Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 30

Kɔ So Nantew Nokware No Mu

Kɔ So Nantew Nokware No Mu

“Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.”—3 YOH. 4.

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛnea 3 Yohane 3, 4 kyerɛ no, dɛn na ɛma yɛn ani gye?

BERE a ɔsomafo Yohane tee sɛ wɔn a ɔboaa wɔn ma wohuu nokware no da so ara resom Yehowa nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei paa. Na wɔte sɛ ne mma wɔ Yehowa som mu. Ɛwom sɛ wohyiaa ɔhaw pii de, nanso Yohane yeree ne ho sɛ ɔbɛhyɛ saa Kristofo anokwafo yi gyidi den. Saa ara na yɛn so, sɛ yehu sɛ yɛn mma anaa wɔn a yɛaboa wɔn ama wɔahu nokware no ahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔkɔ so som no a, ɛma yɛn ani gye paa.—Kenkan 3 Yohane 3, 4.

2. Dɛn paa nti na Yohane kyerɛw ne nkrataa no?

2 Afe 98 Y.B. no, ɛbɛyɛ sɛ na Yohane te Efeso anaasɛ na ɔte bɛn hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ woyii no fii afiase wɔ Patmo supɔw no so na otu kɔtenaa hɔ. Saa bere no, Yehowa de ne honhom kaa no ma ɔkyerɛw nkrataa mmiɛnsa. Nea enti paa a ɔkyerɛw nkataa yi ne sɛ ɔde bɛhyɛ Kristofo anokwafo nkuran ama wɔakɔ so ahyɛ gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu mu no den, na wɔakɔ so anantew nokware no mu.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Saa bere no, na asomafo no nyinaa awuwu ma aka Yohane nko ara. Sɛnea na akyerɛkyerɛfo atorofo resɛe ebinom gyidi wɔ asafo ahorow mu no, na ɛho asɛm haw no paa. * (1 Yoh. 2:18, 19, 26) Ná saa awaefo yi ka sɛ wonim Onyankopɔn, nanso na wonni Yehowa mmara so. Nsɛm a Onyankopɔn maa Yohane kyerɛw de tuu asafo no fo no, momma yensusuw ho. Ɛbɛma yɛanya nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho mmuae: Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi renantew nokware no mu? Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛnantew nokware no mu? Na yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn ho yɛn ho, na ama yɛakɔ so anantew nokware no mu?

DƐN NA ƐKYERƐ SƐ OBI RENANTEW NOKWARE NO MU?

4. Sɛnea 1 Yohane 2:3-6 ne 2 Yohane 4, 6 kyerɛ no, sɛ yebetumi anantew nokware no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Sɛ yebetumi anantew nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yehu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no. Afei nso, ɛsɛ sɛ ‘yedi Yehowa ahyɛde so.’ (Kenkan 1 Yohane 2:3-6; 2 Yohane 4, 6.) Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn; otiee Yehowa. Enti ɔkwan titiriw baako a yɛfa so tie Yehowa ne sɛ yebedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ.—Yoh. 8:29; 1 Pet. 2:21.

5. Dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

5 Sɛ yebetumi akɔ so anantew nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na asɛm biara a ɔka kyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm Bible mu no yɛ nokware. Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Ɛnnɛ, nnipa pii nnye nni sɛ Yesu na wɔapaw no sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Yohane bɔɔ kɔkɔ sɛ na “nnaadaafo bebree” aba wiase, na na wobetumi adaadaa wɔn a wonsii wɔn adwene pi wɔ nokware a ɛfa Yehowa ne Yesu ho no. (2 Yoh. 7-11) Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛnyɛ nea ɔpo Yesu sɛ ɔno ne Kristo no a, hena bio na ɔyɛ ɔtorofo?” (1 Yoh. 2:22) Sɛ yɛmpɛ sɛ obiara bɛdaadaa yɛn a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm no. Yɛyɛ saa nko ara a na yebetumi ahu Yehowa ne Yesu yiye. (Yoh. 17:3) Ɛno na ɛbɛma yɛagye adi sɛ yɛahu nokware no.

DƐN NA EBETUMI AMA AYƐ DEN SƐ YƐBƐNANTEW NOKWARE NO MU?

6. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ mmabun a wɔyɛ Kristofo bɛnantew nokware no mu?

