Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔde Me Fa Akwantrenee So”

“Ɔde Me Fa Akwantrenee So”

“Ɔde Me Fa Akwantrenee So”

Sɛnea Olga Campbell ka kyerɛe

Me nuabea kumaa Emily kae sɛ, “Nea wadi kan na wɔfa n’akyi gya. Wo na wudii kan na midii w’akyi.” Ná ɔrekyerɛw me akamfo me wɔ mfe 60 a mede me bere nyinaa aka Onyankopɔn asɛm no ho. Ma menka me mmofraase ne nea ɛyɛe a mede me ho hyɛɛ adwuma yi mu besi saa bere yi ho asɛm nkyerɛ wo.

WƆWOO me January 19, 1927 too abusua bi a wofi Ukraine mu. Ná yɛte akuraa bi a ɛbɛn Wakaw, Saskatchewan, wɔ Canada atɔe fam mu ase. Ná me ne me nuabarima Bill yɛ ntafo. Ná metɔ so asia na ɔno nso to so ason wɔ mmofra baawɔtwe mu. Yɛn a yɛyɛ mmofra no boaa yɛn papa a ɔyɛ adwumaden no wɔ afuw mu. Ɛmfa ho sɛ na yɛn maame yare ɔkwaha, a akyiri yi ekum no no, ɔtetee yɛn wɔ yɛn fie ketewa no mu. Owui no na wadi mfe 37 pɛ; na me nso madi mfe 4 pɛ.

Maame wui akyi asram asia no, Papa san waree. Ná asomdwoe nni yɛn fie a akyiri yi yɛne yɛn papa mmabea foforo baanum te mu no mu koraa! Mebɔɔ mmɔden sɛ mebu me papa yere no, nanso me nuabarima John de, na ɔne n’ani nhyia koraa.

Ɛrekɔ 1930 mfe awiei mu hɔ no, me ne Bill fii mfitiase sukuu kɔɔ ntam sukuu. Ná yɛmpɔn ntɛm nti, na efie nsɛmnsɛm no pii si wɔ yɛn akyi. Esiane sɛ na Wiase Ko II no repenpɛn so nti, na ɔmampɛ wɔ baabiara. Yɛn kyerɛkyerɛfo foforo a yenyae no hyɛe sɛ obiara nkyia frankaa, nanso abeawa baako de, wankyia. Sukuufo no tuu wɔn ano gu no so didii no atɛm. Nanso m’ani gyee n’akokoduru no ho, na mibisaa no nea enti a wankyia frankaa no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Bible Suani, sɛnea ɛtɔ bere bi a na wɔfrɛ Yehowa Adansefo no, ma enti Onyankopɔn nkutoo na ɔsom no.—Exodus 20:2, 3; Asomafo Nnwuma 5:29.

Mituu Bata

Wɔ afe 1943 mu no, minyaa adwuma wɔ Prince Albert. Ná mesoasoa nsa dɔkɔdɔkɔ a ɛwɔ nnaka mu gu lɔre mu de kɔma nkurɔfo. Esiane sɛ na mepɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛ me kwan nti, metɔɔ Bible nanso na mekenkan a mente ase, enti mede ahometew sui. Ná Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro mpaebɔ no nkutoo ne Bible mu asɛm a minim.—Mateo 6:9-13.

Kwasida bi, me fiewura a ɔyɛ asɔrekɔni de anigye ka kyerɛɛ me sɛ, opiaa “maame Bible” bi fii ne kwan ano. Mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na odii atirimɔdensɛm saa?’ Eyi akyi no, na me ho mfa me Kwasida bi nti, mankɔ asɔre. Saa da no “maame Bible” no san bae.

Obisaa me sɛ, “Ɛyɛ a wobɔ mpae?”

Mibuae sɛ, “Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro na mebɔ.”

Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ me nea Yesu nsɛm no kyerɛ mu no, mewɛn m’aso tiee no yiye. Ɔkae sɛ ɔbɛsan aba Wukuda a edi hɔ no.

Me fiewura baa fie no, mede anigye kaa “maame Bible” a ɔyɛ Yehowa Dansefo no ho asɛm kyerɛɛ no. Me ho dwiriw me sɛ me fiewura no bɔɔ me ntrɛnee sɛ, “Sɛ ɔsan ba hɔ Wukuda a, ɔbɛpam me ne no nyinaa afi fie hɔ!”

