Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asetra Mu Anigye A Manya Wɔ Onyankopɔn Apɛdeyɛ Mu

Asetra Mu Anigye A Manya Wɔ Onyankopɔn Apɛdeyɛ Mu

Asetra Mu Anigye A Manya Wɔ Onyankopɔn Apɛdeyɛ Mu

Sɛnea Bill Yaremchuk ka kyerɛe

Miwiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so awotwe no wɔ March 1947 mu. Saa bere no, na sukuu no wɔ South Lansing, New York, U.S.A. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mede m’ani kyerɛɛ Singapore a ɛwɔ akyirikyiri, faako a na merekɔsom wɔ amannɔne sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no.

NÁ Dave Farmer a ofi Canada, a na ɔno nso awie Gilead adesuakuw a ɛto so ason no na na me ne no bɛyɛ adwuma. Yɛfaa Marine Adder, po so hyɛn bi a kan no na ɛyɛ asraafo de, fii San Francisco, California.

Baabi a yedii kan gyinae ne Hong Kong, a ɛda Asia apuei fam no. Nea yehuu wɔ hɔ no maa yɛn ho dwiriw yɛn paa. Ná Wiase Ko II no asɛe biribiara—ná nnipa deda kwan ho a ɔkɔm adosaw wɔn ma wɔayɛ kagyaa. Ankyɛ na yɛsan bɛforoo hyɛn no de yɛn ani kyerɛɛ Philippines ahenkurow, Manila.

Ɛhɔ nso, yehuu sɛnea ɔko no asɛe nneɛma afa. Ná ahyɛn a atamfo atopae ama amemem wɔ nsu mu no mframatama atu apete hyɛn gyinabea hɔ nyinaa, na na nnipa a wɔwɔ hɔ no di hia buruburoo. Yehyiaa Yehowa Adansefo kakraa bi wɔ hɔ, na wɔde yɛn kɔɔ wɔn Ahenni Asa so. Ɛmfa ho ɔhaw pii a na wɔrefa mu no, na wɔwɔ anigye.

Baabi foforo a hyɛn no san gyinae ne Batavia, (seesei wɔfrɛ hɔ Jakarta) a ɛwɔ Indonesia no. Ná ɔmanko rekɔ so wɔ hɔ, na na wɔredi ako wɔ baabi a ɛbɛn hyɛn gyinabea hɔ, enti wɔamma kwan ma yɛansi. Bere a yɛde yɛn ani kyerɛɛ Singapore no, mifii ase dwennwenee nea yɛrekohu wɔ hɔ no ho. Enti Asia apuei fam aman a wɔaka ho asɛm dɛdɛɛdɛ wɔ nhoma ahorow mu no ni?

Nna kakra akyi no, m’adwenem a na ɛyɛ me nãã no nyinaa tu yerae. Ná nsɛm rebesisi a ɛbɛma magye adi paa sɛ Onyankopɔn nsa wɔ adwuma a me ne Dave rekɔyɛ no mu.

Sɛnea Wɔmaa Yɛn Kwan ma Yɛtraa Hɔ

Bere a hyɛn a yɛte mu no fii San Francisco ɔsram biako akyi no, ekoduu St. John’s Island, baabi a atew ne ho a Singapore ahyɛn gyina kosi sɛ ɛbɛba hyɛn gyinabea no. Adwumayɛfo a wɔhwɛ ahɔho a wɔba ɔman no mu no baa hyɛn no mu bɛkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ akwantufo no yɛ, na wɔde setampo sisii yɛn akwantu tumi krataa mu, de kyerɛe sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛtra ɔman no mu. Ade kyee anɔpa no, hyɛn no kogyinaa hyɛn gyinabea hɔ. Bere a hyɛn no mu adwumayɛfo panyin hwehwɛɛ yɛn nneɛma mu wiei no, yesii fam.

