Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔresisi Adan De Ayi Yehowa Ayɛ

Wɔresisi Adan De Ayi Yehowa Ayɛ

Wɔresisi Adan De Ayi Yehowa Ayɛ

“Anwonwasɛm ni. Manna anso dae da sɛ yebenya baabi a ɛyɛ fɛ sɛɛ ahyiam de ayi Yehowa ayɛ. Anigye a manya no kyɛn biribiara a wotumi de sika tɔ!”—MARIA, MEXICO.

YEHOWA ADANSEFO ani gye sɛ wobehyiam asua Onyankopɔn Asɛm, Bible no. (Dwom 27:4; Hebrifo 10:23-25) Na sɛ wotumi hyiam wɔ mmeae a ɛfata som a, wɔn ani gye paa sɛ wɔbɛyɛ saa. Mfe kakra a atwam no, wɔasisi mmeae a wɔsom foforo mpempem pii wɔ aman pii so wɔ wiase nyinaa. Wɔfrɛ mmeae yi Ahenni Asa.

Dɛn na ama wɔresisi adan yi? Henanom na wɔyɛ adwuma no? Na adan a wɔresisi no ka wɔn a wɔreyɛ ho adwuma no dɛn? Sɛ wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, susuw nea akɔ so wɔ Mexico ne Belize no ho hwɛ.

Wohia Ahenni Asa Mpempem Pii!

Bere bi a atwam no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico no tumi hyiam som wɔ baabiara a wobenya—mfikyiri, Adansefo afie, adan a wɔkora nneɛma wom, baabi a wɔde kar sisi, anaa ɔdan a wogye tua ho ka. Wɔ saa bere yi mu no, na Adansefo anokwafo yi taa ka sɛ sɛ wɔn ankasa tumi sisi wɔn Ahenni Asa, anka eye paa.

Eduu afe 1994 no, na Adansefo dodow a wɔwɔ Mexico no yɛ 388,000. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ saa afe no mu hui sɛ sɛ wɔn nyinaa betumi anya baabi a wobehyiam asom a, gye sɛ wosisi Ahenni Asa foforo 3,300. Adwuma kɛse bɛn ara ni!

Ná Yehowa Adansefo asafo ahorow a wobetumi asisi wɔn ankasa Ahenni Asa no afi ase reyɛ saa dedaw. Nanso mfe anum a edi hɔ no, ɛbɛdaa adi sɛ, sɛ yebetumi anya Ahenni Asa dodow a yehia no a, na ɛsɛ sɛ yesisi pii, na yesisi no ntɛmntɛm nso. Wɔredi eyi ho dwuma dɛn?

Atuhoamafo a Wonim Adwuma a Wotutu Akwan

Wɔ afe 1999 mu no, wofii adansi nhyehyɛe foforo bi ase. Wofii ase hyehyɛɛ Ahenni Asa Adansi Akuw wɔ Mexico man no nyinaa mu. Yehowa Adansefo a wofi ɔman no mu baabiara a wɔn mu pii nim adansi ho adwuma tuu wɔn ho mae kɔyɛɛ adwuma yi bi. Seesei wɔwɔ akuw a ɛte saa 35 wɔ Mexico, na wɔahyehyɛ biako wɔ Belize.

Mpɛn pii no, atuhoamafo a wɔyɛ mmarima ne mmea bɛyɛ baawɔtwe na wɔwɔ Ahenni Asa Adansi Kuw biara mu, na wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma yi a wonnye akatua. Atuhoamafo a wɔwɔ anigye yi fi beae biako kɔ foforo wɔ ɔman no mu kɔboa ma wosisi adan no. Efi Dwoda kosi Fida no, atuhoamafo no mu biara de nnɔnhwerew awotwe yɛ adwuma da biara, na anyɛ yiye koraa no, wɔde Memeneda abien yɛ adwuma ɔsram biara. Da biara, sɛ ɛbɔ anɔpa 7 a, wosusuw Bible mu asɛm bi ho, na ɛno akyi no, wodidi. Wɔn mu biara mpopo ne ti wɔ adwuma biara a wɔde bɛma no ho. Sɛ nhwɛso no, mmea ne mmarima nyinaa bom yɛ nnwuma bi te sɛ dan ho kokwaw, dan so bɔ, ne ho aduru a wɔka.

Asafo a wɔresi dan ama wɔn no ma adwumayɛfo no baabi da, si wɔn ntade, na wɔyɛ aduan ma wɔn. Ahenni Asa a atuhoamafo yi sisi akyi no, wɔne Adansefo a wɔwɔ hɔ no bɔ fekuw wɔ Kristofo nhyiam ase, na wɔne wɔn bom kɔka asɛmpa no wɔ afie afie mu nso.

