Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yesu Wu Betumi Agye Wo

Sɛnea Yesu Wu Betumi Agye Wo

Sɛnea Yesu Wu Betumi Agye Wo

BƐYƐ mfe 2,000 a atwam ni, wɔ Yudafo Twam a wodii no afe 33 Y.B. no, ɔbarima bi a na ne ho nni asɛm wui sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo benya nkwa. Ná hena ne saa ɔbarima no? Ná ɛyɛ Yesu a ofi Nasaret. Na henanom na wobenya saa adepa a ɔyɛe no so mfaso? Ɛyɛ adesamma nyinaa. Bible mu asɛm bi a nnipa pii nim yiye no ka saa afɔre a ɔbɔ de gyee nnipa nkwa no ho asɛm sɛɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16, Akuapem Twi Bible.

Ɛwom sɛ nnipa pii nim kyerɛwsɛm yi de, nanso wɔn mu kakra bi na wɔte ase ankasa. Wobisa sɛ: ‘Dɛn nti na yehia Kristo afɔrebɔ no? Ɛbɛyɛ dɛn na onipa biako wu betumi agye adesamma afi owu mu?’ Bible ma yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a emu da hɔ na ɛtɔ asom.

Nea Ɛyɛe a Owu Bedii Nnipa So

Ebinom susuw sɛ wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔmmɛtra asase so bere tiaa bi, wonhyia sɔhwɛ, wonnya anigye kakra, na afei wonwu na wontwam nkɔ baabi pa. Adwene a wɔwɔ yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ owu kaa nnipa ho. Nanso Bible kyerɛ sɛ ade foforo bi nti na nnipa wu. Ɛka sɛ: “Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, maa owu trɛw kaa nnipa nyinaa esiane bɔne a wɔn nyinaa ayɛ nti.” (Romafo 5:12) Bible mu asɛm yi kyerɛ sɛ bɔne nti na nnipa wu. Ɛnde, na hena ne “onipa baako” a ɛnam no so ma owu a efi bɔne mu bae no trɛw kaa nnipa nyinaa no?

The World Book Encyclopedia ka sɛ nyansahufo dodow no ara gye di sɛ nnipa nyinaa fi onipa baako mu, na Bible ma yehu saa “onipa baako” no. Yɛkenkan wɔ Genesis 1:27 sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” Enti Bible ka sɛ wɔ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abɔde mu no, nnipa baanu a odii kan bɔɔ wɔn no hyɛɛ no anuonyam paa.

Genesis kyerɛwtohɔ no ka nea ɛkɔɔ so wɔ nnipa asetram bere a Yehowa Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan no akyi no. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, wɔ saa asɛm no mu no, Onyankopɔn anka sɛ obewu, na mmom nea ɔkae ne sɛ sɛ ɔyɛ asoɔden a na obewu. (Genesis 2:16, 17) Ná ɔpɛ sɛ nnipa tra ase wɔ paradise asase fɛfɛ so wɔ anigye ne ahoɔden mu daa. Ná ɔmpɛ sɛ wonyinyin hu amane na awiei koraa no wowuwu. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na owu bedii adesamma so?

Genesis ti 3 no ka nea ɛyɛe a nnipa baanu a wodi kan no boapa yɛɛ wɔn Nkwamafo, Yehowa Nyankopɔn so asoɔden. Eyi nti, Onyankopɔn dii asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn mfiase no so. Ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Ewiee ase no, nnipa baanu a wodi kan no wui sɛnea Onyankopɔn kae no ara pɛ.

Nanso, ɛnyɛ nnipa baanu yi nko na ɔhaw yi too wɔn. Asoɔden a wɔyɛe no maa asetra a edi mũ a anka wɔn asefo benya no bɔɔ wɔn. Bere a Yehowa kaa nea na ɔpɛ sɛ Adam ne Hawa yɛ kyerɛ wɔn no, na ɛfa nnipa a na wonnyaa nwoo wɔn nso ho. Nea ɔkae ni: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Bere rekɔ so no, na nnipa bɛyɛ asase so ma na wɔn ani agye paa a wonwu da. Nanso, wɔn nana Adam—“onipa baako” no—tɔn wɔn sɛ nkoa maa bɔne a na wontumi nkwati owu. Ɔsomafo Paulo a ɔyɛ onipa a odi kan no aseni no kyerɛwee sɛ: “Meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.”—Romafo 7:14.