Ade kyee no, yɛsan baa hyɛn gyinabea hɔ ne asɛmpatrɛwfo afoforo a yɛne wɔn tuu kwan no bedii nkra. Ná wɔretoa wɔn akwantu no so akɔ India ne Ceylon, (seesei wɔfrɛ hɔ Sri Lanka). Bere a hyɛn no mu panyin huu yɛn no, ɔbaa hyɛn gyinabea hɔ a na n’ani abere yɛn so. Ná ne bo afuw, na ɔmaa ne nne so kae sɛ na ɛnsɛ sɛ yefi hyɛn no mu. Bere a na yɛwɔ po so no, na Owura Haxworth, a ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ ahɔho a wɔba ɔman no mu so no aka akyerɛ no sɛ sɛ odu hyɛn gyinabea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔma yesi fam. Ná yennim asɛm no ho hwee, na saa ara na na ɔpanyin a ɔma yesii no nso nnim ho hwee.

Bere a wɔde yɛn baa Owura Haxworth anim no, ɔde abufuw kasa kyerɛɛ yɛn. Ɔteɛteɛɛm guu yɛn so kae sɛ wɔabara sɛ yɛmma Singapore. Esiane sɛ na yennim asɛm a ɛte saa no ho hwee nti, yɛde yɛn akwantu tumi krataa a setampo bom, a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛba ɔman no mu no kyerɛɛ no. Ɔde abufuw hwim tumi krataa no fii yɛn nsam, na ɔde pɛn twaa saa asɛm no mu. Nanso na hyɛn no atu kɔ dedaw! Yɛn akwantu tumi krataa no dii Owura Haxworth nkyɛn afe, na awiei koraa no, ɔsan de brɛɛ yɛn a na setampo foforo bom, a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛtra ɔman no mu.

Asɛnka Adwuma no Sow Aba wɔ Singapore

Bere a yeduu Singapore wɔ April 1947 mu no, na owura bi a wɔfrɛ no Joshua nkutoo na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ hɔ. Ansa na ɔrewu wɔ 1970 mfe no mfiase mu hɔ no, na ɔsom sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo anaa ɔkwampaefo. Ankyɛ na nkurɔfo a na wɔafi ase resua Bible mu nokware no fii ase kaa nea na wɔresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Wotiee mpae a yɛbɔe sɛ wɔmma adwumayɛfo pii mmra honhom fam otwa adwuma no mu no.—Mateo 9:37, 38.

Wɔ afe 1949 mu, bere a na Owura Haxworth rekogye n’ahome wɔ England no, asɛmpatrɛwfo baasia a na wɔawie Gilead adesuakuw a ɛto 11 no beduu Singapore. Yare nti, na ɛho abehia sɛ Dave a me ne no ayɛ asɛmpatrɛw adwuma mfe dodow bi no, fi Singapore kɔ. Ɔkɔɔ Australia, na ɔde nokwaredi som kosii sɛ owui wɔ afe 1973 mu. Nnipa baasia a wɔbae no mu baako ne Aileen Franks, a mewaree no wɔ afe 1956 mu no.

Mfe bi akyi no, nnipa pii a yɛne wɔn suaa Bible no ne wɔn mma bɛyɛɛ Adansefo. Ɛnnɛ mpo, wɔn mu bi de wɔn bere nyinaa reka asɛmpa no wɔ amannɔne. Osuahu bi a ɛka koma paa ne nea ɛfa Lester ne Joanie Haynes, awarefo a wofi Amerika a na wɔte Singapore ho no. Yɛne wɔn fii ase suaa Bible wɔ 1950 mfe no mu hɔ. Awarefo no nyaa Bible mu nimdeɛ ntɛmntɛm na wɔbɔɔ asu. Ɛno akyi no, wɔkɔɔ United States. Akyiri yi, Lester ne Joanie yɛɛ asɛnka adwuma a na etu mpɔn. Wɔboaa nnipa pii ma wɔbɛyɛɛ Adansefo, a na wɔn mma baasa nso ka ho.

Joanie kyerɛwee sɛ: “Sɛ mekae bere a na yɛwɔ Singapore no a, mihu sɛ ɛsesaa yɛn abrabɔ koraa. Sɛ moannye yɛn sɛ mma a, anka ebia yɛda so ara nenam aman horow so a yennim nea yɛreyɛ. Ɛyɛ me anigye sɛ mokyerɛkyerɛɛ Les ma obehuu nokware no, efisɛ mfiase pɛɛ na onyaa obi a ɔde Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo ho dɔ duaa no mu. Ne werɛ mfii ɔdɔ a ɛte saa.”

