Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔko A Ebetwa Akodi Nyinaa So”

“Ɔko A Ebetwa Akodi Nyinaa So”

“Ɔko A Ebetwa Akodi Nyinaa So”

‘Mehyɛ mo bɔ sɛ eyi ne ɔko a etwa to—ɔko a ebetwa akodi nyinaa so.’—WOODROW WILSON, U.S. ƆMAMPANYIN (1913-21).

BERE a Wiase Ko I baa awiei bɛyɛ mfe 90 ni no, na eyi na wiase kannifo bi hwɛ kwan. Ná saa wiase nyinaa ko no ani yɛ nyan araa ma enti aman a wodii nkonim no pɛe sɛ wogye di sɛ wɔn mmɔdenbɔ no bɛma wɔanya mfaso afebɔɔ, na na ehia sɛ wogye di saa nso. Nanso nnipa akodi ntaa nyi ɔhaw mfi hɔ na kampɛsɛ atutu ɔko a agye ntini ase.

Ɔmampanyin Wilson peree ne ho kaa asɛm yi akyi bɛyɛ mfe 20 no, wiase ko a ɛto so abien pae gui. Ekunkum nnipa pii na ɛsɛee ade sen wiase ko a edi kan no. Nkɔanim a ɛbae wɔ mfiridwuma mu wɔ wiase ko a edi kan ne nea ɛto so abien ntam no maa adesamma huu akwan a wɔbɛfa so akunkum nnipa pii. Wiase ko a ɛto so abien baa awiei no, wiase akannifo hui paa sɛ ɔko betumi asan asi bio.

Wɔ afe 1945 mu no, Amerika Ɔsahene Douglas MacArthur kae sɛ: “Yɛanya hokwan a etwa to sɛ yɛbɛma akodi agyae. Sɛ yɛantoto nneɛma yiye a, Harmagedon bɛba abɛtoa yɛn.”

Ná Ɔsahene MacArthur nim sɛnea na atopae abien ayɛ Nagasaki ne Hiroshima bere a wiase ko a ɛto so abien reba n’awiei no. Sɛnea wosi sɛee Japan nkurow abien yi ma ɔkyerɛkyerɛɛ asɛmfua “Harmagedon” mu wɔ ɔkwan foforo so. Ɔkyerɛe sɛ, ɛyɛ nuklea ɔko a ɛbɛsɛe ade pasaa, a ebetumi akyerɛ sɛ ɛbɛtɔre nnipa a wɔte yɛn asase yi so ase koraa.

Adesamma suro sɛ nuklea akodi betumi asi. Eduu 1960 mfe no mu no, na tumidi ahorow a ɛwɔ wiase saa bere no ayɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔate wɔn ho ase wɔ nnipa ne nneɛma a wɔbɛsɛe wɔ akodi mu. Ná wɔn botae ne sɛ wobenya akode a ɛdɔɔso anaa akwan a wɔbɛfa so de adi dwuma na ama wɔatumi asɛe wɔn atamfo ɔha mu nkyem 25 ne mfiridwuma ɔha mu nkyem 50—ɛmfa ho nea obefi ɔko no ase biara no. Nnipa kakraa bi na wonyaa ɔkwan a ɛte saa a wɔbɛfa so de asomdwoe aba wiase no mu ahotoso.

Ɛnnɛ, nuklea akode dɔ ara na ɛredɔɔso, na akodi a ɛkɔ so wɔ aman afoforo so da so ara kunkum nnipa pii. Nnipa da so ara suro sɛ nuklea akodi betumi asi. Ɛmfa ho sɛ nnipa hwɛ kwan sɛ akodi to betwa no, wɔn mu kakraa bi na wogye di sɛ wobetumi afa ɔko anaa ɔkwan foforo bi so adu saa botae no ho.

Nanso, Bible ka ɔko soronko bi a ebetwa akodi nyinaa so ho asɛm. Ɛfrɛ saa ɔko yi “Harmagedon”—asɛmfua a nnipa taa ka ho asɛm sɛ egyina hɔ ma nuklea akodi bi a ɛbɛba. Ɛbɛyɛ dɛn na Harmagedon atumi atwa akodi nyinaa so ma ayɛ yiye? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

NASA/​The Visible Earth (http://​visibleearth.nasa.gov/)

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

DTRA Photo

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Nagasaki, Japan, 1945: USAF photo