Mikyini mpɔtam hɔ nyinaa hwehwɛɛ Ɔdansefo a wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔfrɛ no Owurayere Rampel no. Mihuu no no, mekaa m’asɛm kyerɛɛ no, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnka Bible no mu asɛm a onim biara nkyerɛ me. Ɛte sɛ nea yɛkaa Genesis kosi Adiyisɛm nyinaa ho asɛm! Ɔde yɛn bere yi totoo Noa nna no, bere a Onyankopɔn de nsuyiri bɛsɛee nnipa abɔnefo na ogyee Noa ne n’abusua kɔɔ asase a abɔnefo nni so no ho.—Mateo 24:37-39; 2 Petro 2:5; 3:5-7, 12.

Yɛn nkɔmmɔ tenten no akyi no, Owurayere Rampel kae sɛ: “Mihu sɛ woagye Bible mu nkyerɛkyerɛ yi atom sɛ ɛyɛ nokware. Aka nnawɔtwe abien ma Yehowa Adansefo ayɛ nhyiam, na ɛsɛ sɛ wobɔ asu.” Saa anadwo no, midwennwen nea misuae no nyinaa ho, ma enti manka m’ani angu so koraa. Ná ɛte sɛ nea asubɔ yɛ aniberesɛm paa. Nanso na mepɛ sɛ mesom Onyankopɔn! Ɛwom sɛ na minni Bible mu nimdeɛ ahe biara de, nanso mebɔɔ asu bere a na madi mfe 16, wɔ October 15, 1943 mu.

Mifii Canada Atɔe Kɔɔ Apuei Fam

Wɔ November mu no, me nuabarima Fred ka kyerɛɛ me sɛ memmɛyɛ adwuma wɔ ne fie wɔ abansoro a ɛtoa so abiɛsa so wɔ Toronto a ɛwɔ Canada apuei fam no mu. Mepenee so, a na mehwɛ kwan sɛ menya hokwan kɛse asom Yehowa wɔ hɔ. Ansa na merekɔ no, mekɔsraa me nuabea Ann, a na ɔda so te bɛn yɛn wɔ Saskatchewan no. Ná ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ me—na ɔne Doris ne Yehowa Adansefo resua Bible no, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ me nso menyɛ saa. Ɛnna me nso meka kyerɛɛ no sɛ, mabɔ asu sɛ Yehowa Dansefo dedaw!

Me ne me nuabea kumaa Emily faa keteke tuu kwan tenten kɔɔ Toronto. Bill behyiaa yɛn wɔ keteke gyinabea hɔ na ɔde yɛn kɔɔ baabi a ɔne Fred ne John te no. Mibisaa Fred sɛ, hena bio na ɔte fie ha? Ɔkae sɛ, “Sɛ meka kyerɛ wo a, anhwɛ wunnye nni. Sɛ́ wokae Alex Reed a ofi yɛn kurom no? Ɔno na ɔte soro hɔ, na saa akoa no ne Yehowa Adansefo sua ade!” M’ani gyei paa.

Meyɛɛ nwãã kɔɔ Alex hɔ, na me ne no kɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ me ne no bɛkɔ nhyiam saa anwummere no ara. Ná mepɛ sɛ mifi ase kɔ nhyiam ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a me nuabarimanom no rensɛe m’adwene. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɛmfa ho sɛ na obiara ne me nhyɛɛ da nsuaa Bible no da no, mekɔɔ asɛnka bere a edi kan. M’ani gyei sɛ mede me kurom kasa dii Ukrainefo pii adanse.

Ná Bill kenkan Ɔwɛn-Aban a na metaa de gu ne dan mu no. Bere a otu kɔɔ British Columbia a ɛwɔ Canada atɔe fam no, mekraa Ɔwɛn-Aban kyɛɛ no. Ɛwom sɛ Bill mpɛ kasa de, nanso ɔkyerɛw me krataa a ne tenten yɛ nkratafa du de bɛdaa me ase. Bere rekɔ so no, ohyiraa ne ho so maa Yehowa, na ɔbɛyɛɛ ɔpanyin a ɔyɛ nsi wɔ Kristofo asafo no mu. Enti m’ani gyei paa sɛ, me nuanom baanum—Bill, Ann, Fred, Doris, ne Emily—bɛyɛɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so!

