro 130 mu.

NKYERƐASE A EMU DA HƆ NA EMU NSƐM YƐ PƐPƐƐPƐ

10, 11. Nsɛnnennen bɛn na wɔn a wɔkyerɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Borɔfo deɛ no ase kɔɔ kasa ahorow mu no hyiaeɛ?

10 Ɛnyɛ bere nyinaa na ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ Borɔfo mu no ase akɔ kasa afoforo mu. Nhwɛso bi ni. Wiase Foforo Nkyerɛase, Borɔfo deɛ no de asɛmfua “Sheol” dii dwuma wɔ Ɔsɛnkafoɔ 9:10 ne kyerɛwsɛm afoforo mu. Borɔfo Bible afoforo nso de asɛmfua koro no ara dii dwuma. Nanso, anuanom a wɔkyerɛ Bible ase no antumi ankyerɛ saa asɛmfua no ase ankɔ kasa pii mu efisɛ wɔn a wɔka saa kasa ahorow no mu dodow no ara nnim Hebri asɛmfua “Sheol” no. Ná ɛnni wɔn nsɛm asekyerɛ nwoma mu, na na ebinom mpo susu sɛ ɛyɛ beae bi din. Wei nti, Akwankyerɛ Kuw no maa wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no kwan sɛ wɔnkyerɛ Hebri asɛmfua “Sheol” ne Hela asɛmfua “Hades” ase sɛ “Adamena.” Saa nkyerɛase yi yɛ pɛpɛɛpɛ na ɛma asɛm no mu da hɔ fann.

11 Ná ɛyɛ den nso sɛ wɔbɛkyerɛ Hebri ne Hela nsɛmfua a ɛgyina hɔ ma “ɔkra” no ase akɔ kasa pii mu. Saa kasa ahorow yi mu no, sɛ wɔka “ɔkra” a, wɔte ase sɛ saman anaa biribi a efi nipadua no mu bere a onipa no awu. Nea ɛbɛyɛ na yɛayi saa mfomso yi afi hɔ no, wɔmaa wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no kwan sɛ baabiara a wɔbɛhyia asɛmfua “ɔkra” no, wɔnkyerɛ adwene a ɛwom no ase. Wɔakyerɛkyerɛ asɛmfua “ɔkra” mu wɔ New World Translation of the Holy Scriptures—With References nkekaho no mu. Hebri ne Hela nsɛmfua ho nsɛm bi wɔ Bible a wɔayɛ no foforo no ase hɔ nsɛm mu a ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkenkan Bible mu asɛm bi ate ase.

Bere a Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no reyɛ Bible no foforo no, wɔgyee bere susuu nsɛmmisa pii a anuanom a wɔkyerɛ Bible ase kɔ kasa afoforo mu abisa no ho

12. Nsakrae afoforo bɛn na wɔyɛe wɔ Borɔfo Bible a wɔyii no adi afe 2013 no mu?

12 Anuanom a wɔkyerɛ Bible ase no bisabisaa nsɛm pii, na ɛno ma yɛhuu sɛ nsɛnnennen foforo wɔ hɔ. Enti September 2007 no, Akwankyerɛ Kuw no maa kwan sɛ wɔnyɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Borɔfo deɛ no foforo. Bere a Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no reyɛ Bible no foforo no, wɔgyee bere susuu nsɛmmisa pii a anuanom a wɔkyerɛ Bible ase kɔ kasa afoforo mu abisa no ho. Wɔsesaa nsɛm bi a wɔagyae ka de nea yɛka no nnɛ hyehyɛɛ ananmu, na ama ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkenkan Bible no ate ase. Nanso, emu nsɛm no da so ara yɛ pɛpɛɛpɛ. Nwoma a wɔakyerɛ ase nnansa yi akɔ kasa afoforo mu no nso boae ma wɔtumi yɛɛ Borɔfo deɛ no yie.—Mmebusɛm 27:17.

NKURƆFO AKYERƐ HO ANISƆ PAA

13. Sɛn na nnipa pii te nka wɔ Borɔfo Bible a wɔayɛ no foforo a wɔyii no adi afe 2013 no ho?

13 Nnipa pii te nka sɛn wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ Borɔfo kasa mu no ho? Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no nsa aka nkrataa pii afi anuanom mmarima ne mmaa hɔ. Wɔkyerɛw saa nkrataa no de kyerɛɛ sɛnea wɔn ani asɔ Bible a wɔayɛ no foforo no. Nnipa pii ne onuawa yi yɛ adwene. Onuawa no kaa sɛ: “Bible no te sɛ adaka bi a agude a ɛsom bo ayɛ no ma abu so. Sɛ worekenkan Yehowa asɛm wɔ Borɔfo Bible a wɔyii no adi afe 2013 no mu a, ɛte sɛ nea woafa agude no bi na woredannan no ahwɛ ne kɔla ne ne fɛ. Sɛnea wɔakyerɛ Kyerɛwnsɛm no ase ma emu ada hɔ no aboa me ma mahu Yehowa yie. Yehowa te sɛ agya bi a ɔde ne nsa ato me kɔn mu na ɔrekenkan n’asɛm a ɛka koma no akyerɛ me.”