6 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye na wɔamma obiara amfa nnipa nyansa annaadaa wɔn. (1 Yoh. 2:26) Mmabun a wɔyɛ Kristofo paa na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na saa afiri yi anyi wɔn. Alexia * yɛ onuawa a wadi mfe 25, na ofi France. Ɔka sɛ: “Bere a na mekɔ sukuu no, wɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ nnipa fi mmoa mu, na misuaa nneɛma pii a na egyina nnipa nyansa so. Wei nyinaa maa m’adwene tu frae. Ɛtɔ da a, na ɛyɛ me sɛ saa nkyerɛkyerɛ no tɔ asom. Nanso mihui sɛ, merentumi mfa nea Yehowa aka nto nkyɛn na minnye biribiara a na m’akyerɛkyerɛfo kyerɛ me no nni.” Alexia suaa nhoma a wɔato din Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation. Nnawɔtwe bi akyi no, n’adwene sii no pi. Alexia ka sɛ: “Me ara misuaa Bible no hui sɛ nea Bible ka no yɛ nokware. Afei nso mihui sɛ, sɛ mede Bible no akwankyerɛ bɔ me bra a, m’ani begye na menya asomdwoe.”

7. Suban bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho, na adɛn ntia?

7 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa, mpanyin ne mmofra hwɛ yiye na wɔanni bɔne ansie. Yohane kaa sɛ, yɛrentumi nnantew nokware no mu na bere koro no ara yemmu brabɔne. (1 Yoh. 1:6) Yɛpɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom nnɛ, na daakye nso ogye yɛn tom a, biribiara mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra te sɛ nea kanea da yɛn so. Sɛ yɛbɛka paa a, yɛrentumi nyɛ bɔne biara mfa nsie, efisɛ Yehowa hu biribiara a yɛyɛ.—Heb. 4:13.

8. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya?

8 Sɛnea wiase no bu bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanya saa adwene no bi. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛka sɛ: ‘Bɔne nni yɛn ho’ a, yɛredaadaa yɛn ho.” (1 Yoh. 1:8) Yohane bere so no, na awaefo ka sɛ obi betumi abu brabɔne na bere koro no ara ɔne Onyankopɔn ntam ayɛ kama. Ɛnnɛ wiase a yɛte mu no, saa adwene no ara na nkurɔfo pii kura. Nnipa pii ka sɛ wogye Onyankopɔn di, nanso sɛnea Yehowa hu bɔne no, wonhu no saa. Afei nso, nea Yehowa ka fa nna ho no, wonnye ntom. Nneyɛe bi wɔ hɔ a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ brabɔne, nanso wɔn de wohu no sɛ asɛm biara nni ho; sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ bi a obetumi ayɛ.

Mmabun munhu nea enti a Yehowa ka sɛ biribi yɛ papa anaasɛ ɛyɛ bɔne. Moyɛ saa na sɛ mompɛ sɛ moyɛ adebɔne bi a, mubetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 9) *

9. Sɛ mmabun de nea wɔasua afi Bible mu ahu sɛ ɛyɛ nokware no bɔ wɔn bra a, ɛbɛboa wɔn sɛn?

9 Mmabun a wɔyɛ Kristofo nim nea Bible ka fa nna ho, nanso sɛ wɔn sukuufo anaa wɔn a wɔne wɔn yɛ adwuma kasa tia nea wogye di a, ebetumi ayɛ den ama wɔn paa. Saa asɛm yi bi too Aleksandar. Ɔka sɛ: “Mmea bi a me ne wɔn kɔ sukuu yɛe ara sɛ wɔbɛma me ne wɔn ada. Wɔkaa sɛ esiane sɛ me ne ɔbea biara ntwe mpena nti, ɛbɛyɛ sɛ me ne mmarima mmom na ɛda.” Sɛ saa asɛm yi bi to wo a, kae sɛ, sɛ wode nea woasua afi Bible mu no bɔ wo bra a, ɛbɛma afoforo abu wo, ɛbɛbɔ wo ho ban na woankonya yare bi, w’asom bedwo wo, na wo ne Yehowa ntam bɛyɛ kama. Afei nso, bere biara a wubegyina sɔhwɛ ano no, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛyɛ nea ɛtene. Kae sɛ, adwene a wiase no wɔ wɔ nna ho no, Satan na ɔhyɛ akyiri. Enti, sɛ wokɔ so de nea woasua afi Bible mu no bɔ wo bra a, ɛkyerɛ sɛ ‘woadi ɔbɔnefo no so nkonim.’—1 Yoh. 2:14.

