Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma Nkɔ Yiye Mpo a W’ani Betumi Agye

Nneɛma Nkɔ Yiye Mpo a W’ani Betumi Agye

Nneɛma Nkɔ Yiye Mpo a W’ani Betumi Agye

HENA na obi nnii no huammɔ da? Yɛn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn mpo, wɔadi no huammɔ pɛn ma ayɛ no yaw. Sɛ nhwɛso no, ogyee Israelfo no fii nkoasom mu fii Misraim na ohyiraa wɔn yiye. Nanso Bible ka sɛ: “Wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.” (Dwom 78:41) Ne nyinaa akyi no, Yehowa da so ara yɛ “anigye Nyankopɔn.”—1 Timoteo 1:11.

Nokwarem no, nneɛma pii na ɛde huammɔdi ba. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛn werɛ anhow? Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yehowa Nyankopɔn yɛɛ n’ade bere a afoforo dii no huammɔ no mu?

Nneɛma a Ɛde Huammɔdi Ba

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Asiane to [yɛn] nyinaa bere a [yɛnhwɛ] kwan.” (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Nkurɔfo betumi adi yɛn nsɛmmɔne, yebetumi ahyia akwanhyia, anaa yare betumi abɔ yɛn bere a yɛn ani nna yɛn ho so ma yɛn ho ahiahia yɛn, na ama yɛn abam abu. Bible ka nso sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare.” (Mmebusɛm 13:12) Sɛ yɛrehwɛ biribi pa bi kwan denneennen a, ɛma yɛn ani gye, nanso sɛ amma mu a, yɛn abam betumi abu ma yɛate nka sɛ yɛn nsa asi fam. Sɛ nhwɛso no, Duncan, * a na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo bere nyinaa no behui sɛ mfe pii a na ɔde ayɛ asɛmpatrɛw adwuma nyinaa akyi no, na ɛsɛ sɛ ɔne ne yere gyae san kɔ fie. Ɔkae sɛ: “Bere a edi kan koraa wɔ m’asetram no, m’anidaso nyinaa sae, na na minhu nea menyɛ me ho. Ná ɛte sɛ nea biribiara ho nhia me bio.” Sɛ obi anidaso yɛ hunu a, ebetumi ama wadi yaw akyɛ sɛnea ɛtoo Claire no. Ɔka sɛ: “Ná mafa afuru asram ason nanso ɛsɛee. Esii akyɛ de, nanso besi nnɛ mpo, sɛ mihu sɛ abarimaa bi rema ɔkasa wɔ asɛnka agua so a, meka wɔ me tirim sɛ, ‘Me ba no te ase a, anka ɔte sɛ oyi.’”

Sɛ obi di wo huammɔ nso a, ebetumi ayɛ yaw. Sɛ nhwɛso no, bere a wo ne obi ayɛ aware nhyehyɛe na watwam, w’aware agu, wo ba atew atua, w’adamfo bi anni wo nokware anaasɛ wayi wo bonniayɛ no. Esiane sɛ yɛne nnipa a wɔnyɛ pɛ na ɛte na yɛte bere a emu yɛ den mu nti, nneɛma pii betumi ama yɛn nsa asi fam.

Sɛ yɛantumi anyɛ nneɛma bi a, ebetumi ama yɛn abam abu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛantwa sɔhwɛ bi, yɛannya adwuma, anaasɛ yɛpɛ obi asɛm na onhu a, ebia yɛbɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso. Sɛ obi a yɛdɔ no gyae Onyankopɔn som a, ɛno nso betumi ayɛ yɛn yaw. Mary ka sɛ: “Ná ɛte sɛ nea me babea rebɔ ne ho mmɔden. Metee nka sɛ na mayɛ nhwɛso pa ama no. Nanso bere a ɔpaa Yehowa Nyankopɔn akyi na wamfa yɛn abusua akwankyerɛ anyɛ adwuma no, metee nka sɛ manyɛ m’adwuma yiye. Biribi foforo biara a mitumi yɛe mpo no amma m’ani annye. M’abam bui paa.”

Sɛ wodi yɛn huammɔ a ɛte saa a, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano? Sɛ wopɛ ho mmuae a, susuw sɛnea Yehowa yɛɛ n’ade bere a afoforo dii no huammɔ no ho hwɛ.

