Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Abɛyɛ Onyankopɔn Ba

Sɛnea Wubetumi Abɛyɛ Onyankopɔn Ba

Sɛnea Wubetumi Abɛyɛ Onyankopɔn Ba

WƆ Korea Ko no akyi bɛyɛ mfe 30 no, Korea Dawurubɔ Adwuma no yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma nkurɔfo ahu wɔn abusuafo a wɔyerae wɔ ɔko no mu no. Dɛn na efi mu bae? Nnipa bɛboro 11,000 san huu wɔn adɔfo bio—wosui, wɔyeyɛɛ wɔn ho atuu ne ade. Korea Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛmmae wɔ Koreafo abakɔsɛm mu sɛ anigye ama wɔn nyinaa atew nusu saa da.”

Wɔ Brazil no, bere a Cézar yɛ akokoaa no, wɔde no maa obi de tuaa ka bi. Mfe du bi akyi no, n’ani gyei paa sɛ ohuu ne maame ankasa ma enti ofii asikafo a wɔtɔɔ no no nkyɛn ne ne maame kɔtrae.

Sɛ abusuafo ntam tetew na wɔyera na wɔsan hu wɔn ho wɔn ho bio a, hwɛ sɛnea wɔn ani gye fa! Bible kyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a nnipa ne Onyankopɔn abusua mu tetewee yayaayaw no mu. Ɛsan ka sɛnea seesei wɔreka wɔn abom anigye so ho asɛm. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Na wobɛyɛ dɛn anya saa anigye no bi?

Sɛnea Onyankopɔn Abusua mu Tetewee

Odwontofo no kaa Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Yehowa yɛ abusua kɛse bi a abɔde anokwafo a wonim nyansa wom no Agya. Saa abusua no fa biako wɔ soro, na abɔfo a wɔyɛ ne honhom mu mma na wɔwom, ɛnna nnipa a wɔbɛyɛ ne mma wɔ asase so no wɔ ne fã a ɛwɔ asase so no mu.

Bere a Onyankopɔn ba a odi kan, Adam tew atua sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim no, nnipa ne wɔn Agya a ɔwɔ ɔdɔ, na ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no ntam tetewee yayaayaw. (Luka 3:38) Nea enti a eyi te saa ne sɛ, atua a Adam tewee no amma wankɔ so anyɛ Onyankopɔn ba bio, na eyi kaa ne mma a na ɔnwoo wɔn no nso. Onyankopɔn nam ne somfo Mose so kaa nea efii atuatew no mu bae ho asɛm sɛ: “Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ [Onyankopɔn] mma.” “Nkekae” no anaa bɔne na ɛmaa nnipa ne Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron, na ɔyɛ pɛ wɔ ade nyinaa mu no, ntam tetewee. (Deuteronomium 32:4, 5; Yesaia 6:3) Ɛnde, ɔkwan bi so no, ɛte sɛ nea adesamma yerae a na wonni agya.—Efesofo 2:12.

Bible frɛ wɔn a wonni Onyankopɔn abusua mu no sɛ “atamfo” de kyerɛ sɛnea adesamma ne Onyankopɔn ntam atetew afa. (Romafo 5:8, 10) Esiane sɛ adesamma ne Onyankopɔn ntam tetewee nti, wɔahu amane wɔ Satan atirimɔden nniso ase, na saa ara nso na bɔne ne sintɔ a wɔde woo wɔn no ama wɔahu amane. (Romafo 5:12; 1 Yohane 5:19) So nnipa abɔnefo betumi abɛka Onyankopɔn abusua ho? So nnipa a wɔtɔ sin betumi abɛyɛ Onyankopɔn mma koraa, sɛnea na Adam ne Hawa te ansa na wɔreyɛ bɔne no?

Wɔreboaboa Onyankopɔn Mma Ano

Yehowa fi ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma nnipa a wɔtɔ sin na wɔdɔ no no anya so mfaso. (1 Korintofo 2:9) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná Onyankopɔn nam Kristo so repata wiase bi aba ne nkyɛn a ommu wɔn mfomso ngu wɔn so.” (2 Korintofo 5:19) Sɛnea yɛkyerɛkyerɛɛ mu wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, yɛn bɔne nti, Yehowa Nyankopɔn de Yesu Kristo mae sɛ agyede. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Eyi ho anisɔ a na ɔsomafo Yohane wɔ nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adom yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma.” (1 Yohane 3:1) Ɛnam eyi so maa adesamma asoɔmmerɛwfo nyaa hokwan sɛ wɔbɛyɛ Yehowa abusua mufo bio.

Ɛwom sɛ nnipa a wɔreboaboa wɔn ano aba Onyankopɔn abusua mu no bɛyɛ biako wɔ wɔn soro Agya no ase de, nanso hyɛ sɛnea Bible ka sɛnea wɔreboaboa wɔn ano wɔ akuw abien mu no nsow. Yɛkenkan sɛ: “Ɛno na ɛsɔ [Onyankopɔn ani] sɛnea n’ankasa abɔ ne tirim sɛ sɛ bere no sõ a, obedi nneɛma ho dwuma, kyerɛ sɛ, ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.” (Efesofo 1:9, 10) Dɛn nti na Onyankopɔn di nneɛma ho dwuma wɔ saa kwan no so?

