Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔpɛe sɛ Ɔboa

Ɔpɛe sɛ Ɔboa

Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

Ɔpɛe sɛ Ɔboa

SO WOAHU obi a ɔyare paa pɛn?— So na wopɛ sɛ woyɛ biribi de boa no?— Sɛ na ofi ɔman foforo anaa ɔsom foforo mu nso ɛ? Anka wobɛpɛ sɛ woboa no?— Abeawa bi a ɔtraa Israel man mu bɛyɛ mfe 3,000 ni no yɛɛ saa. Ma yensusuw nea esii no ho nhwɛ.

Ná tete Israel—baabi a na abeawa no fi no—ne Siria man a ɛbɛn hɔ no taa di ako. (1 Ahene 22:1) Da bi, Siriafo no bɛto hyɛɛ Israelfo so, na wɔfaa abeawa no dommum. Wɔde no kɔɔ Siria, na ɔkɔyɛɛ Siriafo sahene Naaman yere abaawa. Ná Naaman wɔ yare bɔne bi a wɔfrɛ no kwata. Etumi ma obi nipadua afã bi te sɛ ne nsateaa ne ne nansoaa twitwa.

Abaawa no ka kyerɛɛ Naaman yere no sɛ ne kunu no betumi anya ayaresa. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ anka Naaman wɔ Yehowa diyifo Elisa a ɔwɔ Samaria no anim a, anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.’ Sɛnea abaawa no kaa Elisa ho asɛm no maa Naaman gyee odiyifo no dii sɛ obetumi asa no yare ampa. Enti bere a Siria hene Ben-Hadad penee so no, Naaman ne n’asomfo twaa kwan bɛyɛ akwansin ɔha kɔhwehwɛɛ Elisa.

Wodii kan kɔɔ Israel hene Yehoram nkyɛn. Wɔde krataa a Ɔhene Ben-Hadad de maa wɔn sɛ ɔmmoa Naaman no kyerɛɛ no. Nanso na Yehoram nni Yehowa ne ne diyifo Elisa mu gyidi. Ná Yehoram susuw sɛ Ben-Hadad pɛ sɛ ɔne no bɛko. Bere a Elisa tee ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehoram sɛ: “Ma ɔmmra me nkyɛn ɛ.” Ná Elisa pɛ sɛ Naaman hu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a obetumi asa ne yare bɔne no.—2 Ahene 5:1-8.

Bere a Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam duu Elisa fie hɔ no, Elisa somaa ɔbɔfo ma ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Koguare mpɛn ason Asubɔnten Yordan mu, na wubenya ayaresa.’ Eyi maa Naaman bo fuwii. Ná ɔhwɛ kwan sɛ Elisa bɛba abehyia no na ɔde ne nsa aka ne kwata no ama ne ho afi. Mmom no, Elisa somfo no nkutoo na ohuu no! Enti Naaman de abufuw dan ne ho sɛ ɔrekɔ ne kurom.—2 Ahene 5:9-12.

Sɛ woka Naaman asomfo no ho a, dɛn na anka wobɛyɛ?— Asomfo no bisaa no sɛ: ‘Sɛ ade kɛse bi na Elisa ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Dɛn nti na wonyɛ ade ketewa yi—sɛ koguare kɛkɛ na wo ho mfi?’ Naaman tiee wɔn. “Osianee de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mpɛn ason . . . , na ne ho san baa mu sɛ abofra ketewa honam.”

Naaman san kɔɔ Elisa hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, mahu sɛ Onyankopɔn bi nni asase nyinaa so sɛ Israel nko.” Ɔhyɛɛ Elisa bɔ sɛ ɔrensan ‘mmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame biara bio sɛ Yehowa nko.’—2 Ahene 5:13-17.

Wobɛpɛ sɛ woboa obi ma obehu Yehowa ne nea obetumi ayɛ sɛnea abeawa no yɛe no?— Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔbarima bi a na ɔyare kwata gyee no dii, na ɔkae sɛ: ‘Sɛ wopɛ paa sɛ woboa me a, wubetumi ama me ho afi.’ Wunim mmuae a Yesu de maa no?— “Mepɛ.” Yesu saa ɔbarima no yare sɛnea Yehowa saa Naaman yare no ara pɛ.—Mateo 8:2, 3.

So woate wiase foforo a Yehowa de reba a nnipa benya ahoɔden na wɔatra ase daa no ho asɛm?— (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ woka nneɛma a ɛyɛ anigye yi ho asɛm kyerɛ afoforo!

Nsɛmmisa:

○ Dɛn na abeawa bi a na Naaman nkurɔfo afa no dommum no yɛe de boaa Naaman?

○ Dɛn nti na mfiase no na Naaman mpɛ sɛ ɔyɛ nea Elisa ka kyerɛɛ no no, na dɛn na ɛma ɔsesaa n’adwene?

○ Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi asuasua abeawa no?

○ Dɛn na na Yesu pɛ sɛ ɔyɛ, na dɛn nti na asetra bɛyɛ anigye wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?