Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Nea Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Ara Na Mayɛ No

Nea Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Ara Na Mayɛ No

NÁ Donald Ridley yɛ mmaranimfo, na otwitwa gyee Yehowa Adansefo wɔ asɛnnibea bɛboro mfe 30. Ɔboaa dɔkotafo, atemmufo ne nnipa foforo ma wohui sɛ, sɛ obi yare na ɔka sɛ ɔmpɛ mogya a, ɛsɛ sɛ wɔte no ase. Adwuma a ɔyɛe no boaa Yehowa Adansefo ma wodii bem wɔ nsɛm pii mu wɔ asɛnnibea ahorow a ɛwɔ United States. Ná ne nnamfo frɛ no Don; ɔyɛ obi a na ɔmfa n’adwuma nni agorɔ. Afei nso na ɔbrɛ ne ho ase, na na ɔwɔ ahofama.

Afe 2019 no, dɔkotafo hui sɛ Don anya adwenem yare bi a enni aduru. Ne yare no mu yɛɛ den, na ankyɛ na owui wɔ August 16, 2019. N’anom asɛm ni.

Wɔwoo me wɔ St. Paul, Minnesota, U.S.A afe 1954. Ná m’abusua yɛ Roma Katolekfo. Ɛwom sɛ na yenni sika de, nanso na yenni hia. Yɛyɛ mmofra nnum; me na metɔ so mmienu. Meyɛ abofra no, mekɔɔ Katolekfo sukuu, na na meboa asɔfo no. Nanso, na minnim Bible mu papa biara. Ɛwom, na migye di sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbɔɔ biribiara, nanso na minni asɔre no mu gyidi biara.

NEA ƐYƐE A MIHUU NOKWARE NO

Mekɔɔ William Mitchell Kɔlege kosuaa ade na matumi abɛyɛ mmaranimfo. Afe a edi kan no, Yehowa Adansefo baa me fie. Bere a awarefo no bae no, na m’ani abere resi nneɛma. Enti wɔkae sɛ wɔbɛsan aba akyiri yi. Wɔsan bae no, mibisaa wɔn nsɛm mmienu bi. Mibisaa sɛ, “Adɛn nti na nneɛma kɔ yiye ma nnipa bɔne sen nnipa papa?” na “Dɛn na ɛbɛma obi ani agye?” Wɔmaa me Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ne Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no. Saa bere no, na Bible no nnuraho yɛ ahaban momono na na ɛyɛ fɛ paa. Afei nso, mepenee so sɛ wɔne me nsua Bible. Wei buee m’ani ankasa. Bere a mihui sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne aban a ɛbɛma adasamma anya nea wohia biara wɔ asase so daakye no, m’ani gyei paa. Ná mitumi hu sɛ nnipa amammu adi adasamma huammɔ, na ama amanehunu, atɛnkyea, ne awerɛhosɛm ahyɛ wiase yi mu ma.

Mihyiraa me ho so maa Yehowa afe 1982, na mebɔɔ asu saa afe no ara wɔ “Ahenni No Ho Nokwasɛm” Ɔmantam Nhyiam ase wɔ St. Paul Civic Center. Nnawɔtwe a edi hɔ no, mesan kɔɔ baabi a yɛyɛɛ nhyiam no wɔ Minnesota kɔkyerɛw sɔhwɛ a obi kyerɛw ansa na wabɛyɛ mmaranimfo. Eduu October no, metee sɛ matwa sɔhwɛ no, na wɔmaa me abodin krataa a metumi de ayɛ adwuma sɛ mmaranimfo.

Mihyiaa Mike Richardson a na ɔyɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel wɔ “Ahenni No Ho Nokwasɛm” nhyiam no ase. Ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔatew dwumadibea a ɛbɛhwɛ mmara ho asɛm so wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti. Mekaee asɛm a Etiopiani piani no kae wɔ Asomafo Nnwuma 8:36 no, na mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn na esiw me kwan sɛ mebisa hokwan akɔyɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ mmara ho asɛm hɔ?’ Enti mehyehyɛɛ Betel akwammisa krataa.

Bere a mebɛyɛɛ Yehowa Danseni no, na m’awofo ani nnye ho. Me papa ka kyerɛɛ me sɛ, mmaranimfo a merekɔyɛ adwuma wɔ Betel de, dɛn paa na menya afi mu. Meka kyerɛɛ no sɛ, adwuma a merekɔyɛ no, wɔrentua me ka na mmom bosome biara wɔbɛma me dɔla 75. Saa bere no, sika yi na na wɔde ma wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Betel no na wɔde atotɔ nneɛma a wohia.

