Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso

Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso

Suasua Wɔn Gyidi

Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso

NÁ Elia pɛ sɛ ɔbɔ ne soro Agya no mpae wɔ kokoam. Nanso, ná nnipadɔm a wɔatwa ne ho ahyia no hui sɛ odiyifo nokwafo yi ama ogya afi soro aba no nkyɛe koraa, na akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn mu pii pɛ sɛ wɔdɛfɛdɛfɛ no de nya n’anim dom. Ansa na Elia reforo akɔ Bepɔw Karmel a ɛso afifide nyinaa ahyew so akɔbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae wɔ kokoam no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwumaden bi. Ná ɛsɛ sɛ ɔne Ɔhene Ahab kɔkasa.

Ná ɛsono Ahab ne Elia koraa. Ná Ahab a wasiesie ne ho sɛ ɔhene no yɛ oniberefo ne ɔwaefo a n’adwene nye. Ná Elia hyɛ odiyifo atade a ɛnyɛ kyenkyenee a ebia wɔde aboa nhoma anaa yoma anaa abirekyi nhwi ayɛ. Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ akokoduru, ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔwɔ gyidi. Ɛda no a na ɛrekɔ awiei no maa mmarima baanu yi suban daa adi yiye. *

Ná ɛda no ayɛ da bɔne ama Ahab ne Baal asomfo afoforo. Ná ada adi sɛ abosonsom a na Ahab ne ne yere Ɔhemmaa Isebel agye agyinam wɔ Israel mmusuakuw du ahemman mu no yɛ atoro. Ná wɔapa Baal ho ntama sɛ ɔyɛ ɔdaadaafo. Saa onyame a na ontumi nkasa no antumi amma ogya kɛkɛ mpo ansɔ bere a n’adiyifo de nne kɛse teɛteɛɛm, wɔsawee, na wɔbobɔɔ wɔn ho akam ma mogya guu wɔn no. Baal antumi ammɔ saa mmarima 450 a na wɔfata sɛ wokum wɔn no ho ban. Atoro nyame yi antumi anyɛ biribi foforo nso, na na n’anim rebegu ase koraa. Ná Baal adiyifo no asrɛ wɔn nyame no mpɛn pii sɛ ɔmma osu ntɔ wɔ asase no so, efisɛ na bɛboro mfe abiɛsa ni a osu ntɔe. Nanso Baal antumi anyɛ saa. Ná ɛrenkyɛ na Yehowa ankasa ama osu atɔ de ada ne tumi adi sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no.—1 Ahene 16:30–17:1; 18:1-40.

Ɛnde, na bere bɛn na Yehowa bɛkeka ne ho? Ɛnkosi saa bere no, na dɛn na Elia bɛyɛ? Dɛn na yebetumi asua afi ɔbarima a ɔwɔ gyidi yi hɔ? Ma yɛnhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Ahene 18:41-46 mfa nhwehwɛ asɛm yi mu.

Ná Ɔtaa Bɔ Mpae

Elia kɔɔ Ahab hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔ kodidi na nom. Na mete osu kɛse nka.” (Nkyekyɛm 41) So na ɔhemmɔne yi asua biribi afi nsɛm a esisii saa da no mu? Bible nhyɛ da nka, nanso biribiara nni asɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ onuu ne ho. Wansrɛ odiyifo no sɛ ɔmmoa no ma ɔnsrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri. Ahab anyɛ eyi mu biara, mmom ‘okodidi nomee.’ (Nkyekyɛm 42) Na Elia nso ɛ?

“Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi de n’anim kobutuw fam na ɔde ne ti hyɛɛ ne nkotodwe ntam.” Bere a Ahab kodidii no, Elia nyaa hokwan bɔɔ n’Agya mpae. Hyɛ sɛnea ɔbrɛɛ ne ho ase bɔɔ mpae no nsow—Elia kotow fam, bɔɔ ne mu ase araa ma anka ne ti reka ne nkotodwe. Dɛn na na Elia reyɛ yi? Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim. Bible ka wɔ Yakobo 5:18 sɛ, Elia bɔɔ mpae maa osu tɔe. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔrebɔ mpae yi wɔ Karmel atifi.

Ná Yehowa adi kan aka sɛ: “Merebɛma osu atɔ agu asase no so.” (1 Ahene 18:1) Enti Elia bɔɔ mpae sɛ nea n’Agya aka no mmra mu, sɛnea bɛyɛ mfe apem wɔ asɛm yi akyi no, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae no ara pɛ.—Mateo 6:9, 10.