Sɛnea nnansa yi basabasayɛfo asɛe adwinne a ne bo yɛ den no, saa ara na ɛnam bɔne a Adam yɛe so no, ɔsɛee adesamma a wɔyɛ Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa no paa. Adam mma wowoe, na wonyaa mmanana ne nea ɛkeka ho. Mma a wɔwoo wɔn no nyinyinii, na wɔwoo mma na wɔn nso wuwui. Adɛn nti na wɔn nyinaa awuwu? Efisɛ wɔn nyinaa yɛ Adam asefo. Bible ka sɛ: “Ɔbaakofo bɔne nti na nnipa bebree wui.” (Romafo 5:15) Nokware a Adam anni n’abusua no de awerɛhosɛm a ɛne ɔyare, mpanyinyɛ, nneɛma bɔne a nnipa pɛ sɛ wɔyɛ, ne owu baa wɔn so. Yɛn nyinaa ka saa abusua no ho.

Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma mu no, ɔkyerɛw awerɛhosɛm a nnipa a wɔtɔ sin, a n’ankasa ka ho akɔ mu ne sɛnea yɛreko atia nea afi bɔne mu aba no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Hena na obegye me afi nipadua a ɛrekɔ owu mu yi mu?” Ɛyɛ asɛmmisa a ɛho hia, ɛnte saa? Hena na obegye Paulo ne nnipa a aka nyinaa a wɔpɛ sɛ wogye wɔn no afi bɔne ne owu a afa wɔn nkoa no mu? Paulo ankasa buae sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Nyankopɔn!” (Romafo 7:14-25) Nokwarem no, yɛn Bɔfo no nam ne Ba, Yesu Kristo so ayɛ nhyehyɛe a ɔde begye yɛn.

Sɛnea Onyankopɔn Nam Yesu so Begye Adesamma

Yesu kaa nea ɔbɛyɛ de agye adesamma afi bɔne a afa nnipa nkoa no mu ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Onipa Ba no . . . de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28) Ɔkwan bɛn so na Yesu kra yɛ agyede? Mfaso bɛn na yenya fi ne wu no so?

Bible ka Yesu ho asɛm sɛ “bɔne nni ne ho” na “ɔmfra abɔnefo mu.” Yesu dii Onyankopɔn Mmara so pɛpɛɛpɛ wɔ n’asetra nyinaa mu. (Hebrifo 4:15; 7:26) Enti, wu a Yesu wui no mfi bɔne ne asoɔden sɛnea na ɛte wɔ Adam fam no. (Hesekiel 18:4) Mmom no, Yesu penee so sɛ obewu owu a na ɛmfata no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ n’Agya apɛde de agye adesamma afi bɔne ne owu mu. Sɛnea yɛadi kan aka no, Yesu fi ne pɛ mu ‘de ne kra bɛyɛɛ agyede.’ Yesu daa ɔdɔ a ɛkyɛn so koraa a obiara nnaa bi saa adi pɛn adi, na ofi ne pɛ mu ‘kaa owu hwɛe maa onipa biara.’—Hebrifo 2:9.

Ná nkwa a Yesu de bɔɔ afɔre no ne nkwa a Adam bɔne nti ɔhweree no yɛ pɛpɛɛpɛ. Dɛn na efii Yesu wu no mu bae? Yehowa gyee saa afɔre no sɛ “agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa.” (1 Timoteo 2:6) Sɛ yɛbɛka a, Onyankopɔn de bo a Yesu nkwa som no san tɔɔ adesamma anaa ogyee wɔn fii bɔne ne owu a afa wɔn nkoa no mu.

Bible ka ɔdɔ kɛse a nnipa Bɔfo no daa no adi no ho asɛm mpɛn pii. Paulo kaee Kristofo sɛ ‘wɔtɔɔ wɔn aboɔden.’ (1 Korintofo 6:20; 7:23) Petro kyerɛwee sɛ ɛnyɛ dwetɛ anaa sika na Onyankopɔn de gyee Kristofo fii owu mu, na mmom ne Ba no mogya. (1 Petro 1:18, 19) Yehowa nam Kristo ogye afɔrebɔ no so yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔde begye adesamma afi ɔdomankoma owu nsam.

