Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adidi Kronkron Amanne no Ho Nokwasɛm

Adidi Kronkron Amanne no Ho Nokwasɛm

Adidi Kronkron Amanne no Ho Nokwasɛm

NNIPA a wɔwɔ wiase nyinaa taa de wɔn ho hyɛ adeyɛ yi mu—ebia wɔyɛ no mpɛn dodow bi wɔ afe no mu, nnawɔtwe biara anaa mpo da biara. Nanso wɔka sɛ ɛyɛ gyidi mu ahintasɛm, na nnipa pii a wɔde wɔn ho hyem no ka sɛ wɔnte ase. Wobu no ade kronkron, na mpo wogye di sɛ ɛyɛ anwonwade.

Wɔfrɛ adeyɛ yi Adidi Kronkron—ade a ɛka Katolekfo Mass ho a sɛ ɔsɔfo no hyira abodoo ne bobesa no so wie a, ɔde ma asafo no sɛ wɔmfa so nnye Kristo. * Pope Benedict XVI kae sɛ, wɔ Katolekfo fam no, yebu adeyɛ yi sɛ “yɛn gyidi no nnyinaso titiriw.” Ɛnkyɛe koraa na asɔre no hyɛɛ “Adidi Kronkron Afe” ho fã sɛ “wɔresan de akanyan nnipa pii ma wɔanya gyidi wɔ Adidi Kronkron no mu.”

Katolekfo a wɔnte wɔn gyidi ase papa no mpo agye amanne yi agyinam denneennen. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi ara ababaa bi a wɔkyerɛ sɛ ɔbɔ mmɔden wɔ Katolek som mu no kyerɛwee wɔ Time nsɛmma nhoma mu sɛ: “Ɛmfa ho adwene biara a yɛwɔ wɔ Katolek asɔre no gyidi nnyinaso no ho no, yɛda so ara kura Adidi Kronkron yi a ɛka Katolekfo bom wɔ gyidi mu no mu denneennen.”

Ɛnde, dɛn koraa ne Adidi Kronkron no? So ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo hyɛ ho fã? Momma yenni kan nsusuw nea ɛyɛe a Adidi Kronkron no bae ho. Ɛno akyi no yebetumi de yɛn adwene asi asɛmmisa bi a ɛho hia paa so: So Adidi Kronkron no ara ne ade a Yesu Kristo de sii hɔ bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no?

Sɛnea Kristoman Bu Adidi Kronkron No

Ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a wobu Adidi Kronkron no sɛ ɛyɛ anwonwade no. Adeyɛ no mu ade titiriw ne bere a wɔrebɔ Adidi Kronkron no so mpae no. Sɛnea Katolek Asɔre no Gyidikasɛm kyerɛ no, sɛ edu saa bere no a, “tumi a ɛwɔ nsɛm no mu, Kristo nneyɛe, ne tumi a ɛwɔ Honhom Kronkron no mu” no ma Yesu nipadua ne ne mogya “dan abodoo ne bobesa.” Sɛ ɔsɔfo no di abodoo no na ɔnom bobesa no bi wie a, ɔma wɔn a wɔn ho tew no di bi. Abodoo no nkutoo na ɔtaa ma wodi.

Katolek Asɔre no kyerɛkyerɛ sɛ abodoo ne bobesa no nam anwonwakwan so dan Kristo nipadua ne ne mogya ankasa. Saa nkyerɛkyerɛ yi fii ase nkakrankakra, na wodii kan gye toom wɔ afeha a ɛto so 13 mu. Bere a ebinom tew wɔn ho fii Katolek Asɔre no ho bɛyɛɛ Protestantfo no, wogyee Katolek Adidi Kronkron no afã bi ho kyim. Ná Luther nnye ntom sɛ Kristo nipadua ne ne mogya ankasa na ɛdan abodoo ne bobesa no. Na mmom Luther kyerɛkyerɛe sɛ Yesu nipadua ne ne mogya bɛka abodoo ne bobesa no ho, na mmom ɛnnan mmɛyɛ abodoo ne bobesa no. Nsonsonoe kɛse biara nhyɛ da nni nkyerɛkyerɛ abien yi mu.

Bere rekɔ so no, nsonsonoe foforo a ɛwɔ nea Adidi Kronkron no kyerɛ, ɔkwan a wɔfa so yɛ no, ne mpɛn dodow a wɔyɛ no no sɔree wɔ Kristoman asɔre ahorow mu. Nanso, ɔkwan bi so no, saa amanne yi abɛyɛ ade titiriw wɔ Kristoman asɔre ahorow mu. Ɛnde, na afahyɛ a Yesu dii kan de sii hɔ no te dɛn?

“Awurade Anwummeduan no” a Wɔde Sii Hɔ

Yesu ankasa na ɔde “Awurade anwummeduan no,” anaa ne wu ho Nkaedi no sii hɔ. (1 Korintofo 11:20, 24) Nanso, so ɔde amanne bi a ɛyɛ nwonwa a na n’akyidifo no bedi ne nipadua na wɔanom ne mogya ankasa na esii hɔ?