Elia nhwɛso no ma yesua pii fa mpaebɔ ho. Nea na ehia Elia paa wɔ ne mpaebɔ mu ne sɛ n’Agya apɛde bɛyɛ hɔ. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ: “Biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Ɛnde, ɛda adi sɛ ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn apɛde na yɛatumi abɔ mpae ma watie yɛn—eyi nti na ehia sɛ yesua Bible da biara da. Akyinnye biara nni ho sɛ esiane amane a na Elia kuromfo rehu nso nti, na ɔpɛ sɛ osu tɔ. Ɛda adi sɛ anwonwade a na Yehowa ayɛ ama wahu saa da no nti, na anisɔ ahyɛ ne koma ma. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mpae ma afoforo na yɛda anisɔ adi wɔ yɛn mpaebɔ mu.—2 Korintofo 1:11; Filipifo 4:6.

Ná Ɔwɔ Ahotoso, na Ɔwɛnee

Ná Elia wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma osu atɔ, nanso na onnim bere ko a Yehowa bɛyɛ saa. Enti, dɛn na odiyifo no yɛe ansa? Hyɛ nea nkyekyɛm 43 ka no nsow: “Ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkae sɛ: Hwee nni hɔ.” Na ɔsan kae sɛ: “San kɔ mpɛn ason.” Anyɛ yiye koraa no, yebetumi asua nneɛma abien afi Elia nhwɛso no mu. Nea edi kan no, hyɛ ahotoso a na odiyifo no wɔ nsow. Afei, susuw sɛnea ɔwɛnee no ho.

Elia bɔɔ mmɔden paa hwehwɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛma osu atɔ, enti ɔsomaa n’abofra no sɛ onkogyina baabi a ɛwɔ soro na ɔnhwɛ sɛ obehu biribi a ɛkyerɛ sɛ osu rebɛtɔ anaa. Bere a abofra no san bae no, ɔbɛkaa asɛm a ɛnhyɛ nkuran yi: “Hwee nni hɔ.” Ná wim tew, na ɛda adi sɛ na osu mmunae. Afei wohyɛɛ biribi a ɛyɛ nwonwa nsow? Kae sɛ ɛnkyɛe koraa na na Elia aka akyerɛ Ɔhene Ahab sɛ: “Mete osu kɛse nka.” Ɛyɛɛ dɛn na odiyifo no tumi kaa biribi a ɛte saa bere a na osu mmunae?

Ná Elia nim bɔ a Yehowa ahyɛ. Sɛ́ Yehowa diyifo ne ne nanmusini no, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ ne Nyankopɔn bɛma N’asɛm abam. Ná Elia wɔ ahotoso araa ma na ɛte sɛ nea ɔte sɛ osu no retɔ. Ebia eyi bɛma yɛakae nea Bible ka faa Mose ho no: “Ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” So wugye Onyankopɔn di saa? Ɔma yɛn nneɛma pii a yebetumi agyina so anya ɔne ne bɔhyɛ mu gyidi a ɛte saa.—Hebrifo 11:1, 27.

Nea edi hɔ no, hyɛ sɛnea Elia wɛnee no nsow. Wansoma n’abofra no pɛnkoro anaa mprenu, na mmom mpɛn ason! Yɛn de, ebia a yɛbɛfa no sɛ, soma a Elia kɔɔ so somaa n’abofra no maa abofra no brɛe, nanso Elia de, na n’ani abere rehwehwɛ sɛnkyerɛnne ma enti wampa abaw. Awiei koraa no, bere a abofra no kɔ bae mpɛn ason no, ɔbɛkae sɛ: “Hwɛ, omununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre afi po mu.” (Nkyekyɛm 44) Wubetumi ayɛ sɛnea n’abofra no abue ne nsam de rekyerɛ sɛnea omununkum ketewaa bi refi Po Kɛse * no mu resɔre ho mfonini? Ɛbɛyɛ sɛ n’abofra no nyaa adwene sɛ omununkum ketewaa no ntumi mma hwee nsi. Nanso Elia de, na saa omununkum no yɛ ade kɛse ma no paa. Afei ɔka kyerɛɛ no ntɛm ara sɛ: “Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: Siesie wo nteaseɛnam na sian kɔ, na osu ansiw wo kwan.”

