Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nhoma No . . . Kyerɛkyerɛ Sɛnea Yesu Yɛe No”

“Nhoma No . . . Kyerɛkyerɛ Sɛnea Yesu Yɛe No”

“Nhoma No . . . Kyerɛkyerɛ Sɛnea Yesu Yɛe No”

AMANNEƐBƆ kyerɛ sɛ nhoma a yɛde sua Bible, a ɛne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no reboa asɛnka adwuma no paa. Bible suani bi kae sɛ, “Ebue w’ani, na esiesie wo koma ne w’adwene.” Ɔmantam sohwɛfo bi bɔ amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ nhoma no kyerɛkyerɛ sɛnea Yesu yɛe no nti, egye w’adwene. Ɛmfa asɛm no nwonnwan, emu da hɔ, na ɛka koma paa nso.” Susuw osuahu a edidi so yi ho hwɛ.

Brazil Bere a Paulo yɛ abofra no, Adansefo ne no suaa Bible no. Awerɛhosɛm ne sɛ, odii mfe 16 no, n’abusua mu tetewee. Nea ɛbɛyɛ na Paulo aboa ne maame no, ɔde ne ho kɔbɔɔ nnwontofo kuw bi, nanso ankyɛ na ɔde ne ho hyɛɛ ɔbrabɔne ne asanom bebrebe mu. Ne nyinaa akyi no, na ɔkae Bible mu nokware a wasua no bi. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ ohui sɛ akɔmfosɛm yɛ adaemonesɛm nti, bere a na ɛsɛ sɛ ɔkɔbɔ nnwom wɔ baabi a wodi akɔmfosɛm no, ɛhaw no. Ohui nso sɛ mfaso biara nni n’asetra so. Bere a onua kumaa bi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma a woyii no adi wɔ afe 2005 mu kyerɛɛ Paulo no, ntɛm ara na ɛsan kanyan n’anigye, na ofii ase suaa ade. Ankyɛ koraa na ogyaee nnwom no bɔ, na seesei ɔkɔ Kristofo nhyiam.

Zambia Goliath a ɔyɛ akuraa bi ase odikuro a ɔwɔ yerenom baanu ne mma du no nyɛ ɔbran, nanso ɔne n’abusua ayɛ biribi a ɛte sɛ nea ɔbran bɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu. Bere a Goliath kenkan Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no wiei pɛ na ofii ase yɛɛ nsakrae. Wɔ January 2006 mu no, ɔne n’abusua fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam, na wɔ February mu no ogyaee ne yere a ɔto so abien, na ɔwaree ne yere a odi kan no wɔ mmara kwan so. (Mateo 19:4-6; 1 Timoteo 3:2) Wɔ March mu no, ogyaee odikuro a odi wɔ akura no ase no, na wɔ April mu no, ɔne ne yere Esther bɛyɛɛ asɛmpakafo a wɔmmɔɔ asu. Ɛda adi sɛ gyinae a wosii sɛ wɔbɛsom Yehowa no anyɛ adaemone no dɛ, na wofii ase haw Esther. Nanso, ɔko tiaa wɔn sɛnea Yakobo 4:7 kyerɛ no. Dɛn na efi mu bae? Esther ka sɛ: “Seesei adaemone no nhaw me ne me kunu bio.”