Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔbɛsɛe Yɛn Asase Yi Da Bi?

Wɔbɛsɛe Yɛn Asase Yi Da Bi?

Wɔbɛsɛe Yɛn Asase Yi Da Bi?

WOABISA wo ho pɛn sɛ, ‘Dɛn na ɛbɛba yɛn asase yi so daakye?’ Esiane nneɛma a nnipa pii hu sɛ ɛresɛe yɛn asase fɛfɛ yi nti, wosusuw sɛ ebia yɛn asase no rentra hɔ daa.

Nokwarem no, ɛnnɛ, esiane sɛ wɔresɛe nneɛma a ɛsom bo te sɛ nsu, kwae, ne wim tebea nti, ɛresɛe yɛn asase no. Afei nso, nyansahufo binom ka sɛ, anhwɛ a nneɛma te sɛ nsoromma a ɛho betumi apɔn abɛtɔ asase so, anaa owia no ahoɔden a ɛbɛsa betumi asɛe asase no ne nkwa a ɛwɔ so nyinaa.

Nyansahufo gye di sɛ, ebia mfe ɔpepepem pii akyi no, asase no de nkakrankakra bɛsɛe koraa a nnipa ntumi ntra so bio. Encyclopædia Britannica ka eyi ho asɛm sɛ “nneɛma bɛsɛe koraa a wɔyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye.”

Anigyesɛm ne sɛ, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn remma wɔnsɛe asase no a nnipa ntumi ntra so bio. Esiane sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ ‘ahoɔden kɛse’ nti, obetumi ahwɛ ama amansan yi akɔ so atra hɔ daa. (Yesaia 40:26) Enti wubetumi anya nsɛm yi mu awerɛhyem: “[Onyankopɔn de] asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.” “Owia ne ɔsram, munyi no ayɛ, nsoromma a ɛharan nyinaa, munyi no ayɛ. . . . Ɔno na ɔhyɛe na wɔbɔɔ wɔn; na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa.”—Dwom 104:5; 148:3-6.

Nea Enti a Onyankopɔn Bɔɔ Asase

Ná ɛnyɛ Onyankopɔn adwene ne sɛ wɔbɛsɛe asase sɛnea wɔreyɛ no nnɛ yi. Mmom no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa, na ɔde wɔn traa turo fɛfɛ bi mu. Nokwarem no, na wɔn Paradise fie fɛfɛ no renkɔ so nyɛ fɛ a wɔrenyɛ ho adwuma. Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa sɛ ‘wɔnnɔw na wɔnwɛn hɔ.’ (Genesis 2:8, 9, 15) Hwɛ adwuma a ɛyɛ anigye na akomatɔyam wom ara a Onyankopɔn de maa yɛn awofo a bere bi na wɔyɛ pɛ no!

Nanso ɛnyɛ turo a Onyankopɔn dii kan de maa yɛn awofo no sɛ wɔnhwɛ so no nko ne nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase. Ná ɔpɛ sɛ asase no nyinaa yɛ paradise. Enti Onyankopɔn de ahyɛde yi maa Adam ne Hawa sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”—Genesis 1:28.

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔbɔfo ɔhantanfo bi a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Satan no sɔre tiaa Onyankopɔn atirimpɔw. Ná ɔpɛ sɛ Adam ne Hawa som no. Satan nam ɔwɔ so maa Adam ne Hawa tew atua tiaa Onyankopɔn tumidi. (Genesis 3:1-6; Adiyisɛm 12:9) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ boniayɛ a woyii yɛn Bɔfo no bɛyɛ no yaw afa! Nanso wɔn atuatew no antumi ansesa nea enti a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ asase no. Ɔka sɛ: ‘M’asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.’—Yesaia 55:11.

Yehowa nim nea enti a wama Satan atuatew no akɔ so abesi nnɛ. Wɔ saa bere yi nyinaa mu no, adesamma atumi asɔ nniso ahorow pii ahwɛ, na nea afi mu aba no ama ada adi sɛ nea Satan kae sɛ, sɛ nnipa twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho a, ebesi wɔn yiye no nte saa. *Yeremia 10:23.

Ɔhaw a Satan de aba nyinaa akyi no, wɔ mfe mpempem pii a atwam no, Onyankopɔn ahyira atreneefo binom. Wama wɔakyerɛw nea sɛ obi yɛ osetie ma Onyankopɔn anaa ɔpo ne nniso a ebefi mu aba no nso ho asɛm wɔ Bible mu. Bio nso, Yehowa ayɛ nneɛma pa pii a yebenya so mfaso daakye. Ofi ɔdɔ mu asoma ne Ba, Yesu Kristo ma wabɛyɛ Ogyefo ama adesamma sɛ ɔnkyerɛkyerɛ yɛn ɔkwampa a yɛbɛfa so abɔ yɛn bra, na ɔmfa ne nkwa nto hɔ mma yɛn. (Yohane 3:16) Esiane sɛ na ɛmfata sɛ Yesu wu nti, Onyankopɔn nam ne wu no so ama yɛanya nea Adam ne Hawa hweree a ɛne daa nkwa a yebenya wɔ asase so paradise no. * Eyi nti, Yehowa Nyankopɔn de ɔsoro nniso bi asi hɔ a ebedi adesamma nyinaa so, na wapaw ne Ba, Yesu Kristo a wɔanyan no afi owu mu no sɛ ɔnyɛ saa Ahenni no so Hene. Saa nhyehyɛe pa yi bɛma nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no abam.—Mateo 6:9, 10.

