Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa, Onyankopɔn a Ɔne Nnipa Kasa

Yehowa, Onyankopɔn a Ɔne Nnipa Kasa

“Tie ɛ, na menkasa.”—HIOB 42:4.

NNWOM: 113, 114

1-3. (a) Adɛn nti na Onyankopɔn adwene ne ne kasa korɔn sen nnipa deɛ? (b) Dɛn na yɛbɛhu wɔ adesua yi mu?

YEHOWA bɔɔ abɔfo, na ɛno akyi no, ɔbɔɔ nnipa efisɛ na ɔpɛ sɛ afoforo nso ani gye wɔ asetena mu. (Dwom 36:9; 1 Timoteo 1:11) Yehowa dii kan bɔɔ onii a ɔsomafo Yohane frɛ no “Asɛm no.” (Yohane 1:1; Adiyisɛm 3:14) Yehowa ne Yesu kasaeɛ, na ɔma ɔhuu ne nsusuiɛ ne ne komam asɛm. (Yohane 1:14, 17; Kolosefoɔ 1:15) Ɔsomafo Paulo kaa sɛ abɔfo no nso wɔ kasa a wɔka, nanso ɛyɛ soronko koraa wɔ kasa a nnipa ka ho.—1 Korintofoɔ 13:1.

2 Yehowa nim abɔfo ne nnipa ɔpepepem pii a wabɔ wɔn no ho nsɛm nyinaa. Ɔtumi tie nnipa ɔpepepem pii mpaebɔ wɔ bere koro mu, na ɛmfa ho kasa a wɔde bɔ mpae no, ɔte nea wɔka nyinaa. Bere a Yehowa retie saa mpae yi nyinaa no, na ɔne abɔfo no nso gu so rekasa rekyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa ayɛ weinom nyinaa no, ɛsɛ sɛ n’adwene ne ne kasa korɔn sen nnipa deɛ. (Kenkan Yesaia 55:8, 9.) Enti sɛ ɔne nnipa rekasa a, ɔka nsɛm a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛte ase.

3 Yɛbɛhu sɛnea Yehowa ne nnipa kasa ma wɔte ase wɔ adesua yi mu. Yɛbɛsan nso ahu sɛnea tebea biara mu no ɔtumi sesa ɔkwan a ɔfa so ne yɛn kasa no.

ONYANKOPƆN NE NNIPA KASA

4. (a) Bere a Yehowa ne Mose, Samuel, ne Dawid kasaeɛ no, kasa bɛn na ɔne wɔn kaeɛ? (b) Asɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu?

4 Bere a Yehowa ne onipa a ɔdi kan, Adam, kasaa wɔ Eden turom no, ɛbɛyɛ sɛ ɔne no kaa tete Hebri kasa bi. Akyiri yi, Yehowa ne nnipa bi te sɛ Mose, Samuel, ne Dawid nso kasaeɛ. Ɛwom sɛ saa mmarima yi kyerɛw wɔn ankasa nsɛm wɔ Hebri mu deɛ, nanso Onyankopɔn nsusuiɛ ankasa na wɔkyerɛwee. Wɔkyerɛw Yehowa anom asɛm tẽẽ, ɛnna wɔkyerɛw abusuabɔ a Onyankopɔn ne ne nkurɔfo nyaa tete no nso ho asɛm. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ka gyidi ne ɔdɔ a na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ ma no ne mfomso a wɔdiiɛ ho asɛm. Ɛsan nso ka nokware a wɔanni ho asɛm. Wɔakyerɛw nsɛm yi nyinaa na ama yɛanya so mfaso.—Romafoɔ 15:4.

Bible akyerɛwfo no kyerɛw Yehowa anom asɛm tẽẽ, ɛnna wɔkyerɛw abusuabɔ a Onyankopɔn ne ne nkurɔfo nyaa tete no nso ho asɛm

5. Hebri kasa nko ara na Onyankopɔn faa so ne nnipa kasae anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Ɛnyɛ bere nyinaa na na Yehowa ne nnipa kasa wɔ Hebri mu. Eduu bere a Israelfo no fii Babilon nkoasom mu baeɛ no, na wɔn mu bi ka Aram kasa. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Daniel, Yeremia, ne Esra kyerɛw Bible no afã bi wɔ Aram kasa mu no. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

6. Adɛn nti na wɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Hela kasa mu?

6 Akyiri yi, Alexander Ɔkɛseɛ no ko faa wiase no fã kɛse no ara, na Hela kasa a wɔfrɛ no Koine na na nnipa dodow no ara ka wɔ aman pii so. Yudafo pii fii ase kaa Hela kasa, na akyiri yi wɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Hela kasa mu. Saa nkyerɛase yi na wɔfrɛ no Septuagint no. Ɛno ne Bible nkyerɛase a ɛdi kan, na ɛho hia paa nso. Abenfo gye di sɛ nnipa 72 na wɔyɛɛ Septuagint no. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ebinom hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛɛ nsɛmfua a ɛwom no ase mmaako mmaako, nanso afoforo anyɛ saa. Nanso, na Yudafo a wɔka Hela kasa ne Kristofo gye di sɛ Septuagint no yɛ Onyankopɔn Asɛm.

