Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Tete Lydia Ahemman no Ma Yehu Nnɛ

Nea Tete Lydia Ahemman no Ma Yehu Nnɛ

Nea Tete Lydia Ahemman no Ma Yehu Nnɛ

EBIA wontee tete Lydia ahemman no ho asɛm da, enti ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ biribi a wohui wɔ hɔ sesaa sɛnea wiase no di gua. Ebetumi ayɛ wɔn a wɔkenkan Bible no nso nwonwa sɛ wobehu sɛ biribi a wɔyɛe wɔ Lydia no ma yɛte Bible nkɔmhyɛ bi a ɛkyere adwene ase. Dɛn na Lydiafo no hui? Ansa na yebebua no, ɛbɛyɛ papa sɛ yehu biribi fa ahemman a nnipa pii nnim ho asɛm yi mufo asetra ne bere a wɔtraa ase ho.

Ná Lydia ahemfo tra wɔn ahenkurow, Sardi, a saa bere no na ɛwɔ Asia Kumaa atɔe fam a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Turkey no na edi ade. Lydia hene a otwa to, Croesus nyaa ne ho sɛɛ tam, nanso wɔ bɛyɛ afe 546 A.Y.B. mu no, Kores Ɔkɛseɛ a ofi Persia dii no so nkonim. Saa Kores yi ara na mfe kakra bi akyi no odii Babilon Ahemman no so nkonim no.

Wɔkyerɛ sɛ Lydia aguadifo a wonim aguadi yiye no na wodii kan twaa sika de dii gua. Efi tete no, na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ na wɔde tɔ ade, nanso esiane sɛ na ɛsõsõ dodo nti, bere biara a nkurɔfo bɛtɔ ade no, na ɛsɛ sɛ wɔkari sika no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Israel no, Onyankopɔn diyifo Yeremia tɔɔ asase bi na ɔkyerɛwee sɛ: “Mekarii dwetɛ no, dwetɛ nnwetɛbona dunson memaa no.”—Yeremia 32:9.

Wɔ Yeremia bere so no, Lydiafo nyaa biribi a ɛmaa aguadi yɛɛ mmerɛw—wotwaa sika a na wɔde ɔman no agyiraehyɛde asi sika no mu biara so de dii gua. Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde afra na Lydiafo de yɛɛ sika a wodii kan twae no. Bere a Croesus bɛyɛɛ ɔhene no, ɔde dwetɛ sika ne sika kɔkɔɔ ankasa a wɔde atwa sika na esii ananmu. Lydiafo san de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ twaa sika, a na dwetɛ sika 12 yɛ sika kɔkɔɔ de biako. Nanso ebinom de nneɛma afoforo fraa sika kɔkɔɔ mu de twaa sika bɔne. Ná ehia sɛ aguadifo nya ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔbɛfa so asɔ sika ahwɛ sɛ ɛyɛ sika kɔkɔɔ ankasa anaa.

Lydiafo hui sɛ ɔbo tuntum bi a wɔfrɛ no Lydia ɔbo bɛboa wɔn. Sɛ wɔde sika a wɔatwa no twitwi ɔbo a ɛso yɛ weserawesera kakra yi so a, ɛsensan so. Sɛ wɔde nsensanee yi kɔla toto paane a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no nsensanee kɔla ho a, ɛma wohu sika kɔkɔɔ dodow a ɛwom. Ɛyɛ ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ a wohui yi na ɛma wotumi de sika a wɔatwa no dii gua a na wonsuro. Ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ yi ho nimdeɛ boa yɛn ma yɛte Bible no ase dɛn?

Nea Wɔde Ɔbo a Wɔde Sɔ Sika Hwɛ Gyina Hɔ Ma wɔ Bible Mu

Bere a ɔbo a wɔde sɔ sika kɔkɔɔ hwɛ bɛyɛɛ biribi a aguadifo de di gua no, asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ” no bɛyɛɛ ɔkwan a wɔfa so sɔ biribi hwɛ. Wɔ Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no fã bi no, wɔde asɛmfua no dii dwuma maa ayayade a wɔde yɛ nnipa nso.