Enti wubetumi anya bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Bible mu yi mu awerɛhyem koraa: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” “‘Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtra na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’ Na Nea ɔte ahengua no so no kae sɛ: ‘Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.’”—Dwom 37:9, 29; Adiyisɛm 21:3-5.

Bible Mmɔ Ne Ho Abira

Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn ate Bible mu asɛm a yɛaka ho asɛm yi ne kyerɛwsɛm afoforo a ɛte sɛ nea ɛka sɛ asase rebɛsɛe no ase?’ Ma yensusuw nhwɛso bi ho nhwɛ. Nhwehwɛmu a ɛte saa bɛma ada adi sɛ Bible mmɔ ne ho abira.

Bere tenten ansa na nyansahufo rehu sɛ nneɛma a ɛwɔ asase so “bɛsɛe koraa a wɔyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye” no, na Bible kyerɛwfo bi akyerɛw sɛ: “Wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma. Ɛno de, ɛbɛsɛe, na wo de, wugyina hɔ. Wɔn nyinaa besuw sɛ atade, wɔbɛsakra wɔn sɛ atade, na wɔasakra. Na wone wo ara, na wo mfe rensa da.”—Dwom 102:25-27.

Asɛm a odwontofo yi kyerɛwee yi nkyerɛ sɛ ɛbɔ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ asase ntra hɔ daa no abira. Mmom no, na ɔde wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ daa no retoto sɛnea nneɛma a Onyankopɔn abɔ tumi sɛe no ho. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ nneɛma foforo bere nyinaa no a, anka amansan yi a yɛn okyinnsoromma kuw a ɛma yenya hann ne ahoɔden nso ka ho bi no bɛsɛe koraa a wɔyɛ no hwee a ɛrenyɛ yiye. Sɛ ɛkaa yɛn asase no nko a, anka ‘ebesuw sɛ atade’ anaa ɛbɛsɛe korakora.

Bible mu nsɛm bi wɔ hɔ nso a, sɛ wokenkan no foforo a, ɛte sɛ nea ɛbɔ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no abira. Sɛ nhwɛso no, Bible ka ɔsoro ne asase ho asɛm sɛ ‘ɛretwam.’ (Adiyisɛm 21:1) Akyinnye biara nni ho sɛ asɛm yi ne Yesu asɛm a ɔkae yi mmɔ abira: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mateo 5:5) Ɛnde, sɛ Bible no ka sɛ ɔsoro ne asase ‘retwam’ a, dɛn na ɛkyerɛ?

Bible taa de asɛmfua “asase” di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de gyina hɔ ma adesamma. Sɛ mfatoho no, susuw kyerɛwsɛm a edi so yi ho hwɛ: “Asase nyinaa, mommɔ ose mma [Yehowa, NW].” (Dwom 100:1) Ɛda adi sɛ, “asase” a wɔde di dwuma wɔ ha no gyina hɔ ma nnipa. Nhwɛso foforo wɔ Dwom 96:1, a King James Version kyerɛ ase sɛ: “Monto dwom foforo mma AWURADE, asase nyinaa.” Ɛda adi pefee sɛ wɔde “asase” di dwuma wɔ kyerɛwsɛm yi ne afoforo mu de gyina hɔ ma nnipa.—Dwom 96:13.

Ɛtɔ mmere bi a, Bible de nniso a ɛwɔ asase so toto ɔsoro anaa ɔsoro abɔde ho. Sɛ nhwɛso no, wɔkaa Babilon sodifo a na wɔyɛ nhyɛso no ho asɛm sɛ wɔte sɛ nsoromma, efisɛ na wɔma wɔn ho so sen nnipa afoforo. (Yesaia 14:12-14) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, Babilon sodifo a wotumi de “ɔsoro” gyina hɔ ma wɔn no, ne “asase” a egyina hɔ ma wɔn a wɔtaa saa nniso no akyi no baa awiei wɔ afe 539 A.Y.B. mu. (Yesaia 51:6) Eyi maa Yudafo a wonuu wɔn ho no san kɔɔ Yerusalem, baabi a “ɔsoro foforo” a ɛyɛ nniso foforo dii “asase foforo” a wɔyɛ nnipa atreneefo so no.—Yesaia 65:17, Asante Twi Bible.

Ɛda adi sɛ Bible mu asɛm a ɛka sɛ ɔsoro ne asase ‘retwam’ no kyerɛ nnipa nniso a aporɔw a ɛwɔ hɔ nnɛ ne wɔn akyitaafo abɔnefo no awiei. (2 Petro 3:7) Eyi bebue kwan ma Onyankopɔn soro nniso foforo no ahyira nnipa atreneefo a wɔte asase foforo so no, efisɛ “sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.”—2 Petro 3:13.

Enti wubetumi anya Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi sɛ yɛn asase a yɛte so yi bɛtra hɔ daa. Bio nso, Bible kyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woatra bere pa a ɛte saa, bere a asase nyinaa bɛdan paradise no mu bi. Yesu kae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛhwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ fa asase ne nnipa daakye ho no mu? Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu eyi.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 106-114.

^ nky. 11 Sɛ wopɛ Yesu afɔrebɔ wu no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no kratafa 47-56.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Bible hyɛ bɔ sɛ asase a yɛte so yi bɛtra hɔ daa

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 10]

Asase ho mfonini: NASA/The Visible Earth (http://visibleearth.nasa.gov/); osisi: © Bryan and Cherry Alexander Photography