Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Harmagedon Onyankopɔn Ko A Ebetwa Akodi Nyinaa So

Harmagedon Onyankopɔn Ko A Ebetwa Akodi Nyinaa So

Harmagedon Onyankopɔn Ko A Ebetwa Akodi Nyinaa So

Nnipakuw bi a wɔwɔ Greenland kyerɛ sɛ, “Sɛ obi kum ne yɔnko nipa a, wobu no sɛ bɔne kɛse paa; enti wɔ wɔn ani so no, ntease nni akodi mu na ɛyɛ akyide, na wɔ wɔn kasa mu no, wonni asɛmfua ma akodi.”—NORWAYNI FRIDTJOF NANSEN A OKYIN HWEHWƐ NSASE SO NA ƆKAA GREENLANDFO HO ASƐM SAA WƆ AFE 1888 MU.

HENA na ɔrempɛ sɛ ɔtra baabi a na wobu akodi sɛ ‘ntease nnim na ɛyɛ akyide’? Hena na ne yam a anka ɔnte wiase a esiane sɛ akodi nni hɔ nti, wonni asɛmfua ma akodi mu? Sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ nnipa mu titiriw sɛ wɔn na wɔde wiase a ɛte saa bɛba a, ɛnde yɛn nsa besi fam.

Nanso wɔ Yesaia nkɔmhyɛ mu no, Onyankopɔn ankasa hyɛ bɔ sɛ ɔde wiase a ɛte saa bɛba: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

Ɛda adi sɛ sɛ bɔhyɛ yi betumi abam a, gye sɛ asraafo ɔpepem 20 a wɔwɔ wiase nnɛ a wɔreyɛ adwuma denneennen no gyae adwumayɛ na akodi bɛyɛ 20 a ɛrekɔ so seesei no nso gyae koraa. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu. Yehowa ho a ɔde begye nnipa nsɛm mu no bɛkɔ akowie nea Bible frɛ no Harmagedon mu.—Adiyisɛm 16:14, 16.

Ɛwom sɛ nnansa yi wɔkyerɛ sɛ asɛmfua “Harmagedon” gyina hɔ ma nuklea ɔko bi a ɛbɛba wiase nyinaa de, nanso nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ nea asɛmfua no kyerɛ ankasa ase sɛ: “Baabi a ahonhom pa ne ahonhommɔne bɛko ɔko kɛse a etwa to koraa.” So papa betumi adi bɔne so nkonim da bi, anaa ɔko a ɛte saa yɛ adaeso ara kwa?

Yebetumi anya awerɛkyekye sɛ Bible ka mpɛn pii sɛ abɔnefosɛm to betwa. Odwontofo no hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ma nnebɔneyɛfo nsã, asase so, na mma abɔnefo ntra hɔ bio.” (Dwom 104:35) Mmebusɛm nhoma no ka sɛ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.

Bible ma ɛda adi pefee nso sɛ abɔnefo remfi wɔn pɛ mu mmfa wɔn tumidi nnto hɔ; ɛno nti na ɛho hia sɛ Onyankopɔn de ɔko a ebetwa akodi nyinaa so ba beyi abɔnefo nyinaa ne akodi fi hɔ no. (Dwom 2:2) Ɛfata paa sɛ Bible de edin, Harmagedon, frɛ ɔko soronko yi.

Ako a Wodii wɔ Beae a Ɛbɛn Megido

Asɛmfua “Harmagedon” kyerɛ “Megido Bepɔw.” Wɔadi ako a etwa biribiara so fi bere tenteenten wɔ tete kurow Megido ne Yesreel Bon a ɛbɛn Megido no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Eric H. Cline kae wɔ nhoma bi a ɛfa Harmagedon ho mu sɛ,‘ “Wɔadi ako a adan wiase ani wɔ Megido ne Yesreel Bon mu fi teteete.”—The Battles of Armageddon.

Sɛnea Cline kyerɛ no, na ako a wodi wɔ beae a ɛbɛn Megido no taa twa biribiara so. Mongol asraafo a wodii Asia aman pii so nkonim wɔ afeha a ɛto so 13 mu no dii nkogu a edi kan wɔ saa bon yi mu. Britania asraafo a Ɔsahene Edmund Allenby di wɔn anim no dii Turkeyfo so nkonim wɔ wiase ko a edi kan no mu wɔ beae bi a ɛbɛn Megido. Abakɔsɛm kyerɛwfo a ɔyɛ ɔsraani kaa Allenby nkonimdi no ho asɛm sɛ, “Wɔ akodi nyinaa mu no, eyi yɛ ɔko a wodii nkonim koraa a wɔankyɛ ho.”