Wɔ May 22, 1945 mu no, Canada aban no san maa Yehowa Adansefo kwan sɛ wɔnyɛ wɔn asɛnka adwuma no. * Nokwarem ni, sɛ ɛnyɛ saa amanneɛbɔ no a, na anka minnim sɛ wɔabara yɛn adwuma no. Me ne m’adamfo Judy Lukus yɛɛ yɛn adwene sɛ yɛde yɛn bere nyinaa bɛka asɛmpa no sɛ akwampaefo wɔ Quebec a ɛwɔ apuei fam a wɔka Franse kasa no. Bere a me nuabeanom Doris ne Emily tee nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ no, wɔn nso bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔde wɔn bere nyinaa bɛka asɛmpa no wɔ Vancouver, British Columbia.

Ɔtaa a Wɔde Baa Yɛn Som so wɔ Quebec

Mekɔɔ Quebec no, na ɛnyɛ sɛ nneɛma yɛ soronko wɔ hɔ nko. Ná wɔsɔre tia Adansefo no asɛnka adwuma no denneennen nso. * Yɛn ani gyei sɛ yenyaa hokwan kyekyɛɛ Quebec’s Burning Hate for God and Christ and Freedom Is the Shame of All Canada kratawa no bi. Emu nsɛm a ɛwowɔ no ma ɛdaa adi sɛ na wɔtan Adansefo no ampa.

Ahemadakye nnɔnabien biara, na yɛyɛ kodɛɛ de kratawa no kɔhyehyɛ nkurɔfo apon ase. Yɛyɛɛ saa nnafua 16. Bere a yeduu fie bi pon ano no, yɛtee sɛ polisifo reba. Yeguan kɔtɛw baabi ma enti wɔanhu yɛn. Ade kyee no, yɛsan kɔkyekyɛɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ mmɔnten so. Asram bi twaam no, polisifo no kyeree yɛn mpɛn pii. Nea ɛbɛyɛ na masiesie me ho ama afiasenna no, na bere biara mefa brɔhye a mede twitwiw me se ne pɛnsere a mede to m’ani akyi hyɛ me ho.

Wɔ November 1946 mu no, Nathan Knorr, a na odi adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wiase nyinaa anim no fi Brooklyn, New York, bɛsraa yɛn. Ɔtoo nsa frɛɛ akwampaefo 64 a na yɛwɔ Quebec no sɛ yɛmmra Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so akron wɔ South Lansing, New York no bi. Yenyaa Bible mu ntetee pii wɔ asram anum mu wɔ sukuu yi mu. Bere a yewiee sukuu no wɔ August 1947 mu no, wɔma yɛkɔɔ nkurow a ɛwɔ Quebec mu sɛ yɛnkɔhyehyɛ asafo foforo wɔ hɔ.

Asɛnka mu Anigye a Yenyae

Wɔde yɛn mu baanan a yɛyɛ mmabaa kɔɔ Sherbrooke kurow no mu. Yɛyeree yɛn ho suaa Franse kasa no, na sɛ yɛnam asɛnka mu a, na yɛbobɔ so mpɛn pii. Ɛtɔ mmere bi a, na yenni sika a yɛde bɛtɔ aduan awia, enti na yɛkɔ fie kosua ade. Ná Kay Lindhorst, a ɔka me ho no nim kasa ho mmara yiye. Odii kan kyerɛɛ me Borɔfo kasa mmara sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ate Franse kasa de no ase.

Bere a m’ani gyei paa wɔ m’asɛnka adwuma no mu no ne bere a na mewɔ Victoriaville. Saa bere no, na kurow no mu nnipa dodow bɛyɛ 15,000. Ná nnipa kakraa bi na wɔte Borɔfo, enti na ɛhɔ yɛ baabi pa a yebetumi asua Franse kasa no yiye. Nnawɔtwe a edi kan a yɛkɔɔ hɔ no, yɛn ani gyei paa. Baabiara a yɛkɔe no, nkurɔfo gyee yɛn nhoma no bi. Da foforo a yɛsan kɔɔ hɔ no, na wɔatoto apon ne mfɛnsere nyinaa mu. Ɛbaa no dɛn?