Esiane sɛ na mapene so sɛ mɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ asɛnnibea bi nti, mantumi ankɔyɛ adwuma wɔ Betel amonom hɔ ara, mmom afe 1984 ansa na merefi ase ayɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel a ɛwɔ New York. Wɔma meyɛɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ mmara ho nsɛm so. Osuahu a minyae bere a mekɔyɛɛ adwuma wɔ asɛnnibea no siesiee me maa Betel adwuma a na ɛda m’anim no.

YESIESIEE STANLEY THEATER

Yɛtɔɔ Stanley Theater no, sei na na ɛte

Yɛtɔɔ Stanley Theater a ɛwɔ Jersey City, New Jersey no November afe 1983. Anuanom srɛɛ kurom hɔ mpanyimfo no sɛ wɔmma wɔn tumi krataa a ebetumi ama wɔayɛ dan no ho adwuma; na wɔbɛyɛ anyinam ahoɔden ne nnorobɛn a nsu fam no ho adwuma. Bere a anuanom hyiaa kurom hɔ mpanyimfo no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔpɛ sɛ wɔde Stanley Theater no yɛ nhyiam asa a Yehowa Adansefo de bɛyɛ nhyiam. Nanso wei kɔfaa asɛm bae. Jersey City mmara mu no, ɛdan a ɛwɔ baabi a nkurɔfo te nko ara na wobetumi de ayɛ nhyiam asa. Nanso na Stanley Theater no wɔ baabi a wodi gua, enti kurom hɔ mpanyimfo no amma wɔn tumi krataa no. Anuanom san srɛɛ kurom hɔ mpanyimfo no sɛ wɔmma wɔn akwammisa krataa, nanso wɔampene.

Nnawɔtwe a edi kan a mekɔɔ Betel no, ahyehyɛde no de asɛm no kɔdan asɛnnibea sɛ, kurom hɔ mpanyimfo no nni hokwan sɛ wosi yɛn kwan. Esiane sɛ na mede mfe mmienu ayɛ adwuma wɔ asɛnnibea bi a ɛwɔ St. Paul a ɛwɔ Minnesota nti, na minim nsɛm a ɛte sei ani so yiye. Mmaranimfo a na wogyina yɛn akyi no mu baako kaa sɛ, wɔayɛ dwumadi ahorow pii wɔ Stanley Theater hɔ; sini ne nnwonto nyinaa. Ɛnde, adɛn nti na mmara mma kwan sɛ yɛde hɔ yɛ nhyiam asa? Asɛnnibea no hwɛɛ asɛm no, wɔkaa sɛ Jersey City mpanyimfo no atiatia hokwan a yɛwɔ sɛ yɛsom Onyankopɔn no so. Asɛnnibea no ka kyerɛɛ kurom hɔ mpanyimfo no sɛ wɔmfa tumi krataa no mma yɛn. Ɛhɔ na mihui sɛ mmɔden a Yehowa ahyehyɛde no rebɔ sɛ ɛbɛfa mmara kwan so ama n’adwuma akɔ n’anim no, ɔrehyira so. M’ani gyei paa sɛ me nso mitumi yɛɛ saa adwuma yi bi.

Anuanom fii ase siesiee dan no; ná ɛnyɛ adwuma ketewa. Bɛyɛ afe akyi, wɔ September 8, 1985 no, Gilead adesuakuw a ɛto so 79 no yɛɛ wɔn dwumadi a wɔde wiee sukuu no wɔ Jersey City Nhyiam Asa no so. Ná ɛyɛ me dɛ sɛ meka mmaranimfo a wɔboa maa Yehowa adwuma nyaa nkɔso no ho. Mmaranimfo adwuma a meyɛe ansa na mereba Betel no, emu biara nni hɔ a ɛmaa m’ani gyei te sɛ wei. Ná minnim sɛ Yehowa wɔ adwuma kɛse sei ma me daakye.

YƐKAA ANUANOM A WƆMPƐ MOGYA NO ASƐM MAA WƆN

Efi afe 1980 kosi 1989 mu hɔ no, sɛ Ɔdansefo a ɔnyɛ abofra bi ka sɛ ɔmpɛ sɛ wɔma no mogya a, na adɔkotafo no tumi bu wɔn ani gu nea waka no so ma no mogya. Sɛ obi nyem de a na asɛm no asɛe koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na atemmufo no wɔ adwene bi sɛ, mmara mma kwan sɛ ɔbea a ɔnyem bɛka sɛ ɔmpɛ mogya. Ná atemmufo no susuw sɛ, sɛ wɔamma ɔbea no mogya a, obewu agyaw abofra no.