Eyi mu nso, Elia yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Yɛn nso yɛte bere a ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛkeka ne ho ma n’asɛm a waka abam mu. Elia twɛnee ma osu tɔe, na saa ara na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ retwɛn bere a wiase nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. (1 Yohane 2:17) Ɛnkosi sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛkeka ne ho no, ehia sɛ yɛwɛn sɛnea Elia yɛe no. Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.” (Mateo 24:42) So na Yesu kyerɛ sɛ n’akyidifo renhu bere a awiei no bɛba koraa? Dabi, efisɛ ɔkaa sɛnea nneɛma bɛyɛ wɔ wiase bere a ɛrekɔ n’awiei no ho nsɛm pii. Yɛn mu biara betumi ahu “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho sɛnkyerɛnne pii.—Mateo 24:3-7. *

Saa sɛnkyerɛnne no fã biara ma yenya adanse a tumi wom a ɛtɔ asom. So adanse a ɛte saa dɔɔso a ebetumi aka yɛn ma yɛayɛ yɛn ade ntɛmso? Ná omununkum ketewaa bi a efi po mu resɔre no dɔɔso sɛ ɛbɛma Elia anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa akeka ne ho. So odiyifo nokwafo no nsa sii fam?

Yehowa De Ahotɔ ne Nhyira Ba

Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Ɛyɛɛ kakra na omununkum ne mframa abiri soro tumm, na osu kɛse tɔe. Na Ahab nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel.” (Nkyekyɛm 45) Nsɛm sisii ntɛmntɛm. Bere a na Elia abofra no rekɔka odiyifo no nsɛm akyerɛ Ahab no, saa omununkum ketewaa no yɛɛ kɛse, na ɛmaa wim nyinaa yɛɛ tumm. Mframa kɛse bɔe. Bere a osu antɔ mfe abiɛsa ne fã no, awiei koraa no osu tɔe wɔ Israel asase so. * Asase a na akyen no nyaa nsu. Bere a osu no tɔe kɛse no, Kison asubɔnten no yirii, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛhohoroo Baal adiyifo a wokunkum wɔn no mogya kɔe. Ná wɔrema Israelfo no nso kwan ma wɔahohoro Baal som nkekae bɔne no afi asase no so.

Ná Elia wɔ awerɛhyem sɛ ɛbɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ! So na Ahab benu ne ho na wasakra afi Baal som a enye no ho? Ná obetumi agyina nsɛm pii a akɔ so wɔ da no mu no so ayɛ nsakrae a ɛte saa. Nokwarem no, yɛrentumi nkyerɛ nea na Ahab redwen ho saa bere no. Nea Bible ka ara ne sɛ ɔhene no “nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel.” So na wasua biribi? So ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsesa n’akwan? Nsɛm a esisii akyiri yi no kyerɛ sɛ wanyɛ saa. Nanso na ɛda no nnya mmaa awiei mmaa Ahab ne Elia nyinaa.

Yehowa diyifo no nso faa ɔkwan a Ahab faa so no ara so. Ná ɔkwan a ɔretwa no ware, na ade asa, na na atɛkyɛ wɔ ɔkwan no so nso. Nanso biribi a ɛyɛ nwonwa san sii.

“[Yehowa, NW] nsa baa Elia so, na ɔkyekyeree n’asen tuu mmirika dii Ahab anim de koduu sɛ ɔrehyɛn Yesreel.” (Nkyekyɛm 46) Ɛda adi sɛ “[Yehowa, NW] nsa baa” Elia so wɔ anwonwakwan so. Ná efi hɔ rekɔ Yesreel yɛ bɛyɛ akwansin 20, na na Elia abɔ akwakoraa. * Wo de, susuw sɛnea odiyifo no twetwee n’atade kɔɔ soro, na ɔkyekyeree wɔ n’asen sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛyɛ hare na watumi atu mmirika afa ɔkwan a ɛso ayɛ atɛkyɛ no so no ho hwɛ—otuu mmirika denneennen kɔtoo ɔhene no teaseɛnam no paa no ho koraa!