7. Kasa bɛn na Yesu de kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no?

7 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔka Hebri kasa. (Yohane 19:20; 20:16; Asomafoɔ Nnwuma 26:14) Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu tumi ka Aram kasa a na nnipa pii ka saa bere no nso kakra. Nanso, na ɔnim tete Hebri kasa a Mose ne adiyifo no kaeɛ no nso. Nsɛm a tete adiyifo no kyerɛwee no na na wɔkenkan wɔ hyiadan mu nnawɔtwe biara. (Luka 4:17-19; 24:44, 45; Asomafoɔ Nnwuma 15:21) Ɛwom sɛ na wɔka Hela kasa ne Latin kasa wɔ Yesu bere so deɛ, nanso Bible nka sɛ na Yesu ka saa kasa no.

8, 9. Adɛn nti na na Kristofo pii ka Hela kasa, na dɛn na wei ma yɛhu fa Yehowa ho?

8 Yesu akyidifo a wɔdi kan no kaa Hebri kasa, nanso ne wuo akyi no, n’asuafo no kaa kasa afoforo nso. (Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 6:1.) Bere a asɛmpa no trɛwee no, Kristofo pii kaa Hela kasa sen Hebri kasa no. Esiane sɛ Hela kasa na na nnipa dodow no ara ka nti, wɔkyerɛɛ Mateo, Marko, Luka, ne Yohane nwoma no ase kɔɔ Hela kasa mu kyekyɛ maa ɔmanfo. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Afei nso, wɔkyerɛw ɔsomafo Paulo nkrataa no ne Bible mu nwoma afoforo no wɔ Hela kasa mu.

9 Ɛnyɛ nwonwa sɛ, sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo refa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm bi aka a, na wɔtaa fa fi Septuagint no mu. Ɛtɔ mmere bi a na nsonsonoe kakra wɔ nsɛmfua a ɛwɔ Septuagint no ne mfitiase Hebri nkyerɛwee no mu. Enti nsɛm a nwoma asekyerɛfo a wɔtɔ sin kyerɛwee no bɛkaa Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho. Wei ma yɛhu sɛ Yehowa mmu kasa anaa ɔman bi sɛ ɛyɛ papa sen foforo bi.—Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 10:34.

Onyankopɔn nhwɛ kwan sɛ yɛbɛka kasa pɔtẽẽ bi ansa na yɛahu no anaa yɛahu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ

10. Dɛn na yɛasua afi ɔkwan a Yehowa fa so ne nnipa kasa no mu?

10 Yɛahu sɛ Yehowa hwɛ nnipa nsɛm tebea ho na ɔne wɔn kasa. Ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛka kasa pɔtẽẽ bi ansa na yɛahu no anaa yɛahu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. (Kenkan Sakaria 8:23; Adiyisɛm 7:9, 10.) Yɛahu nso sɛ Yehowa de ne honhom kaa Bible akyerɛwfo no, nanso ɔma wɔde wɔn ankasa nsɛm na ɛkyerɛw n’anom nsɛm.

ONYANKOPƆN KORA N’ASƐM SO

11. Adɛn nti na kasa horow pii a nnipa ka no nyɛ ɔhaw mma Yehowa?

11 Nnipa ka kasa ahorow pii, nanso wei nhaw Yehowa koraa. Yɛyɛ dɛn hu? Kasa a Yesu kae ankasa no mu kakraa bi pɛ na ɛwɔ Bible mu. (Mateo 27:46; Marko 5:41; 7:34; 14:36) Nanso Yehowa hwɛ ma wɔkyerɛw nsɛm a Yesu kae no, na wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela mu, na bere bi akyi no, wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa ahorow pii mu. Afei nso, esiane sɛ Yudafo ne Kristofo hwɛɛ Onyankopɔn Asɛm no so kyerɛw bi mpɛn pii nti, wɔkoraa Onyankopɔn asɛm no so. Ɛno akyi no, wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa foforo pii mu nso. Wɔwoo Kristo akyi bɛyɛ mfe 400 no, John Chrysostom kaa sɛ wɔakyerɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no ase kɔ Siriafo, Egyptfo, Indiafo, Persiafo, Ethiopiafo, ne nkurɔfo pii kasa mu.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔasɔre atia Bible no?