Wubenya Kristo Agyede no so Mfaso?

Ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛnea nnipa pii betumi anya Kristo agyede no so mfaso ho asɛm sɛ: “[Yesu Kristo] ne yɛn bɔne ho mpata afɔre, na ɛnyɛ yɛn de nko, na mmom wiase nyinaa nso de bi.” (1 Yohane 2:2) Nokwarem no, Kristo agyede no wɔ hɔ ma nnipa nyinaa. So eyi kyerɛ sɛ obiara betumi anya Yesu afɔrebɔ a ɛsom bo yi so mfaso a ɔnyɛ ho hwee? Dabi. Kae nnipa a wogyee wɔn a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no. Wɔn a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobegye mmarima a na wɔaka amena no mu no gyaa adaka no kɔɔ baabi a na wɔwɔ no, nanso na ɛsɛ sɛ mmarima no mu biara ankasa kɔ adaka no mu. Saa ara na wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Kristo ogye afɔrebɔ no so mfaso no ntumi ntra hɔ kwa ntwɛn Onyankopɔn nhyira. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi.

Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ? Yohane 3:36 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; nea ontie Ɔba no renhu nkwa, na Nyankopɔn abufuhyew wɔ ne so.” Onyankopɔn pɛ sɛ yenya Kristo afɔrebɔ no mu gyidi. Biribi foforo bio wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ yɛyɛ. “Nea ɛma yehu sɛ yenim [Yesu] ne sɛ yɛbɛkɔ so adi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 2:3) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ nea ɛbɛma wɔagye yɛn afi bɔne ne owu mu ne sɛ yebenya Kristo agyede no mu gyidi na yɛadi Kristo ahyɛde so.

Ɔkwan titiriw biako a yɛbɛfa so akyerɛ Yesu agyede no mu gyidi ne sɛ yɛbɛkae ne wu no de akyerɛ ho anisɔ sɛnea ɔhyɛe no. Ansa na Yesu rewu no, ɔde sɛnkyerɛnne kwan so aduan bi sii hɔ maa n’asomafo anokwafo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) Yehowa Adansefo ani sɔ ayɔnkofa a wɔne Onyankopɔn Ba no wɔ paa, na wodi saa ahyɛde no so. Afe yi, wɔbɛhyɛ Yesu Kristo wu Nkaedi no ho fã Memeneda, March 22, bere a owia akɔtɔ. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra nhyiam titiriw yi bi fa di Yesu ahyɛde no so. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ betumi akyerɛ wo bere ne beae a wɔbɛhyɛ fã yi. Wɔ Nkaedi no ase no, wubehu nea ehia sɛ woyɛ na ama Kristo agyede no atumi agye wo afi ɔhaw a Adam bɔne de aba no mu.

Ɛnnɛ nnipa kakra bi na wɔkyerɛ afɔre kɛse a Ɔbɔadeɛ no ne ne Ba no abɔ de agye wɔn afi ɔsɛe mu no ho anisɔ ankasa. Wɔn a wɔkyerɛ mu gyidi no nya anigye soronko. Ɔsomafo Petro kyerɛw ne mfɛfo Kristofo ho asɛm sɛ: “Mugye [Yesu] di na mode anigye a enni kabea a anuonyam wom di ahurusi kɛse, bere a mo nsa ka mo gyidi awiei a ɛne mo kra nkwagye no.” (1 Petro 1:8, 9) Sɛ wunya Yesu Kristo ho dɔ na wokyerɛ ogye afɔre a ɔbɔe no mu gyidi a, anigye bɛhyɛ w’asetra mã nnɛ, na woanya anidaso sɛ wobegye wo afi bɔne ne owu mu.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yesu de ne nkwa mae sɛnea ɛbɛyɛ a ebeyi nea efi Adam bɔne mu bae no afi hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wɔbɛhyɛ Yesu Kristo wu Nkaedi no ho fã Memeneda, March 22, 2008, bere a owia akɔtɔ