14, 15. Nnipa pii te nka sɛn wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no a wɔakyerɛ ase kɔ kasa afoforo mu no ho?

14 Nnipa a wɔnka Borɔfo kasa nso akyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no ho anisɔ. Ɔpanyin bi a ofi Sofia, Bulgaria, kaa Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ Bulgaria kasa mu no ho asɛm sɛ: “Makenkan Bible mfe pii, nanso menkenkanee nkyerɛase bi a emu da hɔ na ɛka koma saa da.” Onuawa bi a ɔyɛ Albaniani nso kaa sɛ: “Onyankopɔn Asɛm no akenkan yɛ dɛ yie wɔ Albania kasa mu! Ɛyɛ hokwan kɛse paa sɛ Yehowa rekasa kyerɛ yɛn wɔ yɛn kurom kasa mu!”

15 Wɔ aman pii mu no, Bible bo yɛ den, na ɛyɛ den sɛ wo nsa bɛka bi. Sɛ wonya Bible a, ɛyɛ nhyira kɛse paa! Amanneɛbɔ bi a efi Rwanda kaa sɛ: “Anuanom ne nkurɔfo asua ade bere tenteenten nanso na wɔnnya nkɔso efisɛ na wɔn Bible asuafo no nni wɔn ankasa Bible. Ná asɔre a ɛwɔ hɔ no tɔn Bible, nanso na wɔntumi ntɔ efisɛ na ne bo yɛ den. Mpɛn pii nso, sɛ wɔkenkan a, na wɔnte kyerɛwsɛm no bi ase, enti na wɔnnya nkɔso ntɛmntɛm.” Bere a Rwandafo nsa kaa Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ wɔn kasa mu no, abusua bi a wɔwɔ mmabun nnan kaa sɛ: “Yɛda Yehowa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ase paa sɛ wɔama yɛanya Bible. Yɛyɛ ahiafo paa, na na yɛnni sika a yɛde bɛtɔ Bible ama abusua no muni biara. Nanso seesei deɛ, yɛn mu biara wɔ ne Bible. Nea ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani asɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no, yɛn abusua no nyinaa bom kenkan Bible no da biara da.”

16, 17. (a) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo nya? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛsi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

16 Anuanom bɛnya Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo no wɔ kasa pii mu akyiri yi. Satan ayɛ n’adwene sɛ ɔremma saa adwuma yi nkɔ so, nanso yɛnim sɛ Yehowa pɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw ma ne nkurɔfo nyinaa sɛ wɔbɛte asɛm a ɔka kyerɛ wɔn no ase fann. (Kenkan Yesaia 30:21.) Ɛrenkyɛ, “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛdeɛ nsuo akata po soɔ no.”—Yesaia 11:9.

17 Momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ ɔde akyɛde biara a Yehowa de ma yɛn no bɛyɛ adwuma. Saa Bible nkyerɛase yi a ɛhyɛ ne din anuonyam no nso ka ho. Ma Yehowa mfa n’Asɛm so nkasa nkyerɛ wo daa. Ɔtumi tie yɛn mpaebɔ nyinaa. Nsɛm a Yehowa ka kyerɛ yɛn yi bɛboa yɛn ma yɛahu no yie, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu akɔ so ayɛ den.—Yohane 17:3.

“Ɛyɛ hokwan kɛse paa sɛ Yehowa rekasa kyerɛ yɛn wɔ yɛn kurom kasa mu!”

^ nky. 2 Hwɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Borɔfo deɛ no Appendix A1 ne asɛm a wɔato din “Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase a Eye?” wɔ May 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu.

^ nky. 6 Po a Awu Nwoma Mmobɔwee no akyɛ sen Hebri Masoretfo nkyerɛwee no bɛboro mfe 1,000.

^ nky. 7 Saa na nhwehwɛmu nwoma ahorow bi kyerɛkyerɛ mu, nanso ɛnyɛ nwomanimfo nyinaa na wɔgye tom.

^ nky. 7 Hwɛ New World Translation of the Holy Scriptures—With References, Appendix 1A, “The Divine Name in the Hebrew Scriptures,” (Onyankopɔn Din a Ɛpue Hebri Twerɛnsɛm no Mu) kratafa 1561.