Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Bere bɛn na nsoromma mu ahwɛfo no kɔsraa Yesu?

Mateo Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛ “nsoromma mu ahwɛfo fi apuei” kɔsraa Yesu, na wɔde akyɛde kɔmaa no. (Mateo 2:1-12) Wɔankyerɛ nsoromma mu ahwɛfo anaa anyansafo yi mu dodow a wɔkɔsraa Yesu, na adwene a nnipa pii wɔ sɛ na wɔyɛ baasa no nni nnyinaso biara; saa ara nso na Bible mmobɔ wɔn din.

Bible ho nhoma bi ka Mateo 2:11 ho asɛm sɛ: “Anyansafo no ankɔsra Yesu bere a na ɔda mmoa adididaka mu anadwo a wɔwoo no no sɛnea nguanhwɛfo no yɛe no. Asram bi akyi na wɔkɔsraa no sɛ ‘abofra’ wɔ ne ‘fie’ mu.” (New International Version Study Bible) Nea ɛma yehu eyi ne sɛ bere a na Herode rehwehwɛ abofra kumaa no akum no no, ɔhyɛe sɛ wonkunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtam nyinaa a wɔawo wɔn foforo kosi wɔn a wɔadi mfe abien so. Ogyinaa “bere a ohu fii nsoromma mu ahwɛfo no hɔ” so na ɔde n’ani sii mmofra a wɔadi saa mfe no so.—Mateo 2:16.

Sɛ nsoromma mu ahwɛfo no kɔsraa Yesu anadwo a wɔwoo no no, na wɔkɔmaa no sika ne akyɛde afoforo a ɛsom bo a, ɛda adi sɛ anka Maria remfa nnomaa abien pɛ nkɔbɔ afɔre bere a ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem asɔrefie nnafua 40 akyi no. (Luka 2:22-24) Ná eyi yɛ nhyehyɛe a ɛwɔ Mmara no mu ma ahiafo a na wontumi mfa oguan ba nkɔbɔ afɔre no. (Leviticus 12:6-8) Nanso, ɛbɛyɛ sɛ Yesu abusua no nsa kaa akyɛde a ɛsom bo yi wɔ bere a ɛsɛ mu, na ebia ɛboaa wɔn ma wotuaa wɔn ho aka bere a na wɔwɔ Misraim no.—Mateo 2:13-15.

Dɛn nti na egyee Yesu nnanan ansa na ɔrekodu Lasaro ɔboda no ho?

Ɛbɛyɛ sɛ Yesu hyɛɛ da na ɔhyehyɛɛ no saa. Dɛn nti na yebetumi aka saa? Susuw kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yohane ti 11 no ho.

Bere a Lasaro a ɔyɛ Yesu adamfo a ofi Betania no yaree denneennen no, ne nuabeanom soma ma wɔkɔka kyerɛɛ Yesu. (Nkyekyɛm 1-3) Saa bere no, na ebegye nnanu ansa na Yesu afi baabi a ɔwɔ no akodu Betania. (Yohane 10:40) Ɛda adi sɛ bere a Yesu tee nkra no mu hɔ baabi na Lasaro wui. Dɛn na Yesu yɛe? “Ɔtraa nea ɔwɔ hɔ ara nnanu,” na ɛno akyi no, ɔkɔɔ Betania. (Nkyekyɛm 6, 7) Enti, nnanu a ɔtwɛnee, ne nnanu a ɔde tuu kwan no ma okoduu ɔboda no ho nnanan wɔ Lasaro wu akyi.—Nkyekyɛm 17.

Ná Yesu adi kan anyan nnipa baanu. Onyanee ɔbaako bere a owui no akyi pɛɛ, ɛnna ɔbaako no nso, ɛbɛyɛ sɛ bere bi akyi wɔ da a owui no mu. (Luka 7:11-17; 8:49-55) So na obetumi anyan obi a wawu nnanan a ne nipadua no afi ase resɛe? (Nkyekyɛm 39) Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ, na Yudafo no gye di sɛ anidaso biara nni hɔ “ma obi a wawu nnanan; ebedu saa bere no na ɛda adi sɛ nipadua no resɛe, na ɔkra no a wosusuw sɛ ɛnenam nipadua no ho nnansa no afi hɔ kɔ.”

Sɛ na wɔn a wɔahyiam wɔ ɔboda no ho no mu biara adwenem yɛ no naa a, na wɔrebehu sɛ Yesu wɔ tumi wɔ owu so. Bere a Yesu gyina ɔboda no anim no, ɔteɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” Afei, “ɔbarima a wawu no pue bae.” (Nkyekyɛm 43, 44) Owusɔre no ne anidaso ankasa a ɛwɔ hɔ ma awufo, na ɛnyɛ adwene a ɛnteɛ a nnipa pii kura a ɛne sɛ obi wu a, ne kra kɔtra baabi no.—Hesekiel 18:4; Yohane 11:25.