Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agya a Obiara ne No Nsɛ

Agya a Obiara ne No Nsɛ

Bɛn Onyankopɔn

Agya a Obiara ne No Nsɛ

Mateo 3:16, 17

ASƐMFUA “agya,” ka nsɛmfua kakraa bi a ɛka nnipa koma paa no ho. Agya a ofi ne koma mu dɔ ne mma boa wɔn ma wonyin yiye. Ɛfata sɛ Bible frɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ “Agya.” (Mateo 6:9) Agya bɛn na Yehowa yɛ? Sɛ yebenya ho mmuae a, ma yɛnhwehwɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yesu bere a wɔbɔɔ no asu no mu. Sɛnea agya bi ne ne mma kasa no kyerɛ ɔwofo ko a ɔyɛ.

Wɔ bɛyɛ October afe 29 Y.B. mu no, Yesu kɔɔ Yordan Asubɔnten ho sɛ Yohane mmɔ no asu. Bible ka nea esii: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian ba no so te sɛ aborɔnoma. Afei hwɛ! Nne bi fi soro kae sɛ: ‘Oyi ne me Ba a medɔ no na magye no atom.’” * (Mateo 3:16, 17) Yehowa ankasa na ɔkaa nsɛm a ɛka koma saa no, na ɛma yehu Agya ko a ɔyɛ. Hyɛ nneɛma abiɛsa a Yehowa ka faa ne Ba no ho no nsow.

Nea edi kan no, bere a Yehowa kae sɛ “wone me Ba” no, na nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa ne sɛ, ‘Ɛyɛ me dɛ sɛ meyɛ w’Agya.’ Agya a ɔwɔ nhumu ma ne mma hu sɛ ɔpɛ wɔn asɛm na n’ani kũ wɔn ho. Ehia sɛ wɔma mmofra awerɛhyem sɛ wɔn ho hia wɔ abusua no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu ani gyei bere a n’Agya kyerɛɛ ne ho anisɔ, ɛmfa ho mpo sɛ na wanyin no!

Nea ɛto so abien no, bere a Yehowa kaa ne Ba no ho asɛm sɛ “medɔ wo” no, na ɔreda ɔdɔ a ɔwɔ ma Yesu no adi wɔ baguam. Ɔkwan bi so no, na Agya no reka sɛ, ‘Medɔ wo.’ Agya pa biara ka kyerɛ ne mma sɛ ɔdɔ wɔn paa. Nsɛm a ɛte saa ne ɔdɔ a efi koma mu a wɔda no adi no boa mmofra ma wonyin yiye. Bere a Yesu tee sɛ n’Agya reka sɛ ɔdɔ no no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa ne koma fae!

Nea ɛto so abiɛsa no, Yehowa kae sɛ “magye wo atom,” de kyerɛe sɛ wagye ne Ba no atom. Ɛte sɛ nea na Yehowa reka sɛ, ‘Me Ba, m’ani sɔ nea woayɛ no.’ Agya a ɔwɔ ɔdɔ hwehwɛ hokwan de ma ne mma hu sɛ n’ani sɔ nneɛma pa a wɔyɛ anaa kasa pa a wɔka no. Sɛ awofo kyerɛ mmofra ho anisɔ a, ɛma wonya ahoɔden ne akokoduru. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a Yesu tee sɛ n’Agya agye no atom no, ɛhyɛɛ no nkuran!

Nokwarem no, Yehowa yɛ Agya a obiara ne no nsɛ. So wo kɔn dɔ sɛ wubenya agya a ɔte saa? Sɛ saa a, ɛnde nya awerɛhyem sɛ wubetumi abɛn Yehowa. Sɛ wode gyidi sua ne ho ade, na wufi koma mu bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ n’apɛde a, ɔbɛboa wo. Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Dɛn na ebetumi ama woate nka sɛ wowɔ ahobammɔ kɛse sen sɛ wo ne Yehowa Nyankopɔn, Agya a obiara ne no nsɛ no benya abusuabɔ a emu yɛ den?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Luka Asɛmpa no ka asɛm koro yi ara. Ɛhɔ no, Yehowa de asɛmfua ‘wo’ na edii dwuma. Ɔkae sɛ: “Wone me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”—Luka 3:22.