10. Sɛn na 1 Yohane 1:9 boa yɛn ma yɛde ahonim pa som Yehowa?

10 Yegye tom sɛ, Yehowa na ɔfata sɛ ɔkyerɛ sɛ biribi yɛ bɔne. Afei nso, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrenkɔyɛ bɔne. Nanso sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛbɔ Yehowa mpae na yɛka yɛn bɔne kyerɛ no. (Kenkan 1 Yohane 1:9.) Na sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, yɛka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no ma wɔboa yɛn. (Yak. 5:14-16) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma bɔne a yɛayɛ atwam teetee yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no de ne Ba no mae sɛ agyede na ama watumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Yehowa ka sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ɔka saa a, ɛnyɛ atoro na ɔredi. Enti yebetumi de ahonim pa asom Yehowa a biribiara rensiw yɛn kwan.—1 Yoh. 2:1, 2, 12; 3:19, 20.

11. Nkyerɛkyerɛ biara a ebetumi asɛe yɛn gyidi no, dɛn na yɛbɛyɛ na ansɛe yɛn adwene?

11 Ɛnsɛ sɛ yetie awaefo nkyerɛkyerɛ koraa. Efi bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, Ɔbonsam ayɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma nnaadaafo asɛe Onyankopɔn asomfo anokwafo gyidi. Ɛno nti, sɛ asɛm bi yɛ nokware a, ɛsɛ sɛ yetumi hu, na sɛ ɛyɛ atoro nso a, ɛsɛ sɛ yetumi hu. * Yɛn atamfo betumi afa intanɛt anaa sohyial media so ama gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ mmerɛw, na ama ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom nso ano abrɛ ase. Ɛba saa a, kae nea ɔhyɛ saa atosɛm no akyi na woannye anni!—1 Yoh. 4:1, 6; Adi. 12:9.

12. Nokware a yɛasua na yɛagye adi no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu den?

12 Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan bɛma yɛn gyidi ayɛ mmerɛw a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu mu no den, na yegye di paa sɛ Yehowa nam Yesu so na ɔrema n’apɛde ayɛ hɔ. Afei nso, wɔn a Yehowa nam wɔn so rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan nnɛ no, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu gyidi. (Mat. 24:45-47) Ɔkwan baako a yɛfa so hyɛ yɛn gyidi den ne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm no daa. Yɛyɛ saa a, yɛn gyidi bɛyɛ te sɛ dua a agye ntini. Paul de biribi saa yɛɛ ntotoho bere a ɔkyerɛw Kolosefo asafo no. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea moagye Awurade Kristo Yesu no, monkɔ so nnantew ne mu nnye ntini, na wɔnto mo nsi no so na muntintim wɔ gyidi no mu.” (Kol. 2:6, 7) Sɛ Kristoni bi hyɛ ne gyidi den a, biribiara nni hɔ a Satan anaa n’akyitaafo bɛyɛ a ɛbɛma ne gyidi ahinhim.—2 Yoh. 8, 9.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan, na adɛn ntia?

13 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wiase no bɛtan yɛn. (1 Yoh. 3:13) Yohane ma yehu sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yoh. 5:19) Wiase yi rekɔ n’awiei, enti Satan nso ani abere paa. (Adi. 12:12) Ɔnam aguamammɔ ne atosɛm a awaefo ka so sum yɛn afiri. Afei nso, ɔma nkurɔfo tan yɛn ani denneennen. Satan nim sɛ ne bere a aka sua, enti ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no anaa ɔbɛma yɛn gyidi ahinhim. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔabra yɛn som adwuma no wɔ aman bi so anaa wɔde wɔn nsa ato so. Wei nyinaa akyi no, yɛn nuanom a wɔwɔ saa aman no so no de animia resom Yehowa. Sɛnea anuanom akura wɔn gyidi mu no ma yehu sɛ, nea ɔbɔnefo no de bɛyɛ yɛn biara no, yebedi nkonim!

MOMMA YƐMMOA YƐN HO YƐN HO NA AMA YƐATENA NOKWARE NO MU

14. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom ama wɔatena nokware no mu?

14 Sɛ yebetumi aboa yɛn nuanom ama wɔatena nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn. (1 Yoh. 3:10, 11, 16-18) Ɛnyɛ bere a nneɛma rekɔ yiye nko ara na ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho, na mmom bere a yɛrehyia ɔhaw nso. Yemmisa sɛ, wunim obi a ne dɔfo bi a awu a ohia awerɛkyekye anaa ohia mmoa foforo bi? Anaa woate sɛ atoyerɛnkyɛm bi asi ama anuanom ho aka na ehia sɛ wɔsan si wɔn Ahenni Asa anaa wɔn afie ma wɔn? Nsɛm a yɛka ma yɛn nuanom hu sɛ yɛdɔ wɔn anaa yɛwɔ ayamhyehye ma wɔn, nanso nea yɛyɛ na ɛka wɔn paa.

