Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Me Mmofraase Haw Nyinaa Akyi No, Manya Ahotɔ

Me Mmofraase Haw Nyinaa Akyi No, Manya Ahotɔ

Me Mmofraase Haw Nyinaa Akyi No, Manya Ahotɔ

Sɛnea Eusebio Morcillo ka kyerɛe

Wɔ September afe 1993 mu no, mekɔsraa obi wɔ afiase. Mekɔɔ hɔ sɛ merekɔbɔ no asu. Ná ɛyɛ me nuabea kumaa Mariví. Bere a merebɔ no asu no, na nneduafo no ne afiase ahwɛfo binom gyina hɔ rehwɛ. Ansa na mɛka nea ɛyɛe a me ne me nuabea no nyinaa kopuee hɔ no, ma menka yɛn mmofraase ho asɛm.

WƆWOO me wɔ Spain wɔ May 5, afe 1954 mu. Ná yɛyɛ mmofra baawɔtwe, na me na meyɛ abakan. Ná m’akyiriba abien ne Mariví. Yɛn nanabea tetee yɛn sɛ Katolekfo mapa, na mekae sɛ meyɛ abofra a na mewɔ ne nkyɛn no, na migye Onyankopɔn di paa. Nanso na nea ɛrekɔ so wɔ m’awofo fie no nye koraa. Ná me papa taa hwe me maame ne yɛn a yɛyɛ mmofra no. Da biara na ayamhyehye nko ara, na na ɛyɛ me yaw paa sɛ me maame rehu amane.

Mekɔ sukuu nso a, na mihyia ɔhaw afoforo. Sɛ yɛantumi anyi asɛmmisa bi ano yiye a, na ɔkyerɛkyerɛfo no baako a ɔyɛ ɔsɔfo de yɛn ti bobɔ ɔdan mu. Ná ɔsɔfo foforo nso to sukuufo no binom mmonnaa bere a ɔne wɔn rehwɛ wɔn sukuu dwumadi a wɔde maa wɔn kɔɔ fie mu no. Bio nso, na mente Katolekfo nkyerɛkyerɛ te sɛ hellgya ase, na ɛbɔɔ me hu. Ankyɛ na Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ no ano dwoe.

Mede Me Ho Kɔhyɛɛ Ahohwibra Mu

Esiane sɛ na minni obi a ɔbɛkyerɛ me nea ɛsɔ Onyankopɔn ani nti, mifii ase ne nkurɔfo a wɔn bra asɛe na wɔyɛ basabasa kɔɔ disko. Ná ntɔkwaw taa si hɔ ma wɔde asekan, nkɔnsɔnkɔnsɔn, nkongua ne nneɛma afoforo ko. Ɛmfa ho mpo sɛ na menhyɛ da nko bi no, bere bi, wɔbɔɔ me ma ade tɔɔ me so.

Bere bi akyi no, ɛhɔ kɔ fonoo me, na mehwehwɛɛ disko afoforo a basabasayɛ nni hɔ kɛse. Wɔ saa mmeae no mpo no, na wɔtaa nom nnubɔne. Nanso, sɛ́ anka nnubɔne no bɛma manya anigye ne asomdwoe no, ɛmaa mesosoo dae bɔne, na dadwen hyɛɛ me so.

Ɛwom sɛ na minni akomatɔyam de, nanso memaa me nua kumaa baako, José Luis, ne ne yɔnko berɛbo, Miguel de wɔn ho kɔhyɛɛ saa abrabɔ no mu bi. Yɛne mmerante afoforo pii a na wɔwɔ Spain saa bere no de yɛn ho kɔhyɛɛ wiase ahohwibra mu. Ná mefa ɔkwan biara so nya sika de tɔ nnubɔne. Ná obiara mmu me.