12 Efi tete nyinaa no, wɔasɔre atia Bible ne wɔn a wɔkyerɛɛ ase na wɔkyekyɛe no. Bɛyɛ mfe 300 wɔ Yesu awo akyi no, Roma Ɔhempɔn Diocletian hyɛɛ mmara sɛ wɔnsɛe Bible a ɛwɔ hɔ nyinaa. Bɛyɛ mfe 1,200 akyi no, William Tyndale fii ase kyerɛɛ Bible ase kɔɔ Borɔfo kasa mu. Ɔkaa sɛ, sɛ Onyankopɔn ma no tena ase kyɛ a, ɔbɛhwɛ sɛ ɔbɛma abofra mpo ate Bible no ase asen ɔsɔfo. Esiane sɛ Tyndale hyiaa ɔtaa nti, ɔdwane fii England sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi akyerɛ Bible no ase na watintim. Ɛmfa ho sɛ asɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyew Bible biara a wɔhuiɛ no, nnipa pii nsa kaa Tyndale nkyerɛase no bi. Awieeɛ koraa no, wɔsɛn Tyndale wɔ dua so, na wɔhyew no. Nanso, asɔfo no antumi ansɛe ne nkyerɛase no nyinaa, na ɛno na wɔhwɛɛ so yɛɛ King James Version nkyerɛase no.—Kenkan 2 Timoteo 2:9.

13. Dɛn na Bible nsaano nkyerɛwee mu nhwehwɛmu a abenfo ayɛ no ama ada adi?

13 Ɛyɛ nokware sɛ mfomso nketenkete ne nsonsonoe kakra wɔ Bible nkyerɛase a akyɛ paa no bi mu. Nanso, Bible ho abenfo atɔ wɔn bo ase ayɛ nsaano nkyerɛwee mpempem pii, nsaano nkyerɛwee asinasin, ne Bible nkyerɛase dedaw ahorow bi mu nhwehwɛmu. Bere a wɔyɛɛ ntotoho no, wɔhuu sɛ nsonsonoe nketenkete bi na ɛwɔ nkyerɛwee no afã bi mu, na ɛnyɛ nsonsonoe a ɛhaw adwene pii. Nanso, asɛm a ɛwɔ Bible mu no nsesae. Nhwehwɛmu a ɛte sei ma Bible asuafo a wɔwɔ koma pa hu paa sɛ Bible a wɔwɔ nnɛ no yɛ Yehowa Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no ara.—Yesaia 40:8. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

14. Dɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ ɛnyɛ den sɛ obi bɛnya Bible nnɛ?

14 Ɔsɔretia pii a wɔde baa Bible no so nyinaa akyi no, wɔakyerɛ ase akɔ kasa bɛboro 2,800 mu. Wɔakyerɛ ase kɔ kasa foforo pii mu sen nwoma foforo biara nnɛ. Ɛwom sɛ nnipa pii nnye Onyankopɔn nni deɛ, nanso n’Asɛm Bible no yɛ nwoma a wɔakyekyɛ sen nwoma biara wɔ nnipa asetena mu. Bible nkyerɛase no bi wɔ hɔ a, n’akenkan yɛ den anaasɛ emu nsɛm no nyɛ pɛpɛɛpɛ, nanso ɛkame ayɛ sɛ emu biara mu no, wobɛhu anidaso ne daa nkwa ho asɛm wom.

NÁ ƐHIA SƐ YƐNYA BIBLE NKYERƐASE FOFORO

15. (a) Efi afe 1919 reba no, nsakrae bɛn na aba yɛn nwoma ahorow mu? (b) Adɛn nti na wɔdi kan kyerɛw yɛn nwoma no wɔ Borɔfo kasa mu?

15 Afe 1919 no, wɔpaw Bible asuafo kuw ketewa bi ma wɔbɛyɛɛ “akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma” no. Saa bere no, na Borɔfo kasa titiriw na akoa nokwafo no nam so kasa kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo. (Mateo 24:45) Nanso, ɛnnɛ yɛwɔ Bible ho nwoma wɔ kasa bɛboro 700 mu. Ɛnnɛ nnipa pii ka Borɔfo kasa, na ɛno na wɔde di dwuma titiriw wɔ adwadie ne nwomasua mu sɛnea na wɔde Hela kasa di dwuma tete no ara. Enti yɛdi kan kyerɛw yɛn nwoma ahorow no wɔ Borɔfo kasa mu ansa na yɛakyerɛ ase akɔ kasa ahorow mu.

16, 17. (a) Dɛn na na Onyankopɔn nkurɔfo hia? (b) Ɛyɛɛ dɛn na wɔn nsa kaeɛ? (d) Dɛn na na ɛda Onua Knorr koma so?

