Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

March 22, 2008—Ɛda a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

March 22, 2008—Ɛda a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

March 22, 2008—Ɛda a Ɛsɛ sɛ Yɛkae

Anadwo ansa na Yesu rewu no, ɔde abodoo a mmɔkaw nnim ne kuruwa a bobesa wom maa n’asomafo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni na wɔnnom. Ɔsan nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—Luka 22:19.

Afe yi, afahyɛ no si Memeneda, March 22, bere a owia akɔtɔ. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam saa anadwo yi ahyɛ Nkaedi yi ho fã sɛnea Yesu hyɛe no. Yɛde anigye kɛse to nsa frɛ wo sɛ bɛhwɛ bi. Yɛsrɛ sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no ma wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ nhyiam yi.