Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Timoteo—Ná Wasiesie Ne Ho, na na Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom

Timoteo—Ná Wasiesie Ne Ho, na na Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom

Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

Timoteo—Ná Wasiesie Ne Ho, na na Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom

“WOASIESIE wo ho?” Obi abisa wo saa asɛm no pɛn?— Sɛ nhwɛso no, ebia na onii no repɛ akyerɛ sɛ: ‘Wo nhoma a wode sua ade no wɔ hɔ? Woakenkan?’ Sɛnea yebehu no, na Timoteo asiesie ne ho.

Ná Timoteo wɔ ɔpɛ nso. Wunim nea ɛno kyerɛ?— Bere a wɔfrɛɛ Timoteo sɛ ɔmmɛsom Onyankopɔn no, na ɔwɔ su a Onyankopɔn somfo bi a ɔkae sɛ, “Mini, soma me!” wɔ no bi. (Yesaia 6:8) Esiane sɛ na Timoteo asiesie ne ho na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔsom nti, onyaa asetra a ɛyɛ anigye. Wopɛ sɛ wote ho asɛm?—

Wɔwoo Timoteo wɔ Listra, a ɛmmɛn Yerusalem koraa no. Ná ne nanabea Lois ne ne maame Eunike de nsi sua Kyerɛwnsɛm no. Wofii ase de Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛɛ Timoteo bere a na otua nufu ano mpo no.—2 Timoteo 1:5; 3:15.

Ɛbɛyɛ sɛ bere a na Timoteo nnya nnii mfe 20 no, ɔsomafo Paulo ne Barnaba kɔɔ Listra wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu tenten a edi kan no mu. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere yi na Timoteo maame ne ne nanabea bɛyɛɛ Kristofo. Wopɛ sɛ wuhu ɔhaw a Paulo ne Barnaba faa mu?— Nkurɔfo a na wɔmpɛ Kristofo asɛm totow abo bɔɔ Paulo, wosum no bɔɔ hɔ, na wɔtwee no kɔɔ kurow no akyi. Ná ɛyɛ wɔn sɛ wawu.

Wɔn a na wogye nea Paulo rekyerɛkyerɛ di no betwaa no ho hyiae na ɔsɔree. Ade kyee no, Paulo ne Barnaba fii hɔ, nanso ankyɛ na wɔsan kɔɔ Listra. Bere a wɔkɔe no, Paulo maa ɔkasa bi, na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: “Etwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu na yɛakɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Asomafo Nnwuma 14:8-22) Wunim nea na Paulo repɛ akyerɛ?— Ná ɔrepɛ akyerɛ sɛ afoforo bɛhaw wɔn a wɔsom Onyankopɔn no. Akyiri yi, Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nyamesom pa tra ase nyinaa, . . . wɔbɛtaa wɔn.”—2 Timoteo 3:12; Yohane 15:20.

Paulo ne Barnaba fii Listra akyi no, wɔsan kɔɔ fie. Asram bi akyi no, Paulo faa Silas sɛ ɔne no betu kwan, na woboom san kɔɔ baabi a na Paulo adi kan akɔ hɔ no kɔhyɛɛ asuafo a wɔyɛ foforo no nkuran. Woduu Listra no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Timoteo ani gye fae sɛ ohuu Paulo bio! Nea ɛmaa Timoteo ani gyei kɛse koraa mpo ne bere a Paulo ne Silas kae sɛ ɔmmɛka wɔn ho no. Timoteo penee so. Ná wasiesie ne ho na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔkɔ.—Asomafo Nnwuma 15:40–16:5.

Wɔn baasa no boom tuu kwan, wɔnantew kwansin pii, na afei wɔkɔfaa hyɛn. Wokoduu mpoano no, wɔnantew kɔɔ Tesalonika a ɛwɔ Greece. Nnipa pii bɛyɛɛ Kristofo wɔ ha. Nanso afoforo bo fuwii na wɔboaboaa nsɛmmɔnedifo bi ano. Ná Paulo, Silas, ne Timoteo nkwa da asiane mu, enti wofii hɔ kɔɔ Beroia.—Asomafo Nnwuma 17:1-10.

Ná wɔn a wɔabɛyɛ gyidifo foforo wɔ Tesalonika no ho asɛm haw Paulo, enti ɔsan somaa Timoteo kɔɔ hɔ. Wunim nea enti?— Akyiri yi, Paulo maa Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no huu nea enti: ‘Sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔnkyekye mo werɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obi abam remmu.’ Wunim nea enti a Paulo somaa aberantewaa Timoteo sɛ ɔnkɔyɛ adwuma a ɛyɛ hu saa no?— Ná asɔretiafo no nnim Timoteo yiye, na na ɔno nso pɛ sɛ ɔkɔ. Ná egye akokoduru paa! Ekosii dɛn? Bere a Timoteo san baa Paulo nkyɛn no, ɔkaa Tesalonikafo no nokwaredi ho asɛm kyerɛɛ Paulo. Enti Paulo kyerɛw wɔn sɛ: “Yɛn werɛ akyekye mo ho.”—1 Tesalonikafo 3:2-7.

Timoteo ne Paulo somee wɔ mfe du a edi hɔ no mu. Ɛno akyi, wɔde Paulo kɔtoo afiase wɔ Roma, na Timoteo a na n’ankasa nso woyii no fii afiase nkyɛe no kɔkaa Paulo ho. Paulo wɔ afiase no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa Filipifo, na ɛbɛyɛ sɛ Timoteo na ɔma ɔkyerɛwee. Paulo kae sɛ: ‘M’ani da so sɛ mɛsoma Timoteo aba mo nkyɛn, efisɛ minni obiara a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa.’—Filipifo 2:19-22; Hebrifo 13:23.

Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ nsɛm yi maa Timoteo ani gye fae! Paulo bɛpɛɛ Timoteo asɛm yiye, efisɛ na wasiesie ne ho na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔsom. Yɛwɔ anidaso sɛ wo nso wobɛyɛ saa ara.

Nsɛmmisa:

○ Ɛhe na wɔtetee Timoteo, na bere a edi kan a Paulo kɔɔ hɔ no, dɛn na esii?

○ Bere a Paulo ne Silas ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmmɛka wɔn ho ma wontu kwan no, dɛn na ɔyɛe?

○ Akokoduru bɛn na Timoteo daa no adi, na dɛn nti na na Paulo pɛ n’asɛm saa?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn na asi?