Ná afei ara na Yesu adi Yudafo Twam afahyɛ no awie, na na wapam Yuda Iskariot, ɔsomafo a na ɔrebeyi no ama no. Mateo a ɔyɛ asomafo 11 no mu baako a na ɔwɔ hɔ no kyerɛwee sɛ: “Bere a wogu so redidi no Yesu faa paanoo, na ohyiraa so wiei no obubuu mu de maa asuafo no kae sɛ: ‘Munnye nni. Eyi gyina hɔ ma me nipadua.’ Afei ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no ɔde maa wɔn kae sɛ: ‘Mo nyinaa monnom mu; na eyi gyina hɔ ma me “mogya a wɔde yɛ apam no,” a wobehwie agu ama nnipa bebree bɔne fafiri.’”—Mateo 26:26-28.

Wɔ Yesu ne Onyankopɔn asomfo nyinaa fam no, na nhyira a wɔbɛsrɛ wɔ aduan no so no yɛ ade a na wɔyɛ dedaw. (Deuteronomium 8:10; Mateo 6:11; 14:19; 15:36; Marko 6:41; 8:6; Yohane 6:11, 23; Asomafo Nnwuma 27:35; Romafo 14:6) So biribi wɔ hɔ a yebetumi agyina so agye adi sɛ bere a na Yesu reda ase no, na ɔresan ayɛ anwonwade a ɛmaa n’akyidifo no dii ne nipadua na wɔnom ne mogya ankasa?

Nea Ɛwɔ He na Ɛyɛ Nkyerɛase Pa?

Ɛwom, Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ Yesu nsɛm no ase sɛɛ: “Munnye nni; eyi ne me honam,” na “Mo nyinaa monnom bi, na eyi ne me mogya.” (Mateo 26:26-28, Conferenza Episcopale Italiana; The New Jerusalem Bible) Ɛyɛ nokware nso sɛ Hela asɛmfua e·stin΄ no kyerɛ “ne.” Nanso saa asɛmfua koro yi ara nso betumi akyerɛ “gyina hɔ ma.” Wɔ Bible nkyerɛase ahorow pii mu no, wɔtaa kyerɛ Hela asɛmfua yi ase “kyerɛ” anaa “gyina hɔ ma.” * Nea wɔreka ho asɛm no na ɛkyerɛ sɛnea wɔbɛkyerɛ ase ma afata. Sɛ nhwɛso no, Bible nkyerɛase pii kyerɛ e·stin΄ ase sɛ “kyerɛ” wɔ Mateo 12:7: “Sɛ munim nea eyi kyerɛ [Hela, e·stin΄]: ‘Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ’ a, anka moammu wɔn a wɔn ho nni asɛm fɔ.”—CEI; Douay Version.

Eyi nti, Bible ho animdefo a wɔagye din pii agye atom sɛ asɛmfua “ne” nkyerɛ asɛm a na Yesu reka wɔ ha no ase yiye. Sɛ nhwɛso no, Jacques Dupont susuw sɛnea na nnipa yɛ wɔn ade wɔ baabi a Yesu trae ho, na ɔkae sɛ “nkyerɛase a ɛbɛyɛ papa paa” ama kyerɛwsɛm yi ne: “Eyi kyerɛ me nipadua” anaa, “Eyi gyina hɔ ma me nipadua.”

Sɛnea ɛte biara no, na ɛrentumi mma sɛ Yesu repɛ akyerɛ sɛ n’akyidifo no nni ne nipadua na wɔnnom ne mogya ankasa. Dɛn ntia? Wɔ Noa Nsuyiri no akyi no, bere a Onyankopɔn maa nnipa kwan sɛ wɔnwe mmoa nam no, ɔbaraa nnipa sɛ mma wonni mogya. (Genesis 9:3, 4) Wɔsan kaa ahyɛde yi ho asɛm wɔ Mose Mmara no mu, na Yesu dii ne nyinaa so. (Deuteronomium 12:23; 1 Petro 2:22) Na honhom kronkron kaa asomafo no ma wɔsan hyɛe sɛ mma wonni mogya, ma enti saa mmara no ka Kristofo nyinaa. (Asomafo Nnwuma 15:20, 29) So na Yesu de afahyɛ bi besi hɔ a ɛbɛhwehwɛ sɛ n’akyidifo bu ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ahyɛde so? Ɛrentumi nyɛ yiye saa!

Ɛnde, ɛda adi sɛ Yesu de abodoo ne bobesa no gyinaa hɔ maa biribi. Ná abodoo a mmɔkaw nnim no kyerɛ anaa egyina hɔ ma ne nipadua a bɔne nnim a na ɔde bɛbɔ afɔre no. Ná bobesa kɔkɔɔ no gyina hɔ ma ne mogya a wobehwie agu “ama nnipa bebree bɔne fafiri” no.—Mateo 26:28.