December 29, 1988, bere a Onuawa Denise Nicoleau woo ne babarima wiei no, mogya tuu no paa. Ne mogya so tewee paa, na esiane sɛ na ne nkwa da asiane mu nti na adɔkotafo no pɛ sɛ ogye mogya. Nanso, Onuawa Nicoleau ampene. Ade kyee no, ayaresabea no yɛe sɛ wɔbɛkɔ akogye tumi krataa wɔ asɛnnibea a ɛbɛma wɔatumi ama Onuawa Nicoleau mogya. Ɔtemmufo no amma Onuawa Nicoleau anaa ne kunu ankyerɛkyerɛ asɛm no mu, na saa nso na wanka ankyerɛ wɔn sɛ wama ayaresabea no tumi krataa sɛ wɔmma Onuawa Nicoleau mogya.

Fida, December 30 no, ɛmfa ho sɛ Onuawa Nicoleau kunu ne n’abusuafo ampene no, adɔkotafo no maa no mogya. Saa anwummere no, wɔkyeree Onuawa Nicoleau abusuafo ne asafo mu mpanyimfo bi. Wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wokogyinagyinaa Onuawa Nicoleau mpa ho sɛ wɔremma kwan mma adɔkotafo no mma no mogya. Memeneda anɔpa, December 31 no, atesɛm krataa, TV ne radio a ɛwɔ New York City ne Long Island bɔɔ amanneɛ sɛ wɔakyere anuanom no.

Me ne Philip Brumley mmeranteberem

Eduu Dwoda anɔpa no, me ne Milton Mollen a ɔyɛ ɔtemmufo wɔ asɛnnibea kɛse bi kasae. Mekyerɛkyerɛɛ asɛm no mu, na memaa ɔtemmufo no hui sɛ, ɔtemmufo a odii asɛm no kan no, wantie Onuawa Nicoleau ne ne kunu ansa na ɔrema ayaresabea no tumi krataa no. Ɔtemmufo Mollen ka kyerɛɛ me sɛ memmra ne ɔfese mma yensusuw asɛm no ho, na yɛnhwɛ mmara a ɛfa ho. Saa anwummere no, Philip Brumley a na ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ dwumadibea a ɛhwɛ mmara ho nsɛm so no ne me kɔɔ Ɔtemmufo Mollen ɔfese. Ɔtemmufo no maa ayaresabea no mmaranimfo nso baa hɔ bi. Yegyee akyinnye paa. Eduu baabi no, Onua Brumley de krataa bi kyerɛɛ me, na wakyerɛw wɔ so sɛ, “nya abotare.” Afotu yi boaa me paa, efisɛ na mepɛ sɛ mema mmaranimfo a na ogyina ayaresabea no akyi no hu sɛ odi fɔ, enti nea na ɔreyɛ no, na ɛrehyɛ me abufuw.

Efi benkum kɔ nifa: Richard Moake, Gregory Olds, Paul Polidoro, Philip Brumley, me, ne Mario Moreno. Ɛda a wɔfrɛɛ Watchtower v. Village of Stratton asɛm no wɔ U.S. Asɛnnibea Kunini no, anuanom yi na wogyinaa yɛn akyi kaa yɛn asɛm maa yɛn.—Hwɛ January 8, 2003 Nyan!

Bɛyɛ dɔnhwerew baako akyi no, Ɔtemmufo Mollen kaa sɛ: ‘Ɔkyena anɔpa, mo asɛm yi na yebedi kan adi.’ Bere a yɛrefi Ɔtemmufo Mollen ɔfese hɔ no, ɔkaa sɛ ɔkyena, ayaresabea no mmaranimfo no “wɔ asɛm bɔ no pɔ.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ɛbɛyɛ den ama mmaranimfo a ɔtaa ayaresabea no akyi no sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu sɛ wonni fɔ. Metee nka sɛ Yehowa rema me awerɛhyem sɛ wobedi asɛm no ama yɛn. Bere a mihuu sɛnea Yehowa faa yɛn so maa n’apɛde baa mu no, ɛmaa m’ani gyei paa.

Yɛyɛɛ adwuma anadwo mũ no nyinaa de siesiee yɛn ho maa asɛm a na yɛbɛka no anɔpa no. Ná asɛnnibea no bɛn Brooklyn Betel, enti yɛn a na yɛyɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ mmara nsɛm so no mu pii nantew kɔɔ hɔ. Bere a atemmufo nnan a wɔredi asɛm no tiee yɛn asɛm no, wɔkaa sɛ na ɛnsɛ sɛ wɔma ayaresabea no tumi krataa sɛ wɔmma Onuawa Nicoleau mogya. Asɛnnibea kɛse no buaa asɛm no maa Onuawa Nicoleau, na wɔkaa sɛ, sɛ ɔtemmufo bi ma ayaresabea bi tumi krataa na wanni kan antie ɔyarefo no asɛm a, watiatia ɔyarefo no fahodi so.