Mehwehwɛɛ Yehowa

Wɔ saa bere yi mu no, me ne me nnamfo bɔɔ Onyankopɔn ne nea enti a yɛte nkwa mu ho nkɔmmɔ mpɛn pii. Mehwehwɛɛ obi a metumi aka me koma mu asɛm akyerɛ no de hwehwɛɛ Onyankopɔn. Ná mahu sɛ Francisco a me ne no yɛ adwuma no nte sɛ wɔn a wɔaka no. Ɛte sɛ nea na ɔwɔ anigye, ɔyɛ ɔnokwafo, na ne yam ye, enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛka me tirim asɛm akyerɛ no. Ná Francisco yɛ Yehowa Dansefo, enti ɔmaa me Ɔwɛn-Aban a ɛka nnubɔne ho asɛm.

Mekenkan asɛm no wiei no, mebɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa: “Awurade, minim sɛ wowɔ hɔ, na mepɛ sɛ mihu wo na meyɛ nea wopɛ. Mesrɛ wo, boa me!” Francisco ne Adansefo afoforo nam Bible no so hyɛɛ me nkuran, na wɔmaa me Yehowa Adansefo nhoma ahorow sɛ menkenkan. Mibehui sɛ Onyankopɔn nam wɔn so rebua me mpaebɔ no. Ankyɛ na mifii ase kaa nea meresua no ho asɛm kyerɛɛ me nnamfo ne José Luis.

Da bi a me ne me nnamfo bi kɔhwɛɛ nnwontofo kuw bi a wɔbɔ nnwom denneennen na yɛrefi hɔ akɔ no, metwee me ho fii wɔn ho. Mehwɛɛ wɔn te sɛ nea na menka wɔn ho, na ɛhɔ na mihuu sɛnea na yɛn abrabɔ asɛe afa esiane nnubɔne a na yɛnom nti. Saa bere no ara na meyɛɛ m’adwene sɛ megyae saa bra no na mabɛyɛ Yehowa Dansefo.

Meka kyerɛɛ Francisco sɛ ɔmma me Bible, na ɔmaa me bi, na ɔmaa me Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu * nhoma nso. Bere a mekenkan bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛpopa aniwa mu nusu nyinaa na wayi owu afi hɔ no, ɛhɔ ara na mihui sɛ mahu nokware a ebetumi ama nnipa ade wɔn ho no. (Yohane 8:32; Adiyisɛm 21:4) Akyiri yi, mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Adamfofa su ne ɔdɔ a woyii no adi kyerɛɛ me no kaa me koma yiye.

Esiane sɛ na mepɛ sɛ meka nea mikohui wɔ Ahenni Asa so no kyerɛ afoforo nti, ntɛm ara na meboaboa José Luis ne me nnamfo ano, na mekaa biribiara kyerɛɛ wɔn. Nna bi akyi no, yɛn nyinaa kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam. Ababaa bi a na ɔte yɛn anim twaa n’ani bɛhwɛɛ yɛn. Ɛda adi sɛ ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu nnipa a wɔagyaw wɔn ti nhwi atenten saa, na wammɔ mmɔden sɛ obetwa n’ani bio. Ɛbɛyɛ sɛ ne ho dwiriw no sɛ ɔsan huu yɛn wɔ Ahenni Asa no so wɔ naawɔtwe a edi hɔ no, efisɛ saa bere yi de, na yɛhyehyɛ ntade kama abɔ so tae.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, me ne Miguel nso kɔɔ Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam bi. Ná yenhuu biribi a ɛte saa da—na nnipa a wɔahyia hɔ nyinaa dodɔ wɔn ho ankasa. Anwonwasɛm ne sɛ, wɔyɛɛ nhyiam no wɔ beae koro no ara a yekotiee nnwom no. Nanso, saa bere yi de, nea yehui ne nnwom a yetiei no maa yɛn koma tɔɔ yɛn yam.

Me ne me nnamfo no nyinaa fii ase suaa Bible. Bɛyɛ bosome awotwe akyi, wɔ July 26, afe 1974 mu no, me ne Miguel bɔɔ asu. Ná yɛn baanu nyinaa adi mfe 20. Yɛn nnamfo no baanan nso bɔɔ asu wɔ bosome kakra bi akyi. Bible mu ntetee a na manya no kaa me ma mifii ase boaa me maame a ɔwɔ abotare no wɔ ofie nnwuma mu, na mekaa ɔsom foforo a mahu no ho asɛm kyerɛɛ no. Me ne me maame benyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Mede me bere pii nso boaa me nuanom nkumaa no.

