Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Marko Ampa Abaw

Marko Ampa Abaw

Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

Marko Ampa Abaw

MARKO kyerɛw Bible mu nhoma anan a ɛfa Yesu asetra ho no mu biako. Ɛno na ɛyɛ tiaa paa na ne kenkan nso nyɛ den koraa. Ná hena ne Marko? Wususuw sɛ na onim Yesu?— * Ma yɛnhwɛ sɔhwɛ a ɛyɛ den a Marko hyiae, na hu nea enti a Marko ampa abaw sɛ ɔyɛ Kristoni.

Bere a edi kan a wɔbɔɔ Marko din wɔ Bible mu no yɛ bere a Ɔhene Herode Agripa ma wɔde ɔsomafo Petro too afiase no. Anadwo bi ɔbɔfo bi koyii Petro fii afiase, na ntɛm ara ɔkɔɔ Marko maame Maria a na ɔte Yerusalem no fie. Bere a wokum Yesu wɔ Twam afahyɛ bere mu wɔ afe 33 Y.B. akyi mfe du na wɔkyeree Petro too afiase na woyii no.—Asomafo Nnwuma 12:1-5, 11-17.

So wunim nea enti a Petro kɔɔ Maria fie?— Ɛbɛyɛ sɛ na onim Maria abusuafo, na na onim sɛ Yesu asuafo no hyiam wɔ ne fie. Ɛbɛyɛ sɛ na Marko busuani Barnaba yɛ osuani dedaadaw fi Pentekoste Afahyɛ a wodii no afe 33 Y.B. no. Ayamye a Barnaba daa no adi kyerɛɛ asuafo a na wɔyɛ foforo saa bere no ho asɛm wɔ Bible mu. Enti ɛbɛyɛ sɛ na Yesu nim Barnaba, Marko ne ne maame Maria.—Asomafo Nnwuma 4:36, 37; Kolosefo 4:10.

Marko kyerɛwee wɔ n’Asɛmpa no mu sɛ anadwo a wɔkyeree Yesu no, na aberante bi a ɔde nwera nkutoo “akata n’adagyaw so” wɔ hɔ. Marko kyerɛwee sɛ bere a atamfo kyeree Yesu no, aberante no guanee. Wususuw sɛ na hena ne saa aberante no?— Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Marko! Enti bere a Yesu ne n’asomafo no fii hɔ anadwo dasum no, ɛbɛyɛ sɛ Marko na ɔde nnwera kataa ne ho dii wɔn akyi no.—Marko 14:51, 52.

Nokwarem no, Marko nyaa hokwan pii ne Onyankopɔn asomfo bɔe. Ɛbɛyɛ sɛ bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, na ɔwɔ hɔ, na ɔne Onyankopɔn asomfo anokwafo te sɛ Petro bɔe kɛse. Nanso ɔne ne busuani Barnaba a ɔboaa Saul de no kɔɔ Petro nkyɛn wɔ mfe abiɛsa akyi a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saul wɔ anisoadehu mu no nso bɔe. Mfe bi akyi no, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saul wɔ hɔ.—Asomafo Nnwuma 9:1-15, 27; 11:22-26; 12:25; Galatifo 1:18, 19.

Wɔ afe 47 Y.B. no, wɔpaw Barnaba ne Saul sɛ wɔnyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Wɔne Marko kɔe, nanso biribi nti, akyiri yi Marko gyaw wɔn hɔ san baa fie wɔ Yerusalem. Saul a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paulo no bo fuwii. Ɔfaa no sɛ Marko dii mfomso paa wɔ nea ɔyɛe no ho.—Asomafo Nnwuma 13:1-3, 9, 13.

