Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛde Ma Yɛn Akenkanfo

Yɛde Ma Yɛn Akenkanfo

Yɛde Ma Yɛn Akenkanfo

ƐYƐ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ, efi Ɔwɛn-Aban yi so no, yɛbɛyɛ nsakrae wɔ emu nsɛm no mu. Ansa na yɛbɛkyerɛ nea ɛbɛsesa no, ma yenni kan nka nea ɛrensesa no ho asɛm.

Nsɛmma nhoma yi din, Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no nsesae. Enti Ɔwɛn-Aban no bɛkɔ sɔ akamfo Yehowa sɛ nokware Nyankopɔn no, na ɛde Ahenni no ho asɛmpa akyekye n’akenkanfo werɛ. Asɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi kratafa 5 kosi 9 no kyerɛkyerɛ nea Ahenni no yɛ ne bere a ɛbɛba mu. Bio nso, Ɔwɛn-Aban no bɛkɔ so ahyɛ Yesu Kristo mu gyidi ho nkuran, aka Bible mu nokware akyerɛ, na akyerɛkyerɛ nsɛm a esisi wɔ wiase a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu mu sɛnea ayɛ mfe pii no.

Ɛnde, dɛn na ɛbɛsesa wɔ mu? Ma yɛnkyerɛkyerɛ nneɛma afoforo a ɛyɛ anigye a ɛbɛba wɔ ɔsram biara da a edi kan de no mu bi mu. *

Nsɛm pii a ɛbɛma nkurɔfo adwen nsɛm ho yiye bɛba ɔsram biara. Ɔfã a wɔato din, “So Wunim?” no bɛkyerɛkyerɛ nea Bible mu nsɛm bi a wɔapaw kyerɛ mu. Ɔfã a ɛne, “Bɛn Onyankopɔn” no bɛma yɛahu nea yebetumi asua afa Yehowa ho wɔ Bible mu nsɛm pɔtẽẽ bi mu. Ɔfã, “Nsɛm a Akenkanfo Bisa” no bɛma yɛahu Bible mu nsɛm a nnipa taa bisa no ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii abisa sɛ, “So Onyankopɔn Ahenni wɔ Wo Komam?” Wubehu eyi ho mmuae wɔ kratafa 13.

Yɛayɛ nsɛm a ɛbɛba daa no bi na aboa mmusua. Ɔfã a ɛne “Nea Ɛma Abusua Nya Anigye” a ɛbɛba ɔsram anan biara wɔ afe no mu no bɛka ɔhaw ankasa a ɛwɔ mmusua mu ho asɛm na akyerɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm betumi aboa ma wɔasiesie. Ɔfã foforo a ɛbɛba nso ne “Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma.” Wɔayɛ ama awofo sɛ wɔnkenkan nkyerɛ wɔn mma. Sɛ saa ɔfã yi ba ɔsram yi a, asɛm, “Mmofra Afã” na ɛbɛba ɔsram a edi hɔ no. “Mmofra Afã” no bɛboa mmofra ma wɔasua Bible mu nsɛm.

Nsɛm afoforo bi nso bɛba mpɛn anan wɔ afe no mu. “Suasua Wɔn Gyidi” afã no bɛboa yɛn ma yɛasuasua onipa bi a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Ɔwɛn-Aban yi kratafa 18 kosi 21 no, wubehu odiyifo Elia ho asɛm a ɛka koma ne sɛnea yebetumi asuasua ne gyidi. Ɔfã a ɛne “Krataa a Efi . . . ” no bɛka asɛmpatrɛwfo ne afoforo a wɔwɔ wiase mmeae ahorow no ankasa anom asɛm. “Nea Yesua Fi Yesu Hɔ” no bɛkyerɛkyerɛ Bible mu nkyerɛkyerɛ titiriw mu wɔ ɔkwan a ɛnyɛ den koraa so.

Yɛwɔ ahotoso sɛ akenkanfo a wɔn ani gye Bible ho na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛkyerɛkyerɛ ankasa no ani bɛkɔ so agye Ɔwɛn-Aban no ho. Yɛhwɛ kwan sɛ nsɛmma nhoma yi bɛboa wo ma woahu Bible mu nokware a worehwehwɛ no.

WƆN A WƆYƐE

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Seesei yɛbɛyɛ Ɔwɛn-Aban no ahorow abien. Nea ɛbɛba ɔsram biara da a edi kan no bɛyɛ ɔmanfo de. Nea ɛbɛba ɔsram biara da a ɛto so 15 no bɛyɛ nea Yehowa Adansefo besua wɔ wɔn asafo nhyiam a obiara tumi kɔ bi no ase.