Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Ná okunafo no nkaprɛ mma abien no yɛ ahe?

Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na asɔrefie tow a Yudafo no tua afe biara yɛ “nnwetɛbona abien,” a ɛyɛ bɛyɛ nnanu akatua. (Mateo 17:24) Nanso, Yesu kae sɛ na nkasanoma abien bo yɛ “kaprɛ,” a ɛte sɛ simma 45 akatua. Nokwarem no, na obi betumi de nkaprɛ mma abien anaa simma 90 akatua atɔ nkasanoma anum.—Mateo 10:29; Luka 12:6.

Ná okunafo hiani no sika a ɔde koguu sika nnaka a ɛwɔ asɔrefie hɔ a Yesu hui no nnu eyi ho hwee koraa. Ná saa nkaprɛ mma abien no anaa lepta abien yɛ kɔbere sika a esua koraa a na Israelfo di saa bere no. Sɛ na obi yɛ adwuma nnɔnhwerew 12 da kora a, na ɛyɛ da koro akatua nkyem aduosia anan mu biako anaasɛ na ennu simma 12 akatua.

Yesu Kristo buu okunafo no akyɛde no sɛ ɛsom bo paa sen wɔn a wɔde nea “wɔanya ma aboro so” koguu mu no. Dɛn ntia? Bible ka sɛ na okunafo no wɔ “nkaprɛ mma abien,” enti anka obetumi de biako akɔtom na ɔde biako ato ne ho. Nanso ɔde “nea ɔwɔ nyinaa, n’asetrade nyinaa” koguu mu.—Marko 12:41-44; Luka 21:2-4.

Bere bɛn na Saul benyaa edin Paulo?

Ná ɔsomafo Paulo awofo yɛ Hebrifo nanso na ɔyɛ Roma man ba. (Asomafo Nnwuma 22:27, 28; Filipifo 3:5) Enti ɛbɛyɛ sɛ efi ne mmofraase no na wɔde ne Hebri din Saul ne ne Roma din Paulo nyinaa frɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ na Paulo abusuafo binom nso wɔ Roma ne Hela din. (Romafo 16:7, 21) Bio nso, na ɛnyɛ nwonwa sɛ Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no, titiriw wɔn a na wɔnte Israel man no mu no benya edin abien.—Asomafo Nnwuma 12:12; 13:1.

Bɛboro mfe du akyi a ɔsomafo yi bɛyɛɛ Kristoni no, ɛte sɛ nea na ne Hebri din, Saul, na wɔde nim no kɛse. (Asomafo Nnwuma 13:1, 2) Nanso, wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu, wɔ bɛyɛ afe 47 ne 48 Y.B. ntam hɔ mu no, ebia na ɔbɛpɛ sɛ wɔde ne Roma din Paulo mmom frɛ no. Ná wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnka asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no, enti ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔde ne Roma din bɛfrɛ no. (Asomafo Nnwuma 9:15; 13:9; Galatifo 2:7, 8) Ebetumi aba nso sɛ, nea enti a na ɔpɛ sɛ wɔfrɛ no Paulo ne sɛ, sɛnea na wɔbɔ ne Hebri din, Saul, wɔ Hela kasa mu no ne Hela asɛmfua bi a adwene a ɛwɔ akyi nye no di nsɛ. Ɛmfa ho nea ɛmaa Paulo sesaa ne din no biara no, ɔdaa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ‘ɔyɛ biribiara ma nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, obegye ebinom nkwa.’—1 Korintofo 9:22.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Lepta, ne kɛse ankasa