Hwɛ nhyira ara a na ɛno bɛyɛ ama Elia! Ɛbɛyɛ sɛ ahoɔden a ɛte saa a onyae a ebia ne mmerantebere mu mpo wannya no yɛɛ no nwonwa paa. Ebia eyi bɛkae yɛn nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ anokwafo benya apɔwmuden a edi mu ne ahoɔden wɔ Paradise asase a ɛreba no mu. (Yesaia 35:6; Luka 23:43) Bere a na Elia de mmirika nam ɔkwan a na atɛkyɛ wɔ so no so no, akyinnye biara nni ho sɛ na onim sɛ wanya n’Agya, Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ no anim dom!

Yehowa ani gye ho sɛ ɔde nhyira bɛba. Mmɔden biara a yɛbɛbɔ de ahwehwɛ no fata. Ehia sɛ yɛwɛn, na yesusuw adanse a tumi wom a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa akeka ne ho wɔ mmere a ɛyɛ hu na egye ntɛmpɛ yi mu sɛnea Elia yɛe no. Yɛwɔ nea yebetumi agyina so anya Yehowa, “nokware Nyankopɔn” no bɔhyɛ mu ahotoso koraa te sɛ Elia.—Dwom 31:5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 16 Ɛnnɛ, wɔfrɛ Po Kɛse no Mediterranea.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ nea ɛkyerɛ sɛ Yesu nsɛm no renya mmamu nnɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 9.

^ nky. 20 Ɛdefa bere tenten a osu antɔ ho no, ebinom susuw sɛ Bible bɔ ne ho abira. Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 19.

^ nky. 23 Eyi akyi bere tiaa bi no, Yehowa maa Elia tetee Elisa a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no nea “ohwiee nsu guu Elia nsa so no.” (2 Ahene 3:11) Elisa bɛyɛɛ Elia abofra, na ɛda adi sɛ ɔboaa akwakoraa no.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 19]

Bere Tenten Ahe na Osu a Antɔ wɔ Elia Bere so no Dii?

Yehowa diyifo Elia ka kyerɛɛ Ɔhene Ahab sɛ ɛrenkyɛ na osu a ɛntɔ bere tenten no aba awiei. Ɛbaa saa wɔ “afe a ɛto so abiɛsa” no mu—ɛda adi sɛ efi da a Elia kae sɛ osu rentɔ no so. (1 Ahene 18:1) Bere a Elia kae sɛ Yehowa bɛma osu atɔ no ara pɛ na Yehowa ma ɛtɔe. Ɛnde, ebia ebinom bɛka sɛ osu a na ɛntɔ no baa awiei wɔ afe a ɛto so abiɛsa no mu, ma enti annu mfe abiɛsa ankasa. Nanso, Yesu ne Yakobo nyinaa ka kyerɛ yɛn sɛ nsu antɔ “mfe abiɛsa ne asram asia.” (Luka 4:25; Yakobo 5:17) So eyi yɛ abirabɔ?

Ɛnte saa koraa. Wɔ tete Israel no, na ɔpɛ bere ware kakra, na edi bɛyɛ asram asia. Ɛda adi sɛ bere a na ɔpɛ bere no akyɛ aboro so na emu ayɛ den no na Elia baa Ahab hɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ osu rentɔ. Sɛ yɛbɛka a, na ɔpɛ no afi ase bɛyɛ asram asia dedaw. Enti efi bere a edi kan a Elia kae sɛ osu rentɔ de besi bere a ɔkae sɛ osu bɛtɔ wɔ “afe a ɛto so abiɛsa” mu no, na ɔpɛ no adi bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã dedaw. Eduu bere a nnipa no nyinaa kohyiaa wɔ Bepɔw Karmel so rekɔhwɛ sɔhwɛ kɛse no, na “mfe abiɛsa ne asram asia” no atwam dedaw.

Ɛnde, susuw bere a Elia dii kan kɔɔ Ahab hɔ no ho hwɛ. Ná nkurɔfo no gye di sɛ na Baal a ɔyɛ onyame a “ɔte omununkum so” no na ɔbɛma osu atɔ. Sɛ ɔpɛ no kyɛ boro so a, na nkurɔfo no bisa sɛ: ‘Baal wɔ he? Bere bɛn na ɔbɛma osu atɔ?’ Ɛbɛyɛ sɛ Elia asɛm a ɔkae sɛ osu anaa obosu rentɔ kosi sɛ ɔbɛka sɛ ɛntɔ no haw Baal asomfo no paa.—1 Ahene 17:1.

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Elia daa no adi wɔ ne mpaebɔ mu sɛ na ɔpɛ paa sɛ Onyankopɔn apɛde yɛ hɔ