Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

NÁ DƐN ne Yesu asɛnka no asɛmti? Yesu ankasa kyerɛe sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni. (Luka 4:43) Ná Yesu taa bɔ Ahenni no din bere a ɔne nkurɔfo rekasa no. So ɛyɛɛ wɔn nwonwa anaa wɔante ase? So wobisaa no nea na Ahenni yi yɛ? Dabi. Nsɛmpa no nkyerɛ sɛ wobisaa nsɛm a ɛte saa. Enti na saa nkurɔfo no nim Onyankopɔn Ahenni no anaa?

Nokwasɛm ne sɛ, tete Kyerɛwnsɛm a na Yudafo no bu no sɛ ɛyɛ kronkron no kaa Ahenni no ho asɛm, na ɛkyerɛkyerɛɛ dekode a na ɛyɛ ne nea ɛbɛyɛ mu pefee. Ɛnnɛ yɛnam Bible no so betumi asua Ahenni no ho nsɛm pii te sɛ Yudafo no. Ma yensusuw nokwasɛm ahorow ason a ɛfa Ahenni no ho a Bible kyerɛkyerɛ yɛn no ho. Ná Yudafo a wɔwɔ hɔ wɔ Yesu bere so, ne wɔn a wɔtraa ase ansa na Yesu reba no nim abiɛsa a edi kan no. Kristo anaa n’asomafo a na wɔwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan mu no na wɔmaa abiɛsa a edi hɔ no daa adi. Nea etwa to no ada adi wɔ yɛn bere yi mu.

1. Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa a ɛbɛtra hɔ daa. Bible nkɔmhyɛ a edi kan no kyerɛe sɛ Onyankopɔn bɛsoma ogyefo ma wabegye adesamma anokwafo. Ogyefo yi a wɔfrɛ no ‘aseni’ no beyi ɔhaw a Adam, Hawa, ne Satan atuatew no ma ɛbae no nyinaa afi hɔ. (Genesis 3:15) Mfe bi akyi no, wɔkaa ‘aseni’ yi anaa Mesia no ho asɛm a ɛyɛ anigye kyerɛɛ Ɔhene Dawid ɔnokwafo no. Ná aseni no bedi Ahenni bi so hene. Ná aban yi bɛyɛ soronko wɔ afoforo nyinaa ho. Ebegyina akosi daa.—2 Samuel 7:12-14.

2. Onyankopɔn Ahenni beyi nnipa nniso nyinaa afi hɔ. Wɔ anisoadehu bi a odiyifo Daniel nyae mu no, ohuu wiase tumidi a na ebedidi so aba fi saa bere no abesi yɛn bere yi so. Hwɛ sɛnea ɔde anisoadehu no baa awiei wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so: “Ahene [nnipa ahemfo a wotwa to] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Enti wobeyi ahenni anaa aban ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa a akodi, nhyɛso, ne ɔporow ahyɛ mu ma no afi hɔ. Sɛnea Daniel nkɔmhyɛ no kyerɛ no, ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bedi asase nyinaa so. (Daniel 2:44, 45) Ɛyɛ biribi a ɛbɛba mu ankasa, na ɛno nkutoo ne aban a ɛbɛka wɔ asase so. *

3. Onyankopɔn Ahenni beyi akodi, ɔyare, ɔkɔm, ne owu mpo afi hɔ. Bible nkɔmhyɛ ahorow ma yehu nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ wɔ asase so ha. Saa aban no bɛyɛ nea nnipa nniso biara ntumi nyɛe da anaa wɔrentumi nyɛ da. Susuw ho hwɛ—wɔbɛsɛe akode nyinaa pasaa! “Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Dwom 46:9) Yɛrenhia nnuruyɛfo ne ayaresabea, na saa ara nso na ɔyare biara befi hɔ. “Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Aduankɔm befi hɔ, na nnipa benya aduan pa adi. “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Wɔrenyɛ ayi na wɔrensi pɛ bio, amusiei ne amu korabea anaa awerɛhow a ɛde ba no befi hɔ. Wobeyi yɛn tamfo kɛse, owu, afi hɔ koraa. Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa, na Yehowa bɛpopa ani nyinaa so nusu.’—Yesaia 25:8.