15. Sɛnea 1 Yohane 4:7, 8 ka no, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

15 Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na yɛresuasua yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no. (Kenkan 1 Yohane 4:7, 8.) Ade titiriw a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho ne sɛ obiara de ne yɔnko bɔne bɛkyɛ no. Ɛtɔ da a, ebia obi bɛyɛ biribi ma ayɛ yɛn yaw, nanso akyiri yi ɔbɛpa yɛn kyɛw. Sɛ yɛde ne bɔne kyɛ no, na yegyaa asɛm no mu ma ɛka a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. (Kol. 3:13) Yɛnhwɛ onua bi a ɔde Aldo. Ɔtee sɛ onua bi a obu no paa aka ne kuromfo ho asɛm yayaayaw. Wei maa ne bo fuwii. Aldo ka sɛ: “Da biara na mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na mannya onua no ho adwemmɔne.” Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara na Aldo yɛe. Ɔyɛe sɛ ɔne onua no bɛkɔ asɛnka. Bere a Aldo ne onua no nam asɛnka mu no, ɔmaa onua no hui sɛ asɛm a ɔkae no haw no paa. Aldo ka sɛ: “Bere a meka kyerɛɛ onua no sɛ asɛm a ɔkae no ahaw me no, ɔpaa me kyɛw. Mehwɛ sɛnea ɔkasae no a, na mitumi hu sɛ wanu ne ho sɛ ɔkaa saa asɛm no. Enti yegyaa asɛm no mu, na yɛn ntam san yɛɛ kama.”

16-17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

16 Ná ɔsomafo Yohane dɔ ne nuanom paa na na ɔpɛ sɛ wɔn gyidi yɛ den. Afotu a ɛwɔ nkrataa mmiɛnsa a ɔkyerɛwee no mu no ma yehu saa. Mmarima ne mmea a wɔasra wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no, wɔn nso te sɛ Yohane. Sɛnea na Yohane te nka wɔ ne nuanom ho no, saa ara na mmarima ne mmea a wɔasra wɔn a wɔne Kristo bedi ade no nso te nka. Wei hyɛ yɛn nkuran paa!—1 Yoh. 2:27.

17 Momma yɛmfa afotu a yɛasusuw ho yi nyɛ adwuma. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛnantew nokware no mu na yɛatie Yehowa wɔ biribiara mu. Sua Onyankopɔn Asɛm na gye di. Ma gyidi a wowɔ wɔ Yesu mu no nyɛ den. Nnye nnipa nyansa ne awaefo nkyerɛkyerɛ nni. Ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na wanni bɔne ansie, na afei nso ɛnsɛ sɛ woma obiara piapia wo ma woyɛ bɔne. Fa Yehowa akwankyerɛ bɔ wo bra. Bio nso, sɛ yɛn nuanom yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a momma yɛmfa nkyɛ wɔn, na yɛmmoa wɔn a wɔn ho akyere wɔn. Yɛyɛ saa a, yɛbɛboa wɔn ama wɔn gyidi ayɛ den. Yɛyɛ wei nyinaa a, ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛrehyia no, yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu.

DWOM 49 Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

^ nky. 5 Wiase a yɛte mu yi, Satan na odi so, na ɔno ne atoro Agya no. Enti ɛnna fam sɛ yɛbɛnantew nokware no mu. Tete Kristofo no nso, na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛnantew nokware no mu. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa aboa tete Kristofo no ne Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, ɔmaa Yohane kyerɛw nkrataa mmiɛnsa. Nsɛm a ɛwɔ nkrataa no mu no betumi aboa yɛn ama yɛahu nneɛma a ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛnantew nokware no mu, na yɛahu nea yɛbɛyɛ wɔ ho.

^ nky. 3 Hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Enti a Yohane Kyerɛw Ne Nkrataa No.”

^ nky. 6 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 11 Hwɛ adesua asɛm a wɔato din “Wunim Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu?” no. Ɛbaa August 2018 Ɔwɛn-Aban mu.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yɛn nuabea bi wɔ sukuu, na ne sukuufo no de ɔbarima ne ɔbarima nna ne ɔbea ne ɔbea nna ho nsɛm repuapua no. (Aman bi so no, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna, ne ɔbea ne ɔbea nna mu no, wɔn ahyɛnsode ne kɔla a ɛwɔ nyankontɔn mu no.) Akyiri yi, ogye bere yɛ nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a, gyidi a ɔwɔ wɔ nea Bible ka mu no bɛyɛ den. Wei aboa no ama wasi gyinae pa.