Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Yehowa Adansefo Mfa Mmeamudua Nni Dwuma Wɔ Ɔsom Mu?

Dɛn Nti Na Yehowa Adansefo Mfa Mmeamudua Nni Dwuma Wɔ Ɔsom Mu?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

Dɛn Nti Na Yehowa Adansefo Mfa Mmeamudua Nni Dwuma Wɔ Ɔsom Mu?

Yehowa Adansefo gye di paa sɛ Yesu Kristo wu no na ɛma yenya ogye a ebue daa nkwa ho kwan ma wɔn a wogye Yesu di no. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Nanso, wonnye nni sɛ Yesu wui wɔ mmeamudua so, sɛnea nkurɔfo taa yɛ ne ho mfonini no. Wogye di sɛ Yesu wui wɔ dua a esi hɔ a dua foforo biara mmea mu so.

Mfe mpem abien ansa na Kristo reba no, na wɔde mmeamudua no di dwuma wɔ Mesopotamia. Bɛyɛ mfe mpem abiɛsa ansa na wɔrewo Yesu no, na wɔayeyɛ mmeamudua wɔ Scandinavia abo so. Sven Tito Achen, a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo na ɔyɛ agyiraehyɛde ho nimdefo a ofi Denmark no kyerɛw wɔ nhoma bi mu sɛ, na abosonsomfo a wɔte saa no de mmeamudua no di dwuma sɛ “biribi a wɔde yi nkonyaa . . . wɔde bɔ wɔn ho ban, na ɛma akraye.” (Symbols Around Us) Ɛnyɛ nwonwa sɛ New Catholic Encyclopedia no ka sɛ: “Wɔn a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo nyinaa de mmeamudua dii dwuma, a na dodow no ara yɛ nneɛma a ɛwɔ wim ho agyiraehyɛde.” Ɛnde, dɛn nti na asɔreasɔre no apaw mmeamudua no sɛ wɔn agyiraehyɛde a ɛyɛ kronkron sen biara?

W. E. Vine, Britaniani nhomanimfo a wagye din no ka nokwasɛm yi: “Ebeduu afeha a ɛto so abiɛsa mfinimfini Y.B. mu hɔ no, . . . wogyee abosonsomfo wɔ asɔre ahorow mu . . . na wɔmaa wɔn kwan ma wɔde wɔn abosonsom mu agyiraehyɛde pii dii dwuma. Enti, asɔre ahorow no begyee mmeamudua agyiraehyɛde no toom.”—Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words.

Vine kɔ so ka sɛ, nsɛm “mmeamudua” ne “bɔ asɛndua mu” nyinaa kyerɛ “dua kɛkɛ anaa mpuran, . . . na ɛnte sɛ dua a wɔde biako abea mu a wɔfrɛ no mmeamudua a asɔreasɔre no agye atom no.” Oxford University Companion Bible no nso foa asɛm yi so sɛ: “Ɛda adi sɛ . . . wokum Awurade wɔ dua a wɔde asi hɔ so, na ɛnyɛ nnua abien a wɔde abea mu.” Ɛda adi pefee sɛ asɔreasɔre no agye biribi a enni Bible mu atom.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Achen, a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Wonnye nni sɛ Yesu wu akyi mfe ahanu no, na Kristofo no de mmeamudua di dwuma.” Ɔde ka ho sɛ, wɔ tete Kristofo no fam no, na “nea mmeamudua no gyina hɔ ma paa ne owu ne bɔne.”

Nea ehia paa no, ɛmfa ho nea wɔbɔɔ Yesu asɛnduam wɔ so kum no biara no, ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ ho agyiraehyɛde anaa honi bi na wɔsom no. Bible hyɛ sɛ, “Munguan abosonsom.” (1 Korintofo 10:14) Yesu ankasa kyerɛɛ ade pɔtee a wɔde behu ne nokware akyidifo. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.

Wɔ ɔsom ho biribiara mu no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Bible no akyi sɛnea afeha a edi kan Kristofo no yɛe no sen sɛ wobedi atetesɛm akyi. (Romafo 3:4; Kolosefo 2:8) Eyi nti, wɔmfa mmeamudua nni dwuma wɔ ɔsom mu.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Asiria Hene Bosonsomni A Mmeamudua Da Ne Kɔn Mu Ho Mfonini, Bɛyɛ 800 A.Y.B.

[Asɛm Fibea]

Photograph taken by courtesy of the British Museum