Fa W’adwene Si Sɛnea Wubedi Ho Dwuma no So

Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu de nea nnipa baanu a wodi kan no hia nyinaa maa wɔn, nanso woyii no bonniayɛ na wɔtew no so atua. (Genesis, ti 2 ne 3) Wɔn babarima Kain nso yii subammɔne adi. Kain antie Yehowa kɔkɔbɔ, na okum n’ankasa nuabarima. (Genesis 4:1-8) Wohwɛ a, ɛrenyɛ Yehowa yaw?

Dɛn nti na huammɔ a wodii Onyankopɔn no anhyɛ no awerɛhow? Efisɛ na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛma nnipa a bɔne nni wɔn ho ahyɛ asase so ma, enti ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a saa atirimpɔw no bɛbam. (Yohane 5:17) Eyi nti, ɔyɛɛ agyede ne n’Ahenni no ho nhyehyɛe. (Mateo 6:9, 10; Romafo 5:18, 19) Yehowa Nyankopɔn amfa n’adwene ansi ɔhaw no so, na mmom sɛnea obedi ho dwuma no so.

Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya adwempa wɔ nneɛma ho sen sɛ yɛde yɛn adwene besi nneɛma bi a yɛantumi anyɛ so. Ɛka sɛ: “Biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.”—Filipifo 4:8.

Adwempa a Yebenya Bere a Nneɛma Nkɔ Yiye

Nneɛma bi betumi asisi ma asesa yɛn asetra koraa. Sɛ nhwɛso no, yɛn adwuma betumi afi yɛn nsa, yɛn aware mu hokafo betumi awu anaa yɛn aware betumi agu, anaasɛ hokwan bi a yɛwɔ betumi afi yɛn nsa prɛko pɛ. Yebetumi ayare, yɛn fie betumi afi yɛn nsa, anaa yɛne yɛn nnamfo ntam betumi atetew. Yɛbɛyɛ dɛn agyina nsakrae a ɛte saa ano?

Ebinom ahu sɛ sɛ wɔde nneɛma a ɛho hia paa sisi wɔn ani so a, ɛboa. Duncan a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Bere a me ne me yere hui sɛ yentumi nsan nkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no bio no, ɛhaw yɛn paa. Awiei koraa no, yɛde nneɛma a ɛho hia paa abien sisii yɛn ani so: sɛ́ yɛbɛhwɛ Maame, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛakɔ so de yɛn bere nyinaa aka asɛm no. Sɛ ɛsɛ sɛ yesisi gyinae bi a, yesusuw sɛnea ɛbɛka nneɛma abien yi. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yebesisi gyinae.”

Yɛn mu pii wɔ hɔ a, sɛ yɛantumi anyɛ biribi anaa obi di yɛn huammɔ a, yɛka ho asɛm dodo. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛrebɔ mmɔden atete abofra bi, yɛrepere apɛ adwuma bi, anaa yɛreka asɛmpa no wɔ amannɔne, nanso ɛnkɔ yiye. Anhwɛ a yebenya adwene sɛ, ‘Yɛabrɛ agu.’ Nanso sɛnea nnipa a wodi kan no dii Onyankopɔn huammɔ nanso ankyerɛ sɛ wabrɛ agu no, saa ara na sɛ yɛyɛ biribi na sɛ mfiase no ankɔ yiye a, ɛnkyerɛ sɛ yɛabrɛ agu.—Deuteronomium 32:4, 5.