4. Onyankopɔn ankasa na wapaw nea odi n’Ahenni no so. Ɛnyɛ Mesia no ankasa na ɔpaw ne ho sɛ Sodifo, na saa ara nso na ɛnyɛ nnipa a wɔtɔ sin na wɔpaw no. Yehowa Nyankopɔn ankasa na ɔpaw no. N’abodin a ɛne Mesia ne Kristo no ma yehu sɛ Onyankopɔn na ɔpaw no. Nsɛmfua abien no nyinaa kyerɛ “Nea Wɔasra No.” Enti, Yehowa na wasra Ɔhene yi anaa wapaw no ama dibea titiriw yi. Onyankopɔn kaa ne ho asɛm sɛ: “Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.” (Yesaia 42:1; Mateo 12:17, 18) Hena na onim Sodifo ko a yehia sen yɛn Bɔfo no?

5. Nea odi Onyankopɔn Ahenni so no ada no adi sɛ ɔfata wɔ nnipa nyinaa ani so. Yesu a ofi Nasaret no daa ne ho adi sɛ ɔne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔwoo no wɔ abusua a Onyankopɔn kae sɛ obefi mu aba no mu. (Genesis 22:18; 1 Beresosɛm 17:11; Mateo 1:1) Bere a ɔwɔ asase so no, nkɔmhyɛ pii a ɛfa Mesia no ho a wɔkyerɛw too hɔ mfe pii ansa na ɔreba no nyaa mmamu wɔ no so. Wofi soro nso kae sɛ ɔne Mesia no. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Onyankopɔn fi soro kasae, na ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ N’ankasa Ba; abɔfo daa no adi sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ no ho nkɔm no; na na Yesu taa yɛ anwonwade wɔ nnipa mpempem pii anim, a ɛkyerɛ sɛ ɔnam Onyankopɔn tumi so na ɔyɛe. * Yesu yɛɛ nneɛma pii de kyerɛɛ Sodifo ko a ɔbɛyɛ. Ná ɛnyɛ tumi nko na Yesu wɔ sɛ ɔbɛboa nnipa, na mmom na ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ ɔbɛyɛ saa. (Mateo 8:1-3) Ná ɔwɔ ayamye, tema, akokoduru, ne ahobrɛase. N’asase so asetra ho nsɛm wɔ Bible no mu a obiara betumi akenkan.

6. Nnipa 144,000 bɛka Kristo ho ne no adi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Yesu kae sɛ afoforo, a n’asomafo no ka ho ne no bedi ade wɔ ɔsoro. Ɔfrɛɛ saa kuw yi “kuw ketewa.” (Luka 12:32) Akyiri yi wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ, saa kuw ketewa yi mufo dodow bɛyɛ 144,000. Wɔbɛma wɔn adwuma a ɛyɛ anigye wɔ ɔsoro; wɔne Kristo bɛbom ayɛ ahemfo ne asɔfo.—Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3.

7. Onyankopɔn Ahenni redi tumi wɔ ɔsoro seesei, na ɛrenkyɛ ebedi asase nyinaa so. Nokwasɛm a etwa to yi ka nokwasɛm a ɛyɛ anigye sen biara a yebetumi asua no ho. Bible ma yɛn adanse pii a ɛkyerɛ sɛ wɔde tumi ama Yesu sɛ Ɔhene wɔ ɔsoro. Ɔredi ade wɔ hɔ nnɛ wɔ yɛn bere yi so, na ɛrenkyɛ ɔbɛtrɛw ne nniso mu akɔ asase nyinaa so na wama nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye a yɛadi kan aka ho asɛm no aba mu. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi seesei? Na bere bɛn na ebefi ase adi tumi wɔ asase so?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Nkɔmhyɛ a ɛtete sɛ eyi ma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni nyɛ biribi a ɛwɔ yɛn komam sɛnea wɔakyerɛ nnipa pii no. Hwɛ asɛm, “Nsɛm a Akenkanfo Bisa” a ɛwɔ kratafa 13 no.