Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Otumi Ma Nkwa Bio No

Nea Otumi Ma Nkwa Bio No

Bɛn Onyankopɔn

Nea Otumi Ma Nkwa Bio No

Luka 7:11-15

SO WO dɔfo bi awu pɛn? Sɛ saa a, ɛnde, ade a ɛyɛ yaw paa wɔ asetram biako na ato wo no. Yɛn Bɔfo no nim sɛ woredi awerɛhow. Nea ɛsen saa no, obetumi ayi owu afi hɔ. Wɔama wɔakyerɛw nnipa a wɔanyan wɔn ho asɛm wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛma yɛahu sɛ ɔyɛ obi a otumi ma nkwa bio na ɔnyɛ Nkwamafo kɛkɛ. Ma yensusuw nnipa a ɔmaa ne Ba, Yesu Kristo, nyan wɔn no mu biako ho nhwɛ. Anwonwade yi ho asɛm wɔ Luka 7:11-15.

Ná ɛyɛ afe 31 Y.B. mu. Ná Yesu atu kwan kɔ Galilea kurow a wɔfrɛ no Nain mu. (Nkyekyɛm 11) Ɛbɛyɛ sɛ bere a oduu kurotia no, na ade reyɛ asa. Bible ka sɛ: “Bere a ɔbɛn kurow no pon ano no, hwɛ! wɔsõ ɔbarima bi a ne maame di no ba koro a wawu de no refi adi. Ɛno da nkyɛn a, ɔyɛ okunafo. Na nnipadɔm pii a wofi kurow no mu nso ka ne ho.” (Nkyekyɛm 12) Wohwɛ a, ɔbea kunafo no bɛte nka dɛn? Esiane sɛ na odi no bakoro na ne kunu nso awu nti, na onni obiara a ɔbɛhwɛ no na wabɔ ne ho ban.

Yesu de n’adwene sii ɔbea a na ɔredi awerɛhow, a ɛbɛyɛ sɛ na odi funnaka a ne ba a wawu no da mu no akyi no so. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Bere a Awurade ani bɔɔ no so no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Gyae su.’” (Nkyekyɛm 13) Okunafo no tebea kaa Yesu paa. Ebia na ɔredwennwen n’ankasa ne maame, a saa bere no ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ okunafo, a na ɛrenkyɛ obedi ɔno Yesu wu ho awerɛhow no ho.

Yesu bɛn nnipadɔm no , nanso wankɔka wɔn ho. Tumi a Yesu wɔ nti, ‘ɔde ne nsa kosoo funnaka no mu,’ na ɛmaa nnipadɔm no gyinae. Afei, sɛ́ obi a wɔama no owu so tumi no, ɔde nne kɛse teɛm sɛ: “‘Aberante, mise wo sɛ, sɔre!’ Na aberante a wawu no sɔre traa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne maame.” (Nkyekyɛm 14, 15) Bere a saa aberante no wui no, na ɔnyɛ ne maame dea bio. Enti, bere a Yesu ‘de no maa ne maame’ no, wɔsan bɛyɛɛ abusua. Akyinnye biara nni ho sɛ awerɛhow a na ahyɛ okunafo no koma so no bɛdan anigye nko ara.

So wopɛ sɛ wunya anigye a ɛte saa ara—sɛ́ wobɛsan ahu wo dɔfo bi a wawu bio? Nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn te nka ma wo. Tema a Yesu nya maa okunafo a na ɔredi awerɛhow no daa ayamhyehye a Onyankopɔn ankasa wɔ adi, efisɛ Yesu daa n’Agya suban adi pɛpɛɛpɛ. (Yohane 14:9) Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani gyina sɛ ɔbɛsan de wɔn a wɔawu a wɔwɔ ne nkae mu aba nkwa mu bio. (Hiob 14:14, 15) N’Asɛm Bible, ma yenya anidaso a ɛso bi nni, a ɛne sɛ yɛbɛtra ase wɔ paradise asase so na yɛahu yɛn adɔfo a wɔawuwu a wobenyan wɔn no. (Luka 23:43; Yohane 5:28, 29) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua nea otumi ma nkwa bio no ne sɛnea wubetumi anya saa anidaso no bi no ho ade pii.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

“Aberante a wawu no sɔre traa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne maame”