Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mmara No Abɛyɛ Yɛn Kwankyerɛfo”

“Mmara No Abɛyɛ Yɛn Kwankyerɛfo”

“Mmara No Abɛyɛ Yɛn Kwankyerɛfo”

MMOFRA baahe na wohu mfaso a ɛwɔ mmara ne nteɛso so? Kakraa bi pɛ. Wɔte nka sɛ mmara yɛ adesoa. Nanso, wɔn a ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa mmofra no nim sɛ mmara a ɛfata a wɔbɛhyehyɛ ama wɔn no ho hia paa. Sɛ mmofra no nyin a, ebia wɔn mu dodow no ara behu sɛ akwankyerɛ a wɔde maa wɔn no so wɔ mfaso. Ɔsomafo Paulo de ɔbarima a ɔbɔ mmofra ho ban yɛɛ nhwɛso de kyerɛkyerɛɛ abusuabɔ a na ɛda Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo ntam no fã bi mu.

Kristofo binom a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu wɔ Galatia a na ɛwɔ Roma mantam mu no kae sɛ, wɔn a na wodi Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa Israelfo no so nkutoo na Onyankopɔn pɛ wɔn asɛm. Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ eyi nyɛ nokware, efisɛ na Onyankopɔn de honhom kronkron ama ebinom a na wɔnhyɛ Yudafo mmara ase no. (Asomafo Nnwuma 15:12) Enti Paulo nam mfatoho so teɛteɛ adwene a na wɔanya no. Ɔkyerɛwee wɔ krataa a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Galatia no mu sɛ: “Mmara no abɛyɛ yɛn kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.” (Galatifo 3:24) Nhomanimfo bi ka sɛ, ɔkwankyerɛfo “adwuma a ɛho hia no fi teteete.” Sɛ yehu eyi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛate asɛm a na ɔsomafo Paulo reka no ase.

Ɔkwankyerɛfo no ne Adwuma a Ɔyɛ

Ná Helafo, Romafo, ne ebi mpo a, Yudafo a wodi yiye no wɔ akwankyerɛfo a wɔhwɛ wɔn mma so fi wɔn mmofraase kosi wɔn mpanyin mfe so. Mpɛn pii no, na ɔkwankyerɛfo no yɛ akoa a wɔwɔ ne mu ahotoso, obi a na ne mfe akɔ anim a ɔhwɛ bɔ abofra no ho ban. Ná ɔsan hwɛ sɛ abofra no bedi nea ne papa pɛ sɛ ɔyɛ so. Da biara, na ɔkwankyerɛfo no ne abofra no kɔ baabiara a ɔkɔ, ɔhwɛ ma abofra no di ne ho ni, ɔde no kɔ sukuu, ɔtaa soa ne nhoma ne nneɛma afoforo, na ɔhwɛ no so bere a ɔresua ade.

Mpɛn pii no, na kwankyerɛfo no nyɛ sukuu kyerɛkyerɛfo. Ná ɔkwankyerɛfo no nkyerɛ abofra no ade wɔ sukuu mu, mmom no, na nea ɔyɛ ara ne sɛ ɔde abofra no papa akwankyerɛ bɛhwɛ no so. Nanso, ɔkwan bi so no, na ɔkyerɛ abofra no ade ara ne sa, efisɛ na ɔhwɛ no so, na ɔde nteɛso ma no. Ebi ne sɛ, ɔbɛkyerɛkyerɛ abofra no ma wanya suban pa, ɔbɛka n’anim, na mpo sɛ ɔyɛ bɔne a, wahwe no. Nokwarem no, na ɛyɛ abofra no papa ne ne maame titiriw na ɛsɛ sɛ wɔtete no. Nanso, sɛ abofra no renyin a, na ne kwankyerɛfo no na ɔkyerɛkyerɛ no ma ohu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔnantew yiye wɔ abɔnten so, ɔhyɛ n’atade nguguso, ɔtra ase yiye na odidi yiye, na ɔsɔre gyina hɔ bere a mpanyimfo aba, ɔdɔ n’awofo, ne nea ɛkeka ho.

Ná Hela nyansapɛfo Plato (428-348 A.Y.B.) gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔma mmofra anohyeto wɔ nneɛma a wɔn koma ka wɔn sɛ wɔnyɛ ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea oguan anaa aboa foforo a ɔwe wura hia hwɛsofo no, mmofra nso hia ɔkwankyerɛfo, na saa ara na nkoa nso hia owura.” Ebia ɛte sɛ nea asɛm a Plato kae yi yɛ katee dodo; nanso saa na ohuu no.