Bible nso ka sɛ wodii ako a etwaa biribiara so wɔ baabi a ɛbɛn Megido. Ɛhɔ na Ɔtemmufo Barak dii Kanaan asraafodɔm a wɔhyɛ Sisera ase no so nkonim. (Atemmufo 4:14-16; 5:19-21) Gideon ne ne mmarima 300 pɛ dii Midian asraafodɔm kɛse bi so nkonim wɔ mpɔtam hɔ. (Atemmufo 7:19-22) Bere a Filistifo asraafodɔm dii Israel asraafo so nkonim no, Ɔhene Saul ne ne ba Yonatan wui wɔ Gilboa Bepɔw a ɛbɛn hɔ no so.—1 Samuel 31:1-7.

Esiane sɛ Megido da yiye nti, bɛboro mfe 4,000 a atwam ni no, wɔadi ako pii wɔ Megido ne bon a ɛbɛn hɔ no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kae sɛ wɔadi ako bɛyɛ 34 wɔ hɔ!

Akyinnye biara nni ho sɛ Megido ho abakɔsɛm ne baabi pa a ɛda no ne sɛnea wɔde asɛmfua “Harmagedon” di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so no wɔ biribi yɛ. Ɛwom sɛ saa asɛmfua no pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu de, nanso nsɛm a ɛfa ho a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu no ma emu da hɔ yiye sɛ Harmagedon bɛka obiara a ɔwɔ asase so.

Nea Bible Ka Fa Harmagedon Ho

Ɛwom sɛ ako a wodii no tete wɔ baabi a ɛbɛn Megido no mu pii twaa biribiara so de, nanso emu biara nni hɔ a etumi yii abɔnefosɛm fii hɔ. Wɔn a wɔwɔ tumi pa no mu biara nni hɔ a wotumi dii wɔn a wɔwɔ tumi bɔne no so nkonim korakora. Enti yebetumi aka sɛ Onyankopɔn na ɔde ɔko a ebeyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ korakora no bɛba. Sɛnea Yesu kae bere bi no, “obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ, Onyankopɔn.” (Luka 18:19) Bio nso, Bible ka no pefee sɛ Harmagedon yɛ Onyankopɔn ko.

Wɔ Bible mu no, Adiyisɛm nhoma no ka sɛ wɔbɛboaboa “asase nyinaa so ahemfo” ano ama “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14) Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Harmagedon.” * (Adiyisɛm 16:16) Akyiri yi, Adiyisɛm nhoma no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ‘wɔbɛboaboa asase so ahemfo ne wɔn asafodɔm ano sɛ wɔne nea ɔte pɔnkɔ no so no ne ne dɔm rebɛko.’ (Adiyisɛm 19:19) Ɔbarima a ɔte pɔnkɔ so no nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo.—1 Timoteo 6:14, 15; Adiyisɛm 19:11, 12, 16.

Dɛn na yebetumi aka afa Bible mu nsɛm yi ho? Yebetumi aka sɛ Harmagedon yɛ ɔko a Onyankopɔn ne adesamma asoɔdenfo bɛko. Dɛn nti na Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo bɛko ɔko a ɛte saa? Ade biako ne sɛ, Harmagedon ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Bio nso, ɛde wiase a asomdwoe wom bɛba, ‘asase foforo a yɛretwɛn, na eyi mu na trenee bɛtra sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ te no.’—2 Petro 3:13.

Dɛn Nti na Ehia sɛ Harmagedon Ba?

So ɛyɛ wo den sɛ wobɛte ase sɛ Yehowa a ɔyɛ ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ no bɛma ne Ba a ɔyɛ “Asomdwoe-hene” no akɔ ɔko a ɛte saa? (2 Korintofo 13:11; Yesaia 9:6) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wuhu nea enti a wɔyɛ saa no a, ɛbɛboa wo ma woate ase. Nnwom nhoma no ka Yesu ho asɛm sɛ ɔkofoni a ɔte ne pɔnkɔ so. Dɛn nti na ɔkɔ ɔko? Odwontofo no kyerɛkyerɛ mu sɛ Kristo tra pɔnkɔ so “ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase.” Nea enti a ɔko ne sɛ ‘ɔdɔ trenee, na ɔtan abɔnefosɛm.’—Dwom 45:4, 7.