Me ne M’abusua Somee wɔ Singapore

Wɔ afe 1962 mu no, biribi sii mpofirim a na ɛde nsakrae kɛse bɛba yɛn asetram. Oduruyɛfo a ɔhwɛ yɛn no ka kyerɛɛ Aileen sɛ wafa afuru. Ná yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ asɛmpatrɛw adwuma no, nanso na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa, na bere koro no ara yɛahwɛ yɛn ba no? Nathan H. Knorr, a saa bere no na ɔhwɛ Yehowa Adansefo dwumadi so wɔ wiase nyinaa no kyerɛw yɛn krataa de bɛhyɛɛ me nkuran sɛ mempɛ adwuma bi nyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi atra Singapore. Ná eyi yɛ den paa.

Ná wɔfa ahɔho a wɔwɔ hɔ no mu dodow no ara sɛ adwumam mpanyimfo ma wɔhwɛ nnwumakuw a ahɔho abebuebue no so. Ná minni osuahu wɔ adwuma biara mu, efisɛ bere a miwiee sukuu bɛyɛ mfe 23 a na atwam no ara pɛ na mebɛyɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Enti, mituaa adwumakuw bi a na ɛwɔ London no ka ma wɔkyerɛw me ho nsɛm sɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔwɔ amannɔne, na wɔde bi kɔɔ nnwuma pii a na ahɔho abuebue wɔ Singapore no mu sɛ wɔde rehwehwɛ adwuma ama me.

Mmuae a na minya fi nnwumakuw no hɔ ara ne sɛ, “Ɛyɛ yɛn yaw sɛ yennya dibea a ɛfata mma wo.” Ná wosusuw sɛ mewɔ nimdeɛ dodo! Asram kakra akyi no, yɛwoo yɛn ba, Judy. Saa bere no, na Onua Knorr aba Singapore nsrahwɛ, enti ɔkɔɔ ayaresabea hɔ kɔhwɛɛ Judy ne ne maame. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Mubetumi atra fie a wɔde ama asɛmpatrɛwfo no mu kosi sɛ Bill benya adwuma.”

Asram kakra akyi no, minyaa adwuma wɔ wimhyɛn adwumakuw bi mu sɛ wɔn aguadi nanmusini. Ná akatua no sua koraa. Mfe abien akyi no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ Amerika wimhyɛn adwumakuw bi mu, na na m’akatua yɛ nea na migye no mmɔho abien. Bere bi akyi no mibehuu wimhyɛn adwuma no ani so yiye, na na mitumi nya bere pii ma m’abusua ne Kristofo som adwuma no.

Ná Yehowa som adwuma no ne ade a ehia yɛn wɔ asetram, enti yɛmaa yɛn ani kuu ho. Eyi ma minyaa hokwan ahorow pii wɔ Onyankopɔn som mu. Aileen san fii ase de ne bere nyinaa kaa asɛmpa no. Saa bere yi nyinaa na Ahenni asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ Singapore. Wɔ bɛyɛ afe 1965 mu hɔ no, yɛtɔɔ abansoro a ɛtoa so abien wɔ kurow no mfinimfini, na yɛde yɛɛ Ahenni Asa. Asafo ahorow anan na na ehyiam wɔ hɔ.

Wɔbaraa Yɛn Adwuma No!

Bere bi akyi no, ɔtaa yii ne ti wɔ Singapore. Wɔ January 14, 1972 mu no, yɛkɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so sɛnea nnawɔtwe biara yɛyɛ no. Nanso yeduu hɔ no yehui sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne krado ato mu. Nea na wɔakyerɛw abɔ hɔ ne sɛ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Singapore no din nni aban nhoma mu bio. Wɔbaraa yɛn! *

Ahenni Asa a wɔtoo mu no ansiw yɛn kwan sɛ yɛbɛsom Yehowa, nanso na asɛm a mibisa ara ne sɛ, ‘Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ m’abusua no yɛ?’ Nea na meredwen ho ne sɛ, sɛ wotwa yɛn asu a, yɛrennya hokwan nsan mmɛsra yɛn nnamfo a wɔwɔ Singapore no bio. Enti meka kyerɛɛ m’adwumam panyin sɛ ebia metumi akɔyɛ adwuma no wɔ Kuala Lumpur, Malaysia anaa. Sɛ yetu kɔ hɔ a, na ɛrenyɛ den sɛ yɛn abusua no bedi akɔneaba a yɛrenhyia nsɛnnennen biara. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ, ɔde adwuma no fã a ɛwɔ Kuala Lumpur no maa me sɛ menhwɛ so, na na ɛbɛma manya akatua kɛse ne mfaso afoforo pii.