Esiane sɛ na afiasehwɛfo na wɔyɛ nneduafo ayayade nti, wɔde asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ” no nso dii dwuma maa afiasehwɛfo. Enti Bible ka Yesu mfatoho a ɛfa akoa bi a wankyerɛ anisɔ a wɔde no maa “afiasehwɛfo,” anaa sɛnea Bible nkyerɛase afoforo bi ka no, “wɔn a wɔyɛ nkurɔfo ayayade” ho asɛm. (Mateo 18:34, American Standard Version, Darby, King James Version) Ɛdefa kyerɛwsɛm yi ho no, The International Standard Bible Encyclopaedia ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na wobu afiasenna ankasa sɛ ‘ayayade’ (a akyinnye biara nni ho sɛ na ɛte saa), enti ɛsɛ sɛ yɛte asɛm, ‘wɔn a wɔyɛ nkurɔfo ayayade’ no ase sɛ egyina hɔ ma afiasehwɛfo.” Eyi boa yɛn ma yɛte kyerɛwsɛm bi a ɛkyere adwene ase.

Wɔate Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Ase

Nnipa a wɔn ani gye Bible akenkan ho fi tete adwene nea ɛbɛto Satan ho. Bible ka sɛ: “Wɔtow Ɔbonsam . . . too ogya tare a sufre wom no mu, baabi a na aboa no ne atoro diyifo no wɔ dedaw no; na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.” (Adiyisɛm 20:10) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ́ Yehowa bɛyɛ obi ayayade daa no ne Onyankopɔn dɔ ne n’atɛntrenee nhyia. (Yeremia 7:31) Bio nso, Bible ka sɛ daa nkwa yɛ akyɛde, na ɛnyɛ asotwe. (Romafo 6:23) Ɛnde, ɛda adi sɛ Adiyisɛm 20:10 gyina hɔ ma biribi. Aboa no ne ogya tare no gyina hɔ ma biribi. (Adiyisɛm 13:2; 20:14) So ayayade no nso gyina hɔ ma biribi? Dɛn na asɛm yi betumi akyerɛ?

Sɛnea yɛahu no, wonyaa Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “ayayade” no fii asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ” no mu, na ebetumi akyerɛ afiasenna mu ayayade. Enti, Satan a wɔbɛyɛ no ayayade daa daa no betumi akyerɛ sɛ wɔde no bɛto afiase a ontumi mfi hɔ da—obewu ankasa.

Lydiafo ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ no boa yɛn ma yɛte biribi foforo a ɛfa “ayayade” a wɔde bɛyɛ Satan daa daa a ɛne Onyankopɔn dɔ hyia no ase. Wɔ kasa horow bi mu no, asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ” no kyerɛ ɔkwan a wɔfa so sɔ biribi hwɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ Borɔfo kasa mu no, asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ” no kyerɛ “biribi a wogyina so hwɛ sɛ biribi di mũ anaa.” Enti “ayayade” a wɔbɛyɛ Satan daa no kyerɛ sɛ n’atemmu no bɛyɛ biribi a wobetumi agyina so bere nyinaa abu obi a ɔbɛtew atua atia Yehowa daakye no atɛn. Ɛho renhia bio sɛ wɔsɔ obiara a ɔbɛsɔre atia Yehowa nniso no hwɛ bere tenten biara bio de kyerɛ sɛ onii no yɛ ɔtorofo.

Sɛ yɛte nea enti a aguadifo a wɔwɔ baabiara gyee Lydiafo ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ no toom ne sɛnea ɛma wotumi de asɛmfua yi gyinaa hɔ maa nsɛm afoforo no ase a, ɛma yehu nea ɛbɛto Satan. Nea ɛbɛba no so no bɛyɛ atemmu ho nnyinasode daa a ɛremma ho nhia sɛ Onyankopɔn ma atuatew ho kwan bio da.—Romafo 8:20.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Ayayade a wɔbɛyɛ Satan sɛnkyerɛnne kwan so no kyerɛ sɛ n’atemmu no bɛyɛ nnyinasode daa

[Asase mfonini wɔ kratafa 21]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Ɛpo Tuntum

LYDIA

SARDI

Mediterranea Po

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Tete Sardi Amanfo

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Tete no, na wɔde nsenia na ɛkari sika

[Asɛm Fibea]

E. Strouhal/Werner Forman/Art Resource, NY

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔda so ara de ɔbo tuntum no sɔ sika hwɛ

[Nsɛm Fibea]

Sika: Courtesy Classical Numismatic Group, Inc.; ɔbo a wɔde sɔ sika hwɛ: Science Museum/Science & Society Picture Library

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]

Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde afra: Courtesy Classical Numismatic Group, Inc.