Saa ara na Bible ka sɛnea Yehowa te nka wɔ nneɛma bɔne a ohu wɔ wiase no mu nnɛ no ho asɛm. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “AWURADE ahu eyi, na n’ani nnye ho sɛ atɛntrenee nni hɔ. Ɔbɛhyɛ atɛntrenee sɛ akotade ne nkwagye dade kyɛw wɔ ne ti. Ɔde ɔpɛ a emu yɛ den bɛkata ne ho de ateɛteɛ nneɛma, na ɔbɛtwe wɔn a wɔma nkurɔfo hu amane no aso na watɔ wɔn so were.”—Yesaia 59:15, 17, Today’s English Version.

Mmere tenten a nnipa abɔnefo di tumi no, atreneefo rennya asomdwoe ne ahobammɔ. (Mmebusɛm 29:2; Ɔsɛnkafo 8:9) Nokwasɛm ni, bere dodow a wɔn a wodi abɔnefosɛm da so wɔ hɔ no, porɔwee ne abɔnefosɛm ntumi mfi hɔ da. Enti gye sɛ woyi abɔnefo fi hɔ ansa na yɛanya asomdwoe a enni awiei ne atɛntrenee. Salomo kyerɛwee sɛ: “Ɔbɔnefo bɛyɛ ɔtreneeni nnwensa.”—Mmebusɛm 21:18.

Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔyɛ Ɔtemmufo no nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔ tebea biara mu no, atemmu a ɔde bɛba abɔnefo so no bɛyɛ trenee. Abraham bisae sɛ: “Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?” Abraham hui sɛ Yehowa yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa! (Genesis 18:25) Bio nso Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa ani nnye ho sɛ ɔsɛe abɔnefo; sɛ wɔansesa wɔn adwene nkutoo a na ɔyɛ saa.—Hesekiel 18:32; 2 Petro 3:9.

Hu sɛ Harmagedon Yɛ Ɔko Ankasa

Hena afã na yebegyina wɔ ɔko a ebetwa akodi nyinaa so yi mu? Yɛn mu dodow no ara adwene yɛ yɛn sɛ yɛwɔ wɔn a wɔwɔ tumi pa no afã. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu saa? Odiyifo Sefania hyɛ nkuran sɛ: “Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase.” (Sefania 2:3) Ɔsomafo Paulo ka sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”—1 Timoteo 2:4.

Ade a edi kan a yebetumi ayɛ na yɛanya nkwagye ne sɛ yebesua Yehowa ne sɛnea wabɔ ne tirim sɛ obeyi abɔnefosɛm afi asase so no ho nokwasɛm. Ade a ɛto so abien ne sɛ yɛde trenee bɛbɔ yɛn bra na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom ne n’ahobammɔ.

Sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛho hia yi a, yebetumi ahwɛ Harmagedon, ɔko a ebetwa nnipa akodi nyinaa so no kwan ankasa. Sɛ saa akodi no ba awiei a, nnipa a wɔwɔ baabiara bebu akodi sɛ ade a ntease nnim ne akyide. “Wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ Harmagedon yɛ beae pɔtee bi ankasa anaa ɛnte saa a, hwɛ “Nsɛm a Akenkanfo Bisa” afã hɔ wɔ kratafa 31.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Wɔfrɛ Onyankopɔn ho a ɔde begye nnipa nsɛm mu no Harmagedon

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Gideon ne ne mmarima no dii nkonim kɛse paa wɔ akodi bi mu wɔ baabi a ɛbɛn Megido

[Mfonini wɔ kratafa 6]

MEGIDO

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ Harmagedon ba awiei a, nnipa a wɔwɔ baabiara bebu akodi sɛ ade a ntease nnim ne akyide

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ade a edi kan a obi betumi ayɛ na wanya nkwagye ne sɛ obesua Yehowa ne n’atirimpɔw ho nokwasɛm