Afei mibisaa me ho sɛ, ‘So ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mifi Singapore, na migyaw me nuanom hɔ?’ Mene m’abusua de asɛm no too Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Yenyaa adwene sɛ Yehowa na ɔde yɛn baa ha. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛtra ha. Ɛyɛɛ m’adwumawura no nwonwa sɛ mannye hokwan a na ɛbɛma manya sika pii no.

Bere a wɔbaraa yɛn som adwuma no, na ɛyɛ den paa, efisɛ bere nyinaa na wɔrepɛ akyere yɛn de yɛn akɔto afiase. Mpɛn pii na yɛbɛtee asɛm a ɛwɔ Dwom 34:7 no ase paa. Ɛka sɛ: “[Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.”

Dwumadi Foforo

Afei wɔ afe 1993 mu, bere a na yɛde mfe 46 asom wɔ Singapore no, wɔma yɛkɔɔ New Zealand, baabi a yebetumi asom a yɛrenhyia ɔhaw pii. Nokwasɛm ni, yɛn werɛ howee paa sɛ na yɛregyaw yɛn nnamfonom a wɔwɔ Singapore a na yɛabenya wɔn ho dɔ kɛse no hɔ akɔ. Nanso nim na yenim sɛ wɔn gyidi ayɛ den esiane nneɛma a ogya ntumi nhyew a na yɛde ato fapem no nti, ɛhyɛɛ yɛn nkuran. Eyi na aboa wɔn ma wɔagyina pintinn wɔ sɔhwɛ a ɛsɛ sɛ wɔkɔ so gyina mu no mu.—1 Korintofo 3:12-14.

Seesei me ne Aileen atra New Zealand bɛboro mfe 14 ni, na yɛda so ara som sɛ bere nyinaa asɛmpakafo, ɛmfa ho sɛ yɛanyinyin no. Me nuanom baanu—Mike a wadi mfe 94, ne Peter a wadi mfe 90 no—da so ara de nokwaredi resom Yehowa wɔ Canada.

Wɔ afe 1998 mu no, yɛn babea Judy, san kɔɔ Asia apuei fam de mfe dodow bi kɔkaa asɛm no wɔ hɔ. Ɔkae wɔ ne nkrataa a na ɔkyerɛw brɛ yɛn no biako mu sɛ: “Da biara meda Yehowa ase wɔ hokwan soronko a manya sɛ meresom wɔ ha no ho! Meda mo baanu nyinaa nso ase wɔ ntetee pa a mode maa me, ne nneɛma a mode bɔɔ afɔre, na mpo mokɔ so yɛ saa, ma enti matumi ayɛ eyi nyinaa no ho.” Wɔ afe 2003 mu no, ɔsan baa New Zealand sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahwɛ me ne Aileen. *

Yɛda Yehowa ase sɛ ɔma ɛyɛɛ yiye sɛ yetumi gyee Owura no asɛm a ɛne sɛ ohia adwumayɛfo pii wɔ otwa adwuma no mu no so. Saa a yɛayɛ no ama yɛanya anigye kɛse. Na sɛ ‘wiase no twam,’ sɛnea Bible ka sɛ ɛbɛyɛ no a, yebehu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi mmamu: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 25 Hwɛ Borɔfo Ɔwɛn-Aban, June 1, 1972, kratafa 341-349.

^ nky. 32 Me dɔfo Aileen wui wɔ January 24, 2008, bere a na wɔreyɛ akyerɛw asɛm yi awie no.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Bere a yeduu Singapore wɔ afe 1947 mu no, na Joshua nkutoo ne Ɔdansefo a wɔ hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne Dave Farmer wɔ Hong Kong, bere a na yɛrekɔ Singapore, wɔ afe 1947 mu no

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne Aileen, afe 1958

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yɛne yɛn babea, Judy

[Asɛm Fibea]

Kimroy Photography

[Mfonini ho asɛm wɔ kratafa 28]

Kimroy Photography