Bere rekɔ so no, me maame, ne me nuanom nyinaa suaa Bible mu nokware no na wɔbɔɔ asu sɛ Yehowa Adansefo, gye ɔbaako pɛ. Mewaree Soledad wɔ afe 1977 mu. Ɔno ne ababaa a ne ho dwiriw no sɛ ohuu yɛn wɔ Ahenni Asa so da a edi kan a yɛkɔɔ hɔ no. Bosome kakra bi akyi no, yɛn baanu nyinaa bɛyɛɛ akwampaefo. Saa na Yehowa Adansefo frɛ wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa ka asɛmpa no.

Meboaa Me Nuabea a Medɔ No

Me nuabea Mariví yɛ abofra no, wɔtoo no mmonnaa, na saa ayayade no haw no paa. Ɔnom nnubɔne, ɔbɔɔ korɔn, na osii tuutuu bere a na onnya nni mfe 20. Wɔde no kɔtoo afiase bere a odii mfe 23 no, na ɔkɔɔ so bɔɔ ne brabɔne no.

Saa bere no, na meresom sɛ ɔmansin sohwɛfo. Saa na Yehowa Adansefo frɛ obi a ɔkɔsrasra wɔn asafo ahorow no. Wɔ afe 1989 mu no, woyii me ne Soledad kɔɔ baabi a na Mariví da afiase wɔ hɔ no ma yɛkɔsomee. Ná mpanyimfo a wɔhwɛ afiase hɔ no gyee ne ba fii ne nsam nkyɛe koraa; ne werɛ howee paa ma enti na asetra afono no. Da bi, mekɔsraa no na meka kyerɛɛ no sɛ ɔmma yensua Bible, na ɔpenee so. Osuaa ade bosome akyi no, ogyaee nnubɔne ne tawa nom. M’ani gyei sɛ Yehowa maa no ahoɔden ma ɔde yɛɛ nsakrae yi wɔ n’asetra mu.—Hebrifo 4:12.

Mariví fii ase suaa ade bere tiaa bi akyi no, ɔkaa Bible mu nokware a wahu no kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn da afiase ne wɔn a wɔhwɛ afiase hɔ no. Ɛwom sɛ na wɔsesasesa afiase a ɔda no de, nanso ɔkɔɔ so kaa asɛm no wɔ baabiara a ɔkɔe. Wɔ afiase biako mu no, odii adanse wɔ ɔdan biara mu. Bere rekɔ so no, Mariví ne wɔn a wɔda afiase afoforo mu pii suaa Bible.

Da bi, Mariví ka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu. Nanso wɔamma no kwan sɛ obefi afiase hɔ, na saa ara nso na wɔamma obi ankɔ hɔ ankɔbɔ no asu. Ɔdaa afiase a na ɛhɔ asetra asɛe no mfe anan kaa ho. Dɛn na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so nyaa gyidi? Sɛ na asafo a ɛwɔ mpɔtam hɔ no hyiam a, bere koro no ara na ɔno nso sua nea wɔresua no bi wɔ afiase hɔ. Afei nso, na n’ankasa sua Bible daa, na na ɔbɔ mpae.

Bere bi akyi no, woyii Mariví kɔɔ afiase foforo a na wɔayɛ ɔtare wɔ hɔ. Ɔtee nka sɛ ebia ebetumi ayɛ yiye sɛ ɔbɛbɔ asu wɔ beae foforo yi. Na ampa ara, wɔmaa Mariví kwan. Enti, ɛno na ɛma mikopuee afiase hɔ kɔmaa n’asubɔ ho ɔkasa no. Ná meka no ho wɔ n’asetram bere a ɛho hia saa no mu.

Esiane ɔbra a na Mariví abɔ pɛn nti, onyaa AIDS. Nanso n’abrabɔ pa nti, woyii no fii afiase ansa na ne bere reso wɔ March afe 1994 mu. Ɔne Maame kɔtrae na ɔkɔɔ so yɛɛ Kristoni mapa kosii sɛ owui wɔ mfe abien akyi.