Esiane sɛ bere biara na akwankyerɛfo wɔ mmofra ho nti, mmofra no bebuu wɔn sɛ wɔhyɛ wɔn so na wɔn tirim yɛ den, na bere nyinaa asɛm ketewaa bi koraa a, na wɔama ayɛ asɛm. Ɛno mpo no, na ɔkwankyerɛfo no bɔ wɔn ho ban wɔ abrabɔ fam ne honam fam. Hela abakɔsɛm kyerɛwfo Appian a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, kaa kwankyerɛfo bi ho asɛm sɛ, bere a ɔde abofra bi a ɔhwɛ ne so rekɔ sukuu no, ɛho behiae sɛ ɔde ne nsa to abofra no kɔn mu bɔ ne ho ban fi awudifo ho. Bere a wannyae abofra no amma wɔn no, wokum ɔne abofra no nyinaa.

Ná ɔbrasɛe abu so wɔ Helafo man mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmofra, titiriw mmarimaa, ho ban fi wɔn a wɔfeefee mmofra ho. Enti na akwankyerɛfo ka mmofra no ho bere a wɔrekyerɛ wɔn ade, efisɛ na wɔn akyerɛkyerɛfo no pii nni suban pa. Libanius a ɔyɛ Helani a n’ano atew a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. no mpo kae sɛ, na ɛsɛ sɛ akwankyerɛfo no “wɛn mmofra a wɔrenyin no,” “wɔpam wɔn a wɔde nna ho asɛm guan wɔn ho; ɛnsɛ sɛ wɔma wɔbɛn mmofra no, na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn kwan ma wɔne mmofra no bɔ nso.” Mmofra a na akwankyerɛfo no bɔ wɔn ho ban no de obu maa wɔn mu pii. Nkaebo a wɔn a wɔanyinyin no yɛ de sisii wɔn a na wɔyɛ wɔn akwankyerɛfo nna so bere a wowui no da adi sɛ na wɔn ani da so ara sɔ wɔn.

Mmara no Yɛ Kwankyerɛfo

Dɛn nti na ɔsomafo Paulo de Mose Mmara no totoo kwankyerɛfo ho? Dɛn na ɛma mfatoho yi fata paa?

Nea edi kan ne sɛnea na Mmara no bɔ wɔn ho ban no. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na “wɔde mmara wɛn” Yudafo no. Ɛte sɛ nea na wɔhyɛ kwankyerɛfo bi a ɔbɔ wɔn ho ban ase. (Galatifo 3:23) Ná Mmara no fa biribiara a na wɔyɛ wɔ wɔn asetram ho. Ɛma wotumi hyɛɛ wɔn ho so wɔ honam akɔnnɔ bɔne ho. Mmara no kyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra, na ɛkɔɔ so teɛɛ wɔn so wɔ wɔn sintɔ ho, na ɛmaa Israelfo no mu biara huu n’ankasa sintɔ.

Mmara no san bɔɔ Israelfo no ho ban fii nneɛma a na etumi sɛe wɔn, te sɛ ɔbrasɛe ne aman a na atwa wɔn ho ahyia ɔsom mu nneyɛe ho. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn kae sɛ mma Israel man no ne abosonsomfo nni ayeware. Ná ɛho hia efisɛ na ɛbɛboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa. (Deuteronomium 7:3, 4) Mmara a ɛte saa no maa Onyankopɔn nkurɔfo tumi som no wɔ nokwarem, na esiesiee wɔn na wɔatumi ahu Mesia no. Ná eyinom yɛ nsiesiei a ɔdɔ wom. Mose kaee ne mfɛfo Israelfo no sɛ: “Sɛnea onipa teɛ ne ba so no, saa ara na [Yehowa, NW] Nyankopɔn teɛ wo so.”—Deuteronomium 8:5.

Nanso ade foforo a na ɛho hia wɔ ɔsomafo Paulo mfatoho no mu no ne sɛnea na tumi a kwankyerɛfo no wɔ no yɛ bere tiaa bi no. Sɛ abofra no nyin a, na ɔkwankyerɛfo no nni no so tumi bio. Hela abakɔsɛm kyerɛwfo Xenophon (431-352 A.Y.B.) kyerɛwee sɛ: “Sɛ abarimaa bi nyin a, na wɔmma [ɔkwankyerɛfo] ne [ɔkyerɛkyerɛfo] nhwɛ no so bio; ɔnhyɛ wɔn ase bio, na mmom wɔma ɔno ara kɔbɔ ne bra.”

