Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔadi Nnipa A Wɔyɛɛ Wɔn Ayayade Asɛm Ama Wɔn

Wɔadi Nnipa A Wɔyɛɛ Wɔn Ayayade Asɛm Ama Wɔn

Wɔadi Nnipa A Wɔyɛɛ Wɔn Ayayade Asɛm Ama Wɔn

WƆ May 3, afe 2007 mu no, atemmufo a wɔwɔ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So a ɛwɔ Strasbourg, France no nyinaa buu Yehowa Adansefo a wɔwɔ Republic of Georgia no bem. Asɛnnibea no hui sɛ wɔyɛɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no ayayade na wotiatiaa ahofadi a wɔwɔ sɛ wɔsom wɔn Nyankopɔn no so. Asɛnnibea no bɔɔ Georgia aban a na ɛwɔ so saa bere no nso akyi sɛ wɔanyɛ nnipa a wodii saa atirimɔdensɛm no hwee. Dɛn na ɛma wobuaa asɛm no saa?

Wɔ October 17, 1999 mu no, na Gldani Yehowa Adansefo Asafo a emu nnipa bɛyɛ 120 a ɛwɔ Georgia kuropɔn, Tbilisi, mu no ahyiam resom asomdwoe mu. Prɛko pɛ na nnipadɔm bi a Vasili Mkalavishvili a ɔyɛ Ortodɔks sɔfo a wɔagye ne sɔfodi afi ne nsam di wɔn anim no bɔ wuraa baabi a Adansefo no ahyiam. Ná nnipadɔm no kurakura mporibaa, ne dade mmeamudua. Wɔde anibere tow hyɛɛ wɔn a na wɔahyiam no so pirapiraa wɔn, na wɔn mu bi pirapirae paa. Wɔboroo ɔbea baako araa ma n’ani biako sɛee koraa. Anyɛ yiye koraa no, na ehia sɛ wɔde nnipa 16 kɔ ayaresabea. Bere a Adansefo no bi kɔɔ polisifo adwumam sɛ wɔrekɔpɛ mmoa no, polisifo panyin a wɔkɔtoo no no kae sɛ, sɛ ɛyɛ ɔno mpo a anka ɔbɛyɛ wɔn nea ɛsen saa! Nnipadɔm a wɔkɔtow hyɛɛ Adansefo no so no mu baako twaa ho video, na akyiri yi woyii wɔ ɔman no television ahorow so ma wohuu nnipa a wodii saa atirimɔdensɛm no. *

Adansefo a wɔyɛɛ wɔn ayayade no de asɛm no kɔdan atumfo no, nanso wɔanyɛ wɔn a wɔyɛɛ saa no hwee. Polisini a wɔkae sɛ ɔnhwehwɛ asɛm no mu no kae sɛ, ɔkɔ Ortodɔks asɔre, enti ɔrentumi nni asɛm no yiye. Esiane sɛ polisifo ne aban mpanyimfo anyɛ asɛm no ho hwee nti, ɛhyɛɛ asɔrefo a wodii saa atirimɔdensɛm no nkuran ma wɔkɔɔ so dii atirimɔdensɛm a ɛtete saa bɛboro mpɛn ɔha.

Enti wɔ June 29, 2001 mu no, Yehowa Adansefo de wɔn asɛm no kɔdan Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So no. * Asɛnnibea no dii asɛm no wiei wɔ May 3, 2007 mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea nnipadɔm no kɔtow hyɛɛ Adansefo no so nyinaa mu, na wɔbɔɔ aban mpanyimfo no akyi sɛ wɔanyɛ ho hwee. Asɛnnibea no kae sɛ: “Ná ɛyɛ atumfo no . . . asɛde sɛ wɔhwehwɛ asɛm no mu ntɛm ara.” Asɛnnibea no san de too gua sɛ: “Esiane sɛ atumfo no anyɛ atirimɔdensɛm a ɛte saa ho hwee nti, ɛremma ɔmanfo nnya Ɔman no mmara ne aban no mu ahotoso.”

Asɛnnibea no wiee n’asɛm no sɛ: “Esiane sɛ aban no anyɛ ayayade a ebi nsii da a wɔde yɛɛ Yehowa Adansefo wɔ October 17, 1999 no ho hwee nti, ɛhyɛɛ saa nyamesomfo kuw koro yi ara den ma wɔkɔɔ so yɛɛ Yehowa Adansefo ayayade a ɛte saa wɔ Georgia man no nyinaa mu.”

Enti wodii Gldani Asafo no mufo a wɔyɛɛ wɔn ayayade no asɛm maa wɔn, na wɔhyɛɛ Georgia aban no sɛ wontua mpata sika ne ka a Adansefo no bɔe wɔ asɛnni no ho no mma wɔn. Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Georgia ani agye sɛ atirimɔdensɛm ne ayayade no ano abrɛ ase koraa no, wodi ahurusi nso sɛ gyinae a Asɛnnibea no sii no foa so sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wohyiam som asomdwoe mu. Eyi ho no, wɔda wɔn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn a n’akwankyerɛ ne n’ahobammɔ aboa wɔn wɔ sɔhwɛ a wohyiae yi nyinaa mu no ase paa.—Dwom 23:4.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Awake! January 22, 2002, kratafa 18-24, a Yehowa Adansefo tintimii no.

^ nky. 5 Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So no yɛ Europa Bagua no ahyehyɛde biako a ɛhwɛ di wɔn a wɔto Mmara a Ɛbɔ Hokwan ne Ahofadi a Nnipa wɔ ho Ban no asɛm. Georgia gyee saa mmara no toom wɔ May 20, 1999 mu, ma enti wɔpenee so sɛ wobedi so.