Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Obiara Nnaa Ɔdɔ a Ɛte Saa Adi Nkyerɛɛ Me Da”

“Obiara Nnaa Ɔdɔ a Ɛte Saa Adi Nkyerɛɛ Me Da”

Krataa a Efi Dominican Republic

“Obiara Nnaa Ɔdɔ a Ɛte Saa Adi Nkyerɛɛ Me Da”

WƆMAA Niurka Bible mu dwumadi ma ɔyɛe bere a edi kan koraa wɔ yɛn asafo mu nnawɔtwe yi. Ɔde anifuraefo nkyerɛwee na ɛkyerɛw nea ɔpɛ sɛ ɔka, na afei ɔkyere guu ne tirim. Ná me ne no na ɛte hɔ reyɛ. Na na mayɛ me ho sɛ obi a ɔpɛ sɛ osua Bible mu nokware. Ná mede akasam afiri na ɛrekasa, na na ade hyehyɛ n’asom a ɔde retie nea mereka no. Bere a yewiei no, atiefo no de anisɔ bɔɔ wɔn nsam denneennen ma ɔtee mpo. Sɛnea ɔserewee no daa no adi sɛ n’ani agye paa na wanya akomatɔyam. Me nso m’ani gyei yiye. Hwɛ sɛnea asɛmpatrɛw adwuma no ma akomatɔyam fa!

Mekae bere a edi kan a mihyiaa Niurka. Mfe abien ni. Bere a mekaa kar twaa mfutukwan simma aduasa no na mihuu no da a edi kan. Ná ɔte ɔdan ketewaa bi a wɔde ntaboo abobɔ na wɔde nkyɛnsee a awe nkannare abɔ so abrannaa so. Ná mpɔnkye, nnanko, ne nkraman resu, na na wɔn ho nso bɔn hɔ. Ná Niurka te hɔ bɔmm a wasi ne ti ase, a ɛkyerɛ sɛ na wayɛ ankonam na wahaw. Ná wadi mfe 34, nanso na ɛte sɛ nea wadi boro saa.

Mede me nsa kaa ne mmati bɔkɔɔ, na ɔmaa ne ti so de n’ani a na afura mfe 11 no hwɛɛ yɛn. Meteɛɛm guu n’asom de daa me ne nea ɔka me ho rekɔka asɛmpa no adi kyerɛɛ no. Akyiri yi, yehui sɛ wɔde yare bi a ɛma obi hu amane pii woo Niurka. Niurka wɔ asikreyare nso, na ɛsɛ sɛ wɔma ani kɔ ne ho bere biara na wɔahwɛ sɛ asikre dodow a ɛwɔ ne mu no nkɔɔ soro anaa ɛmmaa fam dodo.

Bere a mede Bible hyɛɛ ne nsam no, ohui sɛ ɛyɛ Bible, na ɔkae sɛ n’ani mfurae no na ɔtaa kenkan. Nanso, na mɛyɛ dɛn de Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm a ɛma akomatɔyam no akyerɛkyerɛ obi a wayɛ ankonam, onni bi, na onni ahoɔden yi? Esiane sɛ na onim nkyerɛwde no nti, ade a edi kan a meyɛe ne sɛ, mede nkyerɛwde a wɔde rɔba ayɛ guu ne nsam. Ankyɛ na otumi huu nkyerɛwde no mu biara. Nea edi hɔ no, sɛ mede mum kasa rekyerɛ no biribi a, na ɔso me nsam de sua nea nkyerɛwde no mu biara kyerɛ wɔ Amerika Mum Kasa mu. Nkakrankakra, osuaa mum kasa. Esiane sɛ na afei ara na na m’ankasa nso afi ase resua kasa no nti, adesua biara a me ne no bɛyɛ no, na mede nnɔnhwerew pii siesie me ho ansa. Nanso, me ne Niurka nyinaa ani begyee ho paa sɛ yebesua mum kasa no, enti ɛma yehuu kasa no ntɛmntɛm.

Nea ɛmaa Niurka nyaa nkɔso ntɛmntɛm paa ne bere a adɔeyɛ kuw bi de nneɛma a ɛma ɔte kasa bɛkyɛɛ no no. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ nea aba so no bi de, nanso ɛboaa no paa. Esiane sɛ na n’ani afura bɛboro mfe du na ɔnte asɛm nso papa nti, na wayɛ ankonam. Nanso Yehowa honhom kanyan n’adwene ne ne koma ma onyaa nimdeɛ, anidaso, ne ɔdɔ. Bere tiaa bi akyi no, na Niurka tumi kura poma kɔka Bible mu nokware kyerɛ afoforo wɔ ne mpɔtam hɔ.

Niurka ne ne maame nuabea ne n’abusuafo abien sua Bible no. Osiesie ne ho yiye, na odi kan kyere adesua biara a ɔbɛkɔ akɔyɛ no gu ne tirim. Wɔn a Niurka ne wɔn sua ade no kenkan nkyekyɛm no, na ɔno nso bisa asɛm no fi ne de a wɔde anifuraefo nkyerɛwee akyerɛw no mu. Nea ɔka Niurka ho no ka mmuae a osuani no de ma denneennen gu Niurka asom anaasɛ ɔyɛ mum kasa sɛnkyerɛnne wɔ ne nsam ma no hu.

Asafo mũ no nyinaa boa Niurka na wɔhyɛ no nkuran. Ne nuanom Kristofo binom de no kɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse. Afoforo nso ne no kɔka asɛm no. Nnansa yi ara, Niurka ka kyerɛɛ me sɛ: “Obiara nnaa ɔdɔ a ɛte saa adi nkyerɛɛ me da.” Ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛbɔ asu wɔ nhyiam kɛse a edi hɔ a yɛbɛyɛ no ase.

Bere a yɛresi ɔkwan a ɛda baabi a Niurka te no so no, yehui sɛ ɔte abrannaa no so wɔ owia mu a wama ne ti so na ɔreserew. Mibisaa no nea enti ɔreserew. Ɔkae sɛ: “Ná meredwen bere a asase bɛdan paradise no ho. Na na mafa no sɛ mewɔ hɔ mpo dedaw.”

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Niurka ne yɛn asafo mufo binom wɔ yɛn Ahenni Asa anim

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Niurka ka nea wasua no ho asɛm kyerɛ afoforo