Saa ara na na dwuma a Mose Mmara no di te. Ná ebedi dwuma bere tiaa bi—ná ɛbɛma “mmarato ada adi de akosi sɛ aseni [Yesu Kristo] a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba.” Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔ Yudafo no fam no, na Mmara no yɛ “kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.” Sɛ na Yudafo a wɔwɔ Paulo bere so benya Onyankopɔn anim dom a, na ɛsɛ sɛ wohu dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu. Sɛ na wonya hu saa a, na kwankyerɛfo no awie n’adwuma.—Galatifo 3:19, 24, 25.

Ná asɛm biara nni Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no ho. Edii dwuma a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɛnyɛ—sɛ́ ɛbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban na wama wɔahu ne mmara a ɛkorɔn no. (Romafo 7:7-14) Ná Mmara no yɛ kwankyerɛfo pa. Nanso, wɔ ebinom a na wɔhyɛ Mmara no ase fam no, ɛte sɛ nea na ɛyɛ adesoa. Enti, Paulo tumi kyerɛwee sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ dui no, “Kristo tɔɔ yɛn de yii yɛn fii Mmara nnome ase.” Ná Mmara no yɛ “nnome,” a ɛkyerɛ sɛ na ɛhwehwɛ sɛ Yudafo no di mmara a na wontumi nni so pɛpɛɛpɛ no so. Ná ɛhwehwɛ sɛ wodi ɔsom mu ahyɛde nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Sɛ Yudani nya gye Yesu ogye afɔrebɔ no tom sɛ ɛkorɔn sen Mmara no a, ɛnde na ɛho nhia sɛ odi kwankyerɛfo no mmara so bio.—Galatifo 3:13; 4:9, 10.

Enti Mose Mmara no a Paulo de totoo ɔkwankyerɛfo ho no si so dua sɛ na ɛbɛkyerɛ Yudafo no kwan na adi dwuma bere tiaa bi. Ɛnyɛ Mmara no a obi bedi so no na ɛbɛma wanya Yehowa anim dom, na mmom sɛ́ onii no behu Yesu na wakyerɛ ne mu gyidi.—Galatifo 2:16; 3:11.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 21]

“MMOFRA SO AHWƐFO” NE “AFIEHWƐFO”

Ɔkwankyerɛfo ho asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛwee akyi no, ɔsan de “mmofra so ahwɛfo” ne “afiehwɛfo” yɛɛ mfatoho. Yɛkenkan wɔ Galatifo 4:1, 2 sɛ: “Bere tenten a ɔdedifo no yɛ akokoaa no, nsonsonoe biara nna ɔne akoa ntam; ɛwom sɛ ɔyɛ nneɛma nyinaa wura de, nanso ɔhyɛ mmofra so ahwɛfo ne afiehwɛfo ase kosi da a n’agya ahyɛ ato hɔ no.” Ná adwuma a “mmofra so ahwɛfo” ne “afiehwɛfo” yɛ no yɛ soronko koraa wɔ akwankyerɛfo de ho, nanso asɛnkoro no ara na na Paulo pɛ sɛ ɔkyerɛ.

Wɔ Roma mmara mu no, na wɔnam mmara kwan so paw ‘mmofra so hwɛfo’ sɛ ɔnhwɛ abofra a ɔyɛ agyanka so na ɔnhwɛ abofra no sikasɛm so nkosi sɛ obenyin. Enti, Paulo kae sɛ, ɛwom sɛ abofra no yɛ n’agyapade so “wura” de, nanso bere a ɔda so yɛ abofra no, na onni so tumi biara te sɛ akoa ara pɛ.

Nanso, na ‘ofiehwɛfo’ yɛ obi a ɔhwɛ abusua no nyinaa sikasɛm so. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus ka sɛ, aberante bi a wɔfrɛ no Hyrcanus ka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔmma ofiehwɛfo no tumi krataa na ɔmma ɔno Hyrcanus sika na ɔmfa ntɔ biribiara a na ohia.

Enti sɛ obi yɛ abofra na ɔhyɛ ɔkwankyerɛfo, anaa ‘mmofra so hwɛfo’ anaa ‘ofiehwɛfo’ ase a, ɛkyerɛ sɛ na onni ahofadi. Ná afoforo na ɛhwɛ abofra no so kosi bere a ne papa ahyɛ ato hɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Tete Helafo kuku bi a wɔayɛ kwankyerɛfo a okura ne poma wɔ ho

[Asɛm Fibea]

National Archaeological Museum, Athens

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Afeha a ɛto so anum A.Y.B. kuruwa bi a wɔayɛ kwankyerɛfo (a okura ne poma) bi a ɔrehwɛ abofra a ɔhyɛ n’ase so bere a wɔrekyerɛ no anwensɛm ne nnwom ho mfonini ato ho

[Asɛm Fibea]

Bildarchiv Preussischer Kulturbesitz/Art Resource, NY