Asɛm yi sii no, ankyɛ koraa na asɛnnibea kɛse a ɛwɔ New York ka sii so sɛ na ɛfata sɛ wɔhwɛ Onuawa Nicoleau a wɔmmma no mogya. Nsɛm a ɛfa mogya ho a asɛnnibea akɛse a ɛwɔ United States dii no, minyaa hokwan gyinaa asafo no ananmu mpɛn nnan; wei na na edi kan. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Yedii Nkonim Wɔ Asɛnnibea Akɛse Mu.”) Afei nso, me ne mmaranimfo afoforo a wɔwɔ Betel adi nsɛm a ɛfa mmofra ntetee, awaregyae, ne adan ne nsase ho.

M’AWARE NE M’ABUSUA

Me ne me yere Dawn

Bere a edi kan a mihyiaa me yere Dawn no, na ɔne ne kunu agyae aware, na na ɔwɔ mma mmiɛnsa. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo, na na ɔsan yɛ adwuma hwɛ ne ho. Ná wafa ɔhaw pii mu wɔ n’asetena mu, nanso m’ani gyee sɛnea na w’asi ne bo sɛ ɔbɛsom Yehowa no ho. Afe 1992 no, yɛkɔɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no wɔ New York City, na meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ yehu yɛn ho yiye na daakye yɛaware. Afe akyi na yɛwaree. Yehowa ahyira me paa; wama manya ɔbea a ɔmfa ne som nni agorɔ na n’ani gye ne ho. Efi bere a mewaree Dawn nyinaa, wayɛ nneɛma pa pii ama me.—Mmeb. 31:12.

Yɛwaree no, na mmofra no adi mfe 11, 13, ne 16. Ná mepɛ sɛ mehwɛ mmofra no yiye, enti asafo nhoma biara a na ɛka mmusua a mmanoma wom ho asɛm no, mekenkanee na mede yɛɛ adwuma. Ɛwom sɛ yehyiaa ɔhaw pii de, nanso ɛyɛ me dɛ sɛ mmofra no faa me sɛ wɔn adamfo a wogye no di ne wɔn papa a wɔdɔ no. Ná yɛma kwan ma yɛn mma no de wɔn nnamfo ba fie, na na yɛne saa mmabun yi nyinaa bom gye yɛn ani.

Afe 2013 no, na yɛn awofo renyinyin, enti na ɛsɛ sɛ me ne me yere Dawn tu kɔ Wisconsin na yɛatumi ahwɛ wɔn. Ne nyinaa akyi no, wɔamma me annyae Betel adwuma. Wɔmaa mekɔɔ so boaa ahyehyɛde no wɔ nsɛm a ɛfa mmara ho. Sɛ wohia me mmoa a, na wɔfrɛ me ma mekɔboa wɔn.

NNEƐMA SESAA PREƐKO PƐ

September afe 2018 mu no, mihui sɛ na metaa poroporow me menewam. Dɔkota bi a ɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ hwɛɛ me, nanso na onhu nea ɛreyɛ me. Akyiri yi, dɔkota foforo ka kyerɛɛ me sɛ minkohu dɔkota a onim amemene ho adwuma. January afe 2019 no, dɔkota foforo ka kyerɛɛ me sɛ ɛbɛyɛ sɛ manya adwenem yare bi a ɛyɛ hu, na nkakrankakra ɛbɛka me nipadua nyinaa.

Nnansa akyi, bere a na meredi agorɔ bi a m’ani gye ho no, mehwee ase ma me nsa nifa mu bui. Efi me mmofraase tɔnn na mifii ase dii saa agorɔ no; ná minim n’ani so paa. Enti mehwee ase no, mihui sɛ mintumi nkeka me ho yiye. Sɛnea me yare no mu yɛɛ den no, mansusuw sɛ ɛbɛyɛ ntɛm saa. Ná mekasa a ɛmma yiye, ɛkaa me nantew, na na ɛyɛ den sɛ mɛmene ade.

Ɛyɛ me dɛ paa sɛ matumi de mmara ho nimdeɛ kakra a mewɔ no aboa Yehowa ahyehyɛde no. Afei nso, manya hokwan akyerɛw nsɛm pii ama wɔde aba nhoma ahorow a adɔkotafo, mmaranimfo, ne atemmufo kenkan mu. Ade foforo nso ne sɛ, dwumadi ahorow a wɔyɛ ma adɔkotafo ne mmaranimfo wɔ wiase nyinaa no, manya hokwan akasa wɔ ase akyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa Adansefo nnye mogya bere a wɔyare anaa bere a wɔreyɛ wɔn oprehyɛn. Asɛm a ɛwɔ Luka 17:10 no yɛ me dɛ paa. Ɛma mihu sɛ: ‘Meyɛ akoa a mfaso nni me so. Nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara na mayɛ no.’