Bere a Paulo ne Barnaba fi wɔn asɛmpatrɛw akwantu mu resan aba no, wɔkaa nneɛma a esisii a na ɛyɛ anigye pii ho asɛm. (Asomafo Nnwuma 14:24-28) Asram bi akyi no, wɔn baanu yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsan akɔsra wɔn a na wɔaka asɛm akyerɛ wɔn ma wɔasakra no. Ná Barnaba pɛ sɛ ɔde Marko kɔ, nanso wunim nea na Paulo adwene yɛ no?— Esiane sɛ bere bi Marko gyaw wɔn hɔ kɔɔ fie nti, na osusuw sɛ “ɛnyɛ papa” sɛ wɔde no bɛka wɔn ho akɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ nea esii wɔ ɛno akyi no maa Marko werɛ howee!

Paulo ne Barnaba bo fuwii, na ɛno akyi no, “akasakasa a emu yɛ den bae” ma wodii mpaapaemu. Barnaba faa Marko kaa ne ho ne no kɔkaa asɛm no wɔ Kipro, na Paulo nso faa Silas ne no san kɔsrasraa wɔn a wɔabɛyɛ asuafo foforo no, sɛnea na wɔadi kan ahyehyɛ no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Marko yaw sɛ ɔmaa akasakasa baa Paulo ne Barnaba ntam!—Asomafo Nnwuma 15:36-41.

Yennim nea enti a mfiase no Marko gyaw wɔn hɔ san kɔɔ fie. Ɛbɛyɛ sɛ na osusuw sɛ ehia sɛ ɔsan kɔyɛ biribi wɔ fie. Sɛ́ ɛte saa anaa ɛnte saa no, ɛda adi sɛ na Barnaba gye di sɛ Marko rensan nyɛ nea ɔyɛe no bio. Nea ɔkae no baa mu pɛpɛɛpɛ. Marko ampa abaw! Akyiri yi, ɔne Petro kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Babilon a na ɛwɔ akyirikyiri no. Woduu hɔ no, Petro de nkyia bae, na ɔde kaa ho sɛ: “Me ba Marko nso kyia mo.”—1 Petro 5:13.

Esiane sɛ Petro ne Marko boom som Onyankopɔn nti, hwɛ abusuabɔ pa ara a na ɛda wɔn ntam! Sɛ yɛkenkan Marko Asɛmpa no a, yehu no saa nso. Nsɛm a Marko kyerɛwee no ma yehu sɛ na Petro aka nea Yesu yɛe ma ohui no akyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, susuw ahum bi a etui wɔ Galilea Po no so no ho hwɛ. Marko ma yehu baabi a na Yesu da wɔ ɔkorow no mu ne nea na ɔda so, nneɛma a na Petro a ɔyɛ ɔpofofo no behu. Ma yɛnkenkan Bible mu nsɛm a ɛwɔ Mateo 8:24; Marko 4:37, 38; ne Luka 8:23 no, na yɛmfa ntoto ho nhwɛ.

Akyiri yi, Bere a wɔde Paulo too afiase wɔ Roma no, ɔkamfoo Marko sɛ ɔboaa no. (Kolosefo 4:10, 11) Na bere a wɔsan de Paulo kɔtoo afiase wɔ hɔ no, ɔkyerɛw Timoteo sɛ ɔmfa Marko nka ne ho mmra, efisɛ, “Ɔyɛ ɔboafo ma me wɔ ɔsom mu.” (2 Timoteo 4:11) Nokwarem no, esiane sɛ Marko ampa abaw nti, hwɛ ɔsom mu hokwan pii a onyae!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na hyɛ abofra no nkuran ma ɔnkyerɛ n’adwene.

Nsɛmmisa:

○ Ɛhe na na Marko te, na dɛn nti na wubetumi aka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na onim Yesu?

○ Hena titiriw na ɔboaa Marko?

○ Dɛn na anka ebetumi ama Marko apa abaw?

○ Yɛyɛ dɛn hu sɛ awiei koraa no, Paulo ani begyee Marko ho?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ɛbɛyɛ sɛ aberante yi yɛ hena? Asɛm bɛn na ato no, na dɛn ntia?

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Esiane sɛ Marko ampa abaw nti, nhyira bɛn na onyae?