Awurade Anwummeduan no Atirimpɔw

Nsɛm yi na Yesu kae de wiee Awurade Anwummeduan a edi kan no: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) Afahyɛ no boa yɛn ma yɛkae Yesu ne nneɛma pa a ne wu no ma yenyae no. Ɛkae yɛn sɛ Yesu gyinaa n’Agya, Yehowa tumidi akyi. Ɛsan kae yɛn sɛ Yesu nam ne nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde too hɔ maa yɛn sɛ onipa a bɔne nni ne ho no so de “ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” Agyede no ma ɛyɛ yiye sɛ wobegye obiara a obenya n’afɔrebɔ no mu gyidi no afi bɔne mu na wanya daa nkwa.—Mateo 20:28.

Nanso, ne titiriw no Awurade Anwummeduan no yɛ asomdwoe aduan. Wɔn a wɔka ho ne (1) Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛɛ agyede no ho nhyehyɛe, (2) Yesu Kristo, “Onyankopɔn Guammaa” a ɔde agyede no mae, ne (3) Yesu honhom fam nuanom. Sɛ Yesu honhom fam nuanom no di abodoo no na wɔnom bobesa no a, wɔnam so kyerɛ sɛ wɔne Kristo ayɛ biako koraa. (Yohane 1:29; 1 Korintofo 10:16, 17) Wɔkyerɛ nso sɛ wɔyɛ Yesu asuafo a wɔde honhom asra wɔn a wɔyɛ “apam foforo” no mufo. Eyinom na wɔne Kristo bedi ade wɔ soro sɛ ahene ne asɔfo.—Luka 22:20; Yohane 14:2, 3; Adiyisɛm 5:9, 10.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu wu no? Sɛ yɛkae sɛ Yesu paw da pɔtee bi—Twam da no—na ɔde afahyɛ yi sii hɔ a, ɛbɛma yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkae ne wu no. Ná Onyankopɔn nkurɔfo hyɛ saa da yi ho fã afe biara wɔ ɔsram, Nisan da a ɛto so 14 mu. Ná wɔde bɛboro mfe 1,500 na ayɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkae anwonwakwan a Yehowa nam so gyee ne nkurɔfo no. Ɛda adi sɛ na Yesu rekyerɛ n’akyidifo no sɛ wɔmfa da yi ara nhyɛ ogye kɛse a Onyankopɔn nam Kristo wu so de bɛba no ho fã. Enti Yesu akyidifo anokwafo kɔ Awurade Anwummeduan no ase afe biara wɔ da a ɛne Nisan da a ɛto so 14 hyia wɔ Hebrifo kalenda so no.

So amanne bi a wɔpɛ sɛ wodi akyi kɛkɛ nti na wɔyɛ saa? Nokwasɛm ni, ɛno ne ade a nkurɔfo pii ani gye ho wɔ Adidi Kronkron no ho. Ɔbea bi a ɔkyerɛw asɛm bi kɔɔ Time nsɛmma nhoma mu a yɛafa n’asɛm aka dedaw no kae sɛ: “Biribi wɔ hɔ a edwudwo koma paa wɔ tete amanne a nnipa pii de wɔn ho hyɛ mu yi mu.” Ɔkyerɛwfo yi ne Katolekfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no pɛ sɛ wɔhyɛ fã yi wɔ Latin kasa mu sɛnea na ɛte kan no. Dɛn ntia? Ɔkyerɛw sɛ: “Sɛ wɔyɛ Mass wɔ kasa a mente ase mu a, mepɛ, efisɛ mpɛn pii no, m’ani nnye nea mete wɔ Borɔfo kasa mu no ho.”

Ɛmfa ho baabi a Yehowa Adansefo ne nnipa ɔpepem pii a wɔn ani gye Onyankopɔn asɛm ho te biara no, wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ wɔn ankasa kasa mu. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛte Kristo wu no ne nea ɛkyerɛ ase kɛse. Ɛfata sɛ yedwennwen nokwasɛm a ɛtete saa ho na yesusuw ho wɔ afe mũ no nyinaa mu. Adansefo no hu sɛ ɔkwan a eye sen biara a wobetumi afa so akae ɔdɔ a emu yɛ den a Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo ada no adi no ne sɛ wɔbɛkɔ so akae Yesu wu no. Ɛboa wɔn ma ‘wɔpae mu ka Awurade wu kosi sɛ ɔbɛba.’—1 Korintofo 11:26.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Wɔsan frɛ amanne yi nso Awurade Adidi, abodoo bubu, ne Afɔre Kronkron.

^ nky. 15 Sɛ nhwɛso no, hwɛ sɛnea wɔakyerɛ Mateo 13:38; 27:46; Luka 8:11; Galatifo 4:24 ase wɔ The New English Bible mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Ná afahyɛ a Yesu dii kan de sii hɔ no te dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yesu de ne wu ho Nkaedi sii hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Wɔrekae Yesu Kristo wu no