Sɛ nkurɔfo di yɛn huammɔ a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya wɔn ho adwemmɔne. Ɛnyɛ saa na Yehowa yɛ n’ade. Ɔhene Dawid dii Yehowa huammɔ bere a ɔsɛee aware na ɔma wokum ɔbea no kunu no. Nanso, Yehowa hui sɛ Dawid fi ne komam anu ne ho na ɔkɔɔ so buu Dawid sɛ ne somfo. Saa ara na bere a Ɔhene Yehosafat ɔnokwafo no ne Onyankopɔn atamfo kɔyɛɛ apam no, ɔyɛɛ bɔne. Yehowa diyifo ka kyerɛɛ no sɛ: “Eyi nti abufuw a efi [Yehowa, NW] anim da wo so. Nanso wɔahu wo ho nsɛm pa.” (2 Beresosɛm 19:2, 3) Yehowa hui sɛ saa mfomso biako a Yehosafat dii no ankyerɛ sɛ wafi n’akyi koraa. Saa ara na sɛ yɛn nnamfo di mfomso na sɛ yɛanka ho asɛm pii a, yebetumi akɔ so ayɛ nnamfo. Sɛ yɛn nnamfo di mfomso mpo a, ebia na wɔda so ara wɔ su pa bi.—Kolosefo 3:13.

Sɛ obi di wo huammɔ na w’abam ammu a, ɛma wutumi du wo botae ho. Sɛ yɛyɛ bɔne a, ebetumi ahaw yɛn. Nanso, sɛ yɛyɛ ho biribi na yɛko tia yɛn mmerɛwyɛ a, yebetumi adi so. Bere a Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne ma ne werɛ howee paa no, ɔkyerɛwee sɛ: “Me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. . . . Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo [Yehowa], . . . na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” (Dwom 32:3-5) Sɛ yehu sɛ yɛantumi anyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri na yɛsesa yɛn akwan na yesi yɛn bo sɛ yebedi Onyankopɔn akwankyerɛ so daakye.—1 Yohane 2:1, 2.

Siesie Wo Ho ma Bere Bɔne

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma bɛkɔ yiye. Dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho? Eye sɛ yebesusuw asɛm a Bruno, Kristofo asafo no mu panyin bi kae bere a asɛm bi too no ma ɛsesaa n’asetra no ho. Ɔkae sɛ: “Me fam no, nea ɛboaa me ma migyinaa asɛm a ɛtoo me no ano ne sɛ mekɔɔ so yɛɛ nneɛma a na meyɛ kan no ara de hyɛɛ me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den. Ná minim nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nhyehyɛe bɔne yi da so ara wɔ hɔ. Ná me ne Yehowa anya abusuabɔ pa mfe pii. Ɛyɛɛ me dɛ paa sɛ meyɛɛ saa. Hu a mihui sɛ Yehowa ka me ho no boaa me ma migyinaa m’adwennwen ano.”

Sɛ yedwennwen nea ɛbɛba daakye ho a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi ade biako yi: Ɛwom sɛ yebetumi ayɛ biribi ama ahaw yɛn anaa afoforo betumi adi yɛn huammɔ de, nanso Onyankopɔn remma yɛn nsa nsi fam da. Nokwasɛm ni, Onyankopɔn kae sɛ nea ne din Yehowa no kyerɛ ne sɛ, “Mɛyɛ me ho nea mepɛ sɛ meyɛ.” (Exodus 3:14, NW) Ɛno ma yenya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ ne ho sɛnea ɛsɛ biara de ama ne bɔhyɛ ahorow abam. Wahyɛ bɔ sɛ ɛdenam n’Ahenni so no, n’apɛde bɛyɛ hɔ “wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” Ɛno nti na ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa nniso . . . anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.”—Mateo 6:10; Romafo 8:38, 39.

Yebetumi de ahotoso ahwɛ Onyankopɔn bɔ a ɔnam odiyifo Yesia so hyɛe yi kwan: “Merebɔ ɔsoro foforo, [ne asase foforo] na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” (Yesaia 65:17) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ bere bi bɛba a yɛn werɛ befi nneɛma a yɛantumi anyɛ anaa edii yɛn huammɔ no nyinaa!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Sɛ yɛyɛ biribi na sɛ mfiase no anyɛ yiye a, ɛnkyerɛ sɛ yɛabrɛ agu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya adwempa wɔ nneɛma ho sen sɛ yɛde yɛn adwene besi nneɛma bi a yɛantumi anyɛ so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Onyankopɔn ani gye ɛmfa ho mfomso a nnipa di tia no, efisɛ onim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, n’atirimpɔw bɛba mu

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Sɛ yɛde nneɛma a ɛho hia wɔ Onyankopɔn som mu di kan a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina bere a nneɛma nkɔ yiye