Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Na Ɔfata Sɛ Odi Adesamma So?

Hena Na Ɔfata Sɛ Odi Adesamma So?

Baguam Ɔkasa Titiriw

Hena Na Ɔfata Sɛ Odi Adesamma So?

Sodifo Bɛn Na Obetumi

• atu ohia ase, ama aduan abu so, na wama nnipa nyinaa anya adan pa atra mu?

• asiw asiane ahorow ano sɛnea ɛbɛyɛ a tsunami, ahum, ne asasewosow renhaw nnipa bio?

• ayi nyarewa nyinaa afi hɔ, na mpo wama nkwakoraa ne mmerewa asan ayɛ mmerante ne mmabaa?

• ama akodi nyinaa agyae, na wama ne manfo anya asomdwoe ne ahobammɔ?

• ama biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asase so, na wama asase adan paradise?

Sodifo baako pɛ na obetumi de nneɛma pa yi nyinaa aba. Hena ne Sodifo yi? Wobebua asɛm yi wɔ baguam ɔkasa bi a wɔbɛma a ɛne, “Hena na Ɔfata sɛ Odi Adesamma So?” no mu. Wɔbɛma ɔkasa a egyina Bible so yi wɔ nsase bɛboro 230 so wɔ wiase nyinaa. Wɔ mmeae pii no, wɔbɛma ɔkasa yi wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so Kwasida, April 6, 2008. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ani begye ho sɛ wɔbɛma woahu bere ne beae no. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra bi.