Sɛnea Yehowa hyehyɛ ne mma wɔ akuw abien mu no boa ma biakoyɛ ba n’abusua mu. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte nea enti a ɔyɛ saa no ase. Onyankopɔn abusua no sõ araa ma yebetumi de atoto ɔman ho. Wɔ ɔman biara mu no, wɔpaw nnipa kakra bi ma wodi ɔman no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ ama wɔn a wɔaka no adi mmara so na wɔatra ase asomdwoe mu. Nokwarem no, nnipa nniso biara ntumi mmaa nnipa nyaa asomdwoe ankasa, nanso Onyankopɔn ahyehyɛ aban a edi mu ama n’abusua. Kuw a edi kan, “nea ɛwɔ soro” no, yɛ Onyankopɔn mma a Yehowa apaw wɔn sɛ wonni tumi wɔ aban anaa Ahenni bi mu wɔ soro. Wɔbɛtra hɔ ‘adi asase so ahene.’—Adiyisɛm 5:10.

Onyankopɔn Mma a Wɔwɔ Asase So

Yehowa reboaboa “nea ɛwɔ asase so,” a wɔne nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no nso ano, sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa no, wobetumi abɛyɛ ne mma wɔ asase so. Sɛ́ Agya a ne yam ye no, ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ ɔdɔ mu, na ama wɔatumi atra ase wɔ biakoyɛ mu ɛmfa ho sɛ wofi aman horow so no. Wɔreto nsa afrɛ nnipa a wɔyɛ keka, pɛsɛmenkominya, wɔn bra asɛe, na wonntie Onyankopɔn no sɛ ‘wɔmma wɔmpata wɔn mmra Onyankopɔn nkyɛn.’—2 Korintofo 5:20.

Na wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔbɛpata wɔne Onyankopɔn ntam ma wɔabɛyɛ ne mma no nso ɛ? Nea ɛbɛyɛ na asomdwoe ne biakoyɛ atra Yehowa abusua mu no, Yehowa ne saafo no bedi no nwenenwene. “Atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da” bɛba. (2 Petro 3:7) Onyankopɔn beyi atuatewfo nyinaa afi asase so. Hwɛ sɛnea ɛbɛma wɔn a wotie no no ho atɔ wɔn afa!—Dwom 37:10, 11.

Atemmu da no akyi no, asomdwoe bɛba mfe apem. Saa bere no wɔbɛma wɔn a wotie Onyankopɔn no asan anya tebea a ɛyɛ pɛ a na Adam wom no nkakrankakra. Wobenyan awufo mpo. (Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:6; 21:3, 4) Enti Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ yi abam: “Abɔde [nnipa] no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”—Romafo 8:21.

Sɛnea Wo ne W’agya Bɛyɛ Biako

Ná ɛsɛ sɛ Cézar ne Koreafo mpempem pii a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no yɛ biribi ansa na wɔasan ahu wɔn mmusua bio. Ná ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Korea no de wɔn ho hyɛ dwumadi no mu. Cézar nso fii wɔn a wɔtɔɔ no no nkyɛn. Saa ara na ebia wo nso ɛsɛ sɛ wusi wo bo sɛ wobɛyɛ biribi na ama wɔapata wo ne wo soro Agya, Yehowa Nyankopɔn ntam na woabɛyɛ n’abusua no muni. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn yɛ w’Agya a, ɛsɛ sɛ wusua n’Asɛm, Bible no, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔno ne ne bɔhyɛ mu gyidi a ɛyɛ den. Wubenya ahotoso sɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛ wo sɛ yɛ no bɛboa wo. Ebehia nso sɛ wugye Onyankopɔn nteɛso tom, efisɛ Bible ka kyerɛ Kristofo sɛ: “Onyankopɔn ne mo redi sɛ mma. Na ɔba bɛn na ne papa ntwe n’aso?”—Hebrifo 12:7.

Sɛ woyɛ eyinom a, ɛbɛsesa w’asetra koraa. Bible ka sɛ: “Momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu.” (Efesofo 4:23, 24) Na afei fa ɔsomafo Petro afotu yi yɛ adwuma: “Sɛ mma a wɔyɛ osetie no, munnni akɔnnɔ a na mowɔ bere a na munnim hwee no akyi.”—1 Petro 1:14.

Sɛnea Wubehu W’abusua Ankasa

Bere a Cézar huu ne maame no, n’ani gyee mmoroso sɛ ohui sɛ ɔwɔ nuabarima ne nuabea nso. Saa ara na sɛ wobɛn wo soro Agya no a, wubehu sɛ wowɔ nuabarimanom ne nuabeanom pii wɔ Kristofo asafo no mu. Bere a wo ne wɔn bɔ no, ebia wobɛte nka sɛ wɔbɛn wo sen wo maame ne wo papa ankasa mma mpo.—Asomafo Nnwuma 28:14, 15; Hebrifo 10:24, 25.

Hokwan wɔ hɔ ma wo sɛ wo ne w’Agya ankasa ne wo nuanom ankasa bɛsan ayɛ biako. Wubenya anigye kɛse te sɛ nea Cézar ne Koreafo mpempem pii nyae bere a wɔsan huu wɔn mmusua bio no.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Cézar ne ne maame bere a na wadi mfe 19 no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Yɛ nea ɛbɛma woabɛn Onyankopɔn