16 Bible na yɛgyina so kyerɛw yɛn nwoma ahorow nyinaa. Mfiase no, na Onyankopɔn nkurɔfo de King James Version a wɔkyerɛɛ ase wiee afe 1611 no na ɛdi dwuma. Nanso, na kasa a wɔde kyerɛwee no ayɛ dedaw, na na ɛyɛ den sɛ akenkanfo bɛte ase. Onyankopɔn din no puee wɔ baabi kakraa bi, nanso tete nsaano nkyerɛwee no mu deɛ, edin no puee wom mpɛn mpempem pii. Ná mfomso wɔ King James nkyerɛase no mu nso, na na wɔde nsɛm bi akeka ho a ɛnni tete nsaano nkyerɛwee a akyɛ paa no mu. Ná mfomso a ɛtete saa wɔ Borɔfo Bible nkyerɛase ahorow nso mu.

17 Yɛhu pefee sɛ na Onyankopɔn nkurɔfo hia Bible nkyerɛase a emu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ na ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛkenkan ate ase. Enti wɔtee Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Kuw no, na anuanom a na wɔwɔ saa kuw no mu yii Bible no afã bi adi fi afe 1950 bɛsi afe 1960 mu. Wɔyii apo nsia no mu nea ɛdi kan no adi wɔ nhyiam bi a yɛyɛɛ no August 2, 1950 ase. Saa nhyiam no ase no, Onua Knorr kaa sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hia Bible nkyerɛase foforo a emu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ na ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛte ase. Afei nso wɔhia Bible a ɛbɛboa wɔn ma wɔate nokware no ase yie. Ná wɔhia nkyerɛase a emu da hɔ a wɔkenkan a wɔbɛte ase te sɛ nea Kristo asuafo no kyerɛwee no. Ná nea ɛda Onua Knorr koma so ne sɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no bɛboa nnipa ɔpepem pii ma wɔabɛhu Yehowa.

18. Dɛn na aboa ma wɔakyerɛ Bible no ase akɔ kasa pii mu?

18 Eduu afe 1963 no, Onua Knorr nyaa ne koma so adeɛ. Yɛnyaa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ Dutch, French, German, Italian, Portuguese, ne Spanish kasa mu. Afe 1989 no, Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no tee dwumadibea foforo wɔ yɛn asafo no ti sɛ wɔmmoa Bible nkyerɛasefo no. Afei afe 2005 no, wɔmaa kwan sɛ anuanom nkyerɛ Bible no ase nkɔ kasa horow a wɔkyerɛ Ɔwɛn-Aban no ase kɔ mu no mu. Enti, seesei yɛanya Wiase Foforo Nkyerɛase no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 130 mu.

19. Dwumadi titiriw bɛn na ɛkɔɔ so wɔ afe 2013 mu, na dɛn na yɛbɛhu wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

19 Efi bere a wɔdii kan yii Wiase Foforo Nkyerɛase no adi no, Borɔfo kasa asesa, enti ɛho bɛhiae sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ Bible mu nsɛmfua no bi mu. Yɛyɛɛ afe afe nhyiam a ɛto so 129 no October 5 ne 6, 2013. Nnipa a wɔkɔɔ bi ne wɔn a wɔhwɛɛ dwumadi no wɔ video so wɔ aman 31 so nyinaa dodow si 1,413,676. Akwankyerɛ Kuw no muni baako yii Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ Borɔfo kasa mu no adi wɔ hɔ. Bere a atiefo no nsa kaa Bible a wɔayɛ no foforo no, wɔn ani gyee paa ma wɔn mu bebree suiɛ. Akasafo no kenkan nsɛm bi fii Bible foforo no mu, na ɛmaa obiara huu sɛ ɛnyɛ den sɛ obi bɛkenkan Bible foforo no ate ase. Yɛbɛhu Bible foforo yi ho nsɛm pii wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu. Afei nso yɛbɛsan ahu sɛnea wɔrekyerɛ ase akɔ kasa afoforo mu.

^ nky. 6 Septuagint kyerɛ “aduɔson.” Ɛbɛyɛ sɛ aka mfe 300 ma wɔawo Kristo no na wɔfii ase kyerɛɛ Septuagint no ase, na wɔfii ase no, ɛdii mfe 150 ansa na wɔrewie. Ɛnnɛ, mfaso da so ara wɔ saa nkyerɛase no so efisɛ ɛboa abenfo ma wɔte Hebri nsɛmfua anaa Bible mu nsɛm bi a emu yɛ den ase.

^ nky. 8 Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ Mateo kyerɛw ne nwoma no wɔ Hebri kasa mu, na ɛno akyi na ebia Mateo ankasa kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu.

^ nky. 13 Hwɛ Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ Borɔfo kasa mu no Appendix A3; afei nso hwɛ Amansan Nhoma, kratafa 7-9, “Ɛyɛɛ Dɛn Na Nhoma No Da So Wɔ Hɔ?”