Sɛnea Meredi Adwene a Ɛnteɛ So

Me nso memfaa me ho nnii korakora wɔ me kan abrabɔ ho. Amane a mihui wɔ me papa nsam ne ɔbra a mebɔe wɔ me mmerantebere mu no haw me paa. Ɛde besi nnɛ mpo, m’adwene taa bu me fɔ na mete nka sɛ me so nni mfaso. Ɛtɔ mmere bi a, mabam tumi bu paa. Nanso Onyankopɔn Asɛm aboa me paa ma mitumi ko tia adwene a ɛnteɛ yi. Kyerɛw nsɛm te sɛ Yesaia 1:18 ne Dwom 103:8-13 a metaa dwennwen ho no aboa me wɔ mfe pii a atwam no mu ma sɛnea m’adwene bu me fɔ no so atew.

Mpaebɔ yɛ ɔkwan foforo a Yehowa afa so aboa me ma midi atenka a minya sɛ me so nni mfaso no so. Metaa de nusu bɔ Yehowa mpae. Nanso asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 3:19, 20 no hyɛ me den: “Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yefi nokware no mu, na yɛbɛma yɛn koma awerɛhyem n’anim wɔ biribiara a yɛn koma bebu yɛn fɔ mu, efisɛ Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.”

Esiane sɛ mede “koma a abubu na apɛtɛw” bɔ Onyankopɔn mpae nti, mihu sɛ menyɛ ɔbɔnefo sɛnea na bere bi misusuw no. Bible ma wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa nyinaa awerɛhyem sɛ ɔmpo wɔn a wofi wɔn koma mu nu wɔn ho wɔ wɔn kan abrabɔ ho na wɔagyae reyɛ n’apɛde no.—Dwom 51:17.

Bere biara a mɛte nka sɛ mensɛ hwee no, mebɔ mmɔden sɛ mede nneɛma pa te sɛ nea Filipifo 4:8 ka ho asɛm no bɛhyɛ m’adwene mu. Makyere Dwom 23 ne Bepɔw so Asɛnka no mu nsɛm agu me tirim. Enti sɛ adwene a ɛnteɛ hyɛ me so a, meka kyerɛw nsɛm yi mu nsɛm. Da a mintumi nna anadwo no, sɛ mekaakae eyinom a, ɛboa me paa.

Mmoa foforo a minya yɛ nkamfo a minya fi me yere ne Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw hɔ. Ɛwom sɛ mfiase no na ɛyɛ den sɛ megye nkuranhyɛsɛm a wɔka no atom de, nanso Bible no aboa me ma mate ase sɛ ɔdɔ ‘gye biribiara di.’ (1 Korintofo 13:7) Nokwarem no, ahobrɛase aboa me ma mahu sɛ mewɔ mmerɛwyɛ.

Nanso biribi pa bi afi mu aba. Sɛnea merebɔ mmɔden sɛ medi adwene a ɛnteɛ so no aboa me ma manya tema ama nkurɔfo sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Me ne me yere mu biara de yɛn bere nyinaa aka asɛmpa no bɛyɛ mfe 30 ni. Anigye a minya wɔ afoforo a mesom wɔn mu no mma adwene a ɛnteɛ ne ahohwibra a mebɔe no nhyɛ me so pii.

Seesei, sɛ mehwɛ m’akyi na misusuw sɛnea Yehowa ahyira me pii no ho a, ɛka me ma me ne odwontofo no yɛ adwene sɛ: “Hyira [Yehowa, NW], . . . Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa firi wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. Ogye wo nkwa fi amana mu, ɔde adɔe ne mmɔborohunu bɔ wo abotiri.”—Dwom 103:1-4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso wɔagyae tintim.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

M’adwene taa bu me fɔ na mete nka sɛ me so nni mfaso, nanso Onyankopɔn Asɛm boa me paa ma meko tia adwene a ɛnteɛ yi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Me nua José Luis ne n’adamfo Miguel suasuaa adebɔne ne adepa a meyɛe nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Morcillo abusua no wɔ afe 1973 mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Bere a na Mariví da afiase

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Me ne me yere, Soledad