Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane. Bible ka sɛ: “Ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne.” (Hiob 34:10) Ɛnde, na hena titiriw na ɔde amanehunu ba?

Yesu frɛɛ Satan “wiase sodifo.” (Yohane 14:30) Nokwarem no, Yehowa ne Amansan Hene. Ɔremfa saa dibea no mma obiara da. Nanso, Onyankopɔn ama Satan kwan sɛ onni nnipa dodow no ara so nkosi bere bi.—1 Yohane 5:19.

Satan ada ne ho adi sɛ ɔyɛ sodifo bɛn? Efi bere a edi kan a Satan ne nnipa dii nkitaho no, wada ne ho adi sɛ ɔyɛ owudifo ne ɔtorofo. Satan de ɔhaw ba adesamma so wɔ akwan pii so. Yesu kaa ne ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Yesu kae nso sɛ mmarima a na wɔrehwehwɛ no akum no no yɛ owudifo a odi kan, Satan mma. Wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ ɔno ara de kyerɛe sɛ wɔyɛ ne mma. Abebusɛm bi ka sɛ, ɔkɔtɔ nwo anomaa.

Satan da so ara kanyan nnipa ma wodi awu. Sɛ nhwɛso no, Ɔbenfo R. J. Rummel, a na ɔkyerɛ ade wɔ Hawaii Sukuupɔn mu wɔ U.S.A. no bu akontaa sɛ, efi afe 1900 kosi 1987 no, aban ahorow kunkum nnipa 169,198,000 wɔ amanyɔsɛm mu basabasayɛ mu, mmusua ase a wɔtɔree mu, ne nnipa a wokunkum wɔn basabasa mu. Eyinom akyi no, wokunkum nnipa ɔpepem pii wɔ akodi mu wɔ saa bere no ara mu.

Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane a, dɛn nti na ɔma ho kwan? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛho da so ara hia sɛ wosiesie nsɛm a ɛfa nnipa nyinaa ho, a ɛne papa ne bɔne ho nsɛm a ɛsɔree bere tenteenten ni no. Ma yensusuw emu biako pɛ ho nhwɛ.

Bere a wɔbɔɔ Adam ne Hawa no, ankyɛ na wokodii Satan akyi. Wɔampɛ sɛ Onyankopɔn bedi wɔn so, na mmom wɔpawee sɛ wɔn ankasa bedi wɔn ho so, a ɛkyerɛ sɛ na Ɔbonsam ankasa na ɔredi wɔn so.—Genesis 3:1-6; Adiyisɛm 12:9.

Yehowa atɛntrenee nti, ɔmaa kwan sɛ bere ntwam na ama nokware no ada adi. Dɛn na yebetumi aka? Nnipa nniso a ɛhyɛ Satan ase no de amanehunu nkutoo na aba. Nokwarem no, bere tenten a Onyankopɔn ama abɛsen no aboa nnipa. Wɔ ɔkwan bɛn so? Wɔn a wɔhwehwɛ nokware a ɛwom na wogye di no nya hokwan de kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn di wɔn so. Wɔn a wosua Onyankopɔn mmara na wodi so no wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa.—Yohane 17:3; 1 Yohane 2:17.

Ɛwom sɛ seesei wiase no da Satan tumi mu de, nanso ɛrentra hɔ nkyɛ. Ɛrenkyɛ Yehowa nam ne Ba no so ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yohane 3:8) Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no, Yesu bɛkyekye wɔn a wɔadi yaw no werɛ na obeyi awerɛhosɛm a atoto nnipa no afi hɔ. Obenyan awufo ɔpepepem pii a wohuu amane na wowuwui mfehaha pii a atwam ni no aba asase so bio.—Yohane 11:25.

Yesu a wonyan no fii owu mu no yɛ nhwɛso biako a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn adi Ɔbonsam nnwuma so nkonim—ɛyɛ nea nnipa a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn di wɔn so benya daakye no ho ade ketewaa bi. (Asomafo Nnwuma 17:31) Bible nam awerɛkyekyesɛm yi so ma yehu nea ɛbɛba daakye: “Onyankopɔn ankasa ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.