Ná ɔsɔfo a ɔwɔ kurom hɔ aka akyerɛ wɔn sɛ mma wonntie yɛn. Enti bere a yɛrekɔ afie afie mu akɔka asɛm no, mmofra dii yɛn akyi totoo abo ne sukyerɛmma a wɔabɔ no atɔwatɔw bobɔɔ yɛn. Nanso, na nnipa pii da so ara pɛ sɛ wotie Bible mu asɛm no. Mfiase no, anadwo nkutoo na na wɔma yɛbɛsra wɔn. Nanso, bere a wonyaa Bible mu nimdeɛ pii no, na wɔma yesua ade wɔ abɔnten ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo ani nnye ho no.

Wɔ 1950 mfe no mu no, me ne me nuabeanom san kɔɔ Wakaw nsrahwɛ. Yɛkaa osuahu a yenyae wɔ asɛnka mu kyerɛe wɔ asafo nhyiam bi ase. Ɛno akyi no, ɔpanyin a na odi asafo no anim ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Sɛ wonyan mo maame fi owu mu na ɔbɛte sɛ ne mma bɛyɛɛ Yehowa Adansefo a, n’ani begye paa!” Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ na yɛn maame ne Ɔdansefo bi sua Bible no ansa na ɔrewu. Yɛn ani gyei sɛ yɛtee sɛ na yɛn maame resua Bible mu nokware no, na ɛnyɛ sɛ owuu ntɛm a, anka ɔkwan biara so no ɔde bɛkyerɛkyerɛ yɛn.

Aware ne Adwuma a Yɛboom Yɛe

Wɔ afe 1956 mu no, mihyiaa Merton Campbell, Ɔdansefo a esiane Kristoni a ɔyɛ nti wankɔ ɔko wɔ Wiase Ko II no mu ma enti wɔde no too afiase asram 27 no. Ná ɔde bɛyɛ mfe du asom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no. Ná Merton wɔ su pa pii, na mihui sɛ ɔbɛyɛ okunu pa. Yɛkyerɛw yɛn ho nkrataa asram bi, na obu ne ɔdɔ a na yɛwɔ ma yɛn ho no ma yɛhyehyɛɛ aware.

Me ne Merton waree wɔ September 24, 1960 mu. Hwɛ nhyira ara a manya sɛ me ne ɔbarima a ɔde Bible mu asɛm bɔ ne bra atra mfe 47 ni! Merton de mfe 58 ayɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea a wɔhwɛ de akwankyerɛ ne mmoa ma Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ United States no. Mede bɛboro mfe 30 yɛɛ adwuma wɔ Brooklyn sɛ obi a osiesie ahɔhodan mu, na akyiri yi na misiesie Nhyiam Asa a ɛwowɔ New York City no nso mu ka ho. Afei, wɔ afe 1995 mu no, woyii me ne Merton kɔɔ Watchtower Educational Center a ɛwɔ Patterson wɔ New York City atifi fam no. Sɛ wufi New York City rekɔ hɔ a, ɛyɛ kwansin 70.

Midii mfe 12 a mifii fie no, mannwen ho da sɛ da bi, menya Kristofo anuanom mmarima ne mmea pii, a me nuanom ankasa ka ho. Mehwɛ bere a yebetumi atwa yɛn maame ho ahyia na yɛaka nea esii wɔ ne wu akyi akyerɛ no wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu kwan denneennen, titiriw sɛnea Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu boaa yɛn ma yebehuu Onyankopɔn no. Hwɛ anigye araa a yɛanya sɛ Yehowa de yɛn afa “akwantrenee so!”—Dwom 23:3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 21 Esiane sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu nti, na aban no abara wɔn ahyehyɛde no wɔ July 4, 1940.

^ nky. 23 Sɛ wopɛ ɔtaa a wɔde baa Yehowa Adansefo som so wɔ Quebec a, hwɛ May 8, 2000, Nyan!, kratafa 20-23.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

M’awofo ne ofie a na me ne wɔn ne me nuanom baason te mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne m’ahokafo, bere a na yɛreka asɛm no wɔ Ottawa, 1952

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne me nuanom (fi benkum kɔ nifa) Ann, Mary, Fred, Doris, John, me, Bill, ne Emily

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne Merton ɛnnɛ