Nhyira a Atuhoamafo no Nya

Adwene bɛn na atuhoamafo yi wɔ wɔ adwuma a wɔyɛ no ho? Daniel a watu ne ho ama bɛboro mfe abiɛsa ni no ka sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ yɛyɛ adwuma wɔ ɔhyew ne awɔw mu, yedi nnuan a yennii bi da, yɛtaa tutu akwan, yɛmmɛn yɛn abusuafo, na mpɛn pii no, yennya nneɛma a aba so nnɛ no bi de, nanso nhyira a yenya no dɔɔso koraa sen nsɛnnennen a yehyia no.”

Dɛn ne nhyira yi bi? Atuhoamafo yi mu pii sua adansi ho ade foforo. Nanso Carlos a watu ne ho ama a ɔhwɛ kuw bi a wɔdɔɔso so no ka nea ɔte nka sɛ ɛyɛ nhyira a ehia paa no ho asɛm. Ɔka sɛ: “Nnipa 20 a yɛwɔ kuw yi mu no abɛyɛ te sɛ abusua. Yebom didi, yɛ adwuma, sua ade, na yebom bɔ mpae nso. Ayɔnkofa a abɛda yɛn ntam no mu yɛ den.”

Adansi akuw no ne asafo a wɔresi dan ama wɔn no mufo nso nya ayɔnkofa a emu yɛ den. José a waboa ma wɔasisi adan bɛboro 100 no ka sɛ: “Sɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no hu sɛ afei de wɔanya wɔn Ahenni Asa a, anisɔ ma wɔn ani gye araa ma wɔtew nusu.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ yehu sɛ yɛn fam de kakraa a yetumi yɛ de si ɔdan foforo a wɔbɛsom Onyankopɔn wom wɔ nokwarem no hyɛ afoforo gyidi den a, ɛma yɛn ani gye.”

Nea Wɔatumi Ayɛ Yɛ Nwonwa!

Mmeae a wohyiam som yi nyɛ akɛseakɛse kyenkyerenn. Mmom no, sɛnea wɔayɛ Ahenni Asa no mma ne si nyɛ den, ma enti wotumi si wie ntɛm na wɔmmɔ ho ka pii. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, wɔde nneɛma a wɔde si dan wɔ mpɔtam hɔ ne ɔkwan a wɔfa so si na ɛyɛ saa. Wɔ saa kwan yi so no, wotumi de nnawɔtwe asia pɛ si ɔdan biako wie!

Ebeduu afe 2007 no, na asafo ahorow a ɛwɔ Belize nyinaa anya Ahenni Asa foforo—ne nyinaa yɛ 17. Efi afe 1999 reba no, wɔasisi Ahenni Asa bɛboro 1,400 wɔ Mexico!

Ɛwom sɛ wɔayɛ adwuma pa pii de, nanso pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Mateo 9:37) Seesei Adansefo a wɔwɔ Mexico no dodow boro 600,000. Wɔn nyinaa hyiam mprɛnsa wɔ nnawɔtwe no mu ma wɔde Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ wɔn. Eyi nti, wɔda so ara hia asa foforo bɛyɛ 2,000. Sɛ anka saa atuhoama adwuma yi gyina nnipa mmɔdenbɔ nkutoo so a, anka wontumi nyɛ biribi a ɛte saa. Nanso adan pii a wɔasisi no kyerɛ sɛ, ɛdenam Yehowa Nyankopɔn mmoa so no “biribiara betumi ayɛ yiye.”—Mateo 19:26.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 22]

“Nea Wɔka No, Wɔyɛ”

Ɛnyɛ Yehowa Adansefo asafo a wɔresi Ahenni Asa ama wɔn no nko na adan a wɔresisi no betumi anya wɔn so nkɛntɛnso. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔresi Ahenni Asa bi wɔ Belize no, ɔbarima bi ka kyerɛɛ ne yere a ɔkɔ Pentekostfo asɔre sɛ, sɛ Yehowa Adansefo si wɔn “asɔredan” no wie a, ɔpɛ sɛ ɔkɔ bi. Dɛn na ɛkaa no? Ɔkae sɛ: “Mitumi hu sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho. Sɛ wɔreyɛ adwuma a, wɔnko. Na nea wɔka no, wɔyɛ.”

[Mfonini]

Ahenni Asa a ɛwɔ Orange Walk, Belize

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 23]

Adwuma a Wɔreyɛ wɔ Wiase Nyinaa

Wɔahyehyɛ Ahenni Asa Adansi Akuw wɔ aman 120 so. Aman a atuhoamafo de anigye reyɛ adwuma yi wɔ hɔ no mu kakraa bi pɛ ni:

Angola, Bolivia, Croatia, Dominican Republic, Ethiopia, Fiji, Ghana, Hong Kong, India, Jamaica, Kazakhstan, Liberia, Moldova, Nigeria, Papua New Guinea, Rwanda, Tuvalu, Ukraine, Venezuela, Zambia.

[Mfonini ahorow]

Ahenni Asa a ɛwɔ Acapulco, Mexico

Ahenni Asa Adansi Kuw bi a ɛwɔ Mexico no mufo

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ahenni Asa a